雅各書 2 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

雅各書 2:1-26

不可以貌取人

1我的弟兄姊妹,你們既然信了我們榮耀的主耶穌基督,就不可以貌取人。 2比方說,一個手戴金飾、衣著華麗的人來參加你們的聚會,一個衣衫襤褸的人也來參加, 3你們就看重那衣著華麗的,對他說:「請上座。」卻對那窮人說:「你站在那邊。」或「坐在我的腳凳邊。」 4你們這樣做難道不是偏心待人,心懷惡意地判斷人嗎?

5我親愛的弟兄姊妹,請聽我說,上帝不是揀選了窮人,使他們在信心上富足,並承受祂應許賜給那些愛祂之人的國度嗎? 6你們反倒侮辱窮人。其實欺壓你們、抓你們上法庭的不是那些富人嗎? 7不正是他們褻瀆你們所敬奉的尊名嗎?

8如果你們能切實行出聖經中「要愛鄰如己」這條至尊的律法,就好了。 9如果你們偏待人,嫌貧愛富,便是犯罪,律法要將你們定罪。 10人只要觸犯律法中的一條,就等於違犯了全部, 11因為那位說「不可通姦」的,也說過「不可殺人」。如果你沒有犯通姦罪,卻殺了人,你仍違犯了律法。 12既然你們要按使人自由的律法受審判,就應該按律法行事為人。 13因為不憐憫人的會受到無情的審判,但憐憫勝過審判。

信心和行為

14我的弟兄姊妹,如果有人自稱有信心,卻沒有行為來證實,有什麼用呢?這種信心能夠救他嗎? 15如果有弟兄姊妹缺衣少食, 16你們只是對他們說:「安心走吧,願你們穿得暖,吃得飽」,卻不幫助他解決實際困難,這有什麼用呢? 17因此,信心若沒有行為,就是死的。

18必有人說:「你有信心,我有行為。」請把你沒有行為的信心指給我看,我就藉著行為把我的信心顯給你看。 19你相信上帝只有一位,你信得沒錯,鬼魔也相信,而且恐懼戰抖。

20愚蠢的人啊,你們不知道沒有行為的信心是死的嗎? 21我們的祖先亞伯拉罕把兒子以撒獻在祭壇上的時候,難道不是因行為而被稱為義人嗎? 22可見他的信心和行為相稱,而且信心要有行為才是完全的。 23這正應驗了聖經的記載:「亞伯拉罕信上帝,就被算為義人」,並且被稱為「上帝的朋友」。 24可見人要被上帝算為義人必須有與信心相稱的行為,並非單有信心。 25還有妓女喇合,她收留使者,把他們藏在家裡,又送他們從別的路逃生,不也是因行為而被稱為義人嗎?

26身體沒有靈魂是死的,同樣,信心沒有行為也是死的。

Asante Twi Contemporary Bible

Yakobo 2:1-26

Kɔkɔbɔ

1Me nuanom, sɛ moyɛ agyidifoɔ wɔ Awurade Kristo animuonyam mu yi, monnyɛ animhwɛ. 2Sɛ mohyia a, ɔdefoɔ a ɔhyɛ mpɛtea ne ntade pa ne ohiani bi nso a ɔhyɛ ntadego nso tumi ba bi. 3Sɛ wode anidie ma deɛ wasiesie ne ho yie no, na woka kyerɛ no sɛ, “Tena saa akonnwa pa yi so,” na woka kyerɛ ohiani no nso sɛ, “Sɔre gyina hɔ anaa tena fam wɔ me nan ase ha” a, 4wodi fɔ sɛ wogyina atemmuo a ɛfiri adwemmɔne mu de nyiyimu abɛto mo mu no ho.

5Me nuanom adɔfoɔ, montie! Onyankopɔn yii ewiase yi mu ahiafoɔ sɛ wɔnyɛ adefoɔ wɔ gyidie mu na wɔanya ahennie a ɔhyɛɛ wɔn a wɔdɔ no no ho bɔ no. 6Nanso, moammu ahiafoɔ! Ɛhefoɔ na wɔdi mo nya twe mo kɔ atemmufoɔ anim? Adefoɔ! 7Wɔne nnipa a wɔkasa tia din pa a wɔde ama mo no.

