1 Korintofo 1 – AKCB & KJV

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Korintofo 1:1-31

Nkyia

1Saa krataa yi fi me, Paulo a ɛnam Onyankopɔn pɛ so nti, wɔafrɛ me sɛ menyɛ Kristo Yesu somafo no ne onua Sostene nkyɛn,

2Yɛde rekɔma Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto no ne wɔn a wɔafrɛ wɔn se wɔmmɛyɛ Onyankopɔn akyidifo kronkron no, ne wɔn a wɔwɔ baabiara a wɔbɔ yɛn Awurade Yesu Kristo din sɛ ɔyɛ wɔn ne yɛn Awurade no:

3Ɔdom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu Kristo nka mo.

Aseda

4Esiane adom a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so dom mo no nti, daa meda Onyankopɔn ase ma mo. 5Ɛnam ne so ama moayɛ ma biribiara mu, ɔkasa ne adwene mu. 6Kristo ho asɛm atim wɔ mo mu. 7Esiane sɛ moretwɛn ama wɔada yɛn Awurade Yesu Kristo adi no nti munya nhyira biara bi. 8Ɔbɛhyɛ mo den akosi awiei sɛnea ɛbɛyɛ a, da a Awurade Yesu Kristo bɛba no, wɔrennya mo ho mfomso biara. 9Onyankopɔn a wafrɛ mo aba ne Ba Yesu Kristo ayɔnkofa mu no yɛ ɔnokwafo.

Asafo No Mpaapaemu

10Anuanom, menam Awurade Yesu Kristo tumi so tu mo fo se asɛm biara a mobɛka no, monyɛ adwene na mo mu ampaapae. Munso adwene ne botae baako mu na ama moayɛ baako. 11Anuanom, nnipa bi a wofi Kloe fi apae mu aka akyerɛ me se, akasakasa wɔ mo asafo yi mu. 12Asɛm a mepɛ sɛ meka ne sɛ, wɔn mu biara ka asɛm a ɔpɛ. Oyi ka se, “Mewɔ Paulo afa” a, ɔfoforo se, “Mewɔ Apolo afa.” Obi sɔre na ose, “Mewɔ Petro afa” a, ɔbaako nso se, “Mewɔ Kristo afa.”

13Wɔakyekyɛ Kristo mu akuwakuw? Paulo na owui wɔ asennua no so maa mo ana? Wɔbɔɔ mo asu wɔ Paulo din mu ana? 14Meda Onyankopɔn ase sɛ mammɔ mo mu biara asu ka Krispo ne Gaio ho. 15Obiara rentumi nka se wɔbɔɔ mo asu sɛ mʼasuafo. 16Mekae sɛ mebɔɔ Stefana ne ne fifo asu. Na menkae sɛ mebɔɔ obi foforo asu bio. 17Kristo ansoma me se memmɛbɔ asu, na mmom ɔsomaa me se memmɛka asɛmpa a emfi nnipa nyansa mu, na obi annyina so amma Kristo wu a owui wɔ asennua no so no mu tumi anyɛ ɔkwa.

Kristo A Ɔyɛ Onyankopɔn Tumi

18Asɛnka a ɛkyerɛ Kristo asennuambɔ no yɛ nsɛm a aba nni mu ma wɔn a wɔreyera. Nanso yɛn a wɔregye yɛn nkwa no de, ɛyɛ Onyankopɔn tumi. 19Kyerɛwsɛm no ka se,

“Mɛsɛe anyansafo nyansa,

na mɛma nimdefo adenim ayɛ ɔkwa.”

20Enti onyansafo wɔ he? Onimdefo nso wɔ he? Wiase yi mu akyinnyegyefo wɔ he? Onyankopɔn akyerɛ sɛ wiase yi mu nyansa yɛ ohunu 21Enti Onyankopɔn nam ɔno ara ne nyansa so yɛɛ sɛ nnipa a wɔpɛ sɛ wɔfa wɔn ara wɔn nyansa so hu no no renhu no da. Na mmom Onyankopɔn yɛɛ nʼadwene sɛ wɔn a wogye asɛm a “aba nni mu” a yɛka no di no, obegye wɔn nkwa. 22Yudafo hwehwɛ sɛ wohu nsɛnkyerɛnne, na Helafo nso hwehwɛ nyansa. 23Nanso yɛn de, yɛka Kristo wu a owui wɔ asennua no so no ho asɛm. Saa asɛm no yɛ Yudafo abufuw na ɛyɛ asɛm a aba nni mu ma amanamanmufo; 24nanso Yudafo ne amanamanmufo a Onyankopɔn afrɛ wɔn no, Kristo yɛ Onyankopɔn tumi ne Onyankopɔn nyansa. 25Onyankopɔn asɛm a ɛyɛ sɛ aba nni mu no, aba wɔ mu sen nnipa nyansa, na saa ara nso na nea ɛyɛ sɛ ɛyɛ mmerɛw wɔ Onyankopɔn fam no yɛ den sen nnipa ahoɔden.

