詩篇 62 – CCBT & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

詩篇 62:1-12

第 62 篇

唯上帝是拯救

大衛作的訓誨詩,交給樂長,照耶杜頓的做法。

1我的心默默等候上帝,

祂是我的拯救者。

2唯有祂才是我的磐石,

我的拯救,我的堡壘,

我必不致動搖。

3我就像一面搖搖欲墜的牆壁、行將倒塌的籬笆,

你們要攻擊我、置我於死地到何時呢?

4你們千方百計把我從高位拉下。

你們善於說謊,嘴上祝福,

心卻咒詛。(細拉)

5我的心啊!要默默等候上帝,

因為我的盼望從祂而來。

6唯有祂才是我的磐石,

我的拯救,我的堡壘,

我必不致動搖。

7上帝是我的拯救者,

是我的榮耀,

祂是我的堅固磐石,

是我的避難所。

8眾百姓啊,

要時刻信靠上帝,

向祂傾心吐意,

因為祂是我們的避難所。(細拉)

9卑賤人不過是一絲氣息,

尊貴人不過是一場幻影,

把他們放在天平上一秤,

比空氣還輕,毫無分量。

10不要敲詐勒索,

不要妄想靠偷盜發財,

即使財富增多,也不要倚靠它。

11上帝再三告訴我:

祂擁有權能,

12充滿慈愛。

主啊,你必照各人的行為來施行賞罰。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 62:1-12

Dwom 62

Dawid dwom.

1Me kra wɔ ahomegye wɔ Onyankopɔn nko ara mu;

me nkwagye fi ne nkyɛn.

2Ampa, ɔyɛ me botan ne me nkwagye;

ɔyɛ mʼabandennen, hwee renhinhim me da.

3Mobɛkɔ so ahyɛ onipa so akosi da bɛn,

mo nyinaa besum me ahwe fam ana?

Ɔfasu a akyea yi, ban a ɛrebu yi?

4Ampa, wɔayɛ adwene se wobetu no

afi ne dibea a ɛkorɔn no so;

wɔn ani gye atorodi ho.

Wɔde wɔn ano hyira

na wɔn koma mu de, wɔdome.

5Yiw me kra, gye wʼahome wɔ Onyankopɔn nko ara mu;

na ne mu na mʼanidaso wɔ.

6Ampa, ɔyɛ me botan ne me nkwagye;

ɔyɛ mʼabandennen, hwee renhinhim me.

7Me nkwagye ne mʼanuonyam gyina Onyankopɔn so;

ɔyɛ me botan a ɛkorɔn, ne me guankɔbea.

8Mo nnipa, momfa mo ho nto ne so daa;

monka mo koma mu nsɛm nyinaa nkyerɛ no,

efisɛ Onyankopɔn ne yɛn guankɔbea.

9Nnipa nyinaa te sɛ home;

akɛse ne nkumaa nyinaa nka hwee;

sɛ wɔkari wɔn wɔ nsania so a, wɔnka hwee;

wɔn nyinaa bɔ mu a wɔyɛ home nko.

10Mommfa mo ho nto asisi so

na monnhoahoa mo ho akorɔnne ho;

ɛwɔ mu sɛ mo ahonya dɔɔso de,

nanso mommfa mo koma nto so.

11Asɛm baako na Onyankopɔn aka,

nsɛm abien na mate sɛ,

wo, Onyankopɔn, na wowɔ ahoɔden,

12na wo, Awurade, na woyɛ adɔe,

ampa ara wubetua obiara ka

sɛnea nʼadwuma te.