エレミヤ書 51 – JCB & ASCB

Japanese Contemporary Bible

エレミヤ書 51:1-64

51

1神はこう言います。

「わたしは、カルデヤ人の住むバビロンを

隅々まで滅ぼす者たちを、勇気づける。

2ふるい分ける者たちが来て、

バビロンをふるいにかけ、風を起こして吹き飛ばす。

彼らは、災いの日に四方八方から来て、攻め立てる。

3敵の矢はバビロンの射手を倒し、勇士のよろいを貫く。

生き延びる者は一人もいない。

若者も老人もみな、いのちを落とす。

4カルデヤ人の地に倒れ、

めった切りにされて路上で息絶える。

5わたしは、イスラエルとユダを見捨てたわけではなく、

依然として彼らの神である。

だがカルデヤ人の地は、

イスラエルのきよい神に対する罪で満ちている。」

6バビロンから逃げ出し、自分のいのちを救いなさい。

罠にかかってはいけません。

そのまま残ったら、神がバビロンのすべての罪に

報復する時、巻き添えを食います。

7バビロンは、主の御手にある金の杯のようでした。

すべての国々はこれから飲んで、酔いつぶれました。

8ところが今度は、突然、そのバビロンが倒れたのです。

この国のために泣きなさい。薬を与えなさい。

もしかしたら、元どおりになるかもしれません。

9できることなら助けたいのです。

しかし今となっては、どんな手を打っても救えません。

この国を見捨てて、故国へ帰りなさい。

主がこの国に天罰を下したからです。

10主は私たちの顔を立ててくださいました。

さあ、エルサレムで、

神のなさったすべてのことを言い広めましょう。

11矢じりを研ぎ、盾を高く掲げなさい。

主はメディヤ人の王たちを勇気づけて

バビロンに乗り込ませ、

これを滅ぼすことに決めたからです。

これが、神の民を虐待し、

神殿を汚した者たちへの報復です。

12バビロンよ、守備を固め、城壁に見張りを大ぜい立て、

伏兵を隠しておきなさい。

神は宣言したことをみな実行するからです。

13商業の中心地である繁栄した港よ。

いのちの糸が切られる最期の時がきました。

14天の軍勢の主はご自分の名にかけて、こう誓いました。

おまえの町々は、無数のばったが群がる畑のように、

敵兵であふれ返る。

彼らは、天にも届けとばかり、勝ちどきを上げる。

15神は力と知恵をもって地をお造りになりました。

すぐれた知性をもって天を張り広げました。

16神が口を開くと大空に雷がとどろき渡ります。

神は大地から水蒸気を上らせ、ご自分の倉から、

雨と風を伴ういなずまを取り出します。

17神に比べたら、人間は愚かな獣で、

一かけらの知恵もありません。

金細工人は偶像を作るたびに、

ますます良心が鈍くなります。

偶像には、いのちのしるしである息がないのに、

それを作るたびに神ができたと言って、

うそをつくからです。

18偶像は、むなしいものです。

神が来てそれをみな滅ぼす時が近づいています。

19イスラエルの神は偶像ではありません。

この神があらゆるものを造り、

イスラエルをご自分の民としました。

その名は天の軍勢の主です。

20バビロンは神のための戦いの斧であり、また剣です。

主は言います。

「わたしは国々を木端微塵に砕き、

多くの王国を滅ぼすためにおまえを用いる。

21おまえを使って軍勢を蹴散らし、馬と乗り手を倒し、

戦車とそれに乗っている者を打ち砕く。

22おまえを使って、年老いた者も若者も、

若い男も若い女も、

23羊飼いも羊の群れも、農夫も牛も、

指揮官も総督も倒す。

24わたしはイスラエルの目の前で、

バビロンとカルデヤ人に報いる。

彼らがわたしの民に加えたすべての悪に

仕返しするのだ。

25全世界を破壊する大きな山、バビロンよ。

わたしはおまえを攻める。

おまえにこぶしを振り上げ、高い所から突き落とし、

おまえを焼けただれた山にする。

26おまえは永久に荒れ地となり、

おまえの石さえも、建築用として再生されることはない。

おまえは地上から完全に一掃されるのだ。」

27多くの国々に合図して、

バビロンを攻める兵士を集めなさい。

雄たけびをあたりに響かせなさい。

アララテ、ミニ、アシュケナズの軍隊を呼びなさい。

