2 Ahemfo 14 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Ahemfo 14:1-29

Amasia Di Hene Wɔ Yuda

1Bere a Yoas babarima Amasia fii ase dii ade wɔ Yuda no, na ɔhene Yehoas adi ade wɔ Israel mfe abien. 2Amasia dii ade no, na wadi mfe aduonu anum, na odii ade wɔ Yerusalem mfe aduonu akron. Na wɔfrɛ ne na se Yehoadin a ofi Yerusalem. 3Ɔyɛɛ nea ɛteɛ wɔ Awurade ani so, nanso anto nea nʼagya Dawid yɛe. Ɔhwɛɛ nʼagya Yoas nhwɛso so. 4Nanso, wansɛe abosonnan a na nnipa kɔbɔ afɔre, kɔhyew nnuhuam wɔ hɔ no.

5Bere a Amasia tim wɔ nʼahenni mu yiye no, okunkum mmarima a wokum nʼagya a na ɔyɛ ɔhene no. 6Nanso wɔn a wokunkum wɔn no mma de, wankum wɔn, sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mose Mmara Nhoma no mu no, ne sɛnea Awurade ahyɛ no sɛ: Wonnkunkum agyanom, wɔn mma bɔne nti; na wonnkunkum mma, agyanom bɔne nti. Ɛsɛ sɛ wɔn mu biara wu wɔ ne bɔne ho.

7Amasia na okunkum Edomfo mpem du wɔ Nkyene Bon no mu no. Ɔno ara nso na odii Sela14.7 Sela Griik din ne Petra—Idumea kuropɔn. so nkonim, na ɔtoo hɔ din Yokteel, din a wɔde frɛ hɔ de besi nnɛ no.

8Da bi, Amasia ka sii Israelhene a ɔyɛ Yehoahas babarima ne Yehu nena anim se, “Behyia me ma yɛnko.”

9Na Israelhene Yoas buaa Yudahene Amasia se, “Nsɔe a ɛwɔ Lebanon mmepɔw so somaa abɔfo kɔɔ dutan sida nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, ‘Fa wo babea ma me babarima aware.’ Ɛhɔ ara na aboa bi fi wuram betiatiaa nsɔe no so sɛee no. 10Nokware, woadi Edom so nkonim, ama woayɛ ahantan. Ma wʼani nsɔ wo nkonimdi no, na tena wo fi. Adɛn nti na wopere wo ho kɔ ɔhaw a ɛde amanehunu bɛba wo ne Yudafo nyinaa so yi?”

11Na Amasia antie nti, Israelhene Yoas boaboaa nʼakofo ano ne no kɔkoe. Asraafo dɔm abien no hyiaa mu koe wɔ Bet-Semes a ɛwɔ Yuda. 12Israel asraafo dii Yuda so nkonim, maa Yuda asraafo no bɔ hwetee, guan kɔɔ wɔn kurom. 13Israelhene Yoas kyeree Yudahene, Yoas babarima Ahasia babarima Amasia wɔ Bet-Semes. Na Yoas bɔɔ nsra kɔɔ Yerusalem. Afei ɔhyɛɛ nʼakofo no ma wodwiriw Yerusalem fasu no, fi Efraim Pon no de kosii Twɔtwɔw so Pon no, a ne tenten bɛyɛ sɛ anammɔn ahansia no. 14Ɔfaa sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne nnwinne nyinaa fii Awurade asɔredan mu ne ahemfi adekoradan mu hɔ. Ɔfaa nnipa no nnommum, na ɔsan kɔɔ Samaria.

15Yoas ahenni mu nsɛm nkae ne nea ne tumi kosii ne ako a ɔne Yudahene Amasia dii no nyinaa, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 16Bere a Yoas wui no, wosiee no wɔ ne mpanyimfo nkyɛn wɔ Samaria. Na ne babarima Yeroboam a ɔto so abien na odii nʼade sɛ ɔhene.

17Israelhene Yoas, Yehoahas babarima wu akyi no, Yudahene Amasia tenaa ase mfe dunum. 18Amasia ahenni mu nsɛm nkae no, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 19Wɔpam Amasia ti so wɔ Yerusalem nti, oguan kɔɔ Lakis. Nanso, nʼatamfo no somaa awudifo, ma wotiw no, kokum no wɔ hɔ. 20Wɔsan de no too ɔpɔnkɔ so, baa Yerusalem, na wosiee no wɔ ne mpanyimfo nkyɛn wɔ Dawid kurom.

