ኢዮብ 41 – NASV & ASCB

New Amharic Standard Version

ኢዮብ 41:1-34

1“ሌዋታንን41፥1 ምናልባት ዐዞ ሊሆን ይችላል። በመንጠቆ ልታወጣው፣

ወይም ምላሱን በገመድ ልታስረው ትችላለህን?

2መሰነጊያ በአፍንጫው ልታስገባ፣

ወይም ጕንጩን በሜንጦ ልትበሳ ትችላለህን?

3እርሱ እንድትምረው ይለማመጥሃል?

በለስላሳ ቃላትስ ይናገርሃል?

4ለዘላለም ባሪያ ታደርገው ዘንድ፣

ከአንተ ጋር ይዋዋላልን?

5እንደ ወፍ አልምደኸው ከእርሱ ጋር ልትጫወት ትችላለህ?

ወይስ ለሴት አገልጋዮችህ መጫወቻነት ታስረዋለህን?

6ነጋዴዎችስ በእርሱ ላይ ይከራከራሉን?

ለቸርቻሪዎችስ ያከፋፍሉታል?

7ቈዳው ላይ ዐንካሴ ልትሰካ፣

ጭንቅላቱንም በዓሣ መውጊያ ጦር ልትበሳ ትችላለህን?

8እርሱን እስቲ ንካው፣

ግብግቡን ታስታውሳለህ፤ ከቶም አያላምድህም።

9እርሱን በቍጥጥር ሥር አውላለሁ ማለት ዘበት ነው፤

በዐይን ማየት እንኳ ብርክ ያስይዛል።

10ሊቀሰቅሰው የሚደፍር የለም፤

ማን ፊቱ ሊቆም ይችላል?

11ነክቶት በሰላም የሚሄድ ማን ነው?

ከሰማይ በታች ማንም የለም።41፥11 አንዳንድ ትርጕሞች፣ በዕዳ የሚጠይቀኝ ማን ነው? ከሰማይ በታች ያለው ሁሉ ንብረቴ ነው ይላሉ።

12“ስለ ብርታቱና ስለ አካላቱ ውበት፣

ስለ እጅና እግሩ ከመናገር አልቈጠብም።

13የደረበውን ልብስ ማን ሊያወልቅ ይችላል?

ማንስ ሊለጕመው ወደ መንጋጋው ይቀርባል?

14አስፈሪ ጥርሶቹ የተገጠገጡበትን፣

የአፉን ደጅ ማን ደፍሮ ይከፍታል?

15ጀርባው፣ አንድ ላይ የተጣበቁ፣

የጋሻ ረድፎች አሉት፤

16እጅግ የተቀራረቡ ስለሆኑ፣

ነፋስ በመካከላቸው አያልፍም፤

17እርስ በርስ የተገጣጠሙ ናቸው፤

አንዱ ከአንዱ ጋር ተጣብቋልና ማንም ሊለያያቸው አይችልም።

18እንጥሽታው የብርሃን ብልጭታ ያወጣል፤

ዐይኖቹም እንደ ማለዳ ጮራ ናቸው።

19ከአፉ ፍም ይወጣል፤

የእሳት ትንታግ ይረጫል።

20በሸንበቆ ማገዶ ላይ ከተጣደ ድስት እንደሚወጣ እንፋሎት፣

ከአፍንጫው ጢስ ይትጐለጐላል።

21እስትንፋሱ ከሰል ያቀጣጥላል፤

የእሳትም ነበልባል ከአፉ ይወጣል።

22ብርታት በዐንገቱ ውስጥ አለ፤

አሸባሪነትም በፊቱ እመር እመር ይላል።

23የሥጋው ንብርብር እርስ በርስ የተጣበቀ፣

በላዩ የጸናና ከቦታው የማይናጋ ነው።

24ደረቱ እንደ ዐለት የጠጠረ፣

እንደ ወፍጮ ድንጋይም የጠነከረ ነው።

25እርሱ በተነሣ ጊዜ፣ ኀያላን ይርዳሉ፤

በሚንቀሳቀስበትም ጊዜ ወደ ኋላ ያፈገፍጋሉ።

26ጦር፣ ፍላጻ ወይም ዐንካሴ፣

ሰይፍም ቢያገኘው አንዳች አይጐዳውም።

27እርሱ ብረትን እንደ አገዳ፣

ናስንም እንደ ነቀዘ ዕንጨት ይቈጥራል።

28ቀስት አያባርረውም፤

የወንጭፍ ድንጋይም ለእርሱ እንደ ገለባ ነው።

29ቈመጥ በእርሱ ፊት እንደ ገለባ ነው፤

ጦር ሲሰበቅ ይሥቃል።

30የሆዱ ሥር እንደ ሸካራ ገል ነው፤

እንደ መውቂያ መሣሪያም በጭቃ ላይ ምልክት ጥሎ ያልፋል።

31እንደሚፈላ ምንቸት ጥልቁን ያናውጠዋል፤

ባሕሩንም እንደ ሽቶ ብልቃጥ ያደርገዋል።

32ያለፈበትን መንገድ ብሩህ ያደርጋል፤

ቀላዩንም ሽበት ያወጣ ያስመስለዋል።

33ያለ ፍርሀት የተፈጠረ፣

እንደ እርሱ ያለ በምድር ላይ የለም።

34ከፍ ያሉትን ሁሉ በንቀት ይመለከታል፤

በትዕቢተኞችም ሁሉ ላይ ንጉሥ ነው።”

Asante Twi Contemporary Bible

Hiob 41:1-34

1“Wobɛtumi de darewa atwe ɔdɛnkyɛmmirampɔn

anaa wobɛtumi de ahoma akyekyere ne tɛkrɛma?

