2 ዜና መዋዕል 32 – NASV & ASCB

New Amharic Standard Version

2 ዜና መዋዕል 32:1-33

ሰናክሬም በኢየሩሳሌም ላይ ዛተ

32፥9-19 ተጓ ምብ – 2ነገ 18፥17-35ኢሳ 36፥2-20

32፥20-21 ተጓ ምብ – 2ነገ 19፥35ኢሳ 37፥36-38

1ሕዝቅያስ እንዲህ ባለ ታማኝነት ነገሮችን ሁሉ ካከናወነ በኋላ፣ የአሦር ንጉሥ ሰናክሬም መጥቶ ይሁዳን ወረረ። ድል አድርጎ የራሱ ሊያደርጋቸው በማሰብም የተመሸጉትን ከተሞች ከበበ።

2ሕዝቅያስም ሰናክሬም መምጣቱንና ኢየሩሳሌምንም ለመውጋት ማሰቡን ባወቀ ጊዜ፣ 3ከከተማዪቱ ውጭ ያሉት የውሃ ምንጮች እንዲዘጉ ከሹማምቱና ከጦር አለቆቹ ጋር ተማከረ፤ እነርሱም ረዱት። 4ብዙ ሰዎችም ተሰብስበው “የአሦር ነገሥታት32፥4 ዕብራይስጡ ከዚህ ጋር ይስማማል የሰብዓ ሊቃናትና የሱርስቱ ትርጕም ግን፣ ንጉሥ ይላል። መጥተው ስለ ምን ብዙ ውሃ ያገኛሉ?” በማለት ምንጮቹን ሁሉና በምድር ውስጥ ለውስጥ ይተላለፍ የነበረውን ውሃ ዘጉ። 5ከዚህ በኋላም ንጉሡ ጠንክሮ በመሥራት፣ ከቅጥሩ የፈራረሱትን ሁሉ ጠገነ፤ በላዩም ማማ ሠራበት፤ በውጭ በኩልም ሌላ ቅጥር በመገንባት የዳዊትን ከተማ ድጋፍ እርከን አጠናከረ፤ እንደዚሁም ብዙ የጦር መሣሪያዎችንና ጋሻዎችን ሠራ።

6የጦር መኮንኖችንም በሕዝቡ ላይ ሾሞ በከተማዪቱ በር አደባባይ ላይ በፊቱ ከሰበሰበ በኋላ፣ እንዲህ ሲል አበረታታቸው፤ 7“በርቱ፤ ጠንክሩ፤ ከእኛ ጋር ያለው ከእርሱ ጋር ካለው ስለሚበልጥ፣ የአሦርን ንጉሥና አብሮት ያለውን ብዙ ሰራዊት አትፍሩ፤ አትደንግጡም። 8ከእነርሱ ጋር ያለው የሥጋ ክንድ ሲሆን፣ ከእኛ ጋር ያለው ግን የሚረዳንና ጠላታችንን የሚዋጋልን አምላካችን እግዚአብሔር ነው።” ሕዝቡም የይሁዳ ንጉሥ ሕዝቅያስ በተናገረው ቃል ተበረታታ።

9ከዚህ በኋላ ሰናክሬም ከሰራዊቱ ሁሉ ጋር ለኪሶን ከብቦ ሳለ፣ የሚከተለውን መልእክት በጦር መኰንኖቹ አማካይነት፣ ለሕዝቅያስና ከእርሱ ጋር በኢየሩሳሌም ለነበሩት ለይሁዳ ሕዝብ ላከ፤

10“የአሦር ንጉሥ ሰናክሬም የሚለው ይህ ነው፤ በተከበበችው በኢየሩሳሌም እስከዚህ የቈያችሁት በማን ተማምናችሁ ነው? 11ሕዝቅያስ፣ ‘አምላካችን እግዚአብሔር ከአሦር ንጉሥ እጅ ያድነናል’ ማለቱስ በራብና በጥማት እንድትሞቱ ሊያስታችሁ አይደለምን? 12ለይሁዳና ለኢየሩሳሌም፣ ‘በአንድ መሠዊያ ፊት ስገዱ፤ በላዩም መሥዋዕት አቃጥሉ’ በማለት የራሱን አምላክ የኰረብታ መስገጃ ስፍራዎችንና መሠዊያዎችን ያስወገደስ ሕዝቅያስ አይደለምን?

