2 Ahemfo 13 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Ahemfo 13:1-25

Yehoahas Di Israelhene

1Bere a Yehu babarima Yehoahas fii ase dii hene wɔ Israel no, na ɔhene Yoas nso adi ade mfe aduonu abiɛsa wɔ Yuda. Odii ade mfe dunson wɔ Samaria. 2Nanso ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Odii Nebat babarima Yeroboam nhwɛso akyi, toaa ahonisom a odii Israelfo no anim yɛe no so. 3Enti Awurade bo fuw Israelfo, na ɔmaa ɔhene Hasael a ofi Aram ne ne babarima Ben-Hadad kwan ma wodii wɔn so mfe bebree.

4Na Yehoahas bɔɔ Awurade mpae, srɛɛ ne mmoa. Awurade tiee ne mpaebɔ. Na Awurade huu nhyɛsotraso a Aramhene de maa Israelfo no. 5Awurade yii ogyefo bi ma obegyee Israelfo no fii Aramfo nhyɛsotraso no ase. Na Israelfo no tenaa ase ahotɔ mu bio, sɛnea na wɔte kan no. 6Nanso wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne, wodii Yeroboam nhwɛsobɔne no akyi. Na mpo, wosii Asera dua wɔ Samaria.

7Na Yehoahas asraafo no so atew abɛyɛ apɔnkɔsotefo aduonum, nteaseɛnam du ne anammɔnmufo asraafo mpem du. Na Aramhene akunkum nkae no ayɛ wɔn sɛ awiporowbere mfutuma wɔ ne nan ase.

8Yehoahas ahenni mu nneɛma a esisii, dwuma a odii ne nea ne tumidi kɔpem nyinaa, wɔankyerɛw wɔ Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 9Bere a Yehoahas wui no, wosiee no wɔ Samaria wɔ ne mpanyimfo nkyɛn. Na ne babarima Yehoas13.9 Oyi dii ade wɔ Israel na ne din wɔ Hebri kasa mu ne Yoas dii nʼade sɛ ɔhene.

Yehoas Di Israelhene

10Yehoahas babarima Yehoas fii ase dii Israel so wɔ bere a na ɔhene Yoas adi ade wɔ Yuda ne mfe aduasa ason so. Odii ade wɔ Samaria mfe dunsia. 11Na ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Wantwe ne ho amfi abosonsom a Nebat babarima Yeroboam dii Israel anim ma wɔyɛɛ no ho. 12Yehoas dwuma a odii no nkae wɔ nʼahenni mu ne ne mmaninyɛ nyinaa ne ne tumi a na ɔwɔ no ne ɔko a ɔne Yudahene Amasia koe no, wɔankyerɛw wɔ Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 13Bere a Yehoas wui no, wosiee no wɔ Samaria wɔ ne mpanyimfo nkyɛn. Na ne babarima Yeroboam a ɔto so abien dii nʼade sɛ ɔhene.

Elisa Nkɔmhyɛ A Etwa To

14Bere a owuyare bɔɔ Elisa no, Israelhene Yehoas kɔsraa no, na osuu no se, “Mʼagya! Mʼagya! Israel nteaseɛnam ne nteaseɛnamkafo!”

15Elisa ka kyerɛɛ no se, “Hwehwɛ tadua ne bɛmma.” Na ɔhene no yɛɛ nea ɔkae no. 16Na Elisa ka kyerɛɛ Israelhene no se ɔmfa ne nsa nto tadua no so. Na Elisa de ɔno ankasa ne nsa too ɔhene no nsa so.

17Afei, ɔhyɛe se, “Bue mfɛnsere a ɛkyerɛ apuei fam no.” Na obuei. Na ɔkae se, “Tow!” Na ɔtowee.

Na Elisa kae se, “Eyi ne Awurade agyan a ɛyɛ Aram so nkonimdi, efisɛ wubedi Aramfo so pasaa wɔ Afek. 18Afei, tase bɛmma a aka no na totow wowɔ fam.” Enti ɔhene no tasee, na ɔtotow wowɔɔ fam mprɛnsa. 19Nanso Onyankopɔn nipa no bo fuw no, kae se, “Anka ɛsɛ sɛ wototow sisi fam mpɛn anum anaa asia. Ɛno ansa a na anka wubedi Aram so, kosi sɛ wobɛtɔre wɔn ase. Enti wubedi nkonim mprɛnsa.”

