Sefania 1:1-18, Sefania 2:1-15, Sefania 3:1-20 AKCB

Sefania 1:1-18

Awurade asɛm a ɛbaa Sefania a ɔyɛ Kusi ba, Gedalia ba, Amaria ba, Hesekia ba nkyɛn ni. Ɛbaa Yudahene Yosia a ɔyɛ Amon ba no bere so.

Atemmu A Etia Yuda

“Mɛpra biribiara afi asase so”

nea Awurade se ni,

“Mɛpra nnipa ne mmoa nyinaa;

mɛpra nnomaa a wɔwɔ wim

ne mpataa a wɔwɔ po mu nyinaa.

Atirimɔdenfo benya wura a esum hɔ nko ara,

sɛ mesɛe adesamma a wɔwɔ asase yi so a,”

nea Awurade se ni.

“Mɛteɛ me nsa wɔ Yuda

ne wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa so;

na mɛsɛe Baal ho biribiara a aka wɔ ha,

na masɛe abosonsomfo ne akɔmfo asɔfo no din

wɔn a wɔkotow sɔre wɔn adan atifi,

de sɔre abɔde a ɛwɔ wim,

wɔn a wɔkotow de Awurade ka ntam

na wɔde Molek nso ka ntam,

wɔn nso a wogyae Awurade akyidi

na wɔnhwehwɛ Awurade anaa wommisa nʼase.”

Monyɛ komm wɔ Asafo Awurade anim,

efisɛ, Awurade da no abɛn.

Awurade asiesie afɔrebɔde;

wadwira wɔn a wato nsa afrɛ wɔn no ho.

Awurade afɔrebɔ da no,

mɛtwe mmapɔmma

ne ahenemma

ne wɔn a wɔhyehyɛ

ananafo ntade nyinaa aso.

Saa da no mɛtwe wɔn

a wɔkwati apongua no nyinaa aso.

Wɔn a wɔde akakabensɛm

ne asisi hyehyɛ wɔn abosomfi amaama no.

“Saa da no,”

sɛnea Awurade se ni,

“Osu befi Mpataa Pon ano,

agyaadwotwa befi Atenae Foforo

na nnyigyei a ano yɛ den afi nkoko no so aba.

Muntwa adwo, mo a mote adetɔnbea hɔ no

wɔbɛtɔre wɔn a mo ne wɔn di gua ase,

dwetɛ aguadifo nyinaa nso wɔbɛsɛe wɔn.

Mede akanea bekyin ahwehwɛ Yerusalem mu

na matwe wɔn a wogyaagyaa wɔn ho aso,

wɔn a wɔte sɛ bobesa puw no,

a wodwen se, ‘Awurade renyɛ hwee

sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne no.’

Wɔbɛfom wɔn ahonyade,

na wɔabubu wɔn afi agu.

Wobesisi afi, nanso wɔrentena mu

wɔbɛyɛ bobe mfuw

nanso wɔrennom mu nsa.”

Awurade Da Kɛse No

Awurade da kɛse no abɛn,

abɛn na ɛreba ntɛm so.

Tie! Osu a wobesu Awurade da no bɛyɛ yaw,

ɔkofo a ɔwɔ hɔ nso nteɛmu bɛyɛ saa ara.

Saa da no bɛyɛ abufuw da,

ɛyɛ ahoyeraw ne ɔyaw da;

ɛyɛ amanehunu ne ɔsɛe da,

ɛyɛ esum ne kusukuukuu da

ɛyɛ omununkum ne kusuuyɛ da,

ɛyɛ ntorobɛntohyɛn ne ɔko nteɛmu

a etia nkuropɔn a ɛwɔ bammɔ

ne ntwɔtwɔw so abantenten da.

“Mede awerɛhow bɛba nnipa no so

na wɔbɛnantew sɛ anifuraefo,

efisɛ wɔayɛ bɔne atia Awurade.

Wobehwie wɔn mogya agu sɛ mfutuma,

na wɔn ayamde nso sɛ atantanne.

Wɔn dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ

rentumi nnye wɔn nkwa

Awurade abufuw da no.”

Ne ninkutwe mu gya no

bɛhyew ɔman no nyinaa,

na ɔbɛma asase no so tefo nyinaa nkwa

aba awiei mpofirim.

