2 ዜና መዋዕል 31 – NASV & ASCB

New Amharic Standard Version

2 ዜና መዋዕል 31:1-21

1ይህ ሁሉ ከተፈጸመ በኋላ፣ በዚያ የነበሩት እስራኤላውያን ወደ ይሁዳ ከተሞች ወጥተው፣ የማምለኪያ ድንጋዮችን ሰባበሩ፤ የአሼራን ምስል ዐምዶች ቈረጡ፤ እንዲሁም በመላው ይሁዳና በብንያም፣ በኤፍሬምና በምናሴ የነበሩትን የኰረብታ መስገጃዎችና መሠዊያዎች አጠፉ፤ እስራኤላውያን እነዚህን ሁሉ ካጠፉ በኋላ ወደየከተሞቻቸውና ወደየርስታቸው ተመለሱ።

ለካህናት የተደረገ ስጦታ

31፥20-21 ተጓ ምብ – 1ነገ 18፥5-7

2ሕዝቅያስ ካህናቱና ሌዋውያኑ የሚቃጠል መሥዋዕትና የኅብረት መሥዋዕት31፥2 በትውፊት፣ የሰላም መሥዋዕት ይባላል። እንዲያቀርቡ፣ እንዲያገለግሉና እንዲያመሰግኑ እንዲሁም በእግዚአብሔር ማደሪያ ደጆች ውዳሴውን እንዲዘምሩ፣ ካህናትንም ሆኑ ሌዋውያንን እያንዳንዳቸውን እንደየተግባራቸው በየክፍሉ መደባቸው። 3በእግዚአብሔር ሕግ እንደ ተጻፈው ንጉሡ ጧትና ማታ እንደዚሁም በየሰንበቱ፣ በየወሩ መባቻውና በተወሰኑ በዓላት፣ የሚቃጠለውን መሥዋዕት ከራሱ ንብረት ሰጠ። 4ካህናቱና ሌዋውያኑም ሙሉ ጊዜያቸውን ለእግዚአብሔር ሕግ አገልግሎት ማዋል ይችሉ ዘንድ፣ በኢየሩሳሌም የሚኖረው ሕዝብ ተገቢውን ድርሻ እንዲሰጣቸው አዘዘ። 5ትእዛዙ እንደ ወጣ እስራኤላውያን ወዲያውኑ የእህሉንና የአዲሱን ወይን ጠጅ፣ የዘይቱንና የማሩን እንዲሁም የዕርሻውን ፍሬ ሁሉ በኵራት በልግስና ሰጡ፤ ካላቸው ከማንኛውም ነገር ሁሉ ላይ እጅግ ብዙ የሆነ ዐሥራት አውጥተው አመጡ። 6በይሁዳ ከተሞች ይኖሩ የነበሩት የእስራኤልና የይሁዳ ሰዎችም ከከብቶቻቸው፣ ከበግና ከፍየል መንጎቻቸውና ለአምላካቸው ለእግዚአብሔር ከለዩአቸው የተቀደሱ ነገሮች ዐሥራት አውጥተው አመጡ፤ ከመሩትም። 7ይህንም በሦስተኛው ወር ጀምረው፣ በሰባተኛው ወር አጠናቀቁ። 8ሕዝቅያስና ሹማምቱም መጥተው ክምሩን ባዩ ጊዜ፣ እግዚአብሔርን አመሰገኑ፤ ሕዝቡን እስራኤልንም ባረኩ።

9ሕዝቅያስም ካህናቱንና ሌዋውያኑን ስለ ክምሩ ጠየቃቸው፤ 10ከሳዶቅ ቤተ ሰብ የሆነው ሊቀ ካህናቱ ዓዛርያስም፣ “ሕዝቡ ስጦታውን ወደ እግዚአብሔር ቤተ መቅደስ ማምጣት ከጀመረበት ጊዜ አንሥቶ፣ በቂ ምግብ አግኝተናል፤ ብዙም ተርፎናል፤ እግዚአብሔር ሕዝቡን ስለባረከም ይህን ያህል ብዛት ያለው ሊተርፍ ችሏል” አለ።

11ሕዝቅያስም በእግዚአብሔር ቤተ መቅደስ ውስጥ ጎተራ እንዲያዘጋጁ አዘዛቸው፤ እነርሱም አዘጋጁ። 12ከዚያም ስጦታውን፣ ዐሥራቱንና የተቀደሱ ስጦታዎቹን በታማኝነት አምጥተው አስገቡ። ሌዋዊው ኮናንያ የእነዚሁ ዕቃዎች ኀላፊ ሲሆን፣ ወንድሙ ስሜኢ ደግሞ በማዕረግ ሁለተኛ ነበር። 13ይሒዒል፣ ዓዛዝያ፣ ናሖት፣ አሣሄል፣ ይሬሞት፣ ዮዛባት፣ ኤሊኤል፣ ሰማኪያ፣ መሐትና በናያስ በንጉሡ ሕዝቅያስና በእግዚአብሔር ቤት ኀላፊ በዓዛርያስ ተሹመው በኮናንያና በወንድሙ በሰሜኢ ሥር ሆነው ተቈጣጣሪዎች ነበሩ።