8Ɛyɛ sɛ modi yɛn Awurade mmara a ɛka sɛ, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho” no so. 9Na sɛ mohwɛ nnipa anim de gye wɔn a, modi ho fɔ na Mmara no tia mo sɛ mmaratofoɔ. 10Obiara a ɔbu mmara no mu baako pɛ so no bu ne nyinaa so. 11Ɛfiri sɛ, deɛ ɔkaa sɛ, “Nsɛe awadeɛ” no, ɔno ara nso na ɔkaa sɛ, “Nni awu.” Na sɛ woansɛe awadeɛ na wodi awu a, woabu mmara so.

12Sɛ woyɛ Kristo apɛdeɛ o, sɛ woanyɛ nʼapɛdeɛ o, wobɛbu wo ho atɛn. Enti hwɛ asɛm a woka ne deɛ woyɛ biara yie. 13Ɛfiri sɛ, obi a wanhunu mmɔbɔ no, Onyankopɔn atemmuo mu no, wɔrenhunu no mmɔbɔ. Nanso atemmuo mu mpo no, Onyankopɔn hunu mmɔbɔ.

14Me nuanom, sɛ obi ka sɛ, “Mewɔ gyidie” na ɔnni gyidie no ho dwuma a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ soɔ? Saa gyidie no bɛtumi agye no nkwa anaa? 15Sɛ anuanom bi wɔ hɔ a ntoma ho hia wɔn na wɔnni aduane dodoɔ nso a wɔbɛdi, 16sɛ wokɔka kyerɛ wɔn sɛ, “Onyame nhyira mo! Mo ho nyɛ mo hye na monnidi yie” na sɛ woamma wɔn asetena yi mu deɛ ɛhia wɔn a, papa bɛn na woayɛ wɔn? 17Saa ara na gyidie teɛ. Sɛ nneyɛeɛ nka ho a, na awu.

18Nanso, obi bɛtumi aka sɛ, “Obi wɔ gyidie na afoforɔ nso wɔ nneyɛeɛ.”

Me mmuaeɛ ne sɛ, “Kyerɛ me sɛdeɛ obi tumi nya gyidie a nneyɛeɛ mmata ho ase. Me deɛ menam me nneyɛeɛ so bɛkyerɛ wo me gyidie.” 19Wogye di sɛ Onyankopɔn baako pɛ na ɔwɔ hɔ? Ɛyɛ! Ahonhommɔne nso gye di saa ara na wɔn ho popo wɔ suro mu.

20Ɔkwasea! Wopɛ sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ gyidie a nneyɛeɛ mmata ho no ho nni mfasoɔ anaa? 21Ɛyɛɛ dɛn na Onyankopɔn buu Abraham bem? Ɛnam ne nneyɛeɛ so sɛ ɔde ne ba Isak maa wɔ afɔrebukyia so no. 22Wohunu sɛ ne gyidie ne ne nneyɛeɛ nyinaa redi dwuma na ne nneyɛeɛ no maa ne gyidie no dii mu. 23Na Atwerɛsɛm no baa mu sɛ, Abraham gyee Onyankopɔn diiɛ na ɛsiane ne gyidie no enti, Onyankopɔn gyee no sɛ ɔteneneeni. Enti wɔfrɛ Abraham Onyankopɔn adamfo. 24Yei da no adi pefee sɛ Onyankopɔn nam onipa nneyɛeɛ so na ɔbu no bem, na ɛnnam ne gyidie nko so.

25Saa ara na ɛte wɔ adwaman Rahab ho. Ne nneyɛeɛ maa Onyankopɔn buu no bem, ɛfiri sɛ, ɔgyee Yudafoɔ bi a wɔsomaa wɔn, boaa wɔn ma wɔdwane faa ɛkwan foforɔ bi so. 26Sɛdeɛ onipadua a honhom nni mu awuo no, saa ara nso na gyidie a nneyɛeɛ mmata ho no nso awuo.