ምሳሌ 14 – NASV & ASCB

New Amharic Standard Version

ምሳሌ 14:1-35

1ጠቢብ ሴት ቤቷን ትሠራለች፤

ተላላ ሴት ግን በገዛ እጇ ታፈርሰዋለች።

2አካሄዱ ቅን የሆነ ሰው እግዚአብሔርን ይፈራል፤

መንገዱ ጠማማ የሆነ ግን ይንቀዋል።

3የተላላ ሰው ንግግር ለጀርባው በትር ታስከትልበታለች፤

የጥበበኛ ከንፈር ግን ትጠብቃቸዋለች።

4በሬዎች በሌሉበት ገንዳው ባዶ ይሆናል፤

በበሬ ጕልበት ግን ብዙ ምርት ይገኛል።

5ታማኝ ምስክር አይዋሽም፤

ሐሰተኛ ምስክር ግን ውሸትን ይዘከዝካል።

6ፌዘኛ ጥበብን ይሻል፤ ሆኖም አያገኛትም፤

ዕውቀት ግን ለአስተዋዮች በቀላሉ ትገኛለች።

7ከተላላ ሰው ራቅ፣

ከከንፈሮቹ ዕውቀት አታገኝምና።

8የአስተዋዮች ጥበብ መንገዳቸውን ልብ ማለት ነው፤

የተላሎች ሞኝነት ግን መታለል ነው።

9ተላሎች በሚያቀርቡት የበደል ካሳ ያፌዛሉ፤

በቅኖች መካከል ግን በጎ ፈቃድ ትገኛለች።

10እያንዳንዱ ልብ የራሱን መራራ ሐዘን ያውቃል፤

ደስታውንም ማንም ሊጋራው አይችልም።

11የክፉዎች ቤት ይፈርሳል፤

የቅኖች ድንኳን ግን ይስፋፋል።

12ለሰው ቀና መስሎ የሚታይ መንገድ አለ፤

በመጨረሻ ግን ወደ ሞት ያደርሳል።

13በሣቅ ጊዜ እንኳ ልብ ይተክዛል፤

ደስታም በሐዘን ሊፈጸም ይችላል።

14ልባቸውን ከጽድቅ የሚመልሱ የእጃቸውን ሙሉ ዋጋ ይቀበላሉ፤

ደግ ሰውም ወሮታውን ያገኛል።

15ተላላ ሰው ሁሉን ያምናል፤

አስተዋይ ግን ርምጃውን ያስተውላል።

16ጠቢብ ሰው ጥንቁቅ ነው፤ ከክፉም ይርቃል፤

ተላላ ግን ችኵልና ደንታ ቢስ ነው።

17ግልፍተኛ ሰው የቂል ተግባር ይፈጽማል፤

መሠሪም ሰው አይወደድም።

18ብስለት የሌላቸው ተላላነትን ይወርሳሉ፤

አስተዋዮች ግን ዕውቀትን እንደ ዘውድ ይጭናሉ።

19ክፉዎች በደጎች ፊት፣

ኀጥኣንም በጻድቃን ደጅ ያጐነብሳሉ።

20ድኾችን ወዳጆቻቸው እንኳ ይጠሏቸዋል፤

ባለጠጎች ግን ብዙ ወዳጆች አሏቸው።

21ጎረቤቱን የሚንቅ ኀጢአት ይሠራል፤

ለተቸገሩት የሚራራ ግን ቡሩክ ነው።

22ክፉ ነገር የሚያቅዱ ከትክክለኛው መንገድ ይወጡ የለምን?

በጎ ነገር የሚያቅዱ ግን ፍቅርንና ታማኝነትን ያተርፋሉ።14፥22 ወይም ታማኝነትን ያሳያሉ

23ለፍተው የሠሩት ሁሉ ትርፍ ያስገኛል፤

ከንቱ ወሬ ግን ወደ ድኽነት ያመራል።

24ጠቢባን ብልጽግና ዘውዳቸው ነው፤

የተላሎች ተላላነት ግን ፍሬው ከንቱነት ነው።

25እውነተኛ ምስክር ሕይወት ያድናል፤

ሐሰተኛ ምስክር ግን አባይ ነው።

26እግዚአብሔርን የሚፈራ ጽኑ ዐምባ አለው፤

ልጆቹም መጠጊያ ይኖራቸዋል።

27እግዚአብሔርን መፍራት የሕይወት ምንጭ ነው፤

ሰውን ከሞት ወጥመድ ያድነዋል።

28የሕዝብ ብዛት የንጉሥ ክብር ሲሆን፣

የዜጎች ማነስ ግን ለገዥ መጥፊያው ነው።

29ታጋሽ ሰው ትልቅ ማስተዋል አለው፤

ግልፍተኛ ሰው ግን ቂልነትን ይገልጣል።

30ሰላም ያለው ልብ ለሰውነት ሕይወት ይሰጣል፤

ቅናት ግን ዐጥንትን ያነቅዛል።

31ድኾችን የሚያስጨንቅ ፈጣሪያቸውን ይንቃል፤

ለተቸገሩ የሚራራ ሁሉ ግን አምላክን ያከብራል።

32ክፉዎች በክፋታቸው ይወድቃሉ፤

ጻድቃን ግን በሞት ጊዜ እንኳ መጠጊያ አላቸው።

33ጥበብ በአስተዋዮች ልብ ታድራለች፤

በተላሎች መካከል ራሷን ትገልጣለች።14፥33 ዕብራይስጡ፣ የሰብዓ ሊቃናትና የሱርሰት ትርጕሞች በተላሎች ልብ ግን አትታወቅም ይላሉ።

34ጽድቅ ሕዝብን ከፍ ከፍ ታደርጋለች፤

ኀጢአት ግን ለየትኛውም ሕዝብ ውርደት ነው።

35ጠቢብ አገልጋይ ንጉሥን ደስ ያሰኛል፤

አሳፋሪ አገልጋይ ግን ቍጣውን በራሱ ላይ ያመጣል።

Asante Twi Contemporary Bible

Mmɛbusɛm 14:1-35

1Ɔbaa nyansafoɔ si ne dan,

nanso ɔbaa kwasea de nʼankasa ne nsa dwiri ne deɛ gu fam.