14የምሥራቁ በር ጠባቂ የሆነው የሌዋዊው የይምና ልጅ ቆሬ ደግሞ በበጎ ፈቃድ ለእግዚአብሔር በቀረበው ስጦታ ላይ የእግዚአብሔርን መባና የተቀደሱትንም ነገሮች ለማከፋፈል፣ ኀላፊ ነበረ። 15ዔድን፣ ሚንያሚን፣ ኢያሱ፣ ሸማያ፣ አማርያና ሴኬንያ በካህናቱ ከተሞች ተገኝተው፣ ለካህናት ወገኖቻቸው ለታላላቆቹም ሆነ ለታናናሾቹ፣ እንደየምድባቸው፣ በማከፋፈሉ ረገድ በታማኝነት ረዱት።

16በተጨማሪም፣ ስማቸው በትውልድ መዝገቡ ውስጥ የነበረና የየዕለት ልዩ ልዩ ተግባራቸውን እንደየኀላፊነታቸው መጠንና እንደየምድብ ሥራቸው ለማከናወን ወደ እግዚአብሔር ቤተ መቅደስ መግባት ለሚችሉት፣ ዕድሜያቸው ሦስት ዓመትና ከዚያም በላይ ለሆናቸው ወንዶች ልጆች እንደዚሁ አከፋፈሉ። 17በትውልድ መዝገብ በየቤተ ሰባቸው ተቈጥረው ለገቡት ካህናት፣ ዕድሜያቸው ሃያ ዓመትና ከዚያም በላይ ለሆናቸው ሌዋውያን እንደየኀላፊነታቸው መጠንና እንደየምድብ ሥራቸው አካፈሏቸው። 18በዚህ የትውልድ መዝገብ ላይ የተዘረዘሩትን መላውን የማኅበረ ሰቡን ሕፃናት፣ ሚስቶችን፣ ወንዶችና ሴቶች ልጆችን ጨመሯቸው፤ ራሳቸውን በመቀደስ ታማኞች ነበሩና።

19በከተሞቻቸው ዙሪያ ባሉት የዕርሻ ቦታዎች፣ ወይም በሌሎች ከተሞች ሁሉ ለሚኖሩት ለካህናቱ ለአሮን ዘሮች፣ በመካከላቸው ላሉት ወንዶችና በሌዋውያን የትውልድ መዝገብ ለተመዘገቡት ሁሉ እንዲያከፋፍሉ በየስማቸው የተጻፉ ሰዎች ነበሩ።

20ሕዝቅያስ በአምላኩ በእግዚአብሔር ፊት መልካም፣ ቅንና ታማኝ ሆኖ በመገኘት በመላው ይሁዳ የፈጸመው ተግባር ይህ ነው። 21የእግዚአብሔርን ቤተ መቅደስ በማገልገልም ሆነ፣ ለእግዚአብሔር ሕግና ትእዛዝ በመገዛት አንጻር ያደረገውን ሁሉ በፍጹም ልቡ አምላኩን በመፈለግ አከናወነ፤ ተሳካለትም።

Asante Twi Contemporary Bible

2 Berɛsosɛm 31:1-21

Hesekia Ɔsom Nhyehyɛeɛ Foforɔ

1Afei, ɛberɛ a afahyɛ no twaam no, Israelfoɔ a wɔkɔɔ bi no kɔɔ Yuda, Benyamin, Efraim ne Manase nkuro nyinaa so, kɔsɛee afadum kronkron no, twitwaa Asera afɔrebukyia no, yiyii abosonsomfoɔ asɔreeɛ ne afɔrebukyia no. Yei akyi, Israelfoɔ no sane kɔɔ wɔn nkuro so ne wɔn afie mu.

2Afei, Hesekia kyekyɛɛ asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no mu akuakuo, sɛ wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ, sɛ wɔnsom, na wɔmfa aseda ne nkamfo mma Awurade wɔ Asɔredan no apono ano. 3Ɔhene no ankasa maa ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ a wɔyɛ mmoa ma anɔpa ne anwummerɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne nnawɔtwe homeda afahyɛ ne bosome Ɔbosome Foforɔ Afahyɛ no ne afirinhyia afɔdeɛ a aka no, sɛdeɛ Awurade mmara kyerɛ no. 4Ɛno akyi, ɔhwɛɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Yerusalem no de deɛ wɔnya mu kyɛfa a mmara no ka no bɛma asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no, sɛdeɛ ɛbɛma wɔde wɔn ho nyinaa ahyɛ Awurade mmara no mu.

