고린도후서 9 – KLB & ASCB

Korean Living Bible

고린도후서 9:1-15

1성도들을 돕는 일에 대해서는 내가 다시 여러분에게 말할 필요가 없습니다.

2나는 여러분의 열심을 잘 알기 때문에 9:2 또는 ‘아가야에서는’여러분이 지난 해부터 이 일을 준비했다고 마케도니아 사람들에게 자랑까지 했습니다. 그래서 많은 사람들이 여러분의 열심에 대해서 듣고 자극을 받아 헌금을 하게 되었습니다.

3그리고 내가 형제들을 보내는 것은 우리가 이 일에 대해서 여러분을 자랑한 것이 헛되지 않고 내가 말한 대로 여러분이 헌금을 미리 준비하도록 하기 위한 것입니다.

4만일 마케도니아 사람들이 나와 함께 가서 여러분이 준비하지 않은 것을 보면 여러분은 말할 것도 없고 우리가 그처럼 믿었던 일에 크게 부끄러움을 당할 것입니다.

5그래서 나는 이 형제들이 먼저 여러분에게 가서 여러분이 전에 약속한 헌금을 미리 준비하게 하는 것이 필요하다고 생각했습니다. 이렇게 미리 준비해야 축복의 헌금이 되고 탐심에 좌우된 억지 헌금이 되지 않을 것입니다.

많이 뿌리면 많이 거둔다

6적게 뿌리는 사람은 적게 거두고 많이 뿌리는 사람은 많이 거둔다는 사실을 기억하십시오.

7각자 마음에 작정한 대로 바치고 아까워하거나 억지로 하지 마십시오. 하나님은 기쁜 마음으로 내는 사람을 사랑하십니다.

8하나님은 여러분이 모든 일에 항상 풍족하여 선한 일을 많이 할 수 있도록 여러분에게 모든 은혜를 넘치게 주실 수 있습니다.

9성경에도 9:9 시112:9“그가 가난한 사람들을 후하게 구제해 주었으니 그의 의로운 행위가 영원히 남을 것이다” 라고 기록되어 있습니다.

10농부에게 뿌릴 씨와 먹을 양식을 주시는 하나님은 여러분에게도 뿌릴 씨를 주시고 자라게 하셔서 여러분이 의의 열매를 더 많이 맺게 하실 것입니다.

11그리하여 여러분은 모든 것에 풍족하여 후한 헌금을 하게 될 것이며 우리를 통해 그 헌금이 전해질 때 많은 사람이 하나님께 감사하게 될 것입니다.

12이와 같이 돕는 일은 성도들의 부족한 것을 채워 줄 뿐만 아니라 하나님께 대한 감사도 넘치게 합니다.

13여러분이 하고 있는 이 봉사의 직무는 여러분의 고백처럼 여러분이 그리스도의 복음에 순종하고 있다는 것과 그들뿐만 아니라 모든 사람에게 여러분이 후한 헌금을 한다는 증거가 되어 그들이 하나님을 찬양하게 될 것입니다.

14그리고 그들은 여러분에게 주신 하나님의 넘치는 은혜를 보고 깊은 애정을 가지고 여러분을 위해 기도할 것입니다.

15말로 다 할 수 없는 선물을 주시는 하나님께 감사를 드립니다.

Asante Twi Contemporary Bible

2 Korintofoɔ 9:1-15

Mmoa A Wɔde Boa Onyankopɔn Nkurɔfoɔ

1Ɛho nhia sɛ metwerɛ mo fa mmoa a ɛsɛ sɛ wɔboa Onyankopɔn nkurɔfoɔ a wɔwɔ Yudea no ho. 2Menim sɛ ɛyɛ mo pɛ sɛ moboa enti, mede mo ahoahoa me ho akyerɛ nnipa a wɔwɔ Makedonia no. Mekaa sɛ, “Anuanom a wɔwɔ Hela no siesiee wɔn ho sɛ wɔbɛboa afe a ɛtwaam no mu.” Mo ahokeka no akanyane wɔn mu fa kɛseɛ no. 3Afei, merema anuanom yi aba mo nkyɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, hoa a yɛde mo hoahoa yɛn ho no nnyɛ nsɛnkeka kwa. Na, sɛdeɛ mekaeɛ no, mobɛsiesie mo ho aboa. 4Sɛ anyɛ saa na sɛ nnipa no ne me firi Makedonia ba bɛhunu sɛ monsiesiee mo ho a, yɛn anim bɛgu ase. Mo nso mo anim bɛgu ase bi sɛ modii yɛn hwammɔ. 5Enti, medwene ho hunuu sɛ, ɛyɛ sɛ anuanom bi di mʼanim ɛkan na wɔkɔpɛ akyɛdeɛ a mohyɛɛ me ho bɔ no gu hɔ. Ɛba saa a, ɛberɛ a mɛduru hɔ no na ɛwɔ hɔ na adi adanseɛ sɛ mo na momaeɛ ɛfiri sɛ, na mopɛ sɛ moma enti, na mmom, na ɛnyɛ sɛ ɛsɛ sɛ moma.

6Monkae saa asɛm yi: Onipa a ɔgu aba kakra bi no, bɛtwa so kakraa bi, na deɛ ɔgu aba bebree no, bɛtwa so bebree. 7Mo mu biara mma sɛdeɛ wadwene ho no, a ɛnyɛ sɛ yea anaa ɔhyɛ mu, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn pɛ obi a ɔde anigyeɛ ma akyɛdeɛ no asɛm. 8Na Onyankopɔn bɛtumi ama wo aboro deɛ ɛho hia wo no so, enti daa na wowɔ deɛ ɛho hia wo, na wobɛnya bi nso adi dwuma foforɔ a ɛfata sɛ wodi. 9Atwerɛsɛm no ka sɛ,

“Ɔfiri nʼakoma mu ma ahiafoɔ deɛ wɔhia;

nʼadɔeɛ no tena hɔ daa.”

10Na Onyankopɔn a ɔma ogufoɔ no aba ne burodo sɛ aduane die no bɛma wo nso aba a ɛhia wo nyinaa na wahwɛ so ama anyini na wʼadɔeɛ no enti, aso bebree. 11Daa ɔbɛhwɛ ma woanya wo ho na woayɛ adɔeɛ, na ɛnam so ama dodoɔ no ara ada Onyankopɔn ase wɔ akyɛdeɛ a yɛnya firi mo nkyɛn no ho.

12Saa adɔeɛ a moyɛ yi, monnyɛ mma Onyankopɔn nkurɔfoɔ nko, na mmom, ɛnam so ma nnipa bebree da Onyankopɔn ase. 13Esiane dwuma a moadi de adi mo ho adanseɛ pa no enti, nnipa gyina nokorɛ a moadi wɔ Kristo asɛnka no ne mo adɔeɛ a moyɛ maa obiara no so bɛkamfo Onyankopɔn. 14Enti, wɔde ɔdɔ bɛbɔ mpaeɛ ama mo, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn ama mo adom a ɛboro so. 15Yɛda Onyankopɔn ase wɔ nʼakyɛdeɛ a ɛnni kabea no ho.