指揮官を決め、長蛇の列をなして馬を進めなさい。

28バビロンめざして、メディヤ人の王たちと将軍たち、

その支配下の国々の軍隊を攻め上らせなさい。

29バビロンは震え、苦痛で身もだえします。

主がこの国について計画したことはみな、

少しも変更されないからです。

バビロンは、だれも住まない荒れ地となります。

30大勇士でも、戦う気力を失い、

仮小屋に引きこもります。

力が尽きて、女のようになるのです。

侵略者たちは家々を焼き、町の門を壊しました。

31伝令が四方八方から王のもとへ駆けつけ、

何もかも失われたと報告します。

32退路はすべて断たれ、とりでは焼き払われ、

兵士たちは大混乱に陥っています。

33イスラエルの神である天の軍勢の主が、

こう言ったからです。

「バビロンは打ち場に積まれた麦のようだ。

もうすぐ、からざおで打たれる。」

34-35バビロンのユダヤ人たちは訴えます。

「バビロンのネブカデネザル王は、私たちを食い物にし、

踏みつけ、骨なしにしました。

怪物のように私たちをのみ込み、

私たちの財宝で腹を満たし、

私たちをイスラエルから追放しました。

バビロンに、このすべての悪事の報いを刈り取らせ、

その手で流した私たちの血を完全に償わせてください。」

36それに対して、主はこうお答えになります。

「わたしはおまえたちを弁護する者となり、

おまえたちのために報復する。

バビロンの川を干上がらせ、水の補給を断つ。

37こうしてバビロンは、石くれの山となり、

山犬が住みつき、だれもいない見るも恐ろしい地となる。

38バビロニヤ人は宴会を開いて、

ライオンのようにほえる。

39彼らがありったけのぶどう酒を飲んで

気持ちが大きくなっている時、

わたしは彼らのために別の宴会を設け、

彼らが意識を失って倒れ、

永遠の眠りにつくまで飲ませる。

40彼らを子羊のように、また雄羊や雄やぎのように、

ほふり場に引いて行く。

41全世界の人のあこがれの的だった、

あの偉大なバビロンは、なぜ倒れたのか。

世界は、バビロンが倒れるのを見て、目を疑う。

42海がせり上がってバビロンを包むと、

それは波に覆われた。

43町々は廃墟となった。

バビロンは、誰ひとり住まず、旅人さえ寄りつかない、

乾ききった荒れ地となる。

44わたしはバビロンの神であるベルを罰し、

その口から、彼がのみ込んだ物を取り出す。

諸国の民は二度と彼を拝まない。

バビロンの城壁は倒れてしまった。

45わたしの民よ、バビロンを脱出し、

わたしの激しい怒りから自分を救いなさい。

46外国の軍隊が近づいて来るといううわさを聞いても、うろたえてはならない。うわさは、いつになっても絶えないものだ。だが、この国に内戦が起こり、各州の総督が互いに戦う時がくる。 47わたしがこの大都市とこの国のすべての偶像を罰する時が、きっとくる。そうなれば、町中に死人が転がるようになる。 48バビロンを攻める強力な軍勢が北から来るので、天も地も喜ぶ。」そう主は言います。 49かつてイスラエルの民を殺したように、今度はバビロンが殺される番です。 50剣から逃れた者は、立ち止まって、あたりの様子を見ていてはいけません。力の限り逃げなさい。主を思い出して、はるかかなたのエルサレムへ帰って行きなさい。 51「バビロンから来た外国人たちの手で神殿が汚されたので、私たちはとても恥ずかしい思いをしました。」

52「そのとおりだ」と、主は言います。しかし、バビロンの偶像が壊される時が近づいています。国中に、傷ついた人のうめき声が聞こえます。 53「たとえ、バビロンが天のように高くなり、その力が信じられないほど増し加わったとしても、必ず死ぬ」と、主は言います。 54カルデヤ人の支配する地、バビロンに上がる大きな破壊の叫びを聞きなさい。 55主はバビロンの息の根を止めます。その大きな声も、やがては大波にのまれて消えます。 56すべてのものを破壊する軍勢が攻めて来て、勇士たちを滅ぼします。武器という武器はどれも、まるで役に立ちません。神がバビロンに与えるものは、当然の刑罰だけです。 57「わたしは、この国の重立った者、知恵のある者、支配者、指揮官、それに勇士たちを酔いつぶす。彼らは深い眠りに落ち、二度と目を覚まさない。」こう天の軍勢の主である王が言います。

