1 Beresosɛm 26 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Beresosɛm 26:1-32

Apon Ano Ahwɛfo Nnwuma

1Eyinom ne apon ano ahwɛfo no akuwakuw:

Korafo mu no,

yɛwɔ Kore babarima Meselemia a ofi Asaf abusua mu. 2Meselemia mmabarima yɛ:

Sakaria a ɔyɛ abakan, Yediael a ɔto so abien,

Sebadia a ɔto so abiɛsa, Yatniel a ɔto so anan.

3Elam a ɔto so anum, Yehohanan a ɔto so asia,

Eliehoenai a ɔto so ason.

4Na Obed-Edom mmabarima nso a wɔyɛ apon ano ahwɛfo yɛ:

Semaia a ɔyɛ abakan, Yehosabad a ɔto so abien,

Yoa a ɔto so abiɛsa, Sakar a ɔto so anan,

Netanel a ɔto so anum, 5Amiel a ɔto so asia,

Isakar a ɔto so ason, ne Peuletai a ɔto so awotwe.

Onyankopɔn hyiraa Obed-Edom bebree.

6Na Obed-Edom babarima Semaia wɔ mmabarima a wotumi ade yɛ yiye nti, wonyaa dibea a ekura tumi wɔ abusua no mu. 7Na wɔn din ne:

Otni, Refael, Obed ne Elsabad;

na wɔn abusuafo Elihu ne Semaia nso yɛ mmɔdemmɔfo.

8Obed-Edom asefo yi nyinaa a wɔn mmabarima ne wɔn nenanom a na wɔn nyinaa dodow yɛ aduosia abien (62) no yɛ nnipa a na wɔbɔ wɔn ho mmɔden yiye na wɔn nnwuma fata wɔn.

9Saa ara nso na na Meselemia mmabarima dunwɔtwe (18) no ne wɔn abusuafo nso bɔ wɔn ho mmɔden yiye.

10Hosa a ofi Merari abusua mu mma ne: Simri na odi kan (na ɔnyɛ abakan de, nanso nʼagya paw no sɛ ntuanoni wɔ ne mmabarima mu).

11Na ne mmabarima no bi ne:

Hilkia a na ɔto so abien. Tebalia na ɔto so abiɛsa

na Sakaria to so anan.

Na Hosa mmabarima ne nʼabusuafo a wɔsom sɛ apon ano ahwɛfo no nyinaa dodow yɛ dumiɛnsa (13).

12Saa apon ano hwɛfo akuw yi nam wɔn mmusua ntuanofo so som wɔ Awurade fi, sɛnea wɔn abusuafo yɛe no. 13Wɔnam ntontobɔ kronkron so, de ɔwɛn adwuma wɔ apon ahorow ano hyɛɛ mmusua no nsa a wɔnhwɛ mfirihyia a obi adi, anaa ntetewee a wanya so.

14Wɔde apuei pon ho dwumadi no hyɛɛ Meslemia ne ne kuw nsa.

Atifi pon ho dwumadi nso, wɔde hyɛɛ ne babarima onyansafo Sakaria nsa.

15Anafo pon26.15 Anafo pon. Dawid ne Salomo ahemfi no na ɛwɔ asɔredan no anafo fam. Saa anafo pon no mu na na ɔhene no fa. Saa ɔpon yi anohwɛ dwumadi no yɛ anuonyamhyɛ ma Obed Edom. (26.4-6; Hes 46.1-10) no, wɔde hyɛɛ Obed-Edom nsa, na wɔmaa ne mmabarima no hwɛɛ adekoradan no so.

16Wɔmaa Supim ne Hosa hwɛɛ atɔe pon no ne ɔkwan a ɛkɔ asɔredan no mu no so.

Wɔkyekyɛɛ ɔwɛn nnwuma no pɛpɛɛpɛ maa wɔn.

17Da biara, na wɔma Lewifo baasia kɔ apuei pon no ho,

na wɔma baanan kɔ atifi pon no ho,

na baanan nso akɔ anafo pon no ho,

na baanu baanu akokɔ adekoradan ahorow no mu biara ho.

18Da biara, na wɔma baasia kɔ atɔe pon no ho. Baanan kɔ ɔkwan a ɛkɔ asɔredan no mu no so, na baanu nso akɔ adiwo hɔ.

19Eyinom ne apon ano ahwɛfo a wofi Kora ne Merari mmusua mu no nkyekyɛmu.

Fotosanfo Ne Adwumayɛfo Nkae

20Lewifo a wɔaka a na Ahiya da wɔn ano no na na wɔhwɛ Onyankopɔn fi sikakorabea ne adekoradan so.

21Libni fi a na ɛwɔ Gerson abusua mu no, na Yehieli na na otua wɔn ano. 22Yehieli mmabarima Setam ne ne nuabarima Yoel na na wɔhwɛ Awurade fi sikakorabea so.

23Eyinom ne ntuanofo a wɔyɛ Amram, Yishar, Hebron ne Usiel asefo.

24Amram abusua mu, Sebuel yɛ Mose babarima Gersom aseni. Ɔno na na ɔyɛ ɔpanyin a ɔhwɛ sikakorabea no so. 25Wɔn a wɔnam Elieser so yɛ nʼabusuafo ne Rehabia, Yesaia, Yoram, Sikri ne Selomot.

26Selomot ne nʼabusuafo na na wɔhwɛ sikakorabea a na wɔkora agyapade a wɔde ama Awurade no so. Agyapade no bi ne nea Dawid ne mmusua ntuanofo ne asahene ne asraafo mpanyimfo de maa Awurade no. 27Na saa mmarima yi de wɔn asade a wonyaa wɔ akodi mu no bi bae sɛ wɔmfa nsiesie Awurade fi. 28Afei, na Selomot ne nʼabusuafo na wɔhwɛ nneɛma a Samuel a ɔyɛ odiyifo, Kis babarima Saulo, Ner babarima Abner ne Seruia babarima Yoab de maa Awurade no so. Nneɛma nkae a wɔde maa Awurade no nyinaa, na ɛhyɛ wɔn nsa.

29Yishar abusua mu na Kenania fi.

Ɔne ne mmabarima na woyii wɔn sɛ ɔman sohwɛfo ne atemmufo wɔ Israelman mu nyinaa.

30Hebron abusua mu na Hasabia fi. Ɔne nʼabusuafo a wɔyɛ mmɔdemmɔfo a wɔn dodow yɛ apem ahanson na wɔma wɔhwɛɛ Israel nsase a ɛdeda Asubɔnten Yordan atɔe fam no so. Nsɛm a ɛfa Awurade ho, ne ɔhene a ɔwɔ mpasua no so som ho nyinaa yɛ wɔn asɛde. 31Bio, Hebron abusua mu na Yeria fi. Sɛnea awo ntoatoaso nkrataa kyerɛ no, ɔno na na ɔyɛ Hebronfo no ntuanoni.

(Dawid dii hene no, ne mfe aduanan so, wɔhwehwɛɛ nkrataa mu na wohuu mmarima a wɔbɔ wɔn ho mmɔden wɔ Hebron abusua no mu din wɔ kurow Yaser a ɛwɔ Gilead mu. 32Na mmarima a wɔbɔ wɔn ho mmɔden mpem abien ne ahanson na na wɔwɔ Yeria abusua mu. Ɔhene Dawid ma wɔkɔɔ Asubɔnten Yordan apuei fam, maa wɔkɔhwɛɛ Ruben ne Gad mmusuakuw ne Manase abusuakuw fa no so. Nsɛm a ɛfa Onyankopɔn ho, ne ɔhene som ho nyinaa yɛ wɔn asɛde.)