約伯記 28 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

約伯記 28:1-28

智慧頌

1「銀從礦中採取,

金有冶煉之地,

2鐵從地下挖掘,

銅從石中提煉。

3世人探尋黑暗的盡頭,

搜索幽暗的深處,

要得隱藏的礦石。

4他們在杳無人煙、人蹤絕跡之地開礦,

他們遠離人群,懸在半空搖來搖去。

5大地出產糧食,

地下烈火熊熊。

6地下的石頭出藍寶石,

還蘊藏著金沙。

7礦中的路徑,猛禽不知道,

鷹眼也未曾見過,

8猛獸未曾踏足,

獅子未曾經過。

9世人開鑿堅石,

翻動山的根基,

10在岩石中鑿通道,

一覽各樣的寶藏。

11他們把水流截斷,

使隱藏之物顯露。

12「然而,智慧何處尋?

聰明之道在哪裡?

13無人知道智慧的價值,

人世間找不到她。

14深淵說,『她不在我裡面。』

海洋說,『她不在我這裡。』

15金子買不到她,

銀子換不來她;

16俄斐的金子無法與她相比,

紅瑪瑙和藍寶石不能與她媲美;

17黃金和水晶無法與她相比,

純金的器皿不能與她兌換;

18珊瑚和碧玉不能與她相提並論,

紅寶石的價值遠不如她;

19古實的黃玉無法與她相比,

純金不能與她等量齊觀。

20「然而,智慧何處尋?

聰明之道在哪裡?

21眾生的眼睛看不見她,

空中的飛鳥找不到她。

22毀滅和死亡說,

『我們只風聞其名。』

23上帝認識通往智慧的路,

祂知道智慧在哪裡,

24因祂縱覽地極,

遍察天下萬物。

25祂定下風的重量,

量出水的規模;

26祂頒佈雨露的規律,

劃定雷電的路線。

27那時祂已看見智慧,並評估她,

堅立她,探察她。

28祂對世人說,『敬畏主就是智慧,

遠離惡便是聰明。』」

Asante Twi Contemporary Bible

Hiob 28:1-28

1Ɛwɔ deɛ wɔtu dwetɛ

ne beaeɛ a wɔhoa sika kɔkɔɔ ho.

2Wɔtu dadeɛ firi fam,

na wɔnane kɔbere firi dadeben mu.

3Onipa ma esum ba awieeɛ;

na ɔhwehwɛ kɔ akyirikyiri asase mu

kɔpɛ dadeben wɔ esum kabii mu.

4Baabi a ɛne deɛ ɔdasani teɛ ntam ɛkwan ware no, ɔtu amena de fagudeɛtuo afidie hyɛ hɔ,

mmeammea a onipa nan sii hɔ akyɛre

baabi a ɛmmɛn nnipa no, ɛhɔ na ɔdi aforosiane.

5Asase a ɛbɔ aduane no,

wɔnane aseɛ no te sɛ deɛ wɔde ogya na ayɛ;

6aboɔdemmoɔ firi nʼabotan mu

na sikakɔkɔɔ mpɔ nso wɔ ne mfuturo mu.

7Ɔkɔdeɛ biara nnim saa kwan a ahinta no,

akorɔma biara ani nhunuiɛ.

8Mmoa ahantanfoɔ nnante wɔ hɔ

na agyata nkɔdɛɛdɛɛ wɔ hɔ.

9Onipa nsa paapae abotan denden

na ɔma mmepɔ ase da hɔ.

10Ɔtwa aka fa abotan mu,

na ɔhunu nʼademudeɛ nyinaa.

11Ɔhwehwɛ baabi a nsubɔntene ti wɔ

na ɔda nneɛma a ahinta adi.

12Nanso ɛhe na yɛbɛhunu deɛ nyansa hyɛ?

Ɛhe na nteaseɛ teɛ?

13Onipa renhunu ne bo a ɛsom;

wɔrenhunu wɔ ateasefoɔ asase so.

14Na ebunu ka sɛ, “Ɛnni me mu”;

na ɛpo nso sɛ, “Ɛnni me nkyɛn.”

15Wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ amapa ntɔ,

na wɔrentumi mfa dwetɛ nkari ne boɔ.

16Wɔrentumi mfa Ofir sikakɔkɔɔ ntɔ

apopobibirieboɔ anaa aboɔdemmoɔ nso saa ara.

17Wɔrentumi mfa ahwehwɛ anaa sikakɔkɔɔ ntoto ho,

na wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ nnwinneɛ nsesa.

18Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ ahwene panin ne ahwehwɛboɔ din;

nyansa boɔ sene nhwene pa.

19Etiopia akarateboɔ ne no nsɛ;

wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ kronn ntɔ.

20Ɛnneɛ na ɛhe na nyansa firie?

Ɛhe na nteaseɛ teɛ?

21Wɔde asie abɔdeɛ biara ani,

wɔde asie ewiem nnomaa mpo.

22Ɔsɛeɛ ne Owuo ka sɛ,

“Yɛate no huhuhuhu kɛkɛ.”

23Onyankopɔn te ɛkwan a ɛkɔ hɔ ase,

na ɔno nko ara na ɔnim baabi a ɛteɛ,

24ɛfiri sɛ ɔhwɛ kɔduru nsase ano

na ɔhunu biribiara a ɛwɔ ɔsoro ase.

25Ɛberɛ a ɔhyɛɛ mframa ano den too hɔ

na ɔsusuu nsuwa no,

26ɛberɛ a ɔkaa no ɔhyɛ so kyerɛɛ osutɔ

na ɔtwaa ɛkwan maa aprannaa no,

27afei ɔhwɛɛ nyansa na ɔkarii no hwɛeɛ;

na ɔgyee no too mu na ɔsɔɔ no hwɛeɛ.

28Na ɔka kyerɛɛ onipa sɛ,

Awurade suro, ɛno ne nyansa;

na sɛ wɔkyiri bɔne a, wowɔ nteaseɛ.”