民數記 8 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

民數記 8:1-26

安置七盞燈

1耶和華對摩西說: 2「你告訴亞倫,安放燈的時候,七盞燈都要照向燈臺的前面。」 3亞倫就照耶和華對摩西的吩咐把燈放好,使燈照向前方。 4整座燈臺,從燈座到上面的花苞,都是照耶和華對摩西的吩咐用金子錘製而成的。

為利未人行潔淨與奉獻禮

5耶和華對摩西說: 6「你要把利未人從其他以色列人中分別出來,潔淨他們。 7要用以下的方法潔淨他們,把潔淨水灑在他們身上,叫他們用剃刀剃淨全身,洗淨衣服,這樣他們就潔淨了。 8然後叫他們帶來一頭公牛犢及作素祭的調了油的細麵粉,你要另獻一頭公牛犢作贖罪祭。 9你要招聚以色列全體會眾,將利未人帶到會幕前, 10帶到耶和華面前,會眾要按手在他們身上。 11亞倫要把他們獻給耶和華,作為以色列人獻的搖祭,使他們可以事奉耶和華。 12利未人要按手在那兩頭公牛的頭上,然後你要把一頭作為贖罪祭,一頭作為燔祭獻給耶和華,好為利未人贖罪。 13你要讓利未人站在亞倫父子們面前,把他們當作搖祭獻給耶和華。 14這樣,你就把利未人從其他以色列人中分別出來,使他們歸給我。 15利未人被潔淨、當作搖祭獻上以後,就可以進會幕司職, 16因為在以色列人中,他們完全屬於我,我揀選他們歸我所有,以代替以色列人所有的長子。 17以色列人所有的長子和頭生的牲畜都屬於我。我擊殺埃及人所有的長子和頭生的牲畜那天,已把以色列人所有的長子和頭生的牲畜都分別出來,使之聖潔,歸給我。 18我現在已揀選利未人代替以色列人所有的長子, 19把他們交給亞倫父子們,替以色列人在會幕中司職,為以色列人贖罪,免得以色列人因接近聖所而遭禍。」

20摩西亞倫以色列全體會眾就按照耶和華對摩西的吩咐把利未人獻上。 21利未人自潔、洗淨衣服後,亞倫把他們當作搖祭獻給耶和華,又為他們贖罪,使他們潔淨。 22之後,利未人便進入會幕,在亞倫父子們的監督下司職。以色列人照耶和華對摩西的吩咐奉獻了利未人。

23耶和華對摩西說: 24「二十五歲以上的利未人都要到會幕司職, 25五十歲時退休。 26退休之後,他們可以協助本族弟兄看守會幕,不用再司職。你要這樣給他們分派工作。」

Asante Twi Contemporary Bible

4 Mose 8:1-26

1Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 2“Ka kyerɛ Aaron sɛ, sɛ ɔsɔ nkanea nson a ɛwɔ kaneadua no so no a, ɔnsɔ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɛbɛto ne hann no akɔ nʼanim.”

3Enti, Aaron yɛɛ saa. 4Kaneadua no ne nhwiren a wɔde asiesie nʼase ne ne mman no nyinaa, sikakɔkɔɔ a wɔaboro na wɔde yɛeɛ. Wɔyɛɛ no sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no no.

5Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 6“Yi Lewifoɔ no firi Israelfoɔ no mu na te wɔn ho. 7Fa ahodwira nsuo pete wɔn so. Ma wɔnyi wɔn ho nwi nyinaa, na wɔnsi wɔn nneɛma nyinaa, afei wɔn ho bɛte. 8Afei, ma wɔmfa nantwinini ba ne aduane afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra a nantwinini ba baako ka ho a wɔde no bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ mmra. 9Afei, frɛ Israelfoɔ no nyinaa hyia na fa Lewifoɔ no bra Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛpono ano. 10Ɛhɔ, wɔ Awurade anim, mpanimfoɔ a wɔtuatua mmusuakuo no ano no de wɔn nsa bɛgu wɔn so 11na Aaron ayɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi sɛ ɔde wɔn rema Awurade sɛ akyɛdeɛ a ɛfiri Israel manfoɔ nyinaa nkyɛn. Lewifoɔ bɛsi nnipa no nyinaa anan asom Awurade.

12“Afei, Lewifoɔ mpanimfoɔ no de wɔn nsa bɛgu nantwie mma no apampam na wɔde wɔn ama Awurade. Wɔde baako bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ na wɔde baako nso abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ de ayɛ mpatadeɛ ama Lewifoɔ no. 13Afei, wɔde Lewifoɔ no bɛma Aaron ne ne mma te sɛ deɛ wɔde afɔrebɔdeɛ biara fa asɔfoɔ so de ma Awurade no. 14Monam saa ɛkwan yi so bɛyi Lewifoɔ no afiri Israelfoɔ no mu ama me, na wɔayɛ me dea.

15“Sɛ mote wɔn ho na mofa saa ɛkwan yi so de wɔn ma me a, afei, wɔbɛdi ahyɛnfirie wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu, adi wɔn dwuma. 16Israelfoɔ mu nyinaa, wɔn na wɔyɛ me nkurɔfoɔ, na magye wɔn atom asi Israelfoɔ mmakan nyinaa anan. Mafa Lewifoɔ no sɛ wɔn ananmusifoɔ. 17Ɛfiri sɛ, Israelfoɔ mmakan nyinaa yɛ me dea—nnipa ne mmoa nyinaa. Anadwo a mekumm Misraimfoɔ mmakan nyinaa no ara na mefaa wɔn de wɔn yɛɛ me nkurɔfoɔ. 18Mafa Lewifoɔ no asi Israelfoɔ mmakan nyinaa anan mu. 19Na mede Lewifoɔ no bɛkyɛ Aaron ne ne mmammarima. Lewifoɔ no na wɔbɛyɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu nnwuma kronkron a anka ɛsɛ sɛ Israelfoɔ no na wɔyɛ, na wɔn na wɔbɛbɔ afɔdeɛ ama nkurɔfoɔ de ayɛ mpatadeɛ ama wɔn. Ɔyaredɔm biara renka Israelfoɔ no, nanso sɛ nnipa afoforɔ biara kɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu a, wɔbɛyareyare.”

20Enti, Mose ne Aaron ne Israelfoɔ no nyinaa faa ɛkwan a Awurade kyerɛɛ Mose no so pɛpɛɛpɛ de Lewifoɔ no maa Awurade. 21Lewifoɔ no dwiraa wɔn ho, sii wɔn nneɛma ɛnna Aaron de wɔn hyɛɛ Awurade nsa. Ɔyɛɛ wɔn ho mpatadwuma de tee wɔn ho. 22Ɛno akyi, wɔkɔɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu sɛ Aaron ne ne mmammarima aboafoɔ. Wɔyɛɛ biribiara sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no.

23Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 24“Sɛ Lewini biara di mfeɛ aduonu enum a, ma no mfiri aseɛ nsom wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu, 25na wɔdi mfeɛ aduonum a, wɔapɔn wɔn ho. 26Sɛ wɔpɔn wɔn ho a, wɔtumi di dwuma nketenkete wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ. Wɔrenyɛ nnwuma a daa ɛbɛgye wɔn berɛ.”