13“እኔና አባቶቼ በሌሎች አገሮች ሕዝቦች ሁሉ ላይ ያደረግነውን አታውቁምን? ታዲያ የእነዚያ መንግሥታት አማልክት ምድራቸውን ከእጄ ለማዳን ችለዋልን? 14አባቶቼ ካጠፏቸው ከእነዚህ የመንግሥታት አማልክት ሁሉ፣ ሕዝቡን ከእጄ ሊያድን የቻለ አምላክ የትኛው ነው? ታዲያ አምላካችሁ እንዴት ከእጄ ሊያድናችሁ ይችላል? 15አሁንም ሕዝቅያስ በዚህ ዐይነት አያታልላችሁ፤ አያስታችሁም። የየትኛውም አገር ሕዝብ ወይም መንግሥት አምላክ ሕዝቡን ከእጄ ወይም ከአባቶቼ እጅ መታደግ የቻለ ስለሌለ አትመኑት። የእናንተ አምላክማ ከእጄ ያድናችሁ ዘንድ ምንኛ ያንስ!”

16የሰናክሬም ሹማምትም በእግዚአብሔር አምላክና በባሪያው በሕዝቅያስ ላይ ከዚህ የከፋ ብዙ ነገር ተናገሩ። 17ንጉሡም እንደዚሁ የእስራኤልን አምላክ እግዚአብሔርን በመሳደብ፣ “የሌሎቹ አገሮች ሕዝቦች አማልክት፣ ከእጄ እንዳልታደጉ ሁሉ፣ የሕዝቅያስም አምላክ ሕዝቡን ከእጄ ሊታደግ አይችልም” ሲል በእርሱ ላይ ደብዳቤ ጻፈ። 18ከዚያም በማስደንገጥና በማስፈራራት ከተማዪቱን ለመያዝ ሲሉ በቅጥሩ ላይ ወደ ተቀመጠው ወደ ኢየሩሳሌም ሕዝብ ድምፃቸውን ከፍ አድርገው በዕብራይስጥ ቋንቋ ጮኹ፤ 19የሰው እጅ በሠራቸው በሌሎች የምድር አሕዛብ አማልክት ላይ እንደ ተናገሩት ሁሉ፣ በኢየሩሳሌም አምላክ ላይም ተናገሩ።

20ንጉሥ ሕዝቅያስና የአሞጽ ልጅ ነቢዩ ኢሳይያስም ስለዚህ ጕዳይ በጸሎት ወደ ሰማይ ጮኹ። 21እግዚአብሔርም መልአክ ልኮ በአሦር ንጉሥ ሰፈር ተዋጊዎችን፣ መሪዎችንና የጦር መኰንኖችን እንዲያጠፋቸው አደረገ። ስለዚህ ንጉሡ በውርደት ወደ ገዛ አገሩ ተመለሰ። ወደ አምላኩ ቤተ ጣዖት እንደ ገባም፣ የገዛ ወንዶች ልጆቹ በሰይፍ ገደሉት።

22እግዚአብሔርም ሕዝቅያስንና የኢየሩሳሌምን ሕዝብ ከአሦር ንጉሥ ከሰናክሬምና ከሌሎችም እጅ ሁሉ አዳናቸው፤ በዙሪያቸው ካሉትም ሁሉ ጠበቃቸው32፥22 ዕብራይስጡ ከዚህ ጋር ይስማማል የሰብዓ ሊቃናት የቩልጌት ቅጆች ግን አሳረፋቸው ይላል።23ብዙዎችም ለእግዚአብሔር መባ ይዘው ወደ ኢየሩሳሌም መጡ፤ ለይሁዳ ንጉሥ ለሕዝቅያስም ውድ የሆኑ ገጸ በረከቶችን አመጡለት፤ ከዚያን ጊዜ ጀምሮም በአሕዛብ ሁሉ ፊት ከፍ ከፍ አለ።

