اول تواريخ 3 – PCB & ASCB

Persian Contemporary Bible

اول تواريخ 3:1-24

فرزندان داوود پادشاه

1پسران داوود پادشاه كه در حبرون به دنیا آمدند، به ترتيب سن عبارت بودند از:

امنون كه مادرش اخينوعم نام داشت و اهل يزرعيل بود.

دانيال كه مادرش ابيجايل نام داشت و اهل كرمل بود.

2ابشالوم كه مادرش معكه دختر تلمای پادشاه جشور بود.

ادونيا كه مادرش حجيت بود.

3شفطيا كه مادرش ابيطال بود.

يترعام كه مادرش عجله بود.

4اين شش پسر داوود پادشاه در حبرون متولد شدند، يعنی همان جايی كه او هفت سال و نيم سلطنت كرد. سپس داوود شهر اورشليم را پايتخت قرار داد و سی و سه سال ديگر در آنجا سلطنت كرد.

5زمانی كه او در اورشليم بود، همسرش بتشبع (دختر عمی‌ئيل) چهار پسر برای او به دنیا آورد به نامهای شمعی، شوباب، ناتان و سليمان.

6‏-8داوود نه پسر ديگر نيز داشت كه عبارت بودند از:

يبحار، اليشامع، اليفلط، نوجه،

نافج، يافيع، اليشمع، الياداع و اليفلط.

9علاوه بر اينها، داوود پسرانی هم از كنيزان خود داشت. او دختری نيز به نام تامار داشت.

نسل سليمان پادشاه

10‏-14اينها به ترتيب اعقاب سليمان هستند:

رحبعام، ابيا، آسا، يهوشافاط، يهورام، اخزيا، يوآش، امصيا، عزيا، يوتام، آحاز، حزقيا، منسی، آمون و يوشيا.

15پسران يوشيا:

يوحانان، يهوياقيم، صدقيا و شلوم.

16پسران يهوياقيم:

يكنيا و صدقيا.

نسل يهوياكين پادشاه

17‏-18پسران يهوياكين (كه به اسيری رفت) اينها بودند:

شئلتیئيل، ملكيرام، فدايا،

شناصر، يقميا، هوشاماع و ندبيا.

19‏-20فدايا پدر زروبابل و شمعی بود.

فرزندان زروبابل اينها بودند:

مشلام، حننيا، حشوبه، اوهل، برخيا، حسديا،

يوشب حسد و دخترش شلوميت.

21‏-22پسران حننيا، فلطيا و اشعيا بودند.

رفايا پسر اشعيا،

ارنان پسر رفايا،

عوبديا پسر ارنان،

شكنيا پسر عوبديا و

شمعيا پسر شكنيا.

شمعيا پنج پسر به اين اسامی داشت: حطوش، يجال، باريح، نعريا و شافاط.

23نعريا سه پسر به اين اسامی داشت:

اليوعينای، حزقيا و عزريقام.

24اليوعينای صاحب هفت پسر بود به نامهای زير:

هودايا، الياشيب، فلايا، عقوب،

يوحانان، دلاياع و عنانی.

Asante Twi Contemporary Bible

1 Berɛsosɛm 3:1-24

Dawid Asefoɔ

1Yeinom ne mmammarima a wɔwowoo wɔn maa Dawid wɔ Hebron.

Na nʼabakan din de Amnon a ne maame a na ɔfiri Yesreel no din de Ahinoam.

Ne ba a ɔtɔ so mmienu no, na ne din de Daniel. Na ne maame a ɔfiri Karmel no din de Abigail.

2Ne ba a ɔtɔ so mmiɛnsa no, na wɔfrɛ no Absalom. Na ne maame din de Maaka a na ɔyɛ Gesurhene Talmai babaa.

Ne ba a ɔtɔ so ɛnan din de Adoniya a ne maame din de Hagit.

3Ne ba a ɔtɔ so enum no, na wɔfrɛ no Sefatia. Na wɔfrɛ ne maame Abital.

Ne ba a ɔtɔ so nsia no din de Yitream a na wɔfrɛ ne maame Egla.

4Wɔwowoo mmammarima baasia yi nyinaa maa Dawid wɔ Hebron. Ɔdii adeɛ wɔ hɔ mfirinhyia nson ne fa.

Dawid yii kuropɔn no kɔɔ Yerusalem, na ɔdii adeɛ mfirinhyia aduasa mmiɛnsa wɔ hɔ. 5Mmammarima a wɔwowoo wɔn maa Dawid wɔ Yerusalem no ne:

Simea, Sobab, Natan ne Salomo. Amiel babaa Batseba na ɔwoo saa mmarima yi.

6Wɔsane wowoo mmammarima baakron bi maa Dawid. Wɔne Yibhar, Elisua, Elifelet, 7Noga, Nefeg, Yafia, 8Elisama, Eliada ne Elifelet.

9Yeinom ne Dawid mmammarima a ne mpena mma nka ho. Na Dawid wɔ ɔbabaa bi a wɔfrɛ no Tamar.

Salomo Asefoɔ

10Na Salomo asefoɔ yɛ

Rehoboam, Abia, Asa, Yehosafat,

11Yehoram, Ahasia, Yoas,

12Amasia, Asaria, Yotam,

13Ahas, Hesekia, Manase,

14Amon ne Yosia.

15Na Yosia mmammarima ne

Yohanan a ɔyɛ abakan,

Yehoiakim a ɔtɔ so mmienu,

Sedekia a ɔtɔ so mmiɛnsa,

ɛnna Salum a ɔtɔ so ɛnan.

16Yehoiakim babarima Yehoiakyin na ɔdii nʼadeɛ,

ɛnna ɔno nso ne wɔfa Sedekia bɛdii nʼadeɛ.

Yehoiakyin Asefoɔ

17Yehoiakyin a Babiloniafoɔ kyeree no kɔtoo afiase no

mmammarima ne Sealtiel, 18Malkiram, Pedaia, Senasar, Yekamia, Hosama ne Nedabia.

19Na Pedaia mmammarima yɛ

Serubabel ne Simei.

Na Serubabel mmammarima yɛ

Mesulam ne Hanania. Na ɔwɔ ɔbabaa nso a ne din de Selomit. 20Na ne mmammarima baanum bi nso din ne Hasuba, Ohel, Berekia, Hasadia ne Yusab-Hesed.

21Na Hanania mmammarima din de

Pelatia ne Yesaia. Na Yesaia babarima din de Refaia. Na Refaia babarima din de Arnan. Na Arnan babarima din de Obadia. Na Obadia babarima din de Sekania.

22Na Sekania asefoɔ yɛ

Semaia ne ne mmammarima Hatus, Igal, Baria, Nearia ne Safat. Na wɔn nyinaa yɛ baasia.

23Na Nearia mmammarima din de

Elioenai, Hiskia ne Asrikam. Na wɔyɛ baasa.

24Na Elioenai mmammarima din de

Hodawia, Eliasib, Pelaia, Akub, Yohanan, Delaia ne Anani. Na wɔyɛ baason.