民數記 9 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

民數記 9:1-23

逾越節

1以色列人離開埃及後第二年的一月,耶和華在西奈曠野對摩西說: 2以色列人要在指定的時間守逾越節, 3就是在一月十四日黃昏按照有關的律例和典章守逾越節。」 4於是,摩西吩咐以色列人守逾越節。 5一月十四日黃昏,以色列人照耶和華對摩西的吩咐,在西奈山守逾越節。

6可是,有幾個人因碰到死屍而不潔淨,不能在那天守逾越節,他們就來見摩西亞倫7說:「我們不過因碰到死屍而不潔淨,為什麼不准我們跟其他以色列人一起在指定的時間向耶和華獻供物?」 8摩西說:「你們等一下,我要去聽聽耶和華對這事有什麼吩咐。」

9耶和華對摩西說: 10「你把以下條例告訴以色列人。

「如果你們或你們的子孫中有人因為碰了死屍而不潔淨,或是出了遠門,可以改期為耶和華守逾越節。 11他們可以在二月十四日黃昏守逾越節,要配無酵餅和苦菜一起吃逾越節的羊羔。 12食物不可留到天明,也不可折斷羊羔的一根骨頭。要遵守逾越節的一切律例。 13如果有人是潔淨的,又沒有出遠門,卻不守逾越節,要將他從民中剷除。他不在指定的時間向耶和華獻供物,就必須自負罪責。 14如果寄居在你們中間的外族人也想為耶和華守逾越節,他們也要遵守這些律例和典章。不論是外族人還是以色列人,都要遵守同樣的律例。」

雲彩遮蓋會幕

15安放約櫃的聖幕支起來那天,雲彩遮蓋了它。當晚,雲彩整夜像火焰一般。 16之後,每天如此:白天雲彩遮蓋聖幕,晚上雲彩像火。 17雲彩什麼時候從聖幕上升起,以色列人就啟行;雲彩在哪裡停下來,以色列人就在哪裡安營。 18他們無論啟行還是安營,都遵照耶和華的吩咐。雲彩在聖幕上停留多久,他們就安營多久。 19有時雲彩在聖幕上停留多日,他們就遵照耶和華的吩咐安營多日。 20有時雲彩在聖幕上只停留幾天,他們就遵照耶和華的吩咐只安營幾天。隨後再照耶和華的吩咐啟行。 21有時雲彩整夜停留在聖幕上,到早晨才升起,他們就早晨才啟行。不管白天黑夜,雲彩一升起,他們就啟行。 22不管是兩天、一個月或是一年,只要雲彩停留在聖幕上,以色列人就安營不動;雲彩一升起,他們就啟行。 23他們遵照耶和華的吩咐安營,也遵照耶和華的吩咐啟行。他們遵行耶和華藉摩西吩咐的話。

Asante Twi Contemporary Bible

4 Mose 9:1-23

Twam Afahyɛ

1Bosome a ɛdi ɛkan no mu afe a ɛtɔ so mmienu no mu a wɔafiri Misraim no na Awurade kaa saa asɛm yi kyerɛɛ Mose ɛberɛ a ɔne Israelfoɔ wɔ Sinai ɛserɛ no so no sɛ, 2“Ɛsɛ sɛ afe biara mu bosome a ɛdi ɛkan no dadu nna ɛnan no, Israelfoɔ di Twam Afahyɛ no. 3Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ afahyɛ no ase owiatɔberɛ. Ɛsɛ sɛ modi mmara biara a ɛfa saa afahyɛ yi die ho so.”

4Enti Mose kaa sɛ, wɔbɛhyɛ Twam Afahyɛ no die ase ɛda a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ 5wɔ Sinai asase pɔ no so sɛdeɛ Awurade ahyɛ no.

6Na asɛm a ɛsiiɛ ne sɛ, afei na na nnipa no bi firi ayie aba enti, ɛsiane sɛ wɔde wɔn ho aka owufoɔ enti, na wɔn ho agu fi. Yei enti anadwo no, wɔantumi anwe Twam Afahyɛ dwammaa no bi. Wɔbaa Mose ne Aaron nkyɛn 7bɛkyerɛkyerɛɛ nsɛm a ɛha wɔn mu kyerɛɛ wɔn. Wobisaa sɛ, “Yɛde yɛn ho aka funu, nanso ɛdeɛn enti na yɛne Israelfoɔ nyinaa rentumi mfa yɛn afɔrebɔdeɛ mmrɛ Awurade sɛdeɛ nhyehyɛeɛ no teɛ no?”