20Elisa wui, na wosiee no. Na Moabfo afowfo kɔfom asase no so nneɛma afe biara. 21Bere bi a Israelfo resie obi no, wohuu afowfo bi. Ɛno nti, wɔyɛɛ no ntɛm tow amu no kyenee Elisa ɔboda mu. Amu no kɔkaa Elisa nnompe ara pɛ na owufo no nyanee, huruw gyinaa ne nʼanan so!

22Na Aramhene Hasael hyɛɛ Israelfo so bere a Ɔhene Yehoahas dii ade no nyinaa. 23Nanso Awurade huu Israelfo mmɔbɔ nti, wɔn ase antɔre. Esiane apam a na ɔne Abraham, Isak ne Yakob ayɛ no nti, ohuu wɔn mmɔbɔ. Na ebesi nnɛ, ɔmpɛɛ sɛ ɔbɛtɔre wɔn ase, anaa ɔbɛpam wɔn afi nʼanim.

24Afei, Aramhene Hasael wui, na ne babarima Ben-Hadad bedii nʼade sɛ ɔhene. 25Na Yehoahas babarima Yehoas san kogyee nkurow a Hasael gyigye fii nʼagya Yehoahas nsam no. Yehoas dii Ben-Hadad so nkonim mprɛnsa, nam so gyigyee Israel nkurow no.

Asante Twi Contemporary Bible

2 Ahemfo 13:1-25

Yehoahas Di Ɔhene Wɔ Israel

1Ɛberɛ a Yehu babarima Yehoahas hyɛɛ aseɛ dii ɔhene wɔ Israel no, na ɔhene Yoas nso adi adeɛ mfeɛ aduonu mmiɛnsa wɔ Yuda. Ɔdii adeɛ mfeɛ dunson wɔ Samaria. 2Nanso, ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Ɔdii Nebat babarima Yeroboam nhwɛsoɔ akyi, toaa ahonisom a ɔdii Israelfoɔ no anim yɛeɛ no so. 3Enti, Awurade bo fuu Israelfoɔ, na ɔmaa ɔhene Hasael a ɔfiri Aram ne ne babarima Ben-Hadad kwan ma wɔdii wɔn so mfeɛ bebree.

4Na Yehoahas bɔɔ Awurade mpaeɛ, srɛɛ ne mmoa. Awurade tiee ne mpaeɛbɔ. Na Awurade hunuu nhyɛsotrasoɔ a Aramhene de maa Israelfoɔ no. 5Awurade yii ɔgyefoɔ bi ma ɔbɛgyee Israelfoɔ no firii Aramfoɔ nhyɛsotrasoɔ no ase. Na Israelfoɔ no tenaa ase ahotɔ mu bio, sɛdeɛ na wɔte kane no. 6Nanso, wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne, wɔdii Yeroboam nhwɛsobɔne no akyi. Na mpo, wɔsii Asera afɔrebukyia wɔ Samaria.

7Ne korakora ne sɛ, Yehoahas akodɔm no so te bɛyɛɛ apɔnkɔsotefoɔ aduonum, nteaseɛnam edu ne anammɔntwa asraafoɔ ɔpedu. Na Aramhene akunkum nkaeɛ no, te sɛ deɛ wɔyɛ mfuturo wɔ ne nan ase.