2Wobɛtumi de ahoma afa ne hwenemu,

anaasɛ wobɛtumi de darewa asɔ nʼapantan mu?

3Ɔbɛkɔ so asrɛ wo sɛ hunu no mmɔbɔ anaa?

Ɔne wo bɛkasa brɛoo?

4Ɔbɛpene ne wo ayɛ apam

ama wode no ayɛ wʼakoa afebɔɔ anaa?

5Wobɛtumi de no ayɛ ayɛmmoa te sɛ anomaa

anaa wobɛtumi asa no ahoma de no ama wo mmammaa?

6Adwadifoɔ bɛpɛ sɛ wobɛtɔ no de no adi dwa anaa?

7Wobɛtumi de mpea awowɔ ne wedeɛ mu

anaasɛ wode mpataa pɛmɛ bɛwowɔ ne tiri ho?

8Wode wo nsa ka no a,

wobɛkae sɛdeɛ ɔbɛwoso ne ho, enti worenyɛ saa bio!

9Ɛkwan biara nni hɔ a wobɛfa so akye no;

ani a ɛbɔ ne so kɛkɛ no ma nnipa dwodwo.

10Obiara ntumi nsi ne bo nhwanyane no.

Afei hwan na ɔbɛtumi ne me adi asie?

11Hwan na mede no ka a ɛsɛ sɛ metua?

Biribiara a ɛhyɛ ɔsoro ase wɔ me.

12“Me werɛ remfiri sɛ mɛka nʼakwaa,

nʼahoɔden ne ne bɔberɛ fɛfɛ no ho asɛm.

13Hwan na ɔbɛtumi aworɔ ne ho nwoma,

na hwan na ɔde nnareka bɛkɔ ne ho?

14Hwan na ɔbɛtumi abue nʼapantan,

a ɛse a ɛyɛ hu ayɛ no ma no?

15Nʼakyi wɔ abona a ɛsesa soɔ,

ɛpipi so a ɛkwan nna mu koraa;

16sɛdeɛ ɛpipi so fa no enti,

mframa biara mfa ntam.

17Ɛtoatoa mu dendeenden a

emu ntumi ntete.

18Sɛ ɔnwansi a, ɛtete ogya;

nʼaniwa aba te sɛ ahemadakye hann.

19Egyatɛn turi firi nʼanom

na nsramma turituri firi mu.

20Wisie tene firi ne hwene mu

te sɛ ɛsɛn a ɛsi ogya soɔ.

21Nʼahomeɛ ma gyabidie ano sɔ,

na egyadɛreɛ tu firi nʼanom.

22Ne kɔn mu wɔ ahoɔden ankasa;

wɔn a wɔhunu no no abasa mu tu.

23Ne wedeɛ a abubu agu soɔ no yɛ peperee;

ayɛ pemee a ɛnkeka ne ho.

24Ne koko so yɛ dene sɛ ɔbotan;

ɛyɛ dene sɛ ayuoyammoɔ.

25Sɛ ɔsɔre a, ahoɔdenfoɔ bɔ huboa;

sɛ ɔporo ne ho a, wɔdwane.

26Akofena wɔ no a, ɛnka no,

pea, pɛmɛ ne agyan nso saa ara.

27Ɔfa dadeɛ sɛ wira bi

na kɔbere mfrafraeɛ te sɛ dua a awuo bi ma no.

28Agyan mma no nnwane;

ahwimmoɔ mu aboa yɛ ntɛtɛ ma no.

29Aporibaa te sɛ ɛserɛ wɔ nʼani so;

na ɔsere pɛmɛ nnyegyeɛ.

30Abon a ano yɛ nnam tuatua ne yafunu so.

Ɔtwe ne ho ase wɔ fam fa atɛkyɛ mu a, ɛyiyi akam.

31Ɔma ebunu mu huru sɛ nsuo a ɛwɔ ɛsɛn mu

na ɔnunu ɛpo mu sɛ sradeɛ a ɛwɔ kukuo mu.

32Deɛ ɔbɛfa no, ɛhɔ nsuo no pa yerɛyerɛ;

na obi bɛsusu sɛ ɛpo bunu adane ayɛ dwono.

33Biribiara a ɛwɔ asase so ne no nsɛ.

Ɔyɛ abɔdeɛ a ɔnsuro hwee.

34Ɔmmu wɔn a wɔyɛ ahantan no mu biara;

ɔyɛ wɔn a wɔyɛ ahomasoɔ no nyinaa so ɔhene.”