列王記Ⅱ 16 – JCB & ASCB

Japanese Contemporary Bible

列王記Ⅱ 16:1-20

16

ユダの王アハズ

1ユダの新しい王、ヨタムの子アハズは、イスラエルの王ペカの第十七年に、二十歳で即位し、エルサレムで十六年間治めました。

2アハズは、先祖ダビデのようには、主の前に正しくありませんでした。 3それどころか、彼はイスラエルの歴代の王のように偶像礼拝を行い、イスラエルの民がこの地に入った時に主が滅ぼされた国々の異教の風習にならい、焼き尽くすいけにえとしてわが子を神々にささげることまでしました。 4このほかにも、高台の礼拝所や繁った木の下の祭壇でいけにえをささげたり、香をたいたりしました。

5そのころ、シリヤ(アラム)の王レツィンとイスラエルの王ペカの連合軍がユダに宣戦布告し、エルサレムを包囲しましたが、町を占領することはできませんでした。 6それでも、レツィン王はエラテの町を取り戻し、ユダの人々を追い出して、シリヤ人を移住させました。今もそのままです。

7アハズ王はアッシリヤの王ティグラテ・ピレセルに使者を送り、援軍を要請しました。 8このため、神殿や宮殿の宝物倉にあった金銀を贈り物として差し出したので、 9アッシリヤの王はシリヤの首都ダマスコを攻撃し、住民を捕虜としてキルに連れ去り、レツィン王を殺しました。

10アハズ王は、ティグラテ・ピレセル王に会うためダマスコへ行き、そこで、異教の神殿にある見慣れない祭壇に目を留めました。さっそくその寸法を書き留めて図面を作り、くわしい説明書きとともに、それを祭司ウリヤに送りました。 11-12ウリヤは指示されたとおりに祭壇を築き、王のために準備しました。王は、ダマスコから帰るとすぐに、いけにえをささげました。 13祭壇の上に、焼き尽くすいけにえと穀物の供え物とをささげ、さらに注ぎのささげ物を注いでから、和解のいけにえの血を振りかけました。 14それから、これまで神殿の入口にあった青銅の祭壇を、神殿の正面から新しい祭壇の北側に移し替えました。 15王は祭司ウリヤに、新しい祭壇の上で、朝ごとにささげる焼き尽くすいけにえと夕べの穀物の供え物、王の焼き尽くすいけにえと穀物の供え物、民のささげ物、および、これらに添える注ぎのささげ物をささげるように命じました。焼き尽くすいけにえや他のいけにえの血も、新しい祭壇に振りかけられました。王が、「古い青銅の祭壇は、私が個人的に伺いを立てるために使おう」と言ったので、古い祭壇はもっぱら占い用に使うことになりました。

16祭司ウリヤは、王の命令どおりにしました。

17それから王は、神殿にあった車輪つきの台を解体し、横木とその上に載せてあった洗盤を取りはずしました。また、青銅の牛の背に載せてあった大洗盤を下ろして、敷石の上に置きました。 18さらに、アッシリヤ王に敬意を表して、宮殿と神殿との間にしつらえた祝祭用の通路を取りはずしました。

19アハズ王のその他の業績は、『ユダ諸王の年代記』に記録されています。 20王は死んで、エルサレムの旧市街、ダビデの町の王室墓地に葬られ、その子ヒゼキヤが王となりました。

Asante Twi Contemporary Bible

2 Ahemfo 16:1-20

Ahas Di Ɔhene Wɔ Yuda

1Ɛberɛ a ɔhene Peka adi ɔhene wɔ Israel mfeɛ dunson no, na Yotam babarima Ahas16.1 Ahas ne nʼagya Yotam dii ɔhene afe 734 ansa na wɔrewo Kristo (AWK) mu. nso bɛdii adeɛ wɔ Yuda. 2Ahas dii ɔhene no, na wadi mfirinhyia aduonu. Na ɔdii Yerusalem nso so ɔhene mfirinhyia dunsia. Wanyɛ deɛ ɛsɔ Awurade, ne Onyankopɔn ani, sɛdeɛ ne panin Dawid yɛeɛ no. 3Mmom, ɔhwɛɛ Israel ahemfo nhwɛsoɔ so, na mpo ɔde ɔno ankasa ne babarima bɔɔ afɔdeɛ wɔ ogya mu. Ɔsuasuaa abosonsom aman no nneɛma a ɛyɛ akyiwadeɛ ma Awurade a ɛno enti ɔpamoo wɔn firii Israelfoɔ anim no. 4Ɔbɔɔ afɔdeɛ, hyee nnuhwam wɔ abosomfie, mmepɔ so ne dua frɔmfrɔm biara ase.