8Yehoahas ahennie mu nneɛma a ɛsisiiɛ, dwuma a ɔdiiɛ ne deɛ ne tumidie kɔsooɛ nyinaa, wɔatwerɛ wɔ Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma mu. 9Ɛberɛ a Yehoahas wuiɛ no, wɔsiee no Samaria wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn. Na ne babarima Yehoas13.9 Ɔdii adeɛ wɔ Israel na ne din wɔ Hebri kasa mu yɛ Yoas dii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

Yehoas Di Ɔhene Wɔ Israel

10Yehoahas babarima Yehoas hyɛɛ aseɛ dii Israel so wɔ ɛberɛ a na ɔhene Yoas adi adeɛ Yuda ne mfeɛ aduasa nson so. Ɔdii adeɛ Samaria mfeɛ dunsia. 11Na ɔyɛɛ bɔne Awurade ani so. Wantwe ne ho amfiri abosonsom a Nebat babarima Yeroboam dii Israel anim ma wɔyɛeɛ no ho. 12Yehoas dwuma a ɔdiiɛ no nkaeɛ wɔ nʼahennie mu ne ne mmaninyɛ nyinaa ne ne tumi a na ɔwɔ no ne ɔko a ɔne Yudahene Amasia koeɛ no, wɔatwerɛ wɔ Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma mu. 13Ɛberɛ a Yehoas wuiɛ no, wɔsiee no Samaria wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn. Na ne babarima Yeroboam a ɔtɔ so mmienu dii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

Elisa Nkɔmhyɛ A Ɛtwa Toɔ

14Ɛberɛ a yarewuo bɔɔ Elisa no, Israelhene Yehoas kɔsraa no, na ɔsuu no sɛ, “Mʼagya! Mʼagya! Israel nteaseɛnam ne nteaseɛnamkafoɔ!”

15Elisa ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwehwɛ tadua ne bɛmma.” Na ɔhene no yɛɛ deɛ ɔkaeɛ no. 16Na Elisa ka kyerɛɛ Israelhene no sɛ ɔmfa ne nsa nto tadua no so. Na Elisa de ɔno ankasa ne nsa too ɔhene no nsa so.

17Afei, ɔhyɛɛ sɛ, “Bue mpomma a ɛkyerɛ apueeɛ fam no.” Na ɔbueeɛ. Na ɔkaa sɛ, “To!” Na ɔtoeɛ.

Na Elisa kaa sɛ, “Yei ne Awurade agyan a ɛyɛ Aram so nkonimdie, ɛfiri sɛ, wobɛdi Aramfoɔ so pasaa wɔ Afek. 18Afei, tase bɛmma a aka no na toto wowɔ fam.” Enti, ɔhene no taseeɛ, na ɔtoto wowɔɔ fam mprɛnsa. 19Nanso, Onyankopɔn onipa no bo fuu no, kaa sɛ, “Anka ɛsɛ sɛ wototo sisi fam mpɛn enum anaa nsia. Ɛno ansa a na anka wobɛdi Aram so, kɔsi sɛ wobɛtɔre wɔn ase. Enti, wobɛdi nkonim mprɛnsa.”

20Elisa wuiɛ, na wɔsiee no. Na Moabfoɔ afomfafoɔ kɔfom asase no so nneɛma afe biara. 21Ɛberɛ bi a Israelfoɔ resie obi no, wɔhunuu afomfafoɔ bi. Ɛno enti, wɔyɛɛ no ntɛm too amu no twenee Elisa ɔboda mu. Amu no kɔkaa Elisa nnompe ara pɛ na owufoɔ no nyaneeɛ, huri gyinaa ne nan so!

22Na Aramhene Hasael hyɛɛ Israelfoɔ so ɛberɛ a Ɔhene Yehoahas dii adeɛ no nyinaa. 23Nanso, Awurade hunuu Israelfoɔ mmɔbɔ enti, wɔn ase antɔre. Esiane apam a na ɔne Abraham, Isak ne Yakob ayɛ no enti, ɔhunuu wɔn mmɔbɔ. Na ɛbɛsi ɛnnɛ, ɔntɔree wɔn ase, na ɔmpamoo wɔn mfirii nʼanim.

24Afei, Aramhene Hasael wuiɛ, na ne babarima Ben-Hadad bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. 25Na Yehoahas babarima Yehoas sane kɔgyegyee nkuro a Hasael gyegye firii nʼagya Yehoahas nsam. Yehoas dii Ben-Hadad so nkonim mprɛnsa, nam so gyegyee Israel nkuro no.