58バビロンの厚い城壁はくずれて平らになり、

高い城門も無残に焼け落ちます。

多くの国から呼び集められた建築士は、

造った物が火で焼かれるため、

むだ骨を折ったことに気づきます。

59ゼデキヤ王の治世の第四年に、エレミヤを通して、次のことばがマフセヤの子のネリヤの子セラヤにありました。それは、宿営長セラヤがユダのゼデキヤ王と共に捕まり、バビロンへ流される、というものでした。 60エレミヤは、先に書いたような、神がバビロンに下そうとしているすべての災害を巻物に書き留め、 61-62その巻物をセラヤに渡して言いました。「バビロンに着いたら、私の書いたことを読み、次のように言いなさい。『主よ。あなたはバビロンを滅ぼし、そこを猫の子一匹いない、永遠に見捨てられた所にする、と語りました。』 63-64読み終えたら、石を結びつけてユーフラテス川に投げ込み、こう言いなさい。『このように、バビロンは沈み、二度と浮かび上がらない。わたしがこの国に災いを招くからだ。』」

これで、エレミヤのことばは終わります。

Asante Twi Contemporary Bible

Yeremia 51:1-64

1Yei ne deɛ Awurade seɛ:

“Monhwɛ, mɛkanyane ɔsɛefoɔ bi honhom

atia Babilonia ne nnipa a wɔwɔ Leb Kamai.

2Mɛsoma amanfrafoɔ akɔ Babilonia

sɛ wɔnkɔhuhu ne so na wɔnsɛe nʼasase;

wɔbɛtia no wɔ afanan nyinaa

wɔ nʼamanehunu da no.

3Mma agyantoni mpoma nʼagyan,

mma ɔnhyɛ ne nkataboɔ.

Mma ne mmeranteɛ mfa wɔn ho nni;

sɛe nʼakodɔm no pasaa.

4Wɔbɛhwehwe ase a wɔatotɔ wɔ Babilonia,

a wɔapirapira yie wɔ ne mmɔntene so.

5Na Asafo Onyankopɔn Awurade,

nnyaa Israel ne Yuda hɔ.

Ɛwom sɛ afɔdie ahyɛ wɔn asase no so ma

wɔ Israel Ɔkronkronni no anim, nanso ɔkɔ so ara yɛ wɔn Onyankopɔn.

6“Monnwane mfiri Babilonia!

Montu mmirika mpere mo nkwa!

Mommma wɔnsɛe mo ɛsiane wɔn bɔne enti.

Awurade aweretɔberɛ aso;

ɔde deɛ ɛfata no bɛtua wɔn ka.

7Na Babilonia yɛ sikakɔkɔɔ kuruwa wɔ Awurade nsam;

ɔmaa asase nyinaa boroo nsã.

Aman no nom ne nsã;

ɛno enti, afei, wɔabobɔ adam.

8Babilonia bɛhwe ase abubu mpofirim.

Montwa ne ho agyaadwoɔ!

Mompɛ ne yea no ano aduro;

ebia ne ho bɛtɔ no.

9“ ‘Anka yɛbɛsa Babilonia yadeɛ,

nanso wɔntumi nsa no yadeɛ;

momma yɛnnya no hɔ na obiara nkɔ nʼankasa asase so,

ɛfiri sɛ nʼatemmuo aduru ɔsorosoro.

Ɛforo ɔsoro te sɛ omununkum.’

10“ ‘Awurade abu yɛn bem.

Mommra, momma yɛnka wɔ Sion,

deɛ Awurade yɛn Onyankopɔn ayɛ.’

11“Monse agyan no ano!

Momfa nkataboɔ no!

Awurade ahwanyane Mede ahemfo no,

ɛfiri sɛ ne botaeɛ ne sɛ ɔbɛsɛe Babilonia.

Awurade bɛtɔ were

aweretɔ ama nʼasɔrefie no.

