2 Korintofo 2 – AKCB & KJV

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Korintofo 2:1-17

1Enti meyɛɛ mʼadwene sɛ meremma mo nkyɛn bio mmɛhyɛ mo awerɛhow. 2Sɛ mebɛhyɛ mo awerɛhow a hena na ɔbɛkyekyere me werɛ? Me ara a mahyɛ mo awerɛhow no ana? 3Ɛno nti na mekyerɛw saa krataa no brɛɛ mo. Na mempɛ sɛ meba mo nnipa koro no ara a mubegye mʼani no nkyɛn abɛhyɛ mo awerɛhow. Minim yiye sɛ, sɛ me ho tɔ me a, mo nso mo ho bɛtɔ mo. 4Mede amanehunu, awerɛhow ne nusu na ɛrekyerɛw mo saa krataa yi. Mankyerɛw mammɛhyɛ mo awerɛhow, na mmom, mekyerɛw de bɛkyerɛɛ ɔdɔ a medɔ mo nyinaa.

Bɔne Fafiri

5Sɛ obi ahyɛ afoforo awerɛhow a, ɛnyɛ me na wahyɛ me saa awerɛhow no, na mo anaasɛ mo mu bi na wahyɛ no saa awerɛhow no. Mempɛ sɛ me nsa yɛ den wɔ saa onipa no so. 6Aso a dodow no ara atwe no no dɔɔso ma no. 7Ɛsɛ sɛ mode kyɛ no na mokyekye ne werɛ sɛnea ɛbɛyɛ a awerɛhow renhyɛ ne so. 8Mesrɛ mo, momma onhu sɛ mopɛ nʼasɛm pa ara.

Hena Na Oye Ma Saa Dwumadi Yi?

9Nea enti a mekyerɛw mo krataa no ne sɛ: Mepɛ sɛ mihu sɛ moatumi agyina sɔhwɛ no ano pintinn na nsɛm a meka kyerɛ mo no nso, mudi so ana. 10Sɛ obi yɛ bɔne bi na mode kyɛ no a, me nso mede kyɛ no. Sɛ ɛho hia sɛ mede bɛkyɛ na mede kyɛ a, ɛsɛ sɛ mede biribiara kyɛ. Na mo nti na meyɛ saa wɔ Kristo anim 11sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔbonsam rennya yɛn ho kwan, efisɛ yenim ne nsusuwii.

12Bere a miduu Troa kɔkaa Kristo ho Asɛmpa no, mihuu sɛ Awurade ama adwuma no yɛ ho kwan wɔ hɔ. 13Nanso me werɛ howee, efisɛ na minhu yɛn nua Tito. Enti mekraa nnipa a wɔwɔ hɔ no na misii mu kɔɔ Makedonia.

14Yɛda Onyankopɔn ase sɛ daa odi yɛn kan wɔ yɛn anigye ne nkonimdi santen wɔ Kristo mu ma ɔde yɛn trɛw ne ho nimdeɛ huamhuam no mu. 15Yɛyɛ Kristo aduhuam wɔ wɔn a wɔregye wɔn nkwa ne wɔn a wɔreyera no mu ma Onyankopɔn. 16Na wɔn a wɔreyera no de, ɛyɛ wɔn hua bɔne a etumi kum. Nanso wɔn a wɔregye wɔn nkwa no de, ɛyɛ hua a ɛma wɔn nkwa. Hena na obetumi agyina adwuma a ɛyɛ den sɛɛ anim? 17Yɛnte sɛ nnipa afoforo bi a wɔfa Onyankopɔn asɛm sɛ adetɔnnne bi, na esiane sɛ Onyankopɔn asoma yɛn no nti, yɛka nokware wɔ nʼanim sɛ Kristo asomfo.

King James Version

2 Corinthians 2:1-17

1But I determined this with myself, that I would not come again to you in heaviness. 2For if I make you sorry, who is he then that maketh me glad, but the same which is made sorry by me? 3And I wrote this same unto you, lest, when I came, I should have sorrow from them of whom I ought to rejoice; having confidence in you all, that my joy is the joy of you all. 4For out of much affliction and anguish of heart I wrote unto you with many tears; not that ye should be grieved, but that ye might know the love which I have more abundantly unto you. 5But if any have caused grief, he hath not grieved me, but in part: that I may not overcharge you all. 6Sufficient to such a man is this punishment, which was inflicted of many. 7So that contrariwise ye ought rather to forgive him, and comfort him, lest perhaps such a one should be swallowed up with overmuch sorrow. 8Wherefore I beseech you that ye would confirm your love toward him. 9For to this end also did I write, that I might know the proof of you, whether ye be obedient in all things. 10To whom ye forgive any thing, I forgive also: for if I forgave any thing, to whom I forgave it, for your sakes forgave I it in the person of Christ; 11Lest Satan should get an advantage of us: for we are not ignorant of his devices. 12Furthermore, when I came to Troas to preach Christ’s gospel, and a door was opened unto me of the Lord, 13I had no rest in my spirit, because I found not Titus my brother: but taking my leave of them, I went from thence into Macedonia. 14Now thanks be unto God, which always causeth us to triumph in Christ, and maketh manifest the savour of his knowledge by us in every place. 15For we are unto God a sweet savour of Christ, in them that are saved, and in them that perish: 16To the one we are the savour of death unto death; and to the other the savour of life unto life. And who is sufficient for these things? 17For we are not as many, which corrupt the word of God: but as of sincerity, but as of God, in the sight of God speak we in Christ.