列王記Ⅱ 17 – JCB & ASCB

Japanese Contemporary Bible

列王記Ⅱ 17:1-41

17

イスラエルの王ホセアと首都サマリヤの陥落

1-2イスラエルの新しい王、エラの子ホセアは、ユダの王アハズの第十二年に即位し、サマリヤで九年間治めました。悪政でしたが、歴代の王ほどではありませんでした。

3アッシリヤの王シャルマヌエセルはイスラエルを攻め、ついにホセア王を服従させました。イスラエルは、毎年アッシリヤにばく大な貢ぎ物を納めることになったのです。 4しかし、ホセア王は謀反を企て、エジプトのソ王に、アッシリヤの支配から脱することができるように援軍を頼みました。ところが、これが発覚し、アッシリヤ王は貢ぎ物を納めることを拒んだホセア王を反逆のかどで牢に入れ、鎖につなぎました。 5こうして、イスラエルにアッシリヤ軍がなだれ込み、三年の間、首都サマリヤを包囲しました。 6ホセア王の第九年、ついにサマリヤは陥落し、イスラエルの民はアッシリヤに捕らえ移され、ハラフの町、ゴザンのハボル川のほとり、メディヤ人の町々に住まわせられたのです。

7こうした災難が臨んだのは、民がほかの神々を礼拝してエジプトの奴隷生活から彼らを救い出した神、主に対して罪を犯したからです。 8人々は、主が追い払った異邦人の悪い風習に染まっていたのです。 9ほかにも、ひそかに多くの悪を行い、国中に異教の神々の祭壇を作っていました。 10彼らはすべての高台や、よく繁った木の下にも、石の柱や神々の像を立て、 11主がこの地から一掃した異邦人の神々に香をたいていました。こうして、数々の悪を重ねたので、ついに主の激しい怒りを招きました。 12あれほど主がはっきりとくり返し警告していたのにもかかわらず、彼らは偶像礼拝にふけっていたのです。

13主は再三再四、イスラエルとユダに預言者を送り、悪の道から離れて彼らの先祖たちに与えたおきてを守るよう、警告してきました。 14ところがイスラエルの民は、いっこうに耳を貸そうとしませんでした。彼らは先祖たちと同じように強情で、彼らの神、主を信じようとしませんでした。 15主の教えに耳をふさぎ、主が先祖と結んだ契約を軽んじ、その警告を無視しました。主のきびしい警告があったにもかかわらず、偶像礼拝の罪に陥ったのは、彼らの愚かさのゆえでした。 16主の命令などどこ吹く風で、金で鋳込んだ二つの子牛の像を造り、さらに、恥ずべき忌まわしい偶像を造り、バアルを礼拝し、太陽や月や星を拝みました。 17また、息子や娘さえ焼き殺してモレクの祭壇にささげ、占いやまじないに走り、悪の限りを尽くしたのです。こんなことをしていて、主の激しい怒りを買わないわけがありません。 18とうとう主は、ユダ族だけを残してイスラエルの民を一掃してしまったのです。

19主の命令を守ろうとしなかったのは、ユダの民も同じでした。彼らもまた、イスラエルがたどった悪の道を進みました。 20そこで主は、ヤコブのすべての子孫を見限り、侵略者の手に渡し、ついに投げ捨てたのです。 21イスラエルはダビデ王朝から分離すると、ネバテの子ヤロブアム一世を王に迎えました。このヤロブアムがイスラエルを主から引き離し、いっそう大きな罪を犯させたのです。 22イスラエルの民は、王の持ち込んだ悪から離れようとしませんでした。 23それで、ついに主は彼らを取り除いてしまったのでした。預言者によって警告されたとおり、イスラエルの民はアッシリヤに引いて行かれ、今なおそこにとどまっています。

サマリヤへの移住者

24アッシリヤの王は、バビロン、クテ、アワ、ハマテ、セファルワイムの住民を連れて来て、サマリヤの町々に住まわせました。こうして、サマリヤをはじめイスラエルの町々は、アッシリヤ人のものとなったのです。 25これらのアッシリヤ人たちは、そこに住み始めたころ、主を恐れなかったので、主はライオンを送り込み、ライオンは彼らの何人かを噛み殺しました。 26彼らはアッシリヤの王に使者を立て、こう報告しました。「私たちイスラエルに植民した者は、この地の神の教えを知りません。その神がライオンを送り込んで、私たちを滅ぼそうとしました。その神を礼拝しなかったからなのです。」