12Mompagya frankaa bi ntia Babilonia afasuo!

Mommia banbɔ mu,

momma awɛmfoɔ no nnyinagyina.

Monsiesie ahintaeɛ!

Awurade bɛma nʼatirimpɔ aba mu,

deɛ wahyɛ atia Babilonia no.

13Mo a motete nsuwansuwa bebree ho

na akoradeɛ abu mo so,

mo awieeɛ aba,

ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔtwa mo twene no.

14Asafo Awurade aka ne ho ntam sɛ:

mede nnipa bɛhyɛ wo ma sɛ mmɛbɛ,

na wɔabɔ ose wɔ wo so.

15“Ɔde ne tumi bɔɔ asase;

ɔtoo ewiase fapem wɔ ne nyansa mu

na ɔde ne nhunumu trɛɛ ɔsorosoro mu.

16Sɛ ɔbobɔm a, ɔsoro nsuo woro so;

ɔma omununkum ma ne ho so firi nsase ano.

Ɔsoma anyinam ka ɔsutɔ ho

na ɔma mframa bɔ firi nʼakoradan mu.

17“Onipa biara nnim nyansa, na ɔnni nimdeɛ;

sikadwumfoɔ biara anim agu ase, ɛsiane nʼahoni enti.

Ne nsɛsodeɛ yɛ atorɔ;

wɔnni ahome biara wɔ wɔn mu.

18Wɔn ho nni mfasoɔ, wɔyɛ aseredeɛ nneɛma;

sɛ wɔn atemmuo duru so a, wɔbɛyera.

19Deɛ ɔyɛ Yakob Kyɛfa no nte sɛ yeinom,

ɛfiri sɛ ɔno ne adeɛ nyinaa Yɛfoɔ

a nʼadedie abusuakuo ka ho bi.

Asafo Awurade ne ne din.

20“Woyɛ me ko asaeɛ,

mʼakodeɛ a mede kɔ ɔsa;

mede wo dwerɛ amanaman,

mede wo sɛe ahennie bebree,

21mede wo bobɔ apɔnkɔ ne wɔn sotefoɔ,

teaseɛnam ne wɔn kafoɔ,

22mede wo dwerɛ mmarima ne mmaa,

mede wo dwerɛ nkɔkoraa ne mmabunu,

mede wo dwerɛ mmeranteɛ ne mmabaawa,

23mede wo dwerɛ nnwanhwɛfoɔ ne nnwankuo,

mede wo dwerɛ akuafoɔ ne anantwie,

mede wo dwerɛ amradofoɔ ne adwumayɛfoɔ.

24“Mɛtua Babilonia ne wɔn a wɔtete Babilonia ka wɔ mfomsoɔ a wɔayɛ wɔ Sion nyinaa, wɔ wʼanim,” Awurade na ɔseɛ.

25“Ao, bepɔ sɛefoɔ me ne wo anya,

wo a wosɛe asase nyinaa no,”

Awurade na ɔseɛ.

“Mɛtene me nsa wɔ wo so

mɛpia wo afiri abotan no so,

na mayɛ wo sɛ bepɔ a ɛnka hwee.

26Wɔremfa ɔboɔ biara mfiri wo so nyɛ tweatiboɔ

anaa sɛ fapem mpo,

ɛfiri sɛ wobɛda mpan afebɔɔ,”

Awurade na ɔseɛ.

27“Mompagya frankaa wɔ asase no so!

Monhyɛn totorobɛnto no wɔ amanaman no mu!

Monsiesie amanaman no ma wɔnkɔko ntia no;

Momfrɛfrɛ saa ahennie ahodoɔ yi ntia no:

Ararat, Mini ne Askenas.

Monnyi ɔsahene ntia no;

momfa apɔnkɔdɔm te sɛ mmɛbɛ mmra.

28Monsiesie amanaman no ma wɔntu ne so sa,

mo ne Mede ahemfo,

wɔn amradofoɔ ne wɔn adwumayɛfoɔ nyinaa,

ne aman a wɔdi wɔn so nyinaa.

29Asase no woso, na ɔnukanuka ne mu,

ɛfiri sɛ Awurade atirimpɔ a ɛtia Babilonia

sɛ ɔbɛsɛe Babilonia asase a

obiara rentumi ntena so no nsesaeɛ.