21Yudafo sii Amasia babarima Asaria a na wadi mfe dunsia no hene. 22Nʼagya wu akyi no, Asaria san kyekyeree Elat kurow, dan maa Yuda.

Yeroboam A Ɔto So Abien Di Israelhene

23Yudahene Yoas babarima Amasia adedi mfe dunum mu no, Israelhene Yoas babarima Yeroboam a ɔto so abien bedii hene wɔ Israel. Odii ade wɔ Samaria mfirihyia aduanan baako. 24Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Na wantwe ne ho amfi abosonsom a Nebat babarima Yeroboam maa Israelfo kɔɔ mu no ho. 25Yeroboam a ɔto so abien gyigyee Israel nsase a ɛda Lebo Hamat ne Nkyene Po no ntam no sɛnea Awurade, Israel Nyankopɔn nam Amitai babarima Yona, odiyifo a ofi Gat-Hefer so, hyɛɛ ho bɔ no.

26Awurade huu sɛnea obiara a ɔwɔ Israel no reteetee, na wonni obiara a ɔbɛboa wɔn nso. 27Esiane sɛ Awurade nkaa se ɔbɛpepa Israel din koraa no nti, ɔnam Yoas babarima Yeroboam nso so gyee wɔn nkwa.

28Yeroboam a ɔto so abien ahenni mu nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa, nea ne tumi ano kosii, nʼakodi ne nsase a ogyigye maa Israel a Damasko ne Hamat a na ɛwɔ Yuda nsam no nyinaa ka ho no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 29Bere a Yeroboam wui no, wosiee no ne mpanyimfo a na wɔyɛ Israel ahemfo no nkyɛn. Na ne babarima Sakaria na odii nʼade sɛ ɔhene.

Asante Twi Contemporary Bible

2 Ahemfo 14:1-29

Amasia Di Ɔhene Wɔ Yuda

1Ɛberɛ a Yoas babarima Amasia hyɛɛ aseɛ dii adeɛ wɔ Yuda no, na ɔhene Yehoas adi adeɛ wɔ Israel mfeɛ mmienu. 2Amasia dii adeɛ no, na wadi mfeɛ aduonu enum, na ɔdii adeɛ wɔ Yerusalem mfeɛ aduonu nkron. Na wɔfrɛ ne maame Yehoadin a ɔfiri Yerusalem. 3Ɔyɛɛ deɛ ɛtene wɔ Awurade ani so, nanso anto deɛ nʼagya Dawid yɛeɛ. Ɔhwɛɛ nʼagya Yoas nhwɛsoɔ so. 4Amasia ansɛe abosonnan a na nnipa kɔbɔ afɔdeɛ, kɔhye nnuhwam wɔ hɔ no.

5Ɛberɛ a Amasia ase timiiɛ sɛ ɔhene no, ɔkunkumm mpanimfoɔ a wɔkumm nʼagya no nyinaa. 6Nanso, wɔn a wɔkunkumm wɔn no mma deɛ, wankum wɔn, sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Mose Mmara Nwoma no mu no, ne sɛdeɛ Awurade ahyɛ no sɛ: Mma wɔnkunkum agyanom wɔ wɔn mma bɔne a wɔayɛ nti; na wɔnnkunkum mma wɔ wɔn agyanom bɔne a wɔayɛ enti. Ɛsɛ sɛ obiara wu wɔ ne bɔne ho.

7Amasia na ɔkunkumm Edomfoɔ ɔpedu wɔ Nkyene Bɔnhwa no mu no. Ɔno ara nso na ɔdii Sela14.7 Sela Griik din ne Petra—Idumea kuropɔn. so nkonim, na ɔtoo hɔ edin Yokteel, edin a wɔde frɛ hɔ de bɛsi ɛnnɛ no.

8Ɛda bi, Amasia ka sii Israelhene a ɔyɛ Yehoahas babarima ne Yehu nana anim sɛ, “Bɛhyia me ma yɛnko.”

