希伯來書 1 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

希伯來書 1:1-14

劃時代的啟示

1在古代,上帝曾藉著先知以各種方式多次向我們的祖先說話; 2在這世界的末期,祂又藉著自己的兒子親自向我們說話。上帝早已立祂承受萬物,並藉著祂創造了宇宙萬物。 3祂正是上帝榮耀的光輝,是上帝本體的真像。祂用自己充滿能力的話語維繫萬物。祂洗淨了世人的罪之後,便坐在天上至高上帝的右邊。 4祂既承受了比天使更高的名分,就遠超越天使。

5上帝從未對任何一個天使說:

「你是我的兒子,我今日成為你父親。」

或說:

「我要作你的父親,你要作我的兒子。」

6上帝差遣祂的長子到世上來時,說:

「上帝的天使都要敬拜祂。」

7上帝提到天使的時候,也只是說:

「上帝使祂的天使成為風,使祂的僕役成為火焰。」

8但論到祂的兒子,祂卻說:

「上帝啊,你的寶座永遠長存,

你以公義的杖執掌王權。

9你喜愛公義,憎惡邪惡。

所以上帝,你的上帝,

用喜樂之油膏你,使你超過同伴。」

10此外又說:

「主啊,太初你奠立大地的根基,

親手創造諸天。

11天地都要消亡,但你永遠長存。

天地都會像衣服漸漸破舊,

12你要像捲外衣一樣把天地捲起來。

天地將如衣服一樣被更換,

但你永遠不變,

你的年日永無窮盡。」

13上帝從未對任何一個天使說:

「你坐在我的右邊,

等我使你的仇敵成為你的腳凳。」

14天使豈不都是服役的靈嗎?他們奉差遣,豈不是去為那些將要承受救恩的人服務嗎?

Asante Twi Contemporary Bible

Hebrifoɔ 1:1-14

Onyankopɔn Akasa

1Mmerɛ a atwam no, na Onyankopɔn nam akwan ahodoɔ bebree so fa adiyifoɔ so kasa kyerɛ yɛn mpanimfoɔ. 2Nanso, mmerɛ a ɛdi akyire no deɛ, ɔnam ne Ba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔno na Onyankopɔn nam ne so bɔɔ ewiase. Na ɔno na Onyankopɔn ayi no sɛ awieeɛ no, nneɛma nyinaa bɛyɛ ne dea. 3Ɔnam hyerɛn a Onyankopɔn animuonyam hyerɛn no so hran. Ɔyɛ Onyankopɔn sɛso pɛpɛɛpɛ, na ɔde nʼasɛm a tumi wɔ mu no sɔ ewiase mu. Ɔtee nnipa ho firii wɔn bɔne mu wieeɛ no, ɔtenaa Otumfoɔ Onyankopɔn nifa so wɔ ɔsoro. 4Ɛno enti, ɔyɛɛ kɛse sene abɔfoɔ no, ɛfiri sɛ, edin a Onyankopɔn de too no no yɛ kɛse sene wɔn deɛ no.

5Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nso anka ankyerɛ nʼabɔfoɔ no mu biara sɛ,

“Woyɛ me Ba;

na ɛnnɛ, mayɛ wʼAgya.”

Ɛnna wanka ankyerɛ ɔbɔfoɔ biara sɛ,

“Mɛyɛ wʼAgya na wayɛ me Ba.”

6Ɛberɛ a Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔsoma nʼabakan no ba ewiase no, ɔsane kaa sɛ,

“Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abɔfoɔ nyinaa som no.”

7Asɛm a Onyankopɔn ka faa abɔfoɔ no ho ne sɛ,

“Onyankopɔn soma nʼabɔfoɔ sɛ mframa,

na ɔsoma nʼasomfoɔ sɛ gyadɛreeɛ.”

8Na ɛfa Ɔba no ho no, Onyankopɔn kaa sɛ,

“Ao, Onyankopɔn, wʼahennwa bɛtena hɔ daa nyinaa;

wʼAhennie yɛ atɛntenenee.

9Wodɔ tenenee, na wokyiri bɔne,

ɛno enti, Onyankopɔn wo Onyankopɔn de wo asi wo mfɛfoɔ so,

na ɔde anigyeɛ ngo asra wo.”

10Onyankopɔn sane kaa sɛ,

“Mfitiaseɛ no wotoo asase fapem,

na ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma.

11Ne nyinaa bɛtwam na wo deɛ wobɛtena hɔ daa;

wɔbɛtete sɛ atadeɛ.

12Wɔbɛbobɔ no sɛ ntoma;

na wɔbɛsesa no sɛ ntadeɛ.

Nanso, wote sɛdeɛ woteɛ,

na wo mfeɛ to rentwa da.”

13Onyankopɔn anka ankyerɛ nʼabɔfoɔ no sɛ,

“Montena me nifa so

kɔsi sɛ mede mo atamfoɔ bɛyɛ

mo nan ntiasoɔ.”

14Sɛ saa a, na abɔfoɔ no yɛ dɛn? Wɔn nyinaa yɛ ahonhom a wɔsom Onyankopɔn na ɔsoma wɔn ma wɔkɔboa wɔn a wɔrehwehwɛ nkwagyeɛ no.