ኢሳይያስ 5 – NASV & ASCB

New Amharic Standard Version

ኢሳይያስ 5:1-30

ስለ ወይን ቦታ የተነገረ ቅኔ

1ስለ ወዳጄ፣

ደግሞም ስለ ወይን ቦታው ልዘምር፤

ወዳጄ በለምለም ኰረብታ ላይ

የወይን ቦታ ነበረው።

2መሬቱን ቈፈረ፤ ድንጋይንም ለቅሞ አወጣ፤

ምርጥ የሆነውንም ወይን ተከለበት።

በመካከሉ መጠበቂያ ማማ ሠራ፤

የወይን መጭመቂያ ጕድጓድም አበጀ፤

ከዚያ መልካም ፍሬ ያፈራል ብሎ ዐሰበ፤

ነገር ግን ኮምጣጣ ፍሬ አፈራ።

3“እናንት በኢየሩሳሌም የምትኖሩና የይሁዳ ሰዎች ሆይ፤

በእኔና በወይኔ ቦታ መካከል እስቲ ፍረዱ።

4ከዚህ ካደረግሁለት በላይ ለወይኔ ቦታ ምን

ሊደረግለት ይገባ ነበር?

መልካም የወይን ፍሬ ያፈራል ብዬ

ስጠብቅ ለምን ኮምጣጣ ፍሬ አፈራ?

5እንግዲህ በወይኔ ቦታ

ምን እንደማደርግ ልንገራችሁ፤

ዐጥሩን እነቅላለሁ፤

ለጥፋት ይጋለጣል፤

ግንቡንም አፈርሳለሁ፣

መረጋገጫም ይሆናል።

6የማይኰተኰትና የማይታረም

ጠፍ መሬት አደርገዋለሁ፤

ኵርንችትና እሾኽም ይበቅልበታል፤

ዝናብም እንዳይዘንብበት

ደመናዎችን አዝዛለሁ።”

7የሰራዊት ጌታ የእግዚአብሔር

የወይን ቦታው የእስራኤል ቤት ነው፤

የይሁዳ ሰዎችም

የደስታው አትክልት ናቸው።

ፍትሕን ፈለገ፤ ነገር ግን ደም ማፍሰስን አየ፤

ጽድቅን ፈለገ፤ ነገር ግን የጭንቅን ጩኸት ሰማ።

ወዮታና ፍርድ

8ስፍራ ለሌሎች እስከማይተርፍ፣

ቤትን በቤት ላይ በመጨመር፣

መሬትን ከመሬት ጋር በማያያዝ፣

ለብቻችሁ በምድር ተስፋፍታችሁ ለምትኖሩ ወዮላችሁ

9የሰራዊት ጌታ እግዚአብሔር ጆሮዬ እየሰማ እንዲህ ሲል ተናገረ፤

“ታላላቅ ቤቶች ወና ይቀራሉ፣

የሚያማምሩም ቤቶች ኗሪ ያጣሉ።

10ከሩብ ጋሻ5፥10 በዕብራይስጥ፣ ሩብ ጋሻ መሬት በዐሥር ጥማድ በሬ በአንድ ቀን የሚታረስ ነው። የወይን ቦታ አንድ የባዶስ መስፈሪያ ያህል የወይን ጭማቂ ብቻ ይገኛል፤ አንድ የቆሮስ መስፈሪያ ዘር ተዘርቶ አንድ የኢፍ መስፈሪያ እህል ብቻ ይሰጣል።”5፥10 ምናልባት አንድ ባዶስ ሀያ ሁለት ሊትር ያህል ነው። አንድ የቆሮስ መስፈሪያ መቶ ስድሳ ኪሎ ግራም ያህል ነው። አንድ የኢፍ መስፈሪያ ዐሥራ ስምንት ኪሎ ግራም ያህል ነው።

11የሚያሰክር መጠጥ ፍለጋ

ማልደው ለሚነሡ፣

እስኪያነድዳቸውም ወይን በመጠጣት

ሌሊቱን ለሚያነጉ ወዮላቸው!