26Afei anuanom, monkae bere a Onyankopɔn frɛɛ mo no tebea a na mowɔ mu. Nnipa fam de, na mo mu bebree nyɛ anyansafo, na mo mu bebree nni tumi, na mo mu bebree nyɛ adehye nso. 27Nanso Onyankopɔn faa wiase yi mu nsɛm a aba nni mu no, nam so guu anyansafo anim ase. Onyankopɔn faa nneɛma a ɛyɛ mmerɛw wɔ wiase, nam so de guu ahoɔden anim ase. 28Ɔfaa nea wiase mmu na wɔmfa nyɛ hwee no de sɛee nea wiase susuw sɛ ɛho hia no. 29Eyi kyerɛ sɛ obi ntumi nhoahoa ne ho wɔ Onyankopɔn anim. 30Nanso Onyankopɔn aka mo abata Kristo Yesu ho na Onyankopɔn nam Kristo so ama yɛn nyansa; ɛnam ne so ma yɛateɛ wɔ Onyankopɔn anim. Yɛyɛ Onyankopɔn ahotefo a wama yɛade yɛn ho. 31Enti sɛnea Kyerɛwsɛm no ka no, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔhoahoa ne ho no, ɔnhoahoa ne ho wɔ nea Awurade ayɛ mu.”

King James Version

1 Corinthians 1:1-31

1Paul, called to be an apostle of Jesus Christ through the will of God, and Sosthenes our brother, 2Unto the church of God which is at Corinth, to them that are sanctified in Christ Jesus, called to be saints, with all that in every place call upon the name of Jesus Christ our Lord, both theirs and ours: 3Grace be unto you, and peace, from God our Father, and from the Lord Jesus Christ.

4I thank my God always on your behalf, for the grace of God which is given you by Jesus Christ; 5That in every thing ye are enriched by him, in all utterance, and in all knowledge; 6Even as the testimony of Christ was confirmed in you: 7So that ye come behind in no gift; waiting for the coming of our Lord Jesus Christ: 8Who shall also confirm you unto the end, that ye may be blameless in the day of our Lord Jesus Christ. 9God is faithful, by whom ye were called unto the fellowship of his Son Jesus Christ our Lord.

10Now I beseech you, brethren, by the name of our Lord Jesus Christ, that ye all speak the same thing, and that there be no divisions among you; but that ye be perfectly joined together in the same mind and in the same judgment. 11For it hath been declared unto me of you, my brethren, by them which are of the house of Chloe, that there are contentions among you. 12Now this I say, that every one of you saith, I am of Paul; and I of Apollos; and I of Cephas; and I of Christ. 13Is Christ divided? was Paul crucified for you? or were ye baptized in the name of Paul? 14I thank God that I baptized none of you, but Crispus and Gaius; 15Lest any should say that I had baptized in mine own name. 16And I baptized also the household of Stephanas: besides, I know not whether I baptized any other. 17For Christ sent me not to baptize, but to preach the gospel: not with wisdom of words, lest the cross of Christ should be made of none effect.

18For the preaching of the cross is to them that perish foolishness; but unto us which are saved it is the power of God. 19For it is written, I will destroy the wisdom of the wise, and will bring to nothing the understanding of the prudent. 20Where is the wise? where is the scribe? where is the disputer of this world? hath not God made foolish the wisdom of this world? 21For after that in the wisdom of God the world by wisdom knew not God, it pleased God by the foolishness of preaching to save them that believe. 22For the Jews require a sign, and the Greeks seek after wisdom: 23But we preach Christ crucified, unto the Jews a stumblingblock, and unto the Greeks foolishness; 24But unto them which are called, both Jews and Greeks, Christ the power of God, and the wisdom of God. 25Because the foolishness of God is wiser than men; and the weakness of God is stronger than men. 26For ye see your calling, brethren, how that not many wise men after the flesh, not many mighty, not many noble, are called: 27But God hath chosen the foolish things of the world to confound the wise; and God hath chosen the weak things of the world to confound the things which are mighty; 28And base things of the world, and things which are despised, hath God chosen, yea, and things which are not, to bring to nought things that are: 29That no flesh should glory in his presence. 30But of him are ye in Christ Jesus, who of God is made unto us wisdom, and righteousness, and sanctification, and redemption: 31That, according as it is written, He that glorieth, let him glory in the Lord.