エズラ記 6 – JCB & ASCB

Japanese Contemporary Bible

エズラ記 6:1-22

6

ダリヨス王の返答

1ダリヨス王は、文書が保管してあるバビロンのあらゆる書庫を調べさせました。 2その結果、メディヤ州のアフメタ城内で記録が発見されました。それには、こう記されていたのです。

3「クロス王の治世の元年に、エルサレムの神殿に関する命令が出された。かつてユダヤ人がいけにえをささげていたその神殿を再建し、基礎をしっかり築き直すようにというものである。神殿の高さは六十キュビト(二十六・四メートル)、幅も六十キュビトである。 4土台は巨大な石の層三段、最上層は木材を用いること。経費はすべて王が負担する。 5ネブカデネザルが持って来た金銀の祭具はエルサレムに戻し、元どおり神殿に安置すること。」

6そこでダリヨス王は、総督タテナイ、シェタル・ボズナイはじめ、ユーフラテス川西方の高官たちに、次のような手紙を送りました。

「神殿工事を中止させてはならない。元どおりに再建させなさい。 7ユダヤ人の総督と工事責任者たちの妨害をしてはならない。 8むしろ、あなたがたの領地で徴収される税から、遅滞なく費用を支払うよう命じる。 9エルサレムの祭司たちのためには、焼き尽くすいけにえに使う若い雄牛、雄羊、子羊を調達してやること。また、小麦、ぶどう酒、塩、オリーブ油も毎日怠りなく与えること。 10そうして、彼らが天の神の喜ぶ供え物をささげられるようにして、私やわが子のために祈るようにさせよ。 11この命令を少しでも変えようとする者があれば、その家から梁を引き抜き、その者をかける絞首台とし、その家を取りつぶす。 12エルサレムの町をお選びになった神は、もしこの命令を破り、神殿を破壊しようとする王がいれば、その国を滅ぼさずにはおかない。私は命じる。万全の注意を払って、この命令を守るようにせよ。」

神殿の完成と過越の祭り

13総督タテナイ、シェタル・ボズナイたちは、直ちにダリヨス王の命令に従いました。

14ユダヤ人指導者たちは預言者ハガイやゼカリヤの語ることばに大いに励まされて工事を続けました。神の命令と、ペルシヤ王クロス、ダリヨス、アルタシャスタの布告どおり、ついに神殿が完成しました。 15それは、ダリヨス王の第六年、第十二の月の三日でした。

16祭司、レビ人をはじめ、すべての者が神殿の奉献を祝いました。 17雄牛百頭、雄羊二百頭、子羊四百頭がいけにえとしてささげられ、雄やぎ十二頭がイスラエル十二部族の罪の赦しのためのいけにえとしてささげられました。 18そして祭司とレビ人は、モーセの律法にのっとってさまざまな奉仕の班に組み分けされ、神に仕えることになりました。

19第一の月の十四日には過越の祭りが祝われました。 20すでに、多くの祭司やレビ人が献身を新たにしていたからです。 21-22また、ユダ在住の外国人の中には、彼らの不道徳な習慣と縁を切り、イスラエル人とともに主を礼拝する者もいました。人々は国をあげて過越のいけにえを食し、七日間にわたって種なしパンの祭りを祝いました。アッシリヤ(直接にはペルシヤ)の王がイスラエルに寛大な態度を示し、神殿の再建に当たって力を貸したので、国中が喜びにあふれていました。

Asante Twi Contemporary Bible

Ɛsra 6:1-22

Dario Ma Asɔredansie Ho Ɛkwan

1Enti, ɔhene Dario hyɛɛ sɛ, wɔnkɔnpɛnsɛmpɛnsɛm Babilonia nneɛma dada akoraeɛ hɔ baabi a wɔkora nneɛma a ɛsom bo no. 2Na Ekbatana aban a ɛwɔ Mediaman no mu na wɔhunuu krataa mmobɔeɛ bi. Na emu nsɛm nie:

Asɛnkaeɛ krataa:

3Ɔhene Kores dii adeɛ nʼafe a ɛdi so no, wɔhyɛɛ mmara faa Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no ho.

Ɛkaa sɛ, ɛsɛ sɛ wɔsane si no wɔ beaeɛ a na Yudafoɔ bɔ wɔn afɔdeɛ hɔ, wɔ fapem dada no so. Ɛsɛ sɛ ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduɔkron, na ne tɛtrɛtɛ mu nso yɛ anammɔn aduɔkron. 4Aboɔ a wɔasiesie no sononko no ntosoɔ mmiɛnsa biara so no, ɛsɛ sɛ wɔde nnua gu so. Na adehyeɛ fotoɔ mu na wɔbɛfiri atua ho ka. 5Sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nkuku ne nkaka a Nebukadnessar tase firii Onyankopɔn asɔredan a ɛsi Yerusalem no mu de kɔɔ Babilonia no, ɛsɛ sɛ wɔsane de kɔ Yerusalem, de kɔgu Onyankopɔn asɔredan no mu sɛdeɛ na ɛteɛ no.