5Afei, Aramhene Resin ne Israelhene Peka tuu sa wɔ Ahas so. Wɔkɔtuaa Yerusalem, nanso wɔanni so nkonim. 6Saa ɛberɛ no, Edomhene gyee Elat kuro maa Edom. Ɔpamoo Yudafoɔ, na ɔmaa Edomfoɔ no kɔtenaa hɔ, sɛdeɛ ɛte ɛnnɛ yi.

7Ɔhene Ahas somaa abɔfoɔ kɔɔ Asiriahene Tiglat-Pileser nkyɛn, de nkra kɔmaa no sɛ, “Meyɛ wo ɔsomfoɔ ne wo ba. Bra na bɛgye me firi Aram ne Israel akodɔm a wɔaka me ahyɛ no nsam.” 8Na Ahas faa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ firii Awurade Asɔredan mu hɔ, faa ahemfie hɔ sika de kyɛɛ Asiriahene no. 9Enti, Asiriafoɔ no kɔtuaa Aramfoɔ no wɔ wɔn kuropɔn Damasko mu, kyekyeree ɛhɔfoɔ no nnommum, de wɔn kɔ kɔtenaa Kir. Wɔkumm ɔhene Resin.

10Ɔhene Ahas kɔɔ Damasko, kɔhyiaa Asiriahene Tiglat-Pileser. Ɛberɛ a ɔwɔ hɔ no, ɔhunuu afɔrebukyia sononko bi. Enti, ɔde saa afɔrebukyia no sɛso ho mfoni, kɔmaa ɔsɔfoɔ Uria. 11Uria nam ɔhene no asɛm so yɛɛ saa afɔrebukyia no bi pɛpɛɛpɛ, na ɛberɛ a ɔfiri Damasko baeɛ no, na wɔayɛ awie. 12Ɔhene no firi Damasko baeɛ no, ɔhwɛɛ afɔrebukyia no ho hyiaeɛ, bɔɔ so afɔdeɛ. 13Ɔhene no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne atokoɔ afɔdeɛ, hwiee nsã afɔdeɛ guu so, na ɔpetee asomdwoeɛ afɔdeɛ ho mogya guu so. 14Na ɔhene Ahas yii kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a na ɛsi ɛkwan no ano ne afɔrebukyia foforɔ yi ntam no, firii Awurade Asɔredan no anim, de kɔsii afɔrebukyia foforɔ no atifi fam.

15Ɔka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Uria sɛ, “Bɔ anɔpa afɔdeɛ nyinaa a ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ no, anwummerɛ atokoɔ afɔdeɛ no, ɔhene ɔhyeɛ afɔdeɛ ne atokoɔ afɔdeɛ ne nnipa no nyinaa afɔdeɛ a wɔn nsa afɔdeɛ ka ho wɔ so. Mogya a ɛfiri ɔhyeɛ afɔdeɛ no nyinaa mu no, wɔmfa mpete afɔrebukyia foforɔ no so. Me nko ara na mede kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia dada no bɛdi dwuma.” 16Na ɔsɔfoɔ Uria yɛɛ deɛ ɔhene Ahas ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ.

17Na afei, ɔhene no tutuu afasuo no nkatanimu nnua ne nsuhina nso firi nsuo teaseɛnam no so. Afei ɔyii Po no firii kɔbere mfrafraeɛ anantwie no akyi de sii aboɔ nsameeɛ no so. 18Na anidie a ɔde ma Asiriahene no enti, ɔyii kyiniiɛ bi a na wɔayɛ wɔ ahemfie no mu a na wɔde di dwuma homeda no ne ɔhene no abɔntenkwan a ɛkɔ Awurade Asɔredan mu no firii hɔ.

19Ahas ahennie ho nsɛm nkaeɛ no ne dwuma ahodoɔ a ɔdiiɛ no, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 20Ɛberɛ a Ahas wuiɛ no, wɔsiee no ne mpanimfoɔ nkyɛn wɔ Dawid kuro mu. Na ne babarima Hesekia bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.