27-28そこで王は、サマリヤから捕らえ移した祭司をイスラエルに帰らせ、新しい住民に、神のおきてを教えることにしました。それで、祭司の一人がベテルに帰り、バビロンからの移住者に主を礼拝する方法を教えました。 29それでも移住者たちは、同時にめいめいの神々をも拝んでいました。彼らの偶像を自分たちが住む町の近くにある、高台の礼拝所に安置しました。 30バビロンから来た人々はスコテ・ベノテ神、クテから来た人々はネレガル神、ハマテから来た人々はアシマ神を拝み、 31アワ人はニブハズ神とタルタク神の像を拝み、セファルワイムから来た人々は、アデラメレク神とアナメレク神の祭壇にわが子を火で焼いてささげました。 32彼らは、一方でイスラエルの主を礼拝し、他方では同僚の中から祭司を任命して、高台の祭壇でいけにえをささげました。 33このように、出身地の習わしを守り続けていたのです。

34この傾向は今も残っています。彼らは、心から主を恐れることもなく、のちにイスラエルと改名したヤコブの子孫に与えられた、主の教えを守ることもなく、ただ、昔からの故国の習わしに従っていました。 35-36主がヤコブの子孫と結んだ契約によれば、イスラエルの民は異教の神々を礼拝したり、これにいけにえをささげたりすべきではなかったのです。彼らは、驚くべき力と奇跡によってエジプトからイスラエルの民を連れ出した主だけを礼拝すべきでした。 37ヤコブの子孫は主のおきてをすべて守り、どんなことがあってもほかの神々を礼拝してはならなかったのです。 38それは、主がこう命じられたからです。「わたしがあなたがたと結んだ契約を忘れて、ほかの神々を礼拝してはならない。 39わたしだけを礼拝しなさい。わたしはあなたがたを、すべての敵から救い出そう。」

40しかしイスラエルは、このことばに耳をふさぎ、ほかの神々を礼拝しました。 41一方、バビロンからの移住者は、主を礼拝したものの、同時に彼らの偶像も拝みました。今でも、彼らの子孫は同じことをしています。

Asante Twi Contemporary Bible

2 Ahemfo 17:1-41

Hosea Di Ɔhene Wɔ Israel

1Ela babarima Hosea hyɛɛ aseɛ dii ɔhene wɔ Israel no, na ɔhene Ahas nso adi ɔhene wɔ Yuda mfirinhyia dumienu. Ɔdii ɔhene wɔ Samaria mfeɛ nkron. 2Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, nanso na ne bɔne no nnɔɔso sɛ Israel ahemfo a wɔdii adeɛ ansa na ɔrebɛdi adeɛ no.

3Asiriahene Salmaneser kɔɔ ɔhene Hosea so, kɔdii ne so nkonim enti, ɔhyɛɛ Israel ma wɔtuaa apeatoɔ a emu yɛ duru maa Asiria. 4Afei, ɔhene Hosea bisaa mmoa firii Misraimhene a wɔfrɛ no So nkyɛn, sɛ ɔmmoa no na ɔntete ne ho mfiri Asiriahene tumi ase. Ɔbɔɔ pɔ tiaa Asiriahene. Ɛberɛ a Asiriahene hunuu ɛpɔ bɔne a wabɔ no, ɔkyeree no de no too afiase wɔ nʼatuateɛ ho.

5Na Asiriahene ko faa asasetam no nyinaa, na ɔtuaa Samaria mfeɛ mmiɛnsa. 6Akyire yi, ɔhene Hosea ahennie mfeɛ nkron mu no, Samaria hwee ase, ma wɔtwaa Israelfoɔ asuo kɔɔ Asiria. Wɔbɔɔ wɔn atenaseɛ wɔ Halah nkuro wɔ asuo Habor a ɛwɔ Gosan a ɛfra Media nkuropɔn no mu no so.