12በግብዣቸው ላይ በገናና መሰንቆ፣

ከበሮና ዋሽንት እንዲሁም የወይን ጠጅ አለ፤

ነገር ግን ለእግዚአብሔር ሥራ ቦታ አልሰጡም፤

ለእጆቹም ሥራ ክብር አላሳዩም።

13ስለዚህ ሕዝቤ

ዕውቀት በማጣቱ ይማረካል፤

መኳንንቱም በራብ ይሞታሉ፤

ሕዝቡም በውሃ ጥም ይቃጠላል።

14ስለዚህ ሲኦል5፥14 በዕብራይስጡ፣ መቃብር ማለት ነው። ሆዷን አሰፋች፣

አፏንም ያለ ልክ ከፈተች፤

መኳንንቱና ሕዝቡ ከረብሸኞቻቸውና ከጨፋሪዎቻቸው ጋር

ወደዚያ ይወርዳሉ።

15ሰው ይዋረዳል፤

የሰው ልጅም ዝቅ ዝቅ ይላል፤

የእብሪተኛውም ዐይን ይሰበራል።

16የሰራዊት ጌታ እግዚአብሔር ግን በፍትሕ ከፍ ከፍ ይላል፤

ቅዱሱም አምላክ ቅድስናውን በጽድቅ ይገልጻል።

17በጎችም በገዛ መሰማሪያቸው እንደሚሰማሩ ሆነው ይግጣሉ፤

የበግ ጠቦቶችም በባለጠጎች ፍርስራሽ ላይ ሣር ይበላሉ5፥17 በዕብራይስጡ፣ እንግዶች ይበሉታል ይለዋል።

18ኀጢአትን በማታለል ገመድ ለሚስቡ፣

በደልንም በሠረገላ ማሰሪያ ለሚጐትቱ ወዮላቸው!

19“በዐይናችን እንድናይ

እግዚአብሔር ይቸኵል፤

ሥራውንም ያፋጥን፤

የእስራኤልን ቅዱስ፣ የእርሱን ዕቅድ

እንድናውቃት ትቅረብ፤

ትምጣም” ለሚሉ ወዮላቸው!

20ክፉውን መልካም፣

መልካሙን ክፉ ለሚሉ

ብርሃኑን ጨለማ፣

ጨለማውን ብርሃን ለሚያደርጉ፣

ጣፋጩን መራራ፣

መራራውንም ጣፋጭ ለሚያደርጉ ወዮላቸው!

21ራሳቸውን እንደ ብልኅ ለሚቈጥሩ፣

በራሳቸውም አመለካከት ጥበበኛ ለሆኑ ወዮላቸው!

22የወይን ጠጅ ለመጠጣት ጀግኖች፣

የሚያሰክር መጠጥ ለመደባለቅ ብርቱ ለሆኑ ወዮላቸው!

23ጕቦን በመቀበል በደለኛን ንጹሕ ለሚያደርጉ፣

ለበደል አልባ ሰው ፍትሕን ለሚነፍጉ ወዮላቸው!

