2 Ahemfo 15 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Ahemfo 15:1-38

Usia Di Yudahene

1Bere a Yeroboam a ɔto so abien di ade wɔ Israel no, ne mfe aduonu ason so na Amasia babarima Asaria fii ase dii ade wɔ Yuda. 2Obedii hene no, na wadi mfe dunsia. Na odii ade wɔ Yerusalem mfirihyia aduonum abien. Na ne na din de Yekolia a ofi Yerusalem. 3Na ɔteɛ wɔ Awurade ani so, sɛnea nʼagya Amasia teɛ no. 4Wansɛe abosonnan a na nnipa kɔbɔ afɔre, kɔhyew nnuhuam wɔ hɔ no.

5Awurade maa kwata yɛɛ ɔhene no, kosii da a owui.15.5 Sɛnea 2 Be 26.16-21 kyerɛ no, Onyankopɔn maa kwata yɛɛ ɔhene no, efisɛ na wagye ɔsɔfo no adwuma (hwɛ 3 Mose 13.46). Ne saa nti, na ɔno nko te ofi bi mu. Yotam15.5 Yotam dii ade Asaria nkwanna a aka no mu. a na ɔyɛ ɔhene no babarima na ɔhwɛɛ ahemfi no so, na odii nnipa a wɔwɔ asase no so no so.

6Na Asaria adedi ho nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa no, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 7Asaria wui no, wosiee no wɔ ne mpanyimfo nkyɛn wɔ Dawid kurow mu. Na ne babarima Yotam na odii nʼade sɛ ɔhene.

Sakaria Di Israelhene

8Yudahene Asaria dii ade no, ne mfe aduasa awotwe mu no na Yeroboam a ɔto so abien babarima Sakaria nso dii ade Israel wɔ Samaria. Odii ade asram asia. 9Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛnea nʼagyanom yɛe no. Wamfi ahonisom a Nebat babarima Yeroboam maa Israelfo som no ho.

10Na Yabes babarima Salum bɔɔ pɔw de tiaa Sakaria, kum no wɔ bagua mu, dii akongua no. 11Sakaria dwuma a odii nkae no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 12Enti, Awurade asɛm a ɔka kyerɛɛ, Yehu se, “Wʼasefo na wɔbɛyɛ Israel ahemfo akosi awo ntoatoaso a ɛto so anan” mu no, baa mu.

Salum Di Israelhene

13Yabes babarima Salum bedii Israel so hene no, na ɛyɛ Yudahene Usia adedi mfe aduasa akron mu. Salum dii ade wɔ Samaria ɔsram baako pɛ. 14Afei, Gadi babarima Menahem fii Tirsa kɔɔ Samaria. Ɔkɔtow hyɛɛ Yabes babarima Salum so kum no, na ɔtenaa akongua no so.

15Salum ahenni ho nsɛm nkae ne pɔw a ɔbɔe no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu?

Menahem Di Israelhene

16Saa bere no mu, Menahem fii Tirsa kɔtoaa Tifsa ne obiara a ɔwɔ hɔ ne ne nkurow nyinaa, efisɛ ɛhɔfo no ampene so sɛ wɔde kurow no bɛma. Okunkum kurow no mu nnipa nyinaa, paapae emu apemfo nyinaa yafunu mu.

17Gadi babarima Menahem fii ase dii Israelhene bere a na Usia adi ade wɔ Yuda ne mfe aduasa akron so. Odii hene wɔ Samaria mfirihyia du. 18Nanso Menahem yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Nʼahenni mu nyinaa, wannyae bɔne a ɛyɛ ahonisom no a na Nebat babarima Yeroboam adi Israelfo anim de wɔn asom no.

