Sefania 2 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Sefania 2:1-15

1Mommoaboa mo ho ano, mommoaboa mo ho ano,

mo, animguaseman,

2ansa na bere a wɔahyɛ no adu,

na da no resen te sɛ ntɛtɛ,

ansa na Awurade abufuwhyew no

aba mo so,

ansa na Awurade abufuw da no

aba mo so.

3Monhwehwɛ Awurade, ahobrɛasefo a mowɔ asase so,

mo a moyɛ nʼahyɛde.

Monhwehwɛ trenee, monhwehwɛ ahobrɛase;

ebia ɔbɛkora mo so

Awurade abufuw da no.

Atemmu A Etia Filistia

4Wobegyaw Gasa

na wɔagyaw Askelon sɛ amamfo.

Owigyinae na wɔbɛma Asdod ada mpa mu

na wɔatutu Ekron ase.

5Munnue, mo a mote mpoano,

mo Keretifo;

Awurade asɛm tia mo.

Kanaan, Filistifo asase.

Mɛtɔre mo ase,

na obiara renka.

6Asase a ɛda mpoano, faako a Keretifo te

bɛyɛ atenae ama nguanhwɛfo

ne wɔn nguannan.

7Saa asase no bɛyɛ Yudafi nkae no de;

ɛhɔ na wobenya mmoa adidibea.

Anwummere, wɔbɛdeda wɔ

Askelon afi mu.

Na Awurade, wɔn Nyankopɔn bɛhwɛ wɔn,

na ɔde wɔn ahonyade nyinaa bɛsan ama wɔn.

Atemmu A Etia Moab Ne Amon

8“Mate Moab nsopa ne

Amonfo atweetwee;

wɔn a wɔsopaa me nkurɔfo

na wohunahunaa wɔn wɔ wɔn asase ho.

9Enti sɛ mete ase yi,”

sɛnea Asafo Awurade,

Israel Nyankopɔn, se ni,

“Ampa ara Moab bɛyɛ sɛ Sodom,

na Amonfo ayɛ sɛ Gomora,

faako a nwura ne nkyene amoa wɔ,

bɛyɛ asase a ɛda mpan afebɔɔ.

Me man nkae bɛfow wɔn afa;

me manfo a wobenya wɔn ti adidi mu no bɛfa wɔn asase.”

10Wɔn ahantan so akatua a wobenya ni,

sɛ wɔyeyaw na wodi Asafo Awurade nkurɔfo ho fɛw nti.

11Awurade ho suro bɛba wɔn so

bere a ɔbɛsɛe asase no so anyame nyinaa.

Mpoano aman nyinaa bɛsɔre no,

wɔ wɔn ankasa wɔn asase so.

Atemmu A Etia Kus

12“Mo Etiopiafo nso,

mʼafoa ano na wobekunkum mo.”

Atemmu A Etia Asiria

13Awurade bɛteɛ ne nsa wɔ atifi aman so

na wasɛe Asiria,

na wama Ninewe ada mpan koraa

na so awo wosee sɛ nwea pradada so.

14Nguankuw ne anantwi bɛdeda hɔ,

mmoadoma nyinaa.

Sare so patu ne abonsamnoma

bɛtena nʼadum no so.

Wɔn su begyigye afa mfɛnsere mu,

nnwiriwii besisiw apon ano akwan,

mpuran a wɔde sida ayɛ no ho bɛdeda hɔ.

15Eyi ne kuropɔn a edi ahurusi

na ɛte asomdwoe mu.

Ɔhoahoaa ne ho se,

“Me ne no, obiara nte sɛ me.”

Hwɛ sɛnea atetew apansam,

na ayɛ nkekammoa atenae!

Obiara a otwa mu wɔ hɔ no serew no,

him ne nsa fɛwdi so.