የሕዝቅያስ ዕብሪት፣ ያከናወናቸው ተግባሮችና ሞቱ

32፥24-33 ተጓ ምብ – 2ነገ 20፥1-21ኢሳ 37፥21-3838፥1-8

24በዚያ ጊዜ ሕዝቅያስ ታሞ ሊሞት ተቃርቦ ነበር፤ ወደ እግዚአብሔርም ጸለየ፤ እርሱም መለሰለት፤ ምልክትም ሰጠው። 25የሕዝቅያስ ልብ ግን ታበየ እንጂ ስለ ተደረገለት በጎ ነገር ተገቢ ምላሽ አልሰጠም፤ በዚህ ምክንያት የእግዚአብሔር ቍጣ በእርሱ፣ በይሁዳና በኢየሩሳሌም ላይ ወረደ። 26ይሁን እንጂ ሕዝቅያስና የኢየሩሳሌም ሕዝብ ስለ ልባቸው ትዕቢት ራሳቸውን አዋረዱ፤ ስለዚህ የእግዚአብሔር ቍጣ በዘመነ መንግሥቱ አልመጣባቸውም።

27ሕዝቅያስ እጅግ ብዙ ሀብትና ክብር ነበረው፤ ከዚህ የተነሣም ለብሩ፣ ለወርቁ፣ ለከበሩት ዕንቍዎቹ፣ ለቅመማ ቅመሞቹ፣ ለጋሻዎቹና ለተለያዩ ውድ ዕቃዎቹ ሁሉ ግምጃ ቤቶችን ሠራ። 28እንደዚሁም ለእህሉ፣ ለወይን ጠጁና ለዘይቱ ማከማቻ የሚሆኑ ግምጃ ቤቶች ለተለያዩ እንስሳት በረት ለበግና ለፍየል መንጋም በረት ሠራ። 29እግዚአብሔር ታላቅ ብልጽግና ስለ ሰጠው፤ ብዙ የበግና የፍየል፣ የእንስሳትም መንጋ ሰበሰበ፤ መንደሮችንም ሠራ።

30የላይኛውን የግዮንን ምንጭ መውጫ ገድቦ፣ ውሃውን በቦይ ቍልቍል ወደ ምዕራቡ የዳዊት ከተማ እንዲወርድ ያደረገም ይኸው ሕዝቅያስ ነበር፤ ሥራውም ሁሉ ተከናወነለት። 31ነገር ግን በምድሪቱ ላይ ስለ ተፈጸመው ታምራዊ ምልክት እንዲጠይቁት፣ የባቢሎን ገዦች መልእክተኞችን በላኩ ጊዜ፣ እግዚአብሔር ሊፈትነውና በልቡ ያለውን ሁሉ ሊያውቅ ስለ ፈለገ ተወው።

32በሕዝቅያስ ዘመነ መንግሥት የተከናወነው ሌላው ሥራና ቸርነቱ በአሞጽ ልጅ በነቢዩ በኢሳይያስ ራእይ፣ በይሁዳና በእስራኤል ነገሥታት መጽሐፍ ተጽፏል። 33ሕዝቅያስም እንደ አባቶቹ ሁሉ አንቀላፋ፤ የዳዊት ዘሮች መካነ መቃብር በሆነው ኰረብታም ተቀበረ። በሞተም ጊዜ ይሁዳ ሁሉና የኢየሩሳሌም ሕዝብ በሙሉ አከበሩት። ልጁ ምናሴም በእርሱ ፈንታ ነገሠ።

Asante Twi Contemporary Bible

2 Berɛsosɛm 32:1-33

Asiria Tu Yuda So Sa

1Ɔhene Hesekia de nokorɛdie wiee saa dwumadie yi, Asiriahene Sanaherib bɛto hyɛɛ Yuda so, dii so nkonim. Ɔtuaa nkuro a wɔabɔ ho ban no, na ɔhyɛɛ nʼakodɔm sɛ wɔmmubu wɔn afasuo no, mmɔ nhyɛne mu. 2Ɛberɛ a Hesekia hunuu sɛ Sanaherib asane ayɛ nʼadwene sɛ ɔbɛto ahyɛ Yerusalem so no, 3ɔne ne mpanimfoɔ ne nʼasraafoɔ mu afotufoɔ tuu agyina. Wɔsii gyinaeɛ sɛ, wɔbɛsi nsutire no kwan na antene ankɔ kuropɔn no akyi. 4Wɔboaboaa adwumayɛfoɔ ano sɛ wɔnkɔsi nsutire kwan na antene ankɔ mfuo no mu. Na wɔkaa sɛ, “Adɛn enti na ɛsɛ sɛ Asiria ahemfo bɛba ha abɛnya nsuo bebree?” 5Afei, Hesekia miaa ne banbɔ mu, ɔsiesiee ɔfasuo no baabiara a abubuo no, na ɔtoo ɔfasuo foforɔ kaa deɛ ɛwɔ hɔ dada no ho. Ɔsane miaa banbɔ a ɛwɔ Milo a ɛwɔ Dawid kuropɔn no mu no. Afei ɔyɛɛ akodeɛ ne akokyɛm bebree.