6Na ɔhene Dario too saa nkra yi: Mede krataa yi kɔma amrado Tatenai a ɔwɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam ne Setar-Bosnai ne mo mfɛfoɔ ne mpanimfoɔ a wɔwɔ Eufrate atɔeɛ fam sɛ monnkɔ hɔ. 7Monnkɔtwintwane Onyankopɔn asɔredan no sie. Wɔnsi no wɔ beaeɛ dada mu hɔ ara, na monntwintwane Yuda amrado ne Yudafoɔ mpanimfoɔ ananmu wɔ adwuma no yɛ mu.

8Na mesane hyɛ mo bio sɛ, mommoa saa Yudafoɔ mpanimfoɔ no wɔ Onyankopɔn asɔredan no sie mu.

Ɛsɛ sɛ motua adansie no ho ka nyinaa firi me toɔ a mogyegye firi Eufrate asuogya hɔ, a monntwentwɛn so koraa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a adwuma no bɛkɔ so ama wɔawie. 9Biribiara a ɛho hia asɔfoɔ a wɔwɔ Yerusalem, sɛ ebia, nantwie mma, nnwennini ne nnwammaa a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama Onyankopɔn a ɔwɔ ɔsorosoro no, momfa mma wɔn. Afei, momma wɔn atokoɔ, nkyene, nsã ne ngo a ɛho bɛhia wɔn da biara a monnto mu. 10Sɛ ɛba saa a, wɔbɛtumi abɔ afɔdeɛ a ɛsɔ ani ama ɔsorosoro Onyankopɔn, na wɔabɔ mpaeɛ ama me ne me mmammarima.

11Wɔn a wɔbɛbu mmara no so wɔ ɛkwan biara so no, wɔbɛyi wɔn adan so mpunan. Na wɔde wɔn abobɔ mu, abɔ wɔn mmaa, ama wɔn afie adwiri, adane nkunkumasie. 12Onyankopɔn a wayi Yerusalem kuro sɛ beaeɛ a wɔnhyɛ ne din animuonyam no nsɛe ɔhene anaa ɔman biara a wɔbɛbu ne mmara so asɛe asɔredan no.

Me Dario na mahyɛ saa mmara yi. Ma ɔmanfoɔ ntie no aso pa mu.

13Na Tatenai a ɔyɛ asuo Eufrate atɔeɛ amrado ne Setar-Bosnai ne nʼafɛfoɔ dii Dario mmara a ɔhyɛeɛ no so prɛko pɛ. 14Enti, Yudafoɔ mpanimfoɔ toaa wɔn dwumadie no so na asɛnka a adiyifoɔ Hagai ne Ido babarima Sakaria kaeɛ no hyɛɛ wɔn nkuran. Na, wɔwiee asɔredan no sie, sɛdeɛ, Israel Onyankopɔn hyɛeɛ na Kores, Dario ne Persiahene Artasasta hyɛɛ mmara no. 15Wɔwiee asɔredan no sie Abib (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛtɔ so dumienu, wɔ ɔhene Dario ahennie mfeɛ nsia so.

16Israelfoɔ, asɔfoɔ, Lewifoɔ ne nnipa no nkaeɛ a wɔfiri asutwa mu aba no de ahosɛpɛ too Onyankopɔn asɔredan no din. 17Onyankopɔn asɔredan no dintoɔ afahyɛ no mu no, wɔde anantwie mma ɔha, nnwennini ahanu ne nnwammaa ahanan bɔɔ afɔdeɛ. Na wɔmaa mmirekyie dumienu sɛ bɔne ho afɔrebɔdeɛ, de gyinaa hɔ maa Israel mmusuakuo dumienu no. 18Afei, wɔkyekyɛɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ no mu, sɛdeɛ wɔn akuo ahodoɔ teɛ no, ma wɔsomm wɔ Onyankopɔn asɔredan no mu wɔ Yerusalem, sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Mose Nwoma mu no.

19Adar bosome (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛtɔ so aduonu baako no, wɔn a wɔatwa wɔn asu no a wɔasane aba no dii Twam Afahyɛ. 20Asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no dwiraa wɔn ho, ma wɔn ho te maa afahyɛ no. Enti, wɔkumm Twam Afahyɛ dwammaa maa wɔn a wɔtwaa wɔn asu no a wɔasane aba no nyinaa ne asɔfoɔ a wɔaka ne wɔn ankasa wɔn ho. 21Nnipa a wɔwɔ Israel a wɔfiri asutwa mu aba no ne nnipa no nkaeɛ a wɔwɔ ɔman no mu no a wɔadane afiri wɔn amumuyɛ akwan ho abɛsom Awurade Israel Onyankopɔn no na wɔdii twam aduane no. 22Wɔdii Twam Afahyɛ aduane no, ɛnna wɔde nnanson nso dii Apiti Afahyɛ no. Ahosɛpɛ baa ɔman no mu afanan nyinaa, ɛfiri sɛ, Awurade sesaa Asiriahene adwene a ɔwɔ wɔ wɔn ho, ma ɔboaa wɔn ma wɔsii Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn, asɔredan no.