5Nnipa no tiee no aso pa mu, na wɔfiri akoma pa mu de nnɔbaeɛ a ɛdi ɛkan a ɛyɛ atokoɔ, nsã foforɔ, ngo, ɛwoɔ ne wɔn mfudeɛ nyinaa baeɛ. Wɔde wɔn ahodeɛ biara mu ntotosoɔ dudu baeɛ. 6Nnipa a wɔtu firii Israel baa Yuda no ne Yudafoɔ no ankasa de wɔn anantwie ne wɔn nnwan so ntotosoɔ dudu ne nneɛma a wɔahyira so ama Awurade, wɔn Onyankopɔn no so ntotosoɔ dudu baeɛ. Wɔboaa ano ma ɛyɛɛ akuakuo akɛseakɛseɛ. 7Wɔde saa ntotosoɔ dudu a ɛdi ɛkan no baa bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa no awieeɛ mu, na nneɛma no anoboa kɔɔ so kɔsii bosome a ɛtɔ so nson no ahyɛaseɛ mu. 8Ɛberɛ a Hesekia ne ne mpanimfoɔ bɛhunuu nneɛma dodoɔ no, wɔdaa Awurade ne ne nkurɔfoɔ Israel ase.

9Hesekia bisaa asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no sɛ, “Ɛhe na yeinom nyinaa firi baeɛ?” 10Na ɔsɔfopanin Asaria a ɔfiri Sadok abusua mu buaa sɛ, “Ɛfiri ɛberɛ a ɔmanfoɔ firii aseɛ sɛ wɔde akyɛdeɛ reba Awurade Asɔredan mu no, yɛanya bebree a yɛbɛdi ama ebi aka, ɛfiri sɛ, Awurade ahyira ne nkurɔfoɔ.”

11Hesekia yɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛnya adekoradan wɔ Awurade Asɔredan no mu, na wɔyɛeɛ. 12Na wɔdii nokorɛ de akyɛdeɛ no ne ntotosoɔ dudu no nyinaa baa Asɔredan no mu. Wɔde hyɛɛ Lewini Kenania nsa maa ne nua Simei yɛɛ ne ɔboafoɔ. 13Sohwɛfoɔ a na wɔhyɛ wɔn ase no ne Yehiel, Asasia, Nahat, Asahel, Yerimot, Yosabad, Eliel, Ismakia, Mahat ne Benaia. Ɔhene Hesekia ne Asaria a ɔyɛ Onyankopɔn Asɔredan no mu sohwɛfoɔ panin no na wɔkyekyɛɛ saa dibea ahodoɔ yi.

14Lewini Yimna babarima Kore a ɔyɛ Apueeɛ Ɛpono ano hwɛfoɔ no na wɔde hyɛɛ ne nsa sɛ, ɔnkyekyɛ Onyankopɔn ayamyɛ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ akyɛdeɛ ne nneɛma a wɔde ama Awurade no. 15Nʼaboafoɔ nokwafoɔ no ne Eden, Miniamin, Yesua, Semaia, Amaria ne Sekania. Na wɔkyekyɛɛ nneɛma no maa asɔfoɔ mmusua a wɔwɔ wɔn nkuro so sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ, na wɔkyɛɛ nneɛma no pɛpɛɛpɛ maa mmɔfra ne mpanin.

16Na wɔkyɛɛ mmarimaa a wɔadi mfeɛ mmiɛnsa rekɔ nyinaa akyɛdeɛ no bi a wɔn din wɔ wɔn abusuadua nwoma mu, a nso da biara wɔkɔ Awurade Asɔredan mu, kɔyɛ wɔn nnwuma a wɔde ahyɛ wɔn ekuo no nsa. 17Na wɔkyɛɛ nneɛma no maa asɔfoɔ a wɔatwerɛ wɔn din wɔ wɔn abusuadua nwoma mu ne Lewifoɔ a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa, a wɔahyehyɛ wɔn din sɛdeɛ wɔn nnwuma ne wɔn nkyekyɛmu teɛ. 18Na wɔmaa mmusuafoɔ a wɔatwerɛ wɔn din wɔ abusuadua nwoma mu a mmadoma, ɔyerenom ne mmammarima ne mmammaa nso ka ho nnuane, sɛ wɔn kyɛfa. Ɛfiri sɛ na wɔadi nokorɛ adwira wɔn ho.

19Na asɔfoɔ, Aaron asefoɔ a na wɔtete nkuraa a atwa nkuro no ho ahyia no, wɔyiyii nnipa ma wɔkyɛɛ ɔbarima biara a ɔfra asɔfoɔ no mu ne Lewifoɔ a wɔatwerɛ wɔn din wɔ abusuadua mu no nneɛma no bi.

20Saa ɛkwan yi so na Hesekia fa kyɛɛ nneɛma wɔ Yudaman no mu nyinaa, na ɔyɛɛ deɛ ɛfata na ɛsɔ Awurade, ne Onyankopɔn ani. 21Deɛ Hesekia yɛeɛ nyinaa de som wɔ Onyankopɔn Asɔredan no mu, ne mmɔden a ɔbɔɔ sɛ ɔbɛdi ne mmara ne nʼahyɛdeɛ so no, ɔde nʼakoma nyinaa hwehwɛɛ ne Onyankopɔn. Ne saa enti, ɛmaa ɔnyaa nkɔsoɔ bebree.