歷代志下 2 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

歷代志下 2:1-18

預備建聖殿

1所羅門決定為耶和華的名建造殿宇,也為自己興建王宮。

2他徵用七萬名搬運工、八萬名在山上鑿石的匠人、三千六百名監工, 3並派人去見泰爾希蘭,說:「你曾運香柏木給我父親建造王宮,請你也照樣幫助我。 4現在,我要為我的上帝耶和華的名建一座殿,我要把殿獻給祂,在祂面前燒芬芳的香,經常獻上供餅,在每天早晚、安息日、朔日2·4 朔日」即每月初一。及我們的上帝耶和華所定的節期獻上燔祭。這是以色列人應當永遠遵守的定例。 5我要建造的殿宇極其宏偉,因為我們的上帝超越一切神明。 6諸天尚且容納不下祂,誰能為祂建造殿宇呢?我是誰,怎能為祂建造殿宇?我不過是建個向祂燒香的地方。 7現在,請你派一位巧匠來,他要懂得雕刻,會用金銀銅鐵鑄造物品,會編織紫色、朱紅色和藍色的布,好與我父大衛猶大耶路撒冷所預備的巧匠一起工作。 8也請你從黎巴嫩運些香柏木、松木和檀香木來,因為我知道你的僕人擅長砍伐黎巴嫩的樹木。我會派人與你的僕人一起工作。 9我要建的殿宇非常宏偉,所以需要的木料非常多。 10我會供給你的伐木工人四百四十萬升小麥、四百四十萬升大麥、四十四萬升酒和四十四萬升油。」

11泰爾希蘭寫信給所羅門說:「耶和華愛祂的子民,所以立你做他們的王。 12創造天地的以色列的上帝耶和華當受稱頌!祂賜給大衛王一個有智慧、謀略和悟性的兒子來為耶和華建殿,也為他自己建造王宮。 13現在,我派聰明能幹的巧匠戶蘭去你那裡。 14他的母親是支派的人,父親是泰爾人。他精於雕刻和設計,善用金銀銅鐵和木石製造物品,又會編織紫色、藍色、朱紅色的布和細麻布。你可以讓他與你的工匠和你父親大衛的工匠一起工作。 15現在,請我主把許諾的小麥、大麥、油和酒運給僕人。 16我們會在黎巴嫩砍伐你需要的木材,紮成木筏,經海道運到約帕,你可以從那裡將木材轉運到耶路撒冷。」

17所羅門依照他父親大衛的方法,統計所有寄居在以色列的外族人,共有十五萬三千六百人。 18他指派其中的七萬人做搬運工,八萬人在山上採鑿石頭,三千六百人做監工。

Asante Twi Contemporary Bible

2 Berɛsosɛm 2:1-18

Asɔredan No Sie Ho Ahoboa

1Afei, Salomo dwenee sɛ ɛberɛ a ɛsɛ sɛ ɔsi Awurade Asɔredan no ne nʼankasa nʼahemfie no aso. 2Ɔfaa apaafoɔ ɔpeduɔson, abotwafoɔ ɔpeduɔwɔtwe firii bepɔ so aman mu ne nnipa mpem mmiɛnsa ne ahansia a wɔdi adwuma no anim.

3Salomo too saa nkra yi kɔmaa Tirohene Huram:

“Brɛ me ntweneduro nnua te sɛ deɛ wɔde brɛɛ mʼagya Dawid ɛberɛ a na ɔresi nʼahemfie no. 4Merebɛsi Asɔredan ahyɛ Awurade, me Onyankopɔn din animuonyam. Ɛbɛyɛ beaeɛ bi a wɔayi asi hɔ sɛ wɔnhye nnuhwam ne kurobo wɔ nʼanim, nna afɔrebɔdeɛ burodo sononko no adi, na wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ahodoɔ homeda biara, anɔpa ne anwummerɛ, Ɔbosome Foforɔ biara afahyɛ ahodoɔ ne Awurade yɛn Onyankopɔn nnapɔnna biara. Ɔno na wahyɛ Israel sɛ wɔnyɛ saa nneɛma yi daa daa.