Read More of Sefania 1

Sefania 2:1-15

Mommoaboa mo ho ano, mommoaboa mo ho ano,

mo, animguaseman,

ansa na bere a wɔahyɛ no adu,

na da no resen te sɛ ntɛtɛ,

ansa na Awurade abufuwhyew no

aba mo so,

ansa na Awurade abufuw da no

aba mo so.

Monhwehwɛ Awurade, ahobrɛasefo a mowɔ asase so,

mo a moyɛ nʼahyɛde.

Monhwehwɛ trenee, monhwehwɛ ahobrɛase;

ebia ɔbɛkora mo so

Awurade abufuw da no.

Atemmu A Etia Filistia

Wobegyaw Gasa

na wɔagyaw Askelon sɛ amamfo.

Owigyinae na wɔbɛma Asdod ada mpa mu

na wɔatutu Ekron ase.

Munnue, mo a mote mpoano,

mo Keretifo;

Awurade asɛm tia mo.

Kanaan, Filistifo asase.

Mɛtɔre mo ase,

na obiara renka.

Asase a ɛda mpoano, faako a Keretifo te

bɛyɛ atenae ama nguanhwɛfo

ne wɔn nguannan.

Saa asase no bɛyɛ Yudafi nkae no de;

ɛhɔ na wobenya mmoa adidibea.

Anwummere, wɔbɛdeda wɔ

Askelon afi mu.

Na Awurade, wɔn Nyankopɔn bɛhwɛ wɔn,

na ɔde wɔn ahonyade nyinaa bɛsan ama wɔn.

Atemmu A Etia Moab Ne Amon

“Mate Moab nsopa ne

Amonfo atweetwee;

wɔn a wɔsopaa me nkurɔfo

na wohunahunaa wɔn wɔ wɔn asase ho.

Enti sɛ mete ase yi,”

sɛnea Asafo Awurade,

Israel Nyankopɔn, se ni,

“Ampa ara Moab bɛyɛ sɛ Sodom,

na Amonfo ayɛ sɛ Gomora,

faako a nwura ne nkyene amoa wɔ,

bɛyɛ asase a ɛda mpan afebɔɔ.

Me man nkae bɛfow wɔn afa;

me manfo a wobenya wɔn ti adidi mu no bɛfa wɔn asase.”

Wɔn ahantan so akatua a wobenya ni,

sɛ wɔyeyaw na wodi Asafo Awurade nkurɔfo ho fɛw nti.

Awurade ho suro bɛba wɔn so

bere a ɔbɛsɛe asase no so anyame nyinaa.

Mpoano aman nyinaa bɛsɔre no,

wɔ wɔn ankasa wɔn asase so.

Atemmu A Etia Kus

“Mo Etiopiafo nso,

mʼafoa ano na wobekunkum mo.”

Atemmu A Etia Asiria

Awurade bɛteɛ ne nsa wɔ atifi aman so

na wasɛe Asiria,

na wama Ninewe ada mpan koraa

na so awo wosee sɛ nwea pradada so.

Nguankuw ne anantwi bɛdeda hɔ,

mmoadoma nyinaa.

Sare so patu ne abonsamnoma

bɛtena nʼadum no so.

Wɔn su begyigye afa mfɛnsere mu,

nnwiriwii besisiw apon ano akwan,

mpuran a wɔde sida ayɛ no ho bɛdeda hɔ.

Eyi ne kuropɔn a edi ahurusi

na ɛte asomdwoe mu.

Ɔhoahoaa ne ho se,

“Me ne no, obiara nte sɛ me.”

Hwɛ sɛnea atetew apansam,

na ayɛ nkekammoa atenae!

Obiara a otwa mu wɔ hɔ no serew no,

him ne nsa fɛwdi so.

Read More of Sefania 2

Sefania 3:1-20

Yerusalem Daakye

Nnome nka nhyɛsofo kuropɔn

atuatew kuropɔn a ho agu fi!

Ɔnyɛ osetie mma obiara

onnye nteɛso biara nto mu.

Ɔmfa ne ho nto Awurade so.

Ontwiw mmɛn ne Nyankopɔn.

Nʼakannifo yɛ gyata a wɔbobɔ mu,

ne sodifo yɛ mpataku a wɔnam anadwo,

a wonnya biribiara mma adekyee.