30Babilonia nnɔmmarima agyae ko;

wɔhyehyɛ wɔn aban mu.

Wɔn ahoɔden asa;

wɔayɛ sɛ mmaa.

Wɔatoto nʼatenaeɛ ahodoɔ no mu ogya,

na wɔabubu nʼapono akyi adaban.

31Abɔfoɔ didi so

asomafoɔ didi so a

wɔrekɔbɔ Babiloniahene amaneɛ sɛ,

wɔafa ne kuropɔn no,

32wɔagye atwaeɛ a ɛdeda asubɔnten no so afa,

na wɔde ogya ato ɔwora no mu,

na asraafoɔ no abɔ huboa.”

33Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ:

“Ɔbabaa Babilonia ayɛ sɛ ayuporobea

wɔ ɛberɛ a wɔretiatia hɔ.

Aka kakraa bi, na ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔtwa no sɛ nnɔbaeɛ no aduru.”

34“Babiloniahene Nebukadnessar adwerɛ yɛn,

ɔde yɛn ato ɔhaw mu,

wayɛ yɛn sɛ ahina a hwee nni muo.

Wamene yɛn sɛ ɔtweaseɛ no

na ɔde yɛn nneɛma a ɛyɛ dɛ ahyɛ ne yafunu ma,

na wape yɛn afiri nʼanom agu.

35Ma ayakayakadeɛ a wɔde dii yɛn honam no mmra Babilonia so,”

nnipa a wɔtete Sion na wɔka.

“Ma yɛn mogya ngu wɔn a wɔtete Babilonia so,”

Yerusalem na ɔka.

36Enti yei ne deɛ Awurade seɛ:

“Hwɛ, mɛdi mo asɛm ama mo

na matɔ were ama mo;

Mɛma ɛpo a ɛwɔ no no awe

na mama ne asutene awewe.

37Babilonia bɛyɛ mmubuiɛ sie,

sakraman atu

ahodwiredeɛ ne fɛdideɛ,

baabi a obiara nteɛ.

38Ne nkurɔfoɔ nyinaa bobom sɛ agyata,

wɔpɔ so te sɛ agyata mma.

39Nanso ɛberɛ a wɔahwanyane wɔn ho no

mɛto ɛpono ama wɔn

na mama wɔaboboro nsã

sɛdeɛ wɔde nteateam bɛdi ahurisie,

na wɔadeda a wɔrennyane bio,”

Awurade na ɔseɛ.

40“Mede wɔn bɛba

te sɛ nnwammaa a wɔrekɔkum wɔn,

te sɛ, nnwennini ne mpapo.

41“Wɔbɛfa Sesak,

Sesak a agye asase nyinaa ayɛyie no!

Babilonia bɛyɛ ahodwiredeɛ

wɔ amanaman no mu!

42Ɛpo bɛbunkam afa Babilonia so;

na nʼasorɔkye bɛkata ne so.

43Ne nkuro bɛda mpan.

Ɛbɛyɛ anweatam a ɛso awo,

asase a obiara nte soɔ,

na obiara nntu ɛkwan mfa so.

44Mɛtwe Bel aso wɔ Babilonia

na mama wape deɛ wamene agu.

Amanaman no nnto santene nkɔ ne nkyɛn bio.

Na Babilonia ɔfasuo bɛbubu.

45“Me nkurɔfoɔ, Momfiri ne mu mfi!

Montu mmirika mpere mo nkwa!

Monnwane mfiri Awurade abufuhyeɛ ano.

46Mommma mo bo ntu na monnsuro

sɛ mote atesɛm wɔ asase no so a;

atesɛm bɛba afeɛ yi na foforɔ bɛba afedan,

basabasayɛ ho atesɛm bɛba asase no so

a ɛfa sodifoɔ a wɔsɔre tia afoforɔ ho.

47Na ampa ara ɛberɛ no bɛba

a mɛtwe Babilonia ahoni aso;

nʼasase no nyinaa anim bɛgu ase

na nʼatɔfoɔ nyinaa bɛhwehwe ase wɔ ne so.

