1 Beresosɛm 24 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Beresosɛm 24:1-31

Asɔfo No Nnwuma

1Sɛnea wɔkyekyɛɛ Aaron asefo a wɔyɛ asɔfo no mu akuwakuw ma wɔsom no ni: Na Aaron mmabarima no yɛ Nadab, Abihu, Eleasar ne Itamar. 2Nanso Nadab ne Abihu wui a wonni mma ansa na wɔn agya rewu. Enti ɛkaa Eleasar ne Itamar nko ara a na ɛsɛ sɛ wɔyɛ asɔfo. 3Mmoa a Sadok a na ɔyɛ Eleasar aseni ne Ahimelek a na ɔyɛ Itamar aseni no boae no nti, Dawid kyekyɛɛ Aaron asefo mu akuwakuw sɛnea wɔn dwumadi te. 4Wɔkyɛɛ Itamar de mu akuw awotwe, efisɛ na Eleasar asefo mu mmusua mpanyimfo no dɔɔso. 5Wɔnam ntontobɔ kronkron so, kyekyɛɛ dwumadi ahorow nyinaa maa akuwakuw no, sɛnea ɛrenyɛ nhwɛanimsɛm biara. Efisɛ na mpanyimfo bebree a wɔfata sɛ wɔsom Onyankopɔn kronkronbea hɔ a wɔyɛ Eleasar ne Itamar asefo no nso wɔ hɔ.

6Netanel babarima Semaia a na ɔyɛ Lewini no yɛɛ adwuma sɛ ɔkyerɛwfo. Ɔkyerɛw din ne nnwuma ahorow wɔ ɔhene no ne ɔsɔfo Sadok ne Abiatar babarima Ahimelek ne asɔfo no ne Lewi mmusua no mpanyimfo anim. Eleasar ne Itamar asefo bobɔɔ ntonto sɛnea edidi so yi:

7Ntonto a edi kan no bɔɔ Yehoiarib.

Ntonto a ɛto so abien no bɔɔ Yedaia.

8Ntonto a ɛto so abiɛsa no bɔɔ Harim.

Ntonto a ɛto so anan no bɔɔ Seorim.

9Ntonto a ɛto so anum no bɔɔ Malkia.

Ntonto a ɛto so asia no bɔɔ Miyamin.

10Ntonto a ɛto so ason no bɔɔ Hakos.

Ntonto a ɛto so awotwe no bɔɔ Abia.

11Ntonto a ɛto so akron no bɔɔ Yesua.

Ntonto a ɛto so du no bɔɔ Sekania.

12Ntonto a ɛto so dubaako no bɔɔ Eliasib.

Ntonto a ɛto so dumien no bɔɔ Yakim.

13Ntonto a ɛto so dumiɛnsa no bɔɔ Hupa.

Ntonto a ɛto so dunan no bɔɔ Yesebeab.

14Ntonto a ɛto so dunum no bɔɔ Bilga.

Ntonto a ɛto so dunsia no bɔɔ Imer.

15Ntonto a ɛto so dunson no bɔɔ Hesir.

Ntonto a ɛto so dunwɔtwe no bɔɔ Hapises.

16Ntonto a ɛto so dunkron no bɔɔ Petahia.

Ntonto a ɛto so aduonu no bɔɔ Yeheskel.

17Ntonto a ɛto so aduonu baako no bɔɔ Yakin.

Ntonto a ɛto so aduonu abien no bɔɔ Gamul.

18Ntonto a ɛto so aduonu abiɛsa no bɔɔ Delaia.

Ntonto a ɛto so aduonu anan no bɔɔ Maasia.

19Kuw biara dii ne dwuma wɔ Awurade fi sɛnea wɔn agya Aaron nam Awurade, Israel Nyankopɔn akwankyerɛ so hyehyɛ maa wɔn no.

Lewi Mmusua Mpanyimfo

20Eyinom ne mmusua a aka a wɔyɛ Lewi asefo no mpanyimfo:

Amram asefo ntuanoni ne Subael.

Subael asefo ntuanoni ne Yehdeia.

21Rehabia asefo ntuanoni ne Yisia.

22Yishar asefo ntuanoni ne Selomot.

Selomot asefo ntuanoni ne Yahat.

23Hebron asefo ntuanofo ne:

Yeria; Amaria ne nʼabediakyiri, Yahasiel na ɔto so abiɛsa na Yekameam to so anan.

24Usiel asefo ntuanoni ne Mika.

Mika asefo ntuanoni ne Samir

25ne Mika nuabarima Yisia.

Yisia asefo ntuanoni ne Sakaria.

26Merari asefo ntuanofo ne Mahli ne Musi.

Yasia asefo ntuanoni ne Beno.

27Merari asefo a wofi Yasia mu no, ntuanofo no ne:

Beno, Soham, Sakur ne Ibri.

28Mahli asefo ntuanoni ne Eleasar a na onni mmabarima no.

29Kis asefo ntuanoni ne Yerahmeel.

30Musi asefo ntuanofo ne Mahli, Eder ne Yerimot.

Eyinom ne Lewi asefo ne sɛnea wɔn mmusua te.

31Wɔnam ntonto kronkron a wɔbɔɔ wɔ wɔn so na wɔde wɔn nnwuma hyɛɛ wɔn nsa te sɛ Aaron asefo de no, a wɔanhwɛ mfe a wɔadi ne wɔn dibea. Wodii dwuma no wɔ ɔhene Dawid, Sadok, Ahimelek, asɔfo ne Lewifo mmusua mpanyimfo no anim.