Asiria Di Samaria So

7Saa amanehunu yi baa Israelman so, ɛfiri sɛ, nnipa no somm anyame foforɔ, yɛɛ bɔne tia Awurade, wɔn Onyankopɔn a ɔyii wɔn firii wɔn nkoasom mu wɔ Misraim. 8Wɔsuasuaa abosonsom aman nneyɛɛ a enti Awurade pamoo wɔn firii asase a ɛda wɔn anim no so, ne ɔsom a Israel ahemfo de aba no. 9Na Israelfoɔ no nso nam esum ase, ayɛ nneɛma pii a na ɛnsɔ Awurade wɔn Onyankopɔn ani. Wɔsisii abosonnan maa wɔn ho wɔ wɔn nkuro nyinaa so, ɛfiri wɔn nkuro akɛseɛ a wɔatwa afasuo afa ho, kɔsi nkuraaseɛ. 10Wɔsisii afadum kronkron ne Asera afɔrebukyia wɔ kokoɔ biara so ne dua biara a ɛyɛ frɔmm ase. 11Wɔhyee nnuhwam wɔ asɔreeɛ hɔ, te sɛ deɛ aman a Awurade apamo wɔn afiri asase a ɛda wɔn anim no so no yɛeɛ pɛ. Enti, Israelfoɔ yɛɛ bɔne bebree hyɛɛ Awurade abufuo. 12Aane, Awurade kɔkɔbɔ pɔtee ne ne ntimu no nyinaa akyi, wɔsomm ahoni. 13Awurade somaa nʼadiyifoɔ ne ademuhunufoɔ ntoatoasoɔ ma wɔkɔbɔɔ Israel ne Yuda kɔkɔ sɛ, “Monnane mfiri mo akwammɔne nyinaa ho. Monyɛ ɔsetie mma mʼahyɛdeɛ ne me mmara, deɛ mehyɛɛ mo agyanom sɛ wɔnni so no nyinaa, deɛ menam mʼasomfoɔ adiyifoɔ no so de maa mo no.”

14Nanso, Israelfoɔ no antie. Na wɔyɛɛ asoɔden sɛ wɔn agyanom, na wɔannye Awurade, wɔn Onyankopɔn, anni. 15Wɔpoo ne mmara ne nʼapam a ɔne wɔn agyanom yɛeɛ no. Na wɔamfa ne kɔkɔbɔ no anyɛ hwee. Wɔsomm abosomhuhuo, ma wɔdanee nnipa teta. Wɔhwɛɛ aman a atwa wɔn ho ahyia no nhwɛsoɔ so, nam so yɛɛ asoɔden maa Awurade nhyɛ a ɔhyɛɛ sɛ wɔnnsuasua wɔn no.

16Wɔantie Awurade wɔn Onyankopɔn nhyɛ no nyinaa, na wɔyɛɛ nantwie mma mmienu ahoni a wɔaguo. Wɔsii Asera afɔrebukyia, somm Baal ne ewiem atumfoɔ nyinaa. 17Na mpo, wɔde wɔn ankasa mmammarima ne wɔn mmammaa bɔɔ afɔdeɛ wɔ ogya mu. Wɔkɔɔ abisa, wɔyɛɛ abayisɛm, nam so tɔn wɔn ho maa bɔne, de hyɛɛ Awurade abufuo.

18Na ɛsiane sɛ Awurade bo fuiɛ enti, ɔpepaa wɔn firii nʼanim. Yuda abusuakuo17.18 Anafoɔ Ahemman no nso yɛ Simeon ne Benyamin asefoɔ nanso Yuda nko ara ne abusuakuo a na wɔdi no nokorɛ (hwɛ 1 Ah 11.31-32). nko ara na ɛkaa wɔn wɔ asase no so. 19Na mpo, nnipa a wɔwɔ Yuda anni Awurade, wɔn Onyankopɔn, ahyɛdeɛ so. Wɔfaa ɛkwan bɔne a Israel faa so no so. 20Ɛno enti, Awurade poo Israel asefoɔ nyinaa. Ɔde wɔn maa wɔn atamfoɔ, nam so twee wɔn aso, kɔsii sɛ wɔsɛee wɔn.

21Na ɛberɛ a Awurade tee Israel firii Dawid ahemman ho no, wɔfaa Nebat babarima Yeroboam, de no dii wɔn so ɔhene. Na Yeroboam maa Israelfoɔ gyaee Awurade akyidie, ma wɔyɛɛ bɔne kɛseɛ. 22Na Israelfoɔ no kɔɔ so nantee Yeroboam akwammɔne no so. Wɔannyae ahonisom ho bɔneyɛ no, 23kɔsii sɛ, ne korakora, Awurade pepaa wɔn firii hɔ, sɛdeɛ nʼadiyifoɔ hyɛɛ ho nkɔm sɛ ɛbɛba no. Enti, wɔtwaa Israel asuo kɔɔ Asiria asase so baabi a wɔte bɛsi ɛnnɛ yi.