48Ɔsoro ne asase ne deɛ ɛwo mu nyinaa

de ahosɛpɛ bɛteam agu Babilonia so,

ɛfiri sɛ ɔsɛefoɔ bɛfiri atifi fam

abɛto ahyɛ ne so,”

Awurade na ɔseɛ.

49“Ɛsɛ sɛ Babilonia hwe ase, ɛsiane Israel atɔfoɔ enti,

sɛdeɛ atɔfoɔ a wɔwɔ ewiase nyinaa ahwehwe ase

ɛsiane Babilonia enti no.

50Mo a mo adwane afiri akofena ano,

monkɔ na monntwentwɛn mo nan ase!

Monkae Awurade wɔ akyirikyiri asase so,

na monnwene Yerusalem ho.”

51“Wɔagu yɛn anim ase,

ɛfiri sɛ wasopa yɛn

na fɛreɛ akata yɛn anim,

ɛfiri sɛ amanfrafoɔ ahyɛne

Awurade efie kronkronbea ahodoɔ hɔ.”

52“Nanso nna bi reba,” Awurade na ɔseɛ,

“a mɛtwe nʼahoni aso,

na nʼasase so nyinaa

apirafoɔ bɛsi apinie.

53Sɛ Babilonia kɔka ɔsoro mpo,

na ɔmiamia nʼaban tenten banbɔ mu a,

mɛsoma ɔsɛefoɔ abɛtia no,”

Awurade na ɔseɛ.

54“Osu nnyegyeeɛ bi firi Babilonia,

ɔsɛeɛ kɛseɛ bi nnyegyeeɛ

firi Babiloniafoɔ asase so.

55Awurade bɛsɛe Babilonia;

ɔbɛma nʼasotuatua nnyegyeeɛ no agyae.

Atamfoɔ a wɔte sɛ ahum bɛtu sɛ nsuo akɛseɛ aba ne so;

wɔn mmobom bɛgyegye.

56Ɔsɛefoɔ bi bɛba abɛtia Babilonia;

wɔbɛfa ne nnɔmmarima nnommum

na wɔbɛbubu wɔn tadua mu.

Ɛfiri sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn a ɔhyɛ anan mu;

ɔbɛtua so ka pɛpɛɛpɛ.

57Mɛma nʼadwumayɛfoɔ ne nʼanyansafoɔ aboro nsã,

nʼamradofoɔ, ne mpanimfoɔ ne nnɔmmarima nso saa ara;

wɔbɛdeda afebɔɔ a wɔrennyane,”

sei na ɔhempɔn a ne din ne Asafo Awurade no seɛ.

58Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ:

“Wɔbɛdwiri Babilonia afasuo a ɛtrɛ no agu fam

na wɔbɛto nʼapono a ɛwoware no mu ogya;

nnipa no ha wɔn ho kwa,

ɔman no adwumayɛ ma ogya no dɛre mmom.”

59Yei ne asɛm a Yeremia ka kyerɛɛ Neria babarima Seraia a ɔyɛ adwumayɛfoɔ panin na ɔyɛ Maseia nana no, ɛberɛ a ɔne Yudahene Sedekia kɔɔ Babilonia wɔ nʼadedie afe a ɛtɔ so ɛnan no mu. 60Na Yeremia atwerɛ amanehunu a ɛbɛba Babilonia so no nyinaa agu nwoma mmobɔeɛ so, deɛ watwerɛ a ɛfa Babilonia ho nyinaa. 61Ɔka kyerɛɛ Seraia sɛ, “Sɛ woduru Babilonia a, hwɛ sɛ wo bɛkenkan saa nsɛm yi nyinaa sɛdeɛ obiara bɛte. 62Afei, ka sɛ, ‘Ao Awurade, woaka sɛ wobɛsɛe beaeɛ yi sɛdeɛ onipa anaa aboa biara rentumi ntena so; na ɛbɛda mpan afebɔɔ.’ 63Sɛ wokenkane nwoma mmobɔeɛ yi wie a, kyekyere fam ɛboɔ ho, na to twene Asubɔnten Eufrate mu. 64Afei ka sɛ, ‘Sei na Babilonia ne ne nkurɔfoɔ bɛmem a wɔrensɔre bio, ɛsiane amanehunu a mede bɛba ne so no enti.’ ”

Yeremia nsɛm no awieeɛ nie.