エズラ記 7 – JCB & ASCB

Japanese Contemporary Bible

エズラ記 7:1-28

7

エズラの帰還

1-5ここに、ペルシヤ王アルタシャスタの時代にバビロンからエルサレムに帰還した、エズラという人の系図があります。

エルアザル――ピネハス――アビシュア――ブキ――ウジ――ゼラヘヤ――メラヨテ――アザルヤ――アマルヤ――アヒトブ――ツァドク――シャルム――ヒルキヤ――アザルヤ――セラヤ――エズラ。

エルアザルの父は祭司のかしらアロンです。

6エズラはユダヤの宗教的指導者にふさわしく、主がイスラエルの民に与えたモーセの律法に精通していました。彼は神に祝福されていたので、王にエルサレム帰還を願い出て許されました。 7-9同行者には、祭司、レビ人、聖歌隊員、門衛、神殿奉仕者などのほか、一般人も大ぜい含まれていました。一行は、アルタシャスタ王の第七年、第一の月にバビロンを発ち、その年の第五の月にはエルサレムに着きました。主が旅の間も彼を守っていたからです。 10エズラは、主の律法を学んで実行し、教師となってイスラエル中に律法を教え広めようと心に決めていました。

11主のおきてと戒めを学んでいる祭司エズラに、アルタシャスタ王は次のような手紙を送りました。

12「王の王アルタシャスタから、祭司であり、天の神の律法の教師であるエズラへ。

13わが国内のユダヤ人は、祭司であろうとレビ人であろうと、だれでもあなたとともにエルサレムへ戻ってよい。 14王および七人の議官は、あなたが主の律法の写しをユダ、つまりエルサレムへ持ち帰り、宗教面での進展ぶりを報告するよう命じる。 15また、われわれがイスラエルの神にささげたいと思っている金銀をエルサレムに届けるようにも命じる。 16そのほか、国中のユダヤ人や祭司が進んでささげる金銀も集めて帰るがよい。 17これらの献金は、まず、いけにえ用の雄牛と雄羊と子羊、また、穀物とぶどう酒のささげ物を買いそろえるために用い、エルサレムに着いたら、それらすべてを神殿の祭壇にささげてほしい。 18残金の使い道は、あなたやあなたの同胞の考えに任せる。神の御心に添うように用いるがよい。 19また、われわれが神殿に奉納する金の器や、祭具類も持って行きなさい。 20どうしても神殿再建の資金が不足する場合には、王室の宝物倉から調達してもよい。

21私はユーフラテス川西方のすべての財務担当者に、次のように命じよう。『祭司であり、天の神の律法を説く教師であるエズラの要請があれば、何でも提供しなさい。 22銀は百タラント(三百四十キログラム)まで、小麦は百コル(二十三キロリットル)まで、ぶどう酒は百バテ(二千三百リットル)まで、塩はいくらでも与えてよろしい。 23神殿再建に必要なものは何でも提供するのだ。神の御怒りが王や王子たちに下るといけないから。 24祭司、レビ人、聖歌隊員、門衛、神殿奉仕者、そのほか神殿で働く者には税金を課してはならない。』

25エズラよ、神から授かった知恵を働かして、ユーフラテス川西方の裁判官や行政官を任命しなさい。人々が主の律法を知らない場合は、教えてやりなさい。 26主の律法や王の法律に従わない者は即刻、死刑、流刑、財産没収、禁固などの刑を科しなさい。」

27ああ、私たちが代々信じてきた神はすばらしい方です。主は王に働きかけ、エルサレムの神殿は美しさを取り戻しました。 28また、王や七人の議官、王室の実力者の居並ぶ前で、私にあのような栄誉をお与えくださいました。私の神、主が共にいてくださったので、私は高い地位を与えられました。それで、いっしょにエルサレムへ帰ろうと指導者たちを説得することができたのです。

Asante Twi Contemporary Bible

Ɛsra 7:1-28

Ɛsra Kɔ Yerusalem

1Persiahene Artasasta ahennie mu mfeɛ bebree akyi no, na ɔbarima bi wɔ hɔ a ne din de Ɛsra. Na ɔyɛ Seraia babarima a ɔyɛ Asaria babarima, na ɔno nso yɛ Hilkia babarima 2na ɔno nso yɛ Salum babarima a ɔyɛ Sadok babarima a ɔyɛ Ahitub babarima 3na ɔno nso yɛ Amaria babarima a ɔyɛ Asaria babarima na ɔno nso yɛ Meraiot babarima 4a ɔyɛ Serahia babarima a ɔyɛ Usi babarima a ɔno nso yɛ Buki babarima 5a ɔno yɛ Abisua babarima, a ɔyɛ Pinehas babarima, a ɔno nso yɛ Eleasa babarima, a ɔyɛ Aaron a ɔyɛ ɔsɔfopanin no babarima. 6Na saa Ɛsra yi yɛ mmara no kyerɛkyerɛni a ɔnim Mose mmara no a Awurade, Israel Onyankopɔn, de ama Israelfoɔ no yie. Ɔfiri Babilonia baa Yerusalem na biribiara a ɔbisaa ɔhene no, ɔde maa no, ɛfiri sɛ, na Awurade ahummɔborɔ nsa no wɔ ne so. 7Israelhene no ne asɔfoɔ, Lewifoɔ, nnwomtofoɔ, aponoanohwɛfoɔ ne asɔredan mu asomfoɔ ne no kɔɔ Yerusalem, ɔhene Artasasta ahennie mfeɛ nson so.