Amamfrafoɔ Kɔtena Israel

24Na Asiriahene twee nnipa akuakuo firii Babilonia, Kuta ne Awa, Hamat ne Sefarwaim, de wɔn bɛduaa Samaria nkuro so, ma wɔsii Israelfoɔ ananmu. Enti Asiriafoɔ no faa Samaria ne Israel nkuro a ɛkeka ho no. 25Nanso, ɛsiane sɛ saa ahɔhoɔ atutenafoɔ yi ansom Awurade ɛberɛ a wɔduruu hɔ ara pɛ no enti, Awurade maa agyata kɔɔ wɔn mu, kɔkunkumm wɔn mu bi. 26Enti, wɔde nkra kɔmaa Asiriahene sɛ, “Nnipa a woabɔ wɔn atenaseɛ wɔ Israel nkuro so no nnim sɛdeɛ wɔsom asase no so Onyankopɔn. Wasoma agyata akɔ wɔn mu, akɔsɛe wɔn, ɛfiri sɛ, wɔansom no anisɔ mu.”

27Ɛnna Asiriahene nso hyɛɛ sɛ, “Soma asɔfoɔ a wɔatwa wɔn asuo no mu baako firi Samaria, na ɔnsane nkɔ Israel. Ma ɔnkyerɛ ahɔhoɔ no ɛkwan a wɔfa so som asase no so Onyankopɔn.” 28Enti, asɔfoɔ a wɔatwa wɔn asuo afiri Samaria no mu baako sane kɔɔ Bet-El, kɔkyerɛɛ ahɔhoɔ no kwan a wɔfa so som Awurade.

29Nanso, saa ahɔhoɔ akuakuo ahodoɔ yi kɔɔ so somm wɔn ankasa anyame. Kuro biara a wɔtete mu no, wɔde wɔn ahoni kɔsisii abosonnan a Israelfoɔ no asisi no mu. 30Wɔn a wɔfiri Babilonia no somm wɔn nyame Sukot-Benot ahoni. Wɔn a wɔfiri Kut somm wɔn nyame Nergal. Na wɔn a wɔfiri Hamat somm Asima. 31Awifoɔ somm wɔn anyame Nibhas ne Tartak. Na mpo, nnipa a ɛfiri Sefarwain hyee wɔn ankasa mma sɛ afɔrebɔdeɛ, de maa Adramelek ne Anamelek. 32Saa ahɔhoɔ yi somm Awurade deɛ, nanso wɔyii asɔfoɔ bi firii wɔn mu a, na wɔbɔ afɔdeɛ wɔ abosonnan mu. 33Na wɔsom Awurade deɛ, nanso wɔkɔɔ so faa amanneɛ kwan a wɔn aman a wɔfiri so fa so som no so.

34Na yei da so kɔ so wɔ wɔn mu de bɛsi ɛnnɛ. Na wɔda so yɛ kane nnebɔne no a anka ɛsɛ sɛ wɔsom Awurade, di ne mmara, ne nkyerɛkyerɛ ne ahyɛdeɛ a ɔde maa Yakob a ɔsesaa ne din ma ɛbɛyɛɛ Israel asefoɔ no so. 35Nanso, na Awurade ne Yakob asefoɔ ayɛ apam, ahyɛ wɔn sɛ, “Monnsom anyame foforɔ, monnkoto wɔn, na monnsom wɔn, na mommmɔ afɔdeɛ mmma wɔn. 36Awurade a ɔnam nsɛnkyerɛnneɛ akɛseɛ ne tumi so yii mo firii Misraim no nko ara na monsom no. Ɔno nko ara na ɛsɛ sɛ mosom no, na mokoto no, na mobɔ afɔdeɛ ma no. 37Monhwɛ yie, na monni mmara, nkyerɛkyerɛ ne ahyɛdeɛ a ɔtwerɛ maa mo no so. Ɛnsɛ sɛ mosom anyame foforɔ biara. 38Mommma mo werɛ mfiri apam a me ne mo yɛeɛ no, na monnsom anyame foforɔ biara. 39Monsom Awurade, mo Onyankopɔn nko ara. Ɔno na ɔbɛgye mo afiri mo atamfoɔ nyinaa nsam.”

40Nanso, nnipa no antie, kɔɔ so faa wɔn akwan dada no so. 41Enti, ɛberɛ a ahɔhoɔ yi resom Awurade no, berɛ korɔ no ara mu, na wɔresom wɔn ahoni. Na ɛbɛsi ɛnnɛ, wɔn asefoɔ yɛ ade korɔ no ara.