1 Beresosɛm 24:1-31, 1 Beresosɛm 25:1-31, 1 Beresosɛm 26:1-19 AKCB

1 Beresosɛm 24:1-31

Asɔfo No Nnwuma

Sɛnea wɔkyekyɛɛ Aaron asefo a wɔyɛ asɔfo no mu akuwakuw ma wɔsom no ni: Na Aaron mmabarima no yɛ Nadab, Abihu, Eleasar ne Itamar. Nanso Nadab ne Abihu wui a wonni mma ansa na wɔn agya rewu. Enti ɛkaa Eleasar ne Itamar nko ara a na ɛsɛ sɛ wɔyɛ asɔfo. Mmoa a Sadok a na ɔyɛ Eleasar aseni ne Ahimelek a na ɔyɛ Itamar aseni no boae no nti, Dawid kyekyɛɛ Aaron asefo mu akuwakuw sɛnea wɔn dwumadi te. Wɔkyɛɛ Itamar de mu akuw awotwe, efisɛ na Eleasar asefo mu mmusua mpanyimfo no dɔɔso. Wɔnam ntontobɔ kronkron so, kyekyɛɛ dwumadi ahorow nyinaa maa akuwakuw no, sɛnea ɛrenyɛ nhwɛanimsɛm biara. Efisɛ na mpanyimfo bebree a wɔfata sɛ wɔsom Onyankopɔn kronkronbea hɔ a wɔyɛ Eleasar ne Itamar asefo no nso wɔ hɔ.

Netanel babarima Semaia a na ɔyɛ Lewini no yɛɛ adwuma sɛ ɔkyerɛwfo. Ɔkyerɛw din ne nnwuma ahorow wɔ ɔhene no ne ɔsɔfo Sadok ne Abiatar babarima Ahimelek ne asɔfo no ne Lewi mmusua no mpanyimfo anim. Eleasar ne Itamar asefo bobɔɔ ntonto sɛnea edidi so yi:

Ntonto a edi kan no bɔɔ Yehoiarib.

Ntonto a ɛto so abien no bɔɔ Yedaia.

Ntonto a ɛto so abiɛsa no bɔɔ Harim.

Ntonto a ɛto so anan no bɔɔ Seorim.

Ntonto a ɛto so anum no bɔɔ Malkia.

Ntonto a ɛto so asia no bɔɔ Miyamin.

Ntonto a ɛto so ason no bɔɔ Hakos.

Ntonto a ɛto so awotwe no bɔɔ Abia.

Ntonto a ɛto so akron no bɔɔ Yesua.

Ntonto a ɛto so du no bɔɔ Sekania.

Ntonto a ɛto so dubaako no bɔɔ Eliasib.

Ntonto a ɛto so dumien no bɔɔ Yakim.

Ntonto a ɛto so dumiɛnsa no bɔɔ Hupa.

Ntonto a ɛto so dunan no bɔɔ Yesebeab.

Ntonto a ɛto so dunum no bɔɔ Bilga.

Ntonto a ɛto so dunsia no bɔɔ Imer.

Ntonto a ɛto so dunson no bɔɔ Hesir.

Ntonto a ɛto so dunwɔtwe no bɔɔ Hapises.

Ntonto a ɛto so dunkron no bɔɔ Petahia.

Ntonto a ɛto so aduonu no bɔɔ Yeheskel.

Ntonto a ɛto so aduonu baako no bɔɔ Yakin.

Ntonto a ɛto so aduonu abien no bɔɔ Gamul.

Ntonto a ɛto so aduonu abiɛsa no bɔɔ Delaia.

Ntonto a ɛto so aduonu anan no bɔɔ Maasia.

Kuw biara dii ne dwuma wɔ Awurade fi sɛnea wɔn agya Aaron nam Awurade, Israel Nyankopɔn akwankyerɛ so hyehyɛ maa wɔn no.

Lewi Mmusua Mpanyimfo

Eyinom ne mmusua a aka a wɔyɛ Lewi asefo no mpanyimfo:

Amram asefo ntuanoni ne Subael.

Subael asefo ntuanoni ne Yehdeia.

Rehabia asefo ntuanoni ne Yisia.

Yishar asefo ntuanoni ne Selomot.

Selomot asefo ntuanoni ne Yahat.

Hebron asefo ntuanofo ne:

Yeria; Amaria ne nʼabediakyiri, Yahasiel na ɔto so abiɛsa na Yekameam to so anan.

Usiel asefo ntuanoni ne Mika.

Mika asefo ntuanoni ne Samir

ne Mika nuabarima Yisia.

Yisia asefo ntuanoni ne Sakaria.

Merari asefo ntuanofo ne Mahli ne Musi.

Yasia asefo ntuanoni ne Beno.