8Mose kaa sɛ ɔbɛbisa Awurade.

9Ɔbisaa Awurade no, mmuaeɛ a ɔnyaeɛ nie: 10“Israelni biara a ɔbɛsɔ efunu mu, sɛ ɔyɛ nnɛmma anaa ɔfiri awoɔ ntoatoasoɔ a ɛreba no mu no, sɛ ɛyɛ Twam Afahyɛberɛ a, ne ho agu fi, ɛfiri sɛ, wasɔ efunu mu. Sɛ wɔnam akwantuo mu enti wɔantumi amma a, wɔtumi di Awurade Twam Afahyɛ no bosome akyi; 11bosome a ɛtɔ so mmienu no ɛda a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ na ɛsɛ sɛ wɔhyɛ aseɛ. Saa ɛberɛ no na ɛsɛ sɛ wɔwe odwammaa no a burodo a mmɔreka nni mu ka ho a ahahan nwononwono bi ka ho. 12Ɛnsɛ sɛ wɔgya bi ma adeɛ kye so. Ɛnsɛ sɛ wɔbɔ ne dompe mu. Na ɛsɛ sɛ wɔdi Twam Afahyɛ no mmara no nyinaa so pɛpɛɛpɛ. 13Nanso obiara a ne ho nguu fi anaa obi a ɔntuu kwan no nanso wanni Twam Afahyɛ no wɔ ne berɛ ano no, wɔbɛtwa no asuo afiri Israelfoɔ no mu, ɛfiri sɛ, ɔboa pa sɛ ɔremmɔ afɔdeɛ mma Awurade ɛberɛ a ɛsɛ mu, enti ɛsɛ sɛ ɛho afɔdie ba ne so.

14“Sɛ ɔhɔhoɔ bi fra mo mu na ɔpɛ sɛ ɔdi Twam Afahyɛ no bi de hyɛ Awurade animuonyam a, ɛsɛ sɛ ɔdi mmara korɔ no ara so. Mmara baako na ɛwɔ hɔ ma mo nyinaa.”

Egyamununkum

15Ɛda a wɔmaa Ahyiaeɛ Ntomadan no so sii hɔ no, omununkum kataa so. Anwummerɛ no ara, omununkum no dane yɛɛ sɛ ogya na ɛyɛɛ saa ara anadwo mu no nyinaa. 16Saa ara na ɛte ɛberɛ biara, na ɛduru anadwo a, omununkum no dane yɛ sɛ ogya. 17Omununkum no maa ne ho so no, Israelfoɔ no dii akyire kɔsii baabiara a ɛkɔ kɔgyinaeɛ ma wɔbɔɔ hɔ atenaeɛ. 18Yei kyerɛ sɛ, sɛ Awurade ka sɛ wɔnkɔ a, wɔkɔ, na sɛ ɔka sɛ wɔnnyina a, wɔgyina. Na sɛ Omununkum no gyina a, wɔn nso gyina kɔsi mmerɛ dodoɔ a ɛgyina hɔ no nyinaa. 19Sɛ ɛgyina baabi kyɛ a, wɔn nso gyina hɔ kyɛ. Na sɛ ɛgyina hɔ nna kakra bi a, wɔn nso gyina hɔ nna kakra bi saa ara, ɛfiri sɛ, saa na Awurade ahyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ. 20Ɛtɔ da bi a, omununkum no tena Ahyiaeɛ Ntomadan no so nna kakraa bi. Sɛ ɛba saa a, nnipa no nso tena nna kakraa bi. Na Awurade nhyɛ mu, wɔtu firii wɔn atenaeɛ. 21Ɛtɔ da bi nso a, omununkum no tena anadwo na akɔ adekyeeɛ. Nanso sɛ ɛyɛ awia anaa anadwo na omununkum no ma ne ho so a, nnipa no tu fi atenaeɛ hɔ di akyi. 22Sɛ omununkum no ba Ahyiaeɛ Ntomadan no atifi na ɛdi nnanu, bosome anaa afe a, saa nna no ara so na Israelfoɔ no hwɛ de tena hɔ. Nanso ɛnya tu ara pɛ, na wɔn nso atu. 23Yei kyerɛ sɛ, wɔn atenaseɛbɔ ne wɔn akwantuo nyinaa gyina Awurade mmara a ɔhyɛ ma wɔn so; na biribiara a Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no, wɔyɛeɛ.