19Afei, Asiriahene Pul15.19 Pul yɛ Babilonia din a wɔde too Asiriahene Tiglat-Pileser III a odii ade 745–727 ansa na wɔrewo Kristo no (AWK) (hwɛ 1 Be 5.26). bedii asase no so. Na Menahem tuaa dwetɛ nkaribo tɔn aduasa ason maa no sɛnea ɔbɛtaa nʼakyi ama nʼahenni no atim. 20Menahem nam apoobɔ so gyigyee Israel asikafo no mu biara nkyɛn dwetɛ a ɛkari gram ahannum aduoson (570) de maa Asiriahene. Ɛno nti, Asiriahene ankɔtow anhyɛ Israel so, na wantena asase no so nso.

21Na Menahem adedi ho nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 22Bere a Menahem wui no, ne babarima Pekahia na odii nʼade sɛ ɔhene.

Pekahia Di Israelhene

23Menahem babarima Pekahia fii ase dii Israelhene wɔ Yudahene Usia ahenni ne mfe aduonum so. Odii hene wɔ Samaria mfe abien. 24Nanso Pekahia yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Wantwe ne ho amfi ahonisom a Nebat babarima Yeroboam dii Israelfo anim ma wɔsom no ho. 25Na Remalia babarima Peka a na ɔyɛ Pekahia asraafo so sahene no bɔɔ pɔw tiaa no. Ɔfaa mmarima aduonum fii Gilead, kaa ne ho, kokum ɔhene no ne Argob ne Arie wɔ Samaria ahemfi abangua mu. Peka na afei obedii hene wɔ Israel.

26Pekahia ahenni ho nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?

Peka Di Israelhene

27Remalia babarima Peka bedii hene wɔ Israel wɔ bere a na Usia adi hene wɔ Yuda mfe aduonum abien. Odii ade wɔ Samaria mfirihyia aduonu. 28Nanso Peka yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Wantwe ne ho amfi ahonisom a Nebat babarima Yeroboam dii Israel anim ma wɔsom no ho.

29Peka ahenni so no, Asiriahene Tiglat-Pileser kɔtoaa Israelfo bio, faa nkurow Iyon ne Abel-Bet-Maaka ne Yanoa ne Kedes ne Hasor ne Gilead ne Galilea ne Naftali nsase nyinaa. Na ɔfaa nnipa no nnommum kɔɔ Asiria. 30Na Ela babarima Hosea bɔɔ pɔw, tiaa Peka na okum no. Ofii ase dii Israel so hene bere a na Usia babarima Yotam nso adi ade mfe aduonu wɔ Yuda. 31Peka adedi mu nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?

Yotam Yudahene

32Usia babarima Yotam dii hene wɔ Yuda bere a na ɔhene Peka adi ade wɔ Israel mfirihyia abien. 33Odii ade no, na wadi mfirihyia aduonu anum, na odii Yerusalem so hene mfe dunsia. Na ne na a ɔyɛ Sadok babea no din de Yerusa. 34Yotam yɛɛ nea ɛsɔ Awurade ani, sɛnea nʼagya Usia yɛe no ara pɛ. 35Nanso wansɛe abosonnan a na nnipa kɔbɔ afɔre, kɔhyew nnuhuam wɔ hɔ no. Ɔno ne obi a ɔsan sii Awurade Asɔredan no atifi pon.

36Yotam ahenni ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 37Saa mmere no mu, Awurade fii ase somaa Aramhene Resin ne Israelhene Peka, sɛ wɔnkɔtow nhyɛ Yuda so. 38Bere a Yotam wui no, wosiee no wɔ ne mpanyimfo nkyɛn wɔ Dawid kurow mu. Na ne babarima Ahas bedii nʼade sɛ ɔhene.

Asante Twi Contemporary Bible

2 Ahemfo 15:1-38

Usia Di Ɔhene Wɔ Yuda

1Ɛberɛ a Yeroboam a ɔtɔ so mmienu di adeɛ wɔ Israel no, ne mfeɛ aduonu nson so na Amasia babarima Asaria hyɛɛ aseɛ dii adeɛ wɔ Yuda. 2Ɔbɛdii ɔhene no, na wadi mfeɛ dunsia. Na ɔdii adeɛ Yerusalem mfirinhyia aduonum mmienu. Na ne maame din de Yekolia a ɔfiri Yerusalem. 3Na ɔtene wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ nʼagya Amasia teɛ no. 4Wammubu abosonnan no enti, na ne nkurɔfoɔ no kɔ hɔ kɔbɔ afɔdeɛ, hye nnuhwam.