Merari asefo a wofi Yasia mu no, ntuanofo no ne:

Beno, Soham, Sakur ne Ibri.

Mahli asefo ntuanoni ne Eleasar a na onni mmabarima no.

Kis asefo ntuanoni ne Yerahmeel.

Musi asefo ntuanofo ne Mahli, Eder ne Yerimot.

Eyinom ne Lewi asefo ne sɛnea wɔn mmusua te.

Wɔnam ntonto kronkron a wɔbɔɔ wɔ wɔn so na wɔde wɔn nnwuma hyɛɛ wɔn nsa te sɛ Aaron asefo de no, a wɔanhwɛ mfe a wɔadi ne wɔn dibea. Wodii dwuma no wɔ ɔhene Dawid, Sadok, Ahimelek, asɔfo ne Lewifo mmusua mpanyimfo no anim.

Read More of 1 Beresosɛm 24

1 Beresosɛm 25:1-31

Nnwontofo No Nnwuma

Dawid ne asahene no yiyii mmarima fii Asaf, Heman ne Yedutun mmusua mu sɛ wɔmfa asankuten, mmɛnta ne kyɛnkyɛn mmɔ Onyankopɔn asɛm no dawuru. Wɔn din ne wɔn nnwuma na edidi so yi:

Na Asaf mmabarima no ne:

Sakur, Yosef, Netania ne Asarela. Na wɔhyɛ wɔn agya Asaf ase. Ɔno na ɔhene hyɛɛ no ma ɔbɔɔ Onyankopɔn asɛm no dawuru.

Na Yedutun wɔ mmabarima a wɔne:

Gedalia, Seri, Yesaia, Simei, Hasabia ne Matitia. Wɔyɛ baasia a wɔhyɛ wɔn agya ase. Ɔno na ɔhyɛɛ nkɔm, nam sankuten so de aseda ne nkamfo maa Awurade.

Na Heman mmabarima din ne:

Bukia, Matania, Usiel, Sebuel, Yerimot, Hanania, Hanani, Eliata, Gidalti, Romamti-Eser, Yosbekasa, Maloti, Hotir, ne Mahasiot. Eyinom ne Heman a ɔyɛ ɔhene diyifo no mmabarima. Onyankopɔn dom no mmabarima dunan ne mmabea baasa.

Na saa mmarima yi nyinaa hyɛ wɔn agyanom ase, na wɔnam so too nnwom wɔ Awurade fi. Wɔn nnwuma ne sɛ wɔbɔ kyɛnkyɛn, mmɛnta ne asankuten wɔ Onyankopɔn fi.

Na Asaf, Yedutun ne Heman hyɛ ɔhene no ase. Na wɔatetew wɔn ne wɔn abusuafo nyinaa wɔ nnwom a wɔto wɔ Awurade anim no mu. Na wɔn nyinaa dodow yɛ ahannu aduɔwɔtwe awotwe na wɔn mu biara wɔ nnwonto ho nimdeɛ. Wɔnam ntontobɔ kronkron so yiyii nnwontofo tuatuaa nnwuma ahorow ano a wɔanhwɛ sɛ obi yɛ abofra anaa ɔpanyin, ɔkyerɛkyerɛfo anaa osuani.

Ntonto a edi kan no bɔɔ Yosef a ofi Asaf abusua mu, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

Ntonto a ɛto so abien no bɔɔ Gedalia, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

Ntonto a ɛto so abiɛsa no bɔɔ Sakur, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

Ntonto a ɛto so anan no bɔɔ Yisri, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

Ntonto a ɛto so anum no bɔɔ Netania, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

Ntonto a ɛto so asia no bɔɔ Bukia, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

Ntonto a ɛto so ason no bɔɔ Yesarela, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

Ntonto a ɛto so awotwe no bɔɔ Yesaia, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

Ntonto a ɛto so akron no bɔɔ Matania, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

Ntonto a ɛto so du no bɔɔ Simei, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

Ntonto a ɛto so dubaako no bɔɔ Asarel, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

Ntonto a ɛto so dumien no bɔɔ Hasabia, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

Ntonto a ɛto so dumiɛnsa no bɔɔ Subael, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

Ntonto a ɛto so dunan no bɔɔ Matitia, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

Ntonto a ɛto so dunum no bɔɔ Yeremot, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

Ntonto a ɛto so dunsia no bɔɔ Hanania, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

Ntonto a ɛto so dunson no bɔɔ Yosbekasa, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

Ntonto a ɛto so dunwɔtwe no bɔɔ Hanani, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

Ntonto a ɛto so dunkron no bɔɔ Maloti, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

Ntonto a ɛto so aduonu no bɔɔ Eliata, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

