詩篇 55 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

詩篇 55:1-23

第 55 篇

被朋友出賣者的禱告

大衛作的訓誨詩,交給樂長,用弦樂器。

1上帝啊,

求你垂聽我的禱告,

不要對我的呼求置之不理。

2求你垂聽、應允我的呼求。

我思緒煩亂,坐立不安。

3仇敵向我咆哮,

惡人迫害我。

他們帶給我苦難,

怒氣沖沖地辱罵我。

4我內心悲痛,

被死亡的恐怖籠罩。

5我渾身顫慄,驚恐不已。

6啊,但願我能像鴿子展翅飛去,

得享安息。

7我要飛到遠方,住在曠野。(細拉)

8我要趕快躲進避難所,

避過暴雨狂風。

9主啊,

我在城中看見暴力和爭鬥,

求你使他們言語混亂。

10他們晝夜在城牆上出沒,

城內充滿了邪惡和壓迫,

11毀壞的勢力到處肆虐,

恐嚇與欺詐遍佈大街小巷。

12倘若是仇敵辱罵我,

我還能忍受;

倘若是恨我的人欺凌我,

我還可以躲開。

13可是,竟然是你——我志同道合的夥伴,我的摯友!

14從前我們情誼深厚,

與眾人同去上帝的殿。

15願死亡突然抓住我的仇敵,

願他們活活地下陰間,

因為他們的內心和家中罪惡充斥。

16但我要呼求耶和華上帝,

祂必拯救我。

17晚上、早晨和中午,

我發出痛苦的呼求,

祂必垂聽。

18雖然許多人攻擊我,

祂必救我平安脫離險境。

19永掌王權的上帝必鑒察並懲罰他們,

因為他們頑梗悖逆、不敬畏上帝。

20我的同伴違背盟約,攻擊朋友。

21他口蜜腹劍,笑裡藏刀。

22把你的重擔卸給耶和華,

祂必扶持你。

祂必不讓義人跌倒。

23上帝啊,

你必把惡人送進滅亡的坑裡。

嗜血成性的騙子必早早夭亡。

但我要信靠你。

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 55:1-23

Dwom 55

Dawid “maskil” dwom.

1Ao Onyankopɔn, tie me mpaeɛbɔ,

mmu wʼani ngu me nkotosrɛ so,

2tie me na gye me so.

Me dadwene ha me na ama mayɛ basaa,

3wɔ deɛ mʼatamfoɔ reka

ne sɛdeɛ amumuyɛfoɔ hwɛ me haa nti;

wɔde amanehunu brɛ me;

na wɔde abufuo sopa me.

4Mʼakoma wɔ ahoyera mu;

na owuo huboa aba me so.

5Ehu ne ahopopoɔ akyekyere me.

Ahodwirie abu afa me so.

6Mekaa sɛ, “Ao, sɛ mewɔ ntaban sɛ aburuburo a,

anka mɛtu akɔ ama me ho atɔ me,

7anka mɛtu akɔ akyirikyiri

akɔtena ɛserɛ so;

8anka mɛyɛ ntɛm akɔ mʼahintaeɛ,

baabi a mframaden ne ahum mmɛn koraa.”

9Ao Awurade, ma amumuyɛfoɔ nyɛ basaa, na ma wɔn kasa ntoto,

ɛfiri sɛ mɛhunu basabasayɛ ne apereapereɛ wɔ kuropɔn no mu.

10Awia ne anadwo wɔtetɛ nʼafasuo ho;

adwemmɔne ne nsisie wɔ mu.

11Adesɛefoɔ dɔm reyɛ adwuma kuropɔn no mu.

Ahunahuna ne nnaadaa wɔ ne mmɔntene so daa.

12Sɛ ɛyɛɛ ɔtamfoɔ na ɔresopa me a,

anka mɛtumi agyina ano;

sɛ ɛyɛɛ ɔtamfoɔ na ɔrema ne ho so atia me a,

anka mɛtumi de me ho ahinta no.

13Nanso, ɛyɛ wo, ɔdasani te sɛ me,

me yɔnko pa ne me mʼadamfo brɛboɔ,

14a kane no na me ne no wɔ ayɔnkofa a emu yɛ den

ɛberɛ a yɛn nyinaa abɔ mu yuu rekɔ Onyankopɔn fie no.

15Ma owuo mmɛfa mʼatamfoɔ mpofirim;

ma wɔnkɔ damena mu anikann,

ɛfiri sɛ bɔne te wɔn mu.

16Nanso, mesu frɛ Onyankopɔn,

na Awurade gye me nkwa.

17Anwummerɛ, anɔpa ne awia,

mede mmɔborɔnne su frɛ no,

na ɔte me nne.

18Ɔde ne ho bɔ afɔdeɛ ma me nya me tiri didim

wɔ ɔko a wɔko tiaa me no mu,

mpo bebree na wɔko tia me.

19Onyankopɔn a wɔasi no ɔhene afebɔɔ no,

ɔbɛte wɔn nka na waha wɔn,

ɔbɛha nnipa a wɔnsesa wɔn akwan da

na wɔnsuro Onyankopɔn nso.

20Me yɔnko to hyɛ ne nnamfonom so;

na ɔbu nʼapam so.

21Ɔwɔ tɛkrɛmawoɔ,

nanso ɔtan wɔ nʼakomam.

Nʼano asɛm dwodwo sene ngo,

nanso ɛyɛ akofena a wɔatwe.

22Fa wo haw to Awurade so

na ɔno na ɔbɛgye wo;

ɔremma ɔteneneeni nhwe ase.

23Nanso, wo, Ao Onyankopɔn, wobɛbrɛ amumuyɛfoɔ ase

ama wɔakɔ porɔeɛ amena mu;

mogyapɛfoɔ ne adaadaafoɔ

renni wɔn nkwanna mu fa.

Me deɛ, mede me ho to wo so.