고린도후서 8 – KLB & ASCB

Korean Living Bible

고린도후서 8:1-24

마케도니아 사람의 후한 헌금

1형제 여러분, 우리는 하나님께서 마케도니아 여러 교회에 베푸신 큰 은혜를 여러분에게도 알리려고 합니다.

2그들은 온갖 어려운 시련과 가난에 쪼들리면서도 오히려 넘치는 기쁨으로 헌금을 많이 하였습니다.

3나는 그들이 힘껏 헌금했을 뿐만 아니라 오히려 힘에 겹도록 헌금했다고 자신 있게 말할 수 있습니다.

4그들은 예루살렘에 있는 성도들을 돕는 일에 참여하게 해 달라고 우리에게 여러 차례 부탁했습니다.

5그리고 그들은 우리의 기대 이상으로 먼저 자신들을 주님께 바치고 또한 하나님의 뜻을 따라서 우리에게도 헌신했습니다.

6그래서 우리는 디도가 이미 여러분 가운데서 시작한 이 은혜로운 일을 계속하여 끝내도록 격려했습니다.

7여러분이 믿음과 말과 지식과 열심과 우리를 사랑하는 이 모든 일에 풍성한 것처럼 헌금하는 이 은혜로운 일에도 그렇게 해 주십시오.

8내가 이것을 명령하는 것이 아닙니다. 다만 다른 사람들의 열심과 비교하여 여러분의 사랑이 얼마나 진실한가를 알아보려는 것뿐입니다.

9여러분은 우리 주 예수 그리스도의 은혜를 알고 있습니다. 그리스도께서는 부요하셨지만 여러분을 위해 가난하게 되신 것은 그분의 가난을 통해서 여러분이 부요해지도록 하기 위해서였습니다.

10헌금하는 이 문제에 대해서 내 의견은 이렇습니다. 이 일은 여러분이 지난 해부터 남보다 먼저 시작한 일이니

11이제 그 일을 끝내십시오. 여러분이 원해서 시작한 일이니까 여러분의 힘으로 그 일을 끝낼 수 있을 것입니다.

12여러분에게 바치고 싶은 마음만 있으면 하나님은 여러분이 가진 대로 받을 것이며 없는 것을 받지는 않으실 것입니다.

13내가 여러분에게 짐을 지우면서 다른 사람을 편안하게 하려는 것이 아니라 골고루 나누어 갖게 하려는 것입니다.

14지금 넉넉하게 사는 여러분이 가난한 사람들을 도와준다면 그들도 넉넉할 때에 여러분을 도와줄 것입니다. 그렇게 되면 결국 서로 도움을 받게 됩니다.

15성경에도 8:15 출16:18“많이 거둔 사람도 남은 것이 없었고 적게 거둔 사람도 부족함이 없었다” 라고 쓰여 있습니다.

16여러분을 위하여 내가 가진 것과 같은 열심을 디도에게도 주신 하나님께 감사를 드립니다.

17그는 우리 부탁을 기꺼이 받아들였을 뿐만 아니라 열렬한 마음으로 자진해서 여러분에게 가기로 했습니다.

18그리고 우리는 디도와 함께 한 형제를 보냅니다. 그는 기쁜 소식을 전하는 일로 모든 교회에서 칭찬을 받는 사람입니다.

19더구나 그는 우리가 주님께 영광을 돌리고 돕고자 하는 우리의 열심을 보이려고 이 사랑의 헌금을 가지고 갈 때 우리와 동행하도록 여러 교회가 뽑은 사람입니다.

20우리는 이 거액의 헌금을 다루는 데 있어서 아무에게도 비난을 받지 않으려고 조심하고 있습니다.

21이처럼 우리는 주님 앞에서뿐만 아니라 사람 앞에서도 옳은 일을 하려고 노력합니다.

22그들과 함께 또 다른 한 형제를 보냅니다. 우리가 그를 여러 번 시험해 보았지만 모든 일에 열심이 대단했습니다. 이제 그는 여러분을 크게 신뢰하고 있기 때문에 더욱 열심을 내고 있습니다.

23디도에 대해서 말한다면 그는 여러분을 위해 나와 함께 일하는 일꾼이며 동료입니다. 그리고 그와 함께 가는 형제들은 그리스도의 영광을 드러낼 교회의 대표자들입니다.

24그러므로 그들에게 사랑을 베푸십시오. 그러면 모든 교회가 여러분에 대하여 우리가 자랑한 이유를 알게 될 것입니다.

