2 Korintofo 1 – AKCB & KJV

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Korintofo 1:1-24

Nkyia

1Saa krataa yi fi Paulo a Onyankopɔn ayi no sɛ Kristo Yesu somafo no ne Timoteo a ɔyɛ yɛn nuanom no mu baako nkyɛn,

Wɔde saa krataa yi rekɔma Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto ne ahotefo a wɔwɔ Akaiaman mu no nyinaa:

2Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.

Onyankopɔn Boa Yɛn

3Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya a ɔyɛ mmɔborɔhunu Agya na ɔyɛ Onyankopɔn a awerɛkyekye nyinaa fi no no ase. 4Ɔkyekye yɛn werɛ wɔ yɛn amane nyinaa mu na yɛnam awerɛkyekye a yɛn ankasa anya afi Onyankopɔn nkyɛn no so atumi akyekye afoforo a wɔwɔ amane ahorow mu no werɛ. 5Sɛnea yɛahu amane wɔ Kristo mu no, saa ara nso na yenya Kristo awerɛkyekye a ɛdɔɔso no. 6Mo awerɛkyekye ne mo nkwagye nti yehu amane. Efisɛ sɛ Kristo kyekye yɛn werɛ a yɛn nso yɛnam so betumi akyekye mo werɛ. Ɛno bɛma moanya ntoboase ahu amane sɛ yɛn nso. 7Enti gyidi a yɛwɔ wɔ mo mu no nhinhim. Yenim sɛ, sɛnea mo ne yɛn hu amane no, saa ara nso na munya awerɛkyekye a yenya no bi.

8Anuanom, yɛpɛ sɛ yɛtwe mo adwene ba ɔhaw a ɛtoo yɛn wɔ Asia mantam mu no so. Amane a yɛfaa mu no so, na na emu yɛ duru enti yɛn asetena mu anidaso nyinaa yerae. 9Nokware mu, yegye too mu sɛ yɛrebewu. Saa asɛm yi sii, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛremfa yɛn ho nto yɛn ankasa so, na mmom yɛde yɛn ho bɛto Onyankopɔn a ɔma awufo sɔre no so. 10Wayi yɛn afi saa owu amanehunu yi mu na ɔbɛkɔ so agye yɛn. Ɔno na yɛde yɛn ani ato no so sɛ, sɛ mokɔ so bɔ mpae ma yɛn a, 11obegye yɛn bio. Eyi kyerɛ sɛ obebua mpae dodow biara a mobɔ ma yɛn no, na Onyankopɔn behyira yɛn, na dodow no ara ama wɔn nne so de ada no ase ama yɛn.

Paulo Sesa Ne Nhyehyɛe

12Yɛhoahoa yɛn ho sɛ yɛn ahonim mmu yɛn fɔ, yɛatena ase nokwaredi mu, ne titiriw ne bere a yɛwɔ mo nkyɛn no. Ɛnyɛ wiase nyansa na ɛkyerɛ yɛn kwan. Mmom, yɛn akwankyerɛ fi Onyankopɔn adom no mu. 13Nsɛm a mubetumi akenkan ate ase nko na yɛkyerɛw de brɛ mo. Mewɔ anidaso sɛ mobɛte biribiara a 14monte ase yiye no ase daakye sɛnea ɛbɛyɛ a da a Awurade Yesu bɛba no, mode yɛn bɛhoahoa mo ho na yɛn nso yɛde mo ahoahoa yɛn ho.

15Na minim sɛ saa asɛm yi bɛba mu. Ɛno nti na mehyehyɛɛ sɛ mɛba abɛsra mo na moanya nhyira mprenu. 16Meyɛɛ mʼadwene sɛ, sɛ merekɔ Makedonia a mɛba mo nkyɛn, na meresan nso a, mafa mo nkyɛn ansa na makɔ Yudea. 17Modwene sɛ mantumi ansi mʼadwene pi wɔ nea ɛsɛ sɛ meyɛ hoa ana? Anaasɛ mete sɛ obi a ɔka se “Yiw” anaa “Dabi” sɛnea ɛbɛsɔ afoforo ani?

18Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo. Enti sɛ meka se yɛn mmuae yɛ “Yiw” bere biara a ɛyɛ “Yiw”, ɛnyɛ “Dabi” da. 19Efisɛ Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no a me Paulo, Silas ne Timoteo kaa ne ho asɛm kyerɛɛ mo no nsesa. Ɔnka “Yiw” ne “Dabi” da. Bere biara odi nʼasɛm so. 20Ɔno mu na Onyankopɔn bɔhyɛ nyinaa awie pɛyɛ. Eyi nti yɛnam Yesu Kristo so ka “Amen” de hyɛ Onyankopɔn anuonyam. 21Afei Onyankopɔn no ankasa na ɔma yɛne mo tumi gyina pintinn wɔ Kristo mu. Ɔno na ɔsraa yɛn 22faa yɛn sɛ ne de, na ɔde ne Honhom Kronkron no hyɛɛ yɛn koma mu de sii nea ɔwɔ ma yɛn nyinaa so dua.

23Mefrɛ Onyankopɔn sɛ mʼadanse. Onim me koma mu. Sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya kwan agye mo ahome nti na mankɔ Korinto no. 24Ɛnyɛ yɛn adwene ne sɛ yɛbɛhyɛ mo ama moagye biribi adi, na mmom mo ahotɔ nti na yɛne mo yɛ adwuma. Efisɛ ɛnam mo ankasa gyidi so na mubegyina pintinn.

King James Version

2 Corinthians 1:1-24

1Paul, an apostle of Jesus Christ by the will of God, and Timothy our brother, unto the church of God which is at Corinth, with all the saints which are in all Achaia: 2Grace be to you and peace from God our Father, and from the Lord Jesus Christ. 3Blessed be God, even the Father of our Lord Jesus Christ, the Father of mercies, and the God of all comfort; 4Who comforteth us in all our tribulation, that we may be able to comfort them which are in any trouble, by the comfort wherewith we ourselves are comforted of God. 5For as the sufferings of Christ abound in us, so our consolation also aboundeth by Christ. 6And whether we be afflicted, it is for your consolation and salvation, which is effectual in the enduring of the same sufferings which we also suffer: or whether we be comforted, it is for your consolation and salvation. 7And our hope of you is stedfast, knowing, that as ye are partakers of the sufferings, so shall ye be also of the consolation. 8For we would not, brethren, have you ignorant of our trouble which came to us in Asia, that we were pressed out of measure, above strength, insomuch that we despaired even of life: 9But we had the sentence of death in ourselves, that we should not trust in ourselves, but in God which raiseth the dead: 10Who delivered us from so great a death, and doth deliver: in whom we trust that he will yet deliver us; 11Ye also helping together by prayer for us, that for the gift bestowed upon us by the means of many persons thanks may be given by many on our behalf.

12For our rejoicing is this, the testimony of our conscience, that in simplicity and godly sincerity, not with fleshly wisdom, but by the grace of God, we have had our conversation in the world, and more abundantly to you-ward. 13For we write none other things unto you, than what ye read or acknowledge; and I trust ye shall acknowledge even to the end; 14As also ye have acknowledged us in part, that we are your rejoicing, even as ye also are ours in the day of the Lord Jesus.

15And in this confidence I was minded to come unto you before, that ye might have a second benefit; 16And to pass by you into Macedonia, and to come again out of Macedonia unto you, and of you to be brought on my way toward Judaea. 17When I therefore was thus minded, did I use lightness? or the things that I purpose, do I purpose according to the flesh, that with me there should be yea yea, and nay nay? 18But as God is true, our word toward you was not yea and nay. 19For the Son of God, Jesus Christ, who was preached among you by us, even by me and Silvanus and Timotheus, was not yea and nay, but in him was yea. 20For all the promises of God in him are yea, and in him Amen, unto the glory of God by us. 21Now he which stablisheth us with you in Christ, and hath anointed us, is God; 22Who hath also sealed us, and given the earnest of the Spirit in our hearts. 23Moreover I call God for a record upon my soul, that to spare you I came not as yet unto Corinth. 24Not for that we have dominion over your faith, but are helpers of your joy: for by faith ye stand.