Ntonto a ɛto so aduonu baako no bɔɔ Hotir, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

Ntonto a ɛto so aduonu abien no bɔɔ Gidalti, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

Ntonto a ɛto so aduonu abiɛsa no bɔɔ Mahasiot, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

Ntonto a ɛto so aduonu anan no bɔɔ Romamti-Eser ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

Read More of 1 Beresosɛm 25

1 Beresosɛm 26:1-19

Apon Ano Ahwɛfo Nnwuma

Eyinom ne apon ano ahwɛfo no akuwakuw:

Korafo mu no,

yɛwɔ Kore babarima Meselemia a ofi Asaf abusua mu. Meselemia mmabarima yɛ:

Sakaria a ɔyɛ abakan, Yediael a ɔto so abien,

Sebadia a ɔto so abiɛsa, Yatniel a ɔto so anan.

Elam a ɔto so anum, Yehohanan a ɔto so asia,

Eliehoenai a ɔto so ason.

Na Obed-Edom mmabarima nso a wɔyɛ apon ano ahwɛfo yɛ:

Semaia a ɔyɛ abakan, Yehosabad a ɔto so abien,

Yoa a ɔto so abiɛsa, Sakar a ɔto so anan,

Netanel a ɔto so anum, Amiel a ɔto so asia,

Isakar a ɔto so ason, ne Peuletai a ɔto so awotwe.

Onyankopɔn hyiraa Obed-Edom bebree.

Na Obed-Edom babarima Semaia wɔ mmabarima a wotumi ade yɛ yiye nti, wonyaa dibea a ekura tumi wɔ abusua no mu. Na wɔn din ne:

Otni, Refael, Obed ne Elsabad;

na wɔn abusuafo Elihu ne Semaia nso yɛ mmɔdemmɔfo.

Obed-Edom asefo yi nyinaa a wɔn mmabarima ne wɔn nenanom a na wɔn nyinaa dodow yɛ aduosia abien (62) no yɛ nnipa a na wɔbɔ wɔn ho mmɔden yiye na wɔn nnwuma fata wɔn.

Saa ara nso na na Meselemia mmabarima dunwɔtwe (18) no ne wɔn abusuafo nso bɔ wɔn ho mmɔden yiye.

Hosa a ofi Merari abusua mu mma ne: Simri na odi kan (na ɔnyɛ abakan de, nanso nʼagya paw no sɛ ntuanoni wɔ ne mmabarima mu).

Na ne mmabarima no bi ne:

Hilkia a na ɔto so abien. Tebalia na ɔto so abiɛsa

na Sakaria to so anan.

Na Hosa mmabarima ne nʼabusuafo a wɔsom sɛ apon ano ahwɛfo no nyinaa dodow yɛ dumiɛnsa (13).

Saa apon ano hwɛfo akuw yi nam wɔn mmusua ntuanofo so som wɔ Awurade fi, sɛnea wɔn abusuafo yɛe no. Wɔnam ntontobɔ kronkron so, de ɔwɛn adwuma wɔ apon ahorow ano hyɛɛ mmusua no nsa a wɔnhwɛ mfirihyia a obi adi, anaa ntetewee a wanya so.

Wɔde apuei pon ho dwumadi no hyɛɛ Meslemia ne ne kuw nsa.

Atifi pon ho dwumadi nso, wɔde hyɛɛ ne babarima onyansafo Sakaria nsa.

Anafo pon26.15 Anafo pon. Dawid ne Salomo ahemfi no na ɛwɔ asɔredan no anafo fam. Saa anafo pon no mu na na ɔhene no fa. Saa ɔpon yi anohwɛ dwumadi no yɛ anuonyamhyɛ ma Obed Edom. (26.4-6; Hes 46.1-10) no, wɔde hyɛɛ Obed-Edom nsa, na wɔmaa ne mmabarima no hwɛɛ adekoradan no so.

Wɔmaa Supim ne Hosa hwɛɛ atɔe pon no ne ɔkwan a ɛkɔ asɔredan no mu no so.

Wɔkyekyɛɛ ɔwɛn nnwuma no pɛpɛɛpɛ maa wɔn.

Da biara, na wɔma Lewifo baasia kɔ apuei pon no ho,

na wɔma baanan kɔ atifi pon no ho,

na baanan nso akɔ anafo pon no ho,

na baanu baanu akokɔ adekoradan ahorow no mu biara ho.

Da biara, na wɔma baasia kɔ atɔe pon no ho. Baanan kɔ ɔkwan a ɛkɔ asɔredan no mu no so, na baanu nso akɔ adiwo hɔ.

Eyinom ne apon ano ahwɛfo a wofi Kora ne Merari mmusua mu no nkyekyɛmu.

Read More of 1 Beresosɛm 26