Asante Twi Contemporary Bible

2 Korintofoɔ 8:1-24

Ayamyɛ

1Anuanom, yɛpɛ sɛ mohunu deɛ Onyankopɔn adom ayɛ wɔ Makedonia asɔre ahodoɔ mu. 2Wɔn ahokyere mu wɔn anigyeɛ boroo so, na wɔn hia mu mpo, woyii ayamyɛ kɛseɛ kyerɛeɛ. 3Medi ho adanseɛ sɛ wɔmaa deɛ wɔbɛtumi ma ɛboroo so mpo. Wɔn ara firii wɔn pɛ mu 4srɛɛ yɛn sɛ yɛmma wɔmfa sika no nkɔma Akristofoɔ a wɔwɔ Yudea no bi. 5Wɔyɛ maa ɛboroo so. Deɛ ɛdi ɛkan no, wɔde wɔn ho maa Awurade. Afei, wɔfiri Onyankopɔn pɛ mu de wɔn ho maa yɛn nso. 6Enti, yɛka kyerɛɛ Tito a ɔhyɛɛ adwuma yi ase sɛ, ɔntoa so na ɔmmoa mo na moatumi awie saa ɔdɔ adwuma yi. 7Moyɛ adefoɔ wɔ deɛ mowɔ nyinaa mu: ɔkasa mu ne nimdeɛ mu, mmoa a ɛyɛ mo pɛ sɛ moboa mu, ne ɔdɔ a mode dɔ yɛn mu. Enti, yɛpɛ sɛ mode ahofama som wɔ ɔdɔ mu.

8Merenhyehyɛ mmara mma mo. Na mmom, mepɛ sɛ mede mo dɔ a mowɔ no toto afoforɔ deɛ ho hwɛ sɛ mo dɔ no yɛ ɔdɔ pa ara anaa. 9Monim adom a na yɛn Awurade Yesu Kristo wɔ. Ɔdefoɔ a na ɔyɛ no nyinaa akyi, mo enti, ɔyɛɛ ne ho ohiani sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔnam ne hia no so bɛma mo ayɛ adefoɔ.

10Mʼadwene a mewɔ wɔ asɛm no ho nie: Afe ni, mo na modii ɛkan yɛɛ ayɛ na mofiri mo pɛ mu na momaeɛ. 11Monkɔ so na monwie dwuma no di. Momma mo ho mpere mo sɛ mobɛwie sɛdeɛ mosusuiɛ sɛ mobɛyɛ. 12Sɛ wo ho pere wo sɛ wobɛma a, Onyankopɔn nam deɛ wowɔ so bɛgye, na ɛnyɛ deɛ wonnie so.

13Merennye nkurɔfoɔ adesoa mmɛgu mo so na mmom, ɛsiane sɛ mowɔ bebree saa ɛberɛ yi mu no enti, ɛyɛ fɛ sɛ moboa wɔn a wɔnni bi no. 14Na sɛ ɛba sɛ biribi ho hia mo na sɛ wɔwɔ bi a, wɔaboa mo. Yei ma mo nyinaa yɛ pɛ. 15Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Wɔn a wɔnyaa pii no, ebi anka, ɛnna wɔn a wɔnyaa kakra bi no nso, ɛsoo wɔn.”

16Yɛda Onyankopɔn ase sɛ wama Tito mo ho anigyeɛ, sɛdeɛ me nso mʼani gye mo ho no bi. 17Ɛnyɛ sɛ ɔpenee yɛn abisadeɛ so nko, na mmom, ɔno ankasa firii ne pɛ mu pɛɛ sɛ ɔboa enti na ɔsii nʼadwene pi sɛ ɔbɛba mo nkyɛn no. 18Yɛresoma onua bi a wɔbu no wɔ asɔre ahodoɔ no nyinaa mu wɔ asɛnka no ho no aka ne ho. 19Ɛno akyi, asɔre ahodoɔ no ayi onua yi sɛ ɔne yɛn ntutu akwan wɔ mmerɛ a yɛredi ɔdɔ ho dwuma de ahyɛ Awurade animuonyam yi no, na yɛmfa nkyerɛ nso sɛ yɛpɛ sɛ yɛboa. 20Yɛhwɛ yɛn ho so yie sɛ asɛm biara remma kwan a yɛbɛfa so de saa akyɛdeɛ yi adi dwuma no ho. 21Yɛn botaeɛ ne sɛ, yɛbɛyɛ deɛ ɛyɛ wɔ Awurade ne nnipa anim.

22Enti, yɛresoma onipa foforɔ bi aka Tito ne osuani baako no ho. Yɛasɔ no akwan ahodoɔ bebree so ahwɛ na yɛahunu sɛ ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔboa. Na seesei ne ho pere no sɛ ɔbɛboa ɛfiri sɛ wanya mo mu ahotosoɔ. 23Tito deɛ, ɔyɛ me ɔboafoɔ a ɔne me yɛ adwuma de boa mo na anuanom a wɔne no rekɔ no deɛ, wɔyɛ asɔre ahodoɔ ananmusifoɔ a wɔhyɛ Kristo animuonyam. 24Momma wɔnhunu ɔdɔ a modɔ wɔn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, asafo no nyinaa bɛhunu sɛ hoa a yɛde mo hoahoa yɛn ho no yɛ nokorɛ.