6Ɔyii asraafoɔ mpanimfoɔ, ma wɔhwɛɛ ɔmanfoɔ no so, na ɔhyɛɛ sɛ wɔmmɛhyia no wɔ kuro no ɛpono ano adwaberem hɔ. Na Hesekia kaa nkuranhyɛsɛm kyerɛɛ wɔn sɛ, 7“Monyɛ den na momma mo bo nyɛ duru. Monnsuro Asiriahene anaa nʼakodɔm kɛseɛ no, na yɛwɔ tumi a ɛso wɔ yɛn afa. 8Ɛwom sɛ ɔwɔ akodɔm kɛseɛ deɛ, nanso wɔyɛ nnipa kɛkɛ. Yɛwɔ Awurade, yɛn Onyankopɔn a ɔbɛboa yɛn, adi ako ama yɛn.” Saa nsɛm a Hesekia, Yudahene kaeɛ yi hyɛɛ ɔmanfoɔ no nkuran bebree.

Senaherib Hunahuna Yerusalem

9Ɛberɛ a Asiriahene Sanaherib gu so retua Lakis kuro no, ɔsomaa mpanimfoɔ kɔɔ Yerusalem sɛ wɔmfa saa nkra yi nkɔma Hesekia ne ne manfoɔ a wɔwɔ kuro no mu nyinaa:

10“Sɛdeɛ Asiriahene Sanaherib seɛ nie: Ɛdeɛn na mode mo ho to so, na ɛma mo susu sɛ, mobɛtumi agyina Yerusalem tua yi ano? 11Hesekia aka sɛ: ‘Awurade, yɛn Onyankopɔn, bɛgye yɛn afiri Asiriahene nsam.’ Nokorɛm, Hesekia regyegye mo, ama ɛkɔm ne sukɔm akum mo! 12Nokorɛm, deɛ ɛsɛ sɛ mote aseɛ ne sɛ, Hesekia no ara na ɔbubuu Awurade asɔreeɛ ne afɔrebukyia no nyinaa. Ɔhyɛɛ Yuda ne Yerusalem sɛ wɔnsom wɔ afɔrebukyia baako pɛ a ɛwɔ Asɔredan no mu no so, na wɔmmɔ afɔdeɛ ahodoɔ wɔ ɛno nko ara so.

13“Nokorɛm, ɛsɛ sɛ mohunu deɛ me ne Asiria ahemfo a aka no ayɛ nnipa a wɔwɔ asase so. Anyame a na wɔwɔ saa aman no so no tumi gyee wɔn nkurɔfoɔ firii me tumi ase? 14Ma nhwɛsoɔ baako kyerɛ onyame bi a ɔwɔ baabi a ɔtumi gyee ne nkurɔfoɔ firii me nsam! Ɛdeɛn na ɛma wodwene sɛ, wo Onyankopɔn bɛtumi ayɛ ade pa bi? 15Mommma Hesekia mmu mo kwasea. Mommma ɔnnaadaa mo saa! Meti mu, ka bio sɛ, ɔman biara nyame ntumi nnyee ne nkurɔfoɔ mfirii me anaa mʼagyanom nsam da. Na ɛbɛyɛ dɛn na mo Onyankopɔn agye mo afiri me tumi ase!”

16Na Sanaherib mpanimfoɔ kɔɔ so dii Awurade Onyankopɔn ne ne ɔsomfoɔ Hesekia ho fɛw, twaa no adapaa. 17Ɔhene no sane twerɛɛ nkrataa de buu Awurade, Israel Onyankopɔn animtiaa. Ɔtwerɛɛ sɛ: “Sɛdeɛ anyame a wɔwɔ aman ahodoɔ so antumi annye wɔn nkurɔfoɔ amfiri me tumi ase no, saa ara, na Hesekia Onyankopɔn nso bɛdi nkoguo.” 18Asiria mpanimfoɔ a wɔde krataa no baeɛ no teateaam de Hebri kasa kaa saa asɛm yi kyerɛɛ nnipa a wɔaboa wɔn ho ano wɔ kuro no ɔfasuo fasin so, de hunahunaa wɔn, sɛdeɛ wɔbɛtumi afa kuropɔn no a wɔmmerɛ ho. 19Saa mpanimfoɔ yi kasa faa Yerusalem Onyankopɔn yi ho te sɛ abosonsomfoɔ anyame no mu baako a wɔde nnipa nsa na ɛyɛeɛ no.