5“Yei bɛyɛ Asɔredan a ɛso na ɛyɛ fɛ, ɛfiri sɛ, yɛn Onyankopɔn no yɛ ɔnwanwani a ɔso kyɛn ɔfoforɔ biara. 6Hwan na ɔbɛtumi asi efie a ɛfata ama no? Ɔsorosoro mpo ntumi nkora no. Na me sɛɛ ne hwan a mɛsi asɔredan ama no? Deɛ mɛtumi ayɛ ara ne sɛ mɛsi baabi a wɔbɛbɔ afɔdeɛ ama no.

7“Enti, ma me odwumfoɔ a ne nsa ano adwuma yɛ fɛ a ɔbɛtumi de sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ ne nnadeɛ adi adwini; obi a ɔnim sɛdeɛ wɔhyɛ ntoma aduro ma ɛyɛ bibire, kɔkɔɔ ne tuntum ma ɛyɛ fɛ yie ne nsemayifoɔ a wakwadare adwuma mu, a ɔne Yuda ne Yerusalem adwumfoɔ a mʼagya Dawid yii wɔn no bɛyɛ adwuma.

8“Afei, fa ntweneduro, pepeaa ne ɔbako nnua firi Lebanon brɛ me, ɛfiri sɛ, menim sɛ wo mmarima no akyi, obi nni hɔ wɔ nnuabuo mu, na mɛsoma me mmarima na wɔabɛboa wɔn. 9Asɔredan a merebɛsi no kɛseɛ ne ne fɛ a ɛbɛyɛ enti, nnua bebree ho bɛhia me. 10Mede atokoɔ susukora ɔpeduonu, nsã gyare ɔpeduonu ne edu ne ngo ɔpeduonu bɛtua wo mmarima no ka.”

11Ɛnna ɔhene Huram twerɛɛ saa mmuaeɛ yi de kɔmaa Salomo:

“Esiane sɛ Awurade dɔ ne nkurɔfoɔ enti na ɔde wo asi wɔn so ɔhene.

12“Nhyira nka Awurade, Israel Onyankopɔn a ɔbɔɔ soro ne asase! Wama Dawid ɔba nyansafoɔ a wadom no adwene ne nteaseɛ a ɔbɛsi Asɔredan ama Awurade ne ahemfie ama nʼankasa ho.

13“Merebrɛ wo odwumfoɔ a ne nsa ano adwuma yɛ fɛ a wɔfrɛ no Huram-Abi. Ɔyɛ onyansafoɔ mapa 14a ɔyɛ ɔbaa bi a ɔfiri Dan a ɛwɔ Israel babarima; nʼagya nso firi Tiro. Ɔyɛ sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ ne nnadeɛ dwumfoɔ mapa. Na ɔwɔ abotwa, nnua adwinnie ne ntomanwono ho nyansa nso. Ɔyɛ ɔbenfoɔ wɔ ntoma bibire, tuntum ne kɔkɔɔ hyɛ mu. Na ɔtumi de serekyetam di dwuma nso. Afei nso, ɔyɛ nsemayifoɔ a ɔtumi di adwini biara a wɔde ma no. Ɔne wʼadwumfoɔ ne wɔn a me wura Dawid a ɔyɛ wʼagya no yii wɔn no bɛyɛ adwuma.

15“Fa atokoɔ, ngo ne nsã a wokaa ho asɛm no bra. 16Nnua biara a ɛho hia no, yɛbɛtwa afiri Lebanon mmepɔ so, na yɛde ayɛ mpata agu nsuo ani, firi Ntam Ɛpo no mpoano akɔsi Yopa. Na ɛfiri hɔ no, wobɛtumi de akɔ Yerusalem.”

17Salomo kan ahɔhoɔ dodoɔ a wɔwɔ Israel asase so, te sɛ deɛ nʼagya kenkanee nnipa no. Ɔnyaa nnipa ɔpeha aduonum mmiɛnsa ne ahansia (153,600). 18Ɔmaa wɔn mu ɔpeduɔson (70,000) yɛɛ apaafoɔ. Wɔn mu ɔpeduɔwɔtwe (80,000) yɛɛ abotwafoɔ wɔ wɔn mmepɔ nkuro no so, ɛnna wɔn mu mpem mmiɛnsa ne ahansia (3,600) yɛɛ wɔn a wɔdi nnwuma no anim.