8Saa afe no, Ab bosome (bɛyɛ Ɔsannaa) mu na Ɛsra kɔɔ Yerusalem. 9Ɔfirii Babilonia Abib bosome (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛtɔ so nwɔtwe, na ɔkɔɔ Yerusalem Ab bosome (bɛyɛ Ɔsannaa) da a ɛtɔ so ɛnan. Na Onyankopɔn ahummɔborɔ nsa wɔ ne so. 10Ɛfiri sɛ, na Ɛsra asi nʼadwene pi sɛ, ɔbɛsua, na wadi Awurade mmara so, na wakyerɛ Israelfoɔ saa mmara no.

11Na ɔhene Artasasta de krataa no sɛso ama ɔsɔfoɔ Ɛsra, a ɔyɛ mmara no kyerɛni a ɔsuaeɛ, na ɔkyerɛɛ Israelfoɔ Awurade mmara no. Ɔtwerɛɛ sɛ:

12Me ahene mu ɔhene Artasasta, nkyea a merekyea ɔsɔfoɔ Ɛsra ne Awurade a ɔte sorosoro no mmarakyerɛni no nie:

13Mahyɛ mmara sɛ, Israelni biara a ɔte mʼahemman mu a asɔfoɔ ne Lewifoɔ ka ho no nyinaa mfiri wɔn pɛ mu ne wo nkɔ Yerusalem. 14Me ne mʼagyinatufoɔ baason no ahyɛ wo sɛ, gyina wo Onyankopɔn mmara a ɛhyɛ wo nsam no so yɛ nhwehwɛmu fa Yuda ne Yerusalem tebea ho. 15Yɛbɔ wʼaba so nso sɛ, fa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ bi a yɛde rema wo sɛ afɔrebɔdeɛ a yɛrebɔ ama Israel Onyankopɔn a ɔte Yerusalem no kɔ. 16Ɛno akyi, gye dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ biara a wobɛnya afiri Babilonia ne deɛ wɔde bɛkyɛ wo biara afiri ɔmanfoɔ ne asɔfoɔ nkyɛn a wɔde ama sɛ, wɔmfa nkɔ wɔn Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no ho. 17Saa akyɛdeɛ yi, deɛ ɛsɛ sɛ wɔde tɔ ara yɛ anantwinini, nnwennini, nnwammaa ne atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛfata ne nsã afɔrebɔdeɛ a wɔde ne nyinaa bɛbɔ afɔdeɛ wɔ Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no afɔrebukyia so.

18Sika biara a ɛbɛka no, wo ne wʼafɛfoɔ mfa nni dwuma biara a mogye di sɛ ɛyɛ mo Onyankopɔn pɛ. 19Na nkuku ne nkaka a yɛde rehyɛ wo nsa de adi mo Onyankopɔn asɔredan no ho dwuma no, fa ne nyinaa ma Onyankopɔn a ɔwɔ Yerusalem no. 20Sɛ mo sika sa wɔ biribi a ɛho hia mo Onyankopɔn asɔredan ho anaa biribi a ɛte saa ho a, mommisa sika mfiri adehyeɛ fotoɔ mu.

21Me ɔhene Artasasta, hyɛ mmara de kɔ agyapadeɛ akoraeɛ a ɛwɔ asuo Eufrate apueeɛ fam sɛ: Biribiara a Ɛsra bisa no, momfa mma no, ɛfiri sɛ, ɔyɛ ɔsɔfoɔ ne ɔsorosoro Onyankopɔn no mmara kyerɛkyerɛni. 22Ɛsɛ sɛ moma no kɔsi dwetɛ nkariboɔ kilogram mpem mmiɛnsa ne ahanan, atokoɔ susukora ahanum, nsã gyare ahanum aduonum, ngo gyare ahanum aduonum ne nkyene a wɔbu ano a ɛnyɛ yie. 23Monhwɛ yie, na biribiara a Onyankopɔn a ɔte ɔsorosoro abisa ama nʼasɔredan no, momfa mmra. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn abufuo ba ɔhene ne ne mmammarima so? 24Mesane hyɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ ɔsɔfoɔ, Lewini, dwomtofoɔ, ɛpono ano sohwɛfoɔ, asɔredan mu ɔsomfoɔ anaa obiara a ɔyɛ adwuma wɔ asɔredan mu tua toɔ biara.

25Na wo Ɛsra, ɛsɛ sɛ wode nyansa a Onyankopɔn de ama wo no yi asɛnnifoɔ ne atemmufoɔ a wɔnim mo Onyankopɔn mmara no, na wɔdi nnipa a wɔwɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam no nyinaa so. Sɛ nnipa nnim saa mmara no a, ɛsɛ sɛ wokyerɛkyerɛ wɔn. 26Obiara a ɔbɛbu mo Onyankopɔn, ne ɔhene mmara so no, wɔbɛkum no, wɔbɛtwa no asuo, wɔbɛfa nʼagyapadeɛ anaa wɔde no bɛto afiase sɛ asotwe.

27Ayɛyie nka Awurade, yɛn agyanom Onyankopɔn a ɔmaa ɔhene adwene sɛ ɔnsiesie Awurade asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no. 28Na ayɛyie nka no sɛ, ɔdaa ne dɔ kann adi kyerɛɛ me, hyɛɛ me animuonyam wɔ ɔhene, nʼagyinatufoɔ ne nʼahenemma atumfoɔ no anim. Ɛhyɛɛ me nkuran, ɛfiri sɛ, na Awurade, me Onyankopɔn nsa wɔ me so. Na meboaboaa Israel ntuanofoɔ no bi ano sɛ, wɔnka me ho na yɛnkɔ Yerusalem.