9Na Israelhene Yoas de abasɛm buaa Yudahene Amasia sɛ, “Nkasɛɛ a ɛwɔ Lebanon mmepɔ so somaa abɔfoɔ kɔɔ dutan ntweneduro nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Fa wo babaa ma me babarima awadeɛ.’ Ɛhɔ ara na aboa bi firi wiram bɛtiatiaa nkasɛɛ no so sɛee no. 10Nokorɛm, woadi Edom so nkonim, ama woayɛ ahantan. Ma wʼani nsɔ wo nkonimdie no, na tena wo fie. Adɛn enti na wopere wo ho kɔ ɔhaw a ɛde amanehunu bɛba wo ne Yudafoɔ nyinaa so yi?”

11Na Amasia antie enti, Israelhene Yoas boaboaa nʼakodɔm ano ne no kɔkoeɛ. Akodɔm mmienu no hyiaa mu koeɛ wɔ Bet-Semes a ɛwɔ Yuda. 12Israel akodɔm dii Yuda so nkonim, maa Yuda akodɔm no bɔ hweteeɛ, dwane kɔɔ wɔn kurom. 13Israelhene Yoas kyeree Yudahene, Yoas babarima Ahasia babarima Amasia wɔ Bet-Semes. Na Yoas bɔɔ nsra kɔɔ Yerusalem. Afei ɔhyɛɛ nʼakodɔm no ma wɔdwirii Yerusalem ɔfasuo no, firi Efraim Ɛpono no de kɔsii Twɛtwɛwaso Ɛpono no, a ne tenten bɛyɛ sɛ anammɔn ahansia no. 14Ɔfaa sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne nnwinneɛ nyinaa firii Awurade asɔredan mu ne ahemfie akoradan mu hɔ. Ɔfaa nnipa no nnommum, na ɔsane kɔɔ Samaria.

15Yoas ahennie mu nsɛm nkaeɛ ne deɛ ne tumi kɔsiiɛ ne ako a ɔne Yudahene Amasia diiɛ no nyinaa, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 16Ɛberɛ a Yoas wuiɛ no, wɔsiee no wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn wɔ Samaria. Na ne babarima Yeroboam a ɔtɔ so mmienu na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

17Israelhene Yoas, Yehoahas babarima owuo akyi no, Yudahene Amasia tenaa ase mfeɛ dunum. 18Amasia ahennie mu nsɛm nkaeɛ no, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 19Wɔpam Amasia tiri so wɔ Yerusalem enti, ɔdwane kɔɔ Lakis. Nanso, nʼatamfoɔ no somaa awudifoɔ, ma wɔtii no, kɔkumm no wɔ hɔ. 20Wɔsane de no too ɔpɔnkɔ so, baa Yerusalem, na wɔsiee no wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn wɔ Dawid kurom.

21Yudafoɔ sii Amasia babarima Asaria a na wadi mfeɛ dunsia no ɔhene. 22Nʼagya wuo akyi no, Asaria sane kyekyeree Elat kuro, dane maa Yuda.

Yeroboam A Ɔtɔ So Mmienu Di Ɔhene Wɔ Israel

23Yudahene Yoas babarima Amasia adedie mfeɛ dunum mu no, Israelhene Yoas babarima Yeroboam a ɔtɔ so mmienu bɛdii ɔhene wɔ Israel. Ɔdii adeɛ wɔ Samaria mfirinhyia aduanan baako. 24Ɔyɛɛ bɔne Awurade ani so. Na wantwe ne ho amfiri abosonsom a Nebat babarima Yeroboam ma Israelfoɔ kɔɔ mu no ho. 25Yeroboam a ɔtɔ so mmienu gyegyee Israel nsase a ɛda Lebo Hamat ne Nkyene Ɛpo no ntam no sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn nam Amitai babarima Yona, odiyifoɔ a ɔfiri Gat-Hefer so, hyɛɛ ho bɔ no.

26Awurade hunuu sɛdeɛ obiara a ɔwɔ Israel no reteetee, na wɔnni obiara a ɔbɛboa wɔn nso. 27Esiane sɛ Awurade nkaa sɛ ɔbɛpepa Israel din koraa no enti, ɔnam Yoas babarima Yeroboam nso so gyee wɔn nkwa.

28Yeroboam a ɔtɔ so mmienu ahennie mu nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa, deɛ ne tumi ano kɔsiiɛ, nʼakodie ne nsase a ɔgyegye maa Israel a Damasko ne Hamat a na ɛwɔ Yuda nsam no nyinaa ka ho no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 29Ɛberɛ a Yeroboam wuiɛ no, wɔsiee no ne mpanimfoɔ a na wɔyɛ Israel ahemfo no nkyɛn. Na ne babarima Sakaria na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.