24ስለዚህ የእሳት ነበልባል ገለባን እንደሚበላ፣

ድርቆሽም በእሳት ጋይቶ እንደሚጠፋ፣

የእነርሱም ሥር እንዲሁ ይበሰብሳል፤

አበባቸውም እንደ ትቢያ ይበንናል፤

የሰራዊት ጌታ የእግዚአብሔርን ሕግ ንቀዋልና፤

የእስራኤል ቅዱስ የተናገረውንም ቃል አቃልለዋል።

25የእግዚአብሔር ቍጣ በሕዝቡ ላይ ነድዷል፤

እጁን አንሥቶ መትቷቸዋል፤

ተራሮች ራዱ፤

ሬሳዎችም በመንገድ ላይ እንደ ተጣለ ጥራጊ ሆኑ፤

ይህ ሁሉ ሆኖ ግን ቍጣው ገና አልተመለሰም፤

እጁም እንደ ተነሣ ነው።

26ከሩቅ ያሉትን ሕዝቦች የሚጠራበትን

ምልክት ያቆማል፤

ከምድር ዳርቻም በፉጨት ይጠራቸዋል፤

እነርሱም እየተጣደፉ በፍጥነት ይመጣሉ።

27በመካከላቸው ደካማና ስንኩል አይገኝም፤

የሚያንቀላፋና የሚተኛ አይኖርም፤

የወገባቸው መቀነት አይላላም፤

የጫማቸውም ማሰሪያ አይበጠስም።

28ፍላጻቸው የተሳለ፣

ቀስታቸውም የተደገነ ነው፤

የሠረገሎቻቸውም መንኰራኵሮች እንደ

ዐውሎ ነፋስ ናቸው።

29ጩኸታቸው እንደ አንበሳ ነው፤

እንደ አንበሳ ደቦል ያገሣሉ፤

ያደኑትንም ይዘው ይጮኻሉ፤

ተሸክመውት ይሄዳሉ፤ የሚያስጥልም የለም።

30በዚያን ቀን

እንደ ባሕር ሞገድ ይጮኹበታል፤

ማንም ወደ ምድር ቢመለከት፣

ጨለማንና መከራን ያያል፤

ብርሃን እንኳ በደመናዎች ይጋረዳል።

Asante Twi Contemporary Bible

Yesaia 5:1-30

Bobe Turo Ho Dwom

1Mɛto dwom ama me dɔfo

ɛdwom a ɛfa ne bobe turo ho:

Na me dɔfo wɔ bobe turo bi

wɔ asasebereɛ bi a ɛda bepɔ ani.

2Ɔfuntum asase no yiyii mu aboɔ,

na ɔduaa bobe a ɛyɛ papa wɔ so.

Ɔsii ɔwɛn aban wɔ mfimfini

na ɔtuu nsakyimena nso.

Afei, ɔhwɛɛ anim sɛ ɔbɛtwa bobe aba pa,

nanso ɛsoo aba bɔne.

3“Afei, mo a motete Yerusalem ne Yuda mmarima,

mommu me ne me bobe turo ntam atɛn.

4Ɛdeɛn bio na anka ɛsɛ sɛ meyɛ ma me bobe turo

boro deɛ mayɛ yi so?

Ɛberɛ a merehwɛ anim sɛ menya bobe a ɛyɛ no

adɛn enti na ɛsoo aba bɔne?

5Afei, mɛka

deɛ merebɛyɛ me bobefuo no akyerɛ wo:

Mɛyi ɛho ban no afiri hɔ,

na wɔbɛsɛe no;

mɛbubu ɛho fasuo,

na wɔbɛtiatia so.

6Mɛma ayɛ asase a ɛda mpan

a worenyiyi mu na wɔnyɛ so adwuma,

ɔhwerɛm ne nkasɛɛ bɛnyini wɔ so.

Mɛhyɛ omununkum

na wantɔ nsuo angu so.”

7Asafo Awurade bobe turo no

yɛ Israel fie,

na Yuda mmarima yɛ turo a nʼani gye ho.

Ɔpɛɛ atɛn tenenee nanso ɔhunuu mogyahwiegu;

ɔpɛɛ tenenee nanso ɔtee mmɔborɔ su.

Nnome Ne Atemmuo

8Nnome nka mo a mode efie ka efie ho

na mogyegye mfuo bobɔ soɔ

kɔsi sɛ asase no bɛsa

na ɛka mo nko ara wɔ asase no so.

9Asafo Awurade apae mu aka ama mate:

“Nokorɛm afie akɛseɛ no bɛda mpan,

na mmorɔsan fɛfɛ no, obiara rentena mu.

10Bobefuo kɛseɛ pa ara no

nsã kakra bi na ɛbɛfiri mu.

Aba lita aduonu baako a wɔdua no

wɔbɛnya so lita aduonu mmienu pɛ.”

11Wɔnnue, wɔn a wɔsɔre anɔpahema

kɔhwehwɛ wɔn nsã akyiri kwan,

wɔn a wɔsiri pɛ

kɔsi sɛ nsã bɛbo wɔn.

12Wɔbɔ sankuten ne bɛnta wɔ wɔn apontoɔ ase,

akasaeɛ, ne atɛntɛbɛn ne nsã,

nanso wɔtwiri deɛ Awurade ayɛ,

na wɔmmu ne nsa ano adwuma.