Ne nkɔmhyɛfo yɛ ahantan;

wɔyɛ afatwafo.

Nʼasɔfo gu kronkronbea ho fi.

Wɔnam mmara no so di nsɛmmɔne.

Awurade a ɔte ne mu no yɛ ɔtreneeni;

ɔnyɛ mfomso biara.

Adekyee biara, ɔda ne trenee adi,

na onni huammɔ da,

nanso amumɔyɛfo de, wonnim aniwu.

“Masɛe amanaman;

madwiriw wɔn abandennen agu.

Wɔn mmorɔn so adeda mpan,

a obiara ntwa mu hɔ.

Wɔasɛe wɔn nkuropɔn;

a obiara renka.

Meka kyerɛɛ kuropɔn no se,

‘ampa ara wubesuro me

na woagye nteɛso ato mu!’

Na afei ne tenabea rensɛe,

na mʼasotwe biara nso remma no so.

Nanso wɔn ho peree wɔn

sɛ wɔbɛkɔ so ayɛ bɔne, wɔn nneyɛe nyinaa mu.

Enti twɛn me,” sɛnea Awurade se ni,

“na da no mɛsɔre adi adanse.

Mayɛ mʼadwene sɛ mɛboaboa amanaman

ne ahenni ano

na mahwie mʼabufuw agu wɔn so

mʼabufuwhyew nyinaa.

Me ninkutwe abufuw gya mu no,

asase nyinaa bɛhyew.

“Afei medwira nnipa no ano,

na wɔn nyinaa abɔ Awurade din

na wɔaka abɔ mu asom no.

Mʼasomfo, me nkurɔfo a wɔabɔ ahwete no

befi nsubɔnten a ɛwɔ Kus nohɔ

de wɔn afɔrebɔde abrɛ me.

Saa da no, wo Yerusalem, wɔrengu wʼanim ase

wɔ nneyɛe bɔne a woayɛ atia me ho,

efisɛ meyi afi saa kuropɔn yi mu,

wɔn a wodi ahantan mu ahurusi,

na worenyɛ ahantan bio

wɔ me bepɔw kronkron no so.

Nanso megyaw wɔ wo mu

wɔn a wodwo na wɔbrɛ wɔn ho ase,

na wɔde wɔn ho to Awurade so no.

Wɔrenyɛ bɔne biara;

wɔrenka nkontomposɛm,

na wɔn ano renka nnaadaasɛm

wobedidi na wɔada,

na obiara renyi wɔn hu.”

To dwom, Ɔbabea Sion;

teɛ mu dennen, Israel!

Ma wʼani nnye, na di ahurusi wɔ wo koma nyinaa mu,

Ɔbabea Yerusalem!

Efisɛ Awurade ayi wʼasotwe afi wo so,

wama wo tamfo asan nʼakyi.

Awurade, Israelhene ka wo ho;

worensuro ɔhaw biara bio.

Saa da no, wɔbɛka akyerɛ Yerusalem se,

“Nsuro, Sion!

Mma wo nsa mu ngow.

Awurade wo Nyankopɔn ne wo wɔ hɔ,

Ɔyɛ ogyefo ɔhoɔdenfo.

Nʼani begye wo ho

ne dɔ mu, ɔrenka wʼanim bio,

ɔde nnwonto bedi wo ho anigye.”

“Meyi wɔn a wodi awerɛhow

wɔ wʼafahyɛnna ahorow a woahwere;

a ayɛ adesoa ne animguase ama wo no ho.

Saa bere no me ne wɔn

a wɔhyɛɛ wo so nyinaa bedi.

Megye mmerɛwyɛfo

na mɛboaboa wɔn a wɔabɔ wɔn ahwete no ano.

Mɛkamfo wɔn ahyɛ wɔn anuonyam

asase biara a woguu wɔn anim ase wɔ so no so.

Saa bere no, mɛboaboa mo ano;

saa bere no, mede mo bɛba fie.

Mɛhyɛ wo anuonyam na makamfo mo

wɔ asase so nnipa nyinaa mu

bere a mede mo ahonyade bɛsan ama wo

na mode mo ani behu no,”

sɛnea Awurade se ni.

Read More of Sefania 3