5Awurade maa kwata yɛɛ ɔhene no, kɔsii da a ɔwuiɛ.15.5 Sɛdeɛ 2 Be 26.16-21 kyerɛ no, Onyankopɔn maa kwata yɛɛ ɔhene no, ɛfiri sɛ, na wagye ɔsɔfoɔ no adwuma (hwɛ 3 Mose 13.46). Ne saa enti, na ɔno nko te efie bi mu. Yotam15.5 Yotam dii adeɛ Asaria nkwa nna a aka no mu. a na ɔyɛ ɔhene no babarima na ɔhwɛɛ ahemfie no so, na ɔdii nnipa a wɔwɔ asase no so so.

6Na Asaria adedie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa no, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 7Asaria wuiɛ no, wɔsiee no ne mpanimfoɔ nkyɛn wɔ Dawid kuro mu. Na ne babarima Yotam na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

Sakaria Di Ɔhene Wɔ Israel

8Yudahene Asaria dii adeɛ ne mfeɛ aduasa nwɔtwe mu no na Yeroboam a ɔtɔ so mmienu babarima Sakaria nso dii adeɛ Israel wɔ Samaria. Ɔdii adeɛ abosome nsia. 9Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ nʼagyanom yɛeɛ no. Wamfiri ahonisom a Nebat babarima Yeroboam maa Israelfoɔ someeɛ no ho.

10Na Yabes babarima Salum bɔɔ pɔ, de tiaa Sakaria, kumm no wɔ badwam, dii akonnwa no. 11Sakaria dwuma a ɔdiiɛ nkaeɛ no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 12Enti, Awurade asɛm a ɔka kyerɛɛ, Yehu sɛ, “Wʼasefoɔ na wɔbɛyɛ Israel ahemfo akɔsi awontoatoasoɔ a ɛtɔ so ɛnan” mu no, baa mu.

Salum Di Ɔhene Wɔ Israel

13Yabes babarima Salum bɛdii Israel so ɔhene no, na ɛyɛ Yudahene Usia adedie mfeɛ aduasa nkron mu. Salum dii adeɛ Samaria bosome baako pɛ. 14Afei, Gadi babarima Menahem firii Tirsa kɔɔ Samaria. Ɔkɔto hyɛɛ Yabes babarima Salum so kumm no, na ɔtenaa akonnwa no so.

15Salum ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne pɔ a ɔbɔeɛ no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.

Menahem Di Ɔhene Wɔ Israel

16Saa ɛberɛ no mu, Menahem firii Tirsa kɔtoaa Tifsa ne obiara a ɔwɔ hɔ ne ne nkurotoɔ nyinaa, ɛfiri sɛ, ɛhɔfoɔ no ampene so sɛ wɔde kuro no bɛma. Ɔkunkumm kuro no mu nnipa nyinaa, paapae emu apemfoɔ nyinaa yafunu mu.

17Gadi babarima Menahem hyɛɛ aseɛ dii Israelhene ɛberɛ a na Usia adi adeɛ Yuda ne mfeɛ aduasa nkron so. Ɔdii ɔhene wɔ Samaria mfirinhyia edu. 18Nanso, Menahem yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Nʼahennie mu nyinaa, wannyae bɔne a ɛyɛ ahonisom no a na Nebat babarima Yeroboam adi Israelfoɔ anim de wɔn asom no.