13Ɛno enti, me nkurɔfoɔ bɛkɔ nnommumfa mu,

ɛfiri sɛ, wɔnni nteaseɛ;

ɛkɔm bɛkum wɔn mu atitire

na osukɔm bɛtware wɔn mu bebree.

14Enti, damena akɔnnɔ yɛ kɛseɛ

na ɔbue nʼanom bayaa;

na emu na atitire ne ɛdɔm no bɛkɔ

wɔne wɔn a wɔsa na wɔgye wɔn ani.

15Enti, wɔbɛbrɛ onipa ase

na wama adasamma aboto.

Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase,

16nanso Asafo Awurade atɛntenenee bɛpagya no,

na Kronkron Onyankopɔn de ne tenenee bɛda ne ho adi sɛ Ɔkronkronni.

17Afei nnwan bɛkɔ adidi te sɛ deɛ wɔwɔ wɔn adidibea;

nnwammaa bɛdidi wɔ asikafoɔ amanfo so.

18Monnue, mo a mode nnaadaa nhoma twetwe bɔne,

na mode nteaseɛnam ntampehoma twetwe amumuyɛ.

19Monnue, mo a moka sɛ, “Onyankopɔn nyɛ ntɛm,

ɔnyɛ nʼadwuma ntɛm

sɛdeɛ yɛbɛhunu.

Ma ɛmmɛn,

Israel Ɔkronkronni no nhyehyɛeɛ no mmra,

sɛdeɛ yɛbɛhunu.”

20Monnue, mo a mofrɛ bɔne sɛ papa

na papa nso sɛ bɔne,

mo a mode esum si hann anan mu

na hann si esum anan mu,

mo a mofrɛ nwononwono sɛ dɛɛdɛ

ne dɛɛdɛ sɛ nwononwono.

21Monnue, mo a mobu mo ho anyansafoɔ, mo ankasa ani so

ne anitefoɔ mo ankasa ani so.

22Monnue mo a wɔfrɛ mo akatakyie wɔ nsanom mu

ne ahoɔdenfoɔ wɔ nsã afrafra mu.

23Mo a mogye adanmudeɛ, na mo gyae deɛ ɔdi fɔ

na mo bu deɛ ɔdi bem no fɔ.

24Enti, sɛdeɛ egyadɛreɛ hye wira dwaneeɛ

na ɛserɛ a awo yera wɔ ogyaframa mu no,

saa ara na mo nhini bɛporɔ,

na mo nhwiren nso atu akɔ sɛ mfuturo;

ɛfiri sɛ moapo Asafo Awurade mmara

na moatwiri Israel Kronkronni no asɛm.

25Enti Awurade abufuo aba ne nkurɔfoɔ so,

wapagya ne nsa na ɔde rebɔ wɔn ahwe fam.

Mmepɔ no woso,

na afunu ayɛ sɛ mmɔntene so wira.

Nanso yei nyinaa akyi, ne bo nnwoeɛ,

na ne nsa da so wɔ soro.

26Ɔpagya frankaa ma akyirikyiri aman,

ɔhyɛne abɛn de frɛ wɔn a wɔwɔ asase ano.

Wɔn na wɔreba no,

ɔherɛ so ne ntɛm so!

27Wɔn mu biara mmrɛ na ɔnsunti,

obiara ntɔ nko na ɔnna;

abɔsoɔ biara mu rengo wɔ asene mu

na mpaboa ahoma biara nso rente.

28Wɔn agyan ano yɛ nnam,

na wɔn tadua nyinaa ayɛ krado;

wɔn apɔnkɔ ntɔte te sɛ twerɛboɔ,

wɔn nteaseɛnam ntwahonan te sɛ twahoframa.

29Wɔn mmobɔmu te sɛ gyata deɛ,

na wɔbobɔm sɛ gyata mma;

wɔpɔso kyere wɔn hanam

na wɔde no kɔ a ɔgyefoɔ biara nni hɔ.

30Ɛda no wɔbɛbobɔ mu agu ne so

sɛdeɛ ɛpo woro soɔ.

Na sɛ obi hwɛ asase no a,

ɔbɛhunu esum kabisii ne ahohiahia;

omununkum bɛma hann aduru sum.