Sefania 3 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Sefania 3:1-20

Yerusalem Daakye

1Nnome nka nhyɛsofo kuropɔn

atuatew kuropɔn a ho agu fi!

2Ɔnyɛ osetie mma obiara

onnye nteɛso biara nto mu.

Ɔmfa ne ho nto Awurade so.

Ontwiw mmɛn ne Nyankopɔn.

3Nʼakannifo yɛ gyata a wɔbobɔ mu,

ne sodifo yɛ mpataku a wɔnam anadwo,

a wonnya biribiara mma adekyee.

4Ne nkɔmhyɛfo yɛ ahantan;

wɔyɛ afatwafo.

Nʼasɔfo gu kronkronbea ho fi.

Wɔnam mmara no so di nsɛmmɔne.

5Awurade a ɔte ne mu no yɛ ɔtreneeni;

ɔnyɛ mfomso biara.

Adekyee biara, ɔda ne trenee adi,

na onni huammɔ da,

nanso amumɔyɛfo de, wonnim aniwu.

6“Masɛe amanaman;

madwiriw wɔn abandennen agu.

Wɔn mmorɔn so adeda mpan,

a obiara ntwa mu hɔ.

Wɔasɛe wɔn nkuropɔn;

a obiara renka.

7Meka kyerɛɛ kuropɔn no se,

‘ampa ara wubesuro me

na woagye nteɛso ato mu!’

Na afei ne tenabea rensɛe,

na mʼasotwe biara nso remma no so.

Nanso wɔn ho peree wɔn

sɛ wɔbɛkɔ so ayɛ bɔne, wɔn nneyɛe nyinaa mu.

8Enti twɛn me,” sɛnea Awurade se ni,

“na da no mɛsɔre adi adanse.

Mayɛ mʼadwene sɛ mɛboaboa amanaman

ne ahenni ano

na mahwie mʼabufuw agu wɔn so

mʼabufuwhyew nyinaa.

Me ninkutwe abufuw gya mu no,

asase nyinaa bɛhyew.

9“Afei medwira nnipa no ano,

na wɔn nyinaa abɔ Awurade din

na wɔaka abɔ mu asom no.

10Mʼasomfo, me nkurɔfo a wɔabɔ ahwete no

befi nsubɔnten a ɛwɔ Kus nohɔ

de wɔn afɔrebɔde abrɛ me.

11Saa da no, wo Yerusalem, wɔrengu wʼanim ase

wɔ nneyɛe bɔne a woayɛ atia me ho,

efisɛ meyi afi saa kuropɔn yi mu,

wɔn a wodi ahantan mu ahurusi,

na worenyɛ ahantan bio

wɔ me bepɔw kronkron no so.

12Nanso megyaw wɔ wo mu

wɔn a wodwo na wɔbrɛ wɔn ho ase,

na wɔde wɔn ho to Awurade so no.

13Wɔrenyɛ bɔne biara;

wɔrenka nkontomposɛm,

na wɔn ano renka nnaadaasɛm

wobedidi na wɔada,

na obiara renyi wɔn hu.”

14To dwom, Ɔbabea Sion;

teɛ mu dennen, Israel!

Ma wʼani nnye, na di ahurusi wɔ wo koma nyinaa mu,

Ɔbabea Yerusalem!

15Efisɛ Awurade ayi wʼasotwe afi wo so,

wama wo tamfo asan nʼakyi.

Awurade, Israelhene ka wo ho;

worensuro ɔhaw biara bio.

16Saa da no, wɔbɛka akyerɛ Yerusalem se,

“Nsuro, Sion!

Mma wo nsa mu ngow.

17Awurade wo Nyankopɔn ne wo wɔ hɔ,

Ɔyɛ ogyefo ɔhoɔdenfo.

Nʼani begye wo ho

ne dɔ mu, ɔrenka wʼanim bio,

ɔde nnwonto bedi wo ho anigye.”

18“Meyi wɔn a wodi awerɛhow

wɔ wʼafahyɛnna ahorow a woahwere;

a ayɛ adesoa ne animguase ama wo no ho.

19Saa bere no me ne wɔn

a wɔhyɛɛ wo so nyinaa bedi.

Megye mmerɛwyɛfo

na mɛboaboa wɔn a wɔabɔ wɔn ahwete no ano.

Mɛkamfo wɔn ahyɛ wɔn anuonyam

asase biara a woguu wɔn anim ase wɔ so no so.

20Saa bere no, mɛboaboa mo ano;

saa bere no, mede mo bɛba fie.

Mɛhyɛ wo anuonyam na makamfo mo

wɔ asase so nnipa nyinaa mu

bere a mede mo ahonyade bɛsan ama wo

na mode mo ani behu no,”

sɛnea Awurade se ni.