19Afei, Asiriahene Pul15.19 Pul yɛ Babilonia din a wɔde too Asiriahene Tiglat-Pileser III a ɔdii adeɛ 745–727 ansa na wɔrewo Kristo (AWK) (hwɛ 1 Be 5.26). bɛdii asase no so. Na Menahem tuaa dwetɛ nkariboɔ tɔno aduasa nson no sɛdeɛ ɔbɛtaa nʼakyi ama nʼahennie no atim. 20Menahem nam apoobɔ so gyegyee Israel asikafoɔ no mu biara nkyɛn dwetɛ gram ahanum aduɔson (570) sɛ akwabrantoɔ. Ɛno enti, Asiriahene ankɔto anhyɛ Israel so, na wantena asase no so nso.

21Na Menahem adedie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 22Ɛberɛ a Menahem wuiɛ no, ne babarima Pekahia na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

Pekahia Di Ɔhene Wɔ Israel

23Menahem babarima Pekahia hyɛɛ aseɛ dii Israelhene wɔ Yudahene Usia ahennie ne mfeɛ aduonum so. Ɔdii ɔhene wɔ Samaria mfeɛ mmienu. 24Nanso, Pekahia yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Wantwe ne ho amfiri ahonisom a Nebat babarima Yeroboam dii Israelfoɔ anim, ma wɔsomeeɛ no ho. 25Na Remalia babarima Peka a na ɔyɛ Pekahia asraadɔm sahene no bɔɔ pɔ tiaa no. Ɔfaa mmarima aduonum firii Gilead, kaa ne ho, kɔkumm ɔhene no ne Argob ne Arie wɔ Samaria ahemfie abankɛsewa mu. Peka na afei ɔbɛdii ɔhene wɔ Israel.

26Pekahia ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.

Peka Di Ɔhene Wɔ Israel

27Remalia babarima Peka bɛdii ɔhene Israel wɔ ɛberɛ a na Usia adi ɔhene wɔ Yuda mfeɛ aduonum mmienu. Ɔdii adeɛ Samaria mfirinhyia aduonu. 28Nanso, Peka yɛɛ bɔne Awurade ani so. Wantwe ne ho amfiri ahonisom a Nebat babarima Yeroboam dii Israel anim, ma wɔsomeeɛ no ho.

29Peka ahennie so no, Asiriahene Tiglat-Pileser kɔtuaa Israelfoɔ bio, faa nkuro Iyon ne Abel-Bet-Maaka ne Yanoa ne Kedes ne Hasor ne Gilead ne Galilea ne Naftali nsase nyinaa. Na ɔfaa nnipa no nnommum kɔɔ Asiria. 30Na Ela babarima Hosea bɔɔ pɔ tiaa Peka, na ɔkumm no. Ɔhyɛɛ aseɛ dii Israel so ɔhene ɛberɛ a na Usia babarima Yotam nso adi adeɛ mfeɛ aduonu wɔ Yuda. 31Peka adedie mu nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.

Yotam Di Ɔhene Wɔ Yuda

32Usia babarima Yotam dii ɔhene wɔ Yuda ɛberɛ a na ɔhene Peka adi adeɛ wɔ Israel mfirinhyia mmienu. 33Ɔdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu enum, na ɔdii Yerusalem so ɔhene mfeɛ dunsia. Na ne maame a ɔyɛ Sadok babaa no din de Yerusa. 34Yotam yɛɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani, sɛdeɛ nʼagya Usia yɛeɛ no ara pɛ. 35Nanso, wansɛe abosonnan a na nnipa no bɔ afɔdeɛ hye nnuhwam wɔ hɔ no. Ɔno ne obi a ɔsane sii Awurade Asɔredan no atifi ɛpono.

36Yotam ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 37Saa mmerɛ no mu, Awurade hyɛɛ aseɛ somaa Aramhene Resin ne Israelhene Peka, sɛ wɔnkɔto nhyɛ Yuda so. 38Ɛberɛ a Yotam wuiɛ no, wɔsiee no wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn wɔ Dawid kuro mu. Na ne babarima Ahas bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.