20Afei, ɔhene Hesekia ne Amos babarima odiyifoɔ Yesaia bɔɔ mpaeɛ denden, frɛɛ ɔsorosoro Onyankopɔn no. 21Na Awurade somaa ɔbɔfoɔ, bɛsɛee Asiria akodɔm ne wɔn asahene ne wɔn mpanimfoɔ nyinaa. Na Sanaherib de aniwuo sane kɔɔ ne kurom. Na ɔwuraa ne nyame abosonnan mu no, ɔno ankasa mmammarima no mu baako twee ne so akofena, kumm no.

22Saa ɛkwan yi na Awurade faa so de gyee Hesekia ne Yerusalem manfoɔ nkwa, firii Asiriahene Sanaherib ne wɔn a wɔhunahuna wɔn no nyinaa nsam. Enti, ɛmaa asomdwoeɛ baa asase no so nyinaa. 23Ɛfiri saa ɛberɛ no, aman a atwa wɔn ho ahyia no de obuo ne anidie a ɛnni kabea maa ɔhene Hesekia, na wɔde akyɛdeɛ bebree a ɛyɛ Awurade dea kɔɔ Yerusalem, na wɔde nneɛma a ɛsom bo kɔmaa Ɔhene Hesekia nso.

Hesekia Yadeɛ Ne Nʼayaresa

24Ɛberɛ no mu, Hesekia yaree yarewuo. Ɔbɔɔ mpaeɛ frɛɛ Awurade, maa ɔsaa no yadeɛ daa nsɛnkyerɛnneɛ nwanwasoɔ bi adi kyerɛɛ no. 25Nanso, Hesekia anyɛ adɔeɛ a wɔyɛ kyerɛɛ no no so adeɛ, na mmom, ɔbɛyɛɛ ahantan. Enti, Awurade abufuo baa ɔno, Yuda ne Yerusalem nyinaa so. 26Enti, Hesekia nuu ne ho wɔ nʼahantansu no ho, na ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no nso brɛɛ wɔn ho ase. Ɛno enti, Hesekia nkwanna mu no, Awurade abufuo amma wɔn so.

27Hesekia nyaa ne ho, na wɔbuu no yie. Ɔsisii adekoradan sononko bi a ɔkoraa ne dwetɛ, sikakɔkɔɔ, aboɔdemmoɔ, nnuhwam, nʼakyɛm ne ne nneɛma a ɛsom bo pii no wɔ mu. 28Afei nso, ɔsisii adekoradan de nʼatokoɔ, ne nsã ne ne ngo guu mu; ɔsisii buo bebree maa nʼanantwie ne ne nnwan ne ne mpɔnkye. 29Ɔkyekyeree nkuro pii, pɛɛ nnwan ne anantwie bebree, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn maa no ahonya bebree.

30Ɔsii asutire a na ɛwɔ Gihon atifi fam no, na ɔde nsuo no faa dorobɛn mu kɔɔ Dawid kuropɔn atɔeɛ fam. Na biribiara a ɔyɛeɛ no nso, ɛyɛɛ yie. 31Ɛberɛ a Babilonia ananmusifoɔ bɛbisaa nneɛma titire a asisi wɔ asase no so no, Onyankopɔn twee ne ho firi Hesekia ho, de sɔɔ no hwɛeɛ, pɛɛ sɛ ɔhunu deɛ ɛwɔ nʼakoma mu.

Hesekia Ahennie Tiawatwa

32Hesekia ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne nʼahofama no, wɔatwerɛ wɔ Amos babarima odiyifoɔ Yesaia anisoadehunu a ɛka Yuda ne Israel ahemfo nwoma ho no mu. 33Ɛberɛ a Hesekia wuiɛ no, wɔsiee no wɔ adehyeɛ amusieeɛ no atifi fam, na Yuda ne Yerusalem nyinaa hyɛɛ no animuonyam ne wuo mu. Afei, ne babarima Manase, dii nʼadeɛ sɛ ɔhene.