2Deɛ ne nanteɛ tene no suro Awurade,

na deɛ nʼakwan kyea no bu no animtiaa.

3Ɔkwasea kasa ma wɔbɔ nʼakyi abaa,

nanso anyansafoɔ ano bɔ wɔn ho ban.

4Baabi a anantwie nni no, adididaka no mu da mpan,

na ɔnantwie ahoɔden mu na nnɔbaeɛ pii firi ba.

5Ɔdanseni nokwafoɔ rennaadaa,

ɔdansekurumni hwie atorɔ gu hɔ.

6Ɔfɛdifoɔ hwehwɛ nyansa nanso ɔnnya,

nanso wɔn a wɔwɔ nhunumu nya nimdeɛ ntɛm.

7Twe wo ho firi ɔkwasea ho,

ɛfiri sɛ, worennya nimdeɛ mfiri nʼano.

8Anitefoɔ nyansa ne sɛ wɔbɛdwene wɔn akwan ho,

na nkwaseafoɔ agyimisɛm yɛ nnaadaa.

9Nkwaseafoɔ de bɔne ho adwensakyera di fɛ,

na wɔn a wɔtene mu na anisɔ wɔ.

10Akoma biara nim ɔyea ɛwɔ ne mu,

na obi foforɔ rentumi ne no nkyɛ nʼanigyeɛ.

11Wɔbɛsɛe mumuyɛfoɔ efie,

nanso teefoɔ ntomadan bɛyɛ frɔmm.

12Ɛkwan bi wɔ hɔ a ɛyɛ wɔ onipa ani so,

nanso ɛkɔwie owuo mu.

13Ɔsereɛ mu mpo, akoma tumi di yea,

na anigyeɛ tumi wie awerɛhoɔ.

14Akyirisanfoɔ bɛnya akatua sɛdeɛ wɔn akwan teɛ,

na onipa pa nso bɛnya ne deɛ.

15Atetekwaa gye biribiara di,

nanso ɔnitefoɔ dwene nʼanammɔntuo ho.

16Onyansafoɔ suro Awurade na ɔdwane bɔne,

nanso ɔkwasea yɛ asowuiɛ ne basabasa.

17Onipa a ne bo nkyɛre fuo no yɛ nkwaseadeɛ,

na deɛ ɔpam apammɔne no, wɔtane no.

18Ntetekwaafoɔ agyapadeɛ ne gyimie,

na wɔde nimdeɛ bɔ anitefoɔ abotire.

19Nnipa bɔnefoɔ bɛkoto nnipa pa anim,

na amumuyɛfoɔ akoto ateneneefoɔ apono ano.

20Ahiafoɔ deɛ, wɔn ayɔnkofoɔ mpo mpɛ wɔn anim ahwɛ,

nanso adefoɔ wɔ nnamfonom bebree.

21Deɛ ɔbu ne yɔnko animtiaa yɛ bɔne,

na nhyira nka deɛ ne yam yɛ ma onnibie.

22Wɔn a wɔbɔ pɔ bɔne nyera ɛkwan anaa?

Nanso wɔn a wɔhyehyɛ deɛ ɛyɛ no nya adɔeɛ ne nokorɛ.

23Adwumadenyɛ nyinaa de mfasoɔ ba,

na kasa hunu deɛ, ɛkɔ ohia mu.

24Anyansafoɔ ahonya ne wɔn abotire,

na nkwaseafoɔ agyimisɛm so gyimie aba.

25Ɔdanseni nokwafoɔ gye nkwa,

nanso ɔdansekurumni yɛ ɔdaadaafoɔ.

26Deɛ ɔsuro Awurade no wɔ banbɔ a emu yɛ den,

na ɛbɛyɛ dwanekɔbea ama ne mma.

27Awurade suro yɛ nkwa asutire,

ɛyi onipa firi owuo afidie mu.

28Ɔman mu nnipa dodoɔ yɛ ɔhene animuonyam,

nanso sɛ asomfoɔ nni hɔ a mmapɔmma no sɛe.

29Onipa a ɔwɔ abodwokyerɛ wɔ nteaseɛ a emu dɔ,

na deɛ ne bo fu ntɛm no da agyimisɛm adi.

30Akoma mu asomdwoeɛ ma onipadua nkwa,

na anibereɛ ma nnompe porɔ.

31Deɛ ɔhyɛ ahiafoɔ soɔ no bu wɔn Yɛfoɔ animtiaa,

nanso deɛ ɔhunu ohiani mmɔbɔ no hyɛ Onyankopɔn animuonyam.

32Sɛ amanehunu ba a amumuyɛfoɔ hwe ase,

nanso owuo mu mpo teneneefoɔ wɔ dwanekɔbea.

33Nyansa te nteaseɛ akoma mu,

na nkwaseafoɔ mu mpo, ɔyi ne ho adi.

34Tenenee pagya ɔman

na bɔne yɛ animguaseɛ ma nnipa biara.

35Ɔhene ani sɔ ɔsomfoɔ nyansani,

na ɔsomfoɔ nimguaseni hyɛ no abufuo.