利未記 9 – CCBT & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

利未記 9:1-24

亞倫獻祭

1第八天,摩西召來亞倫父子們和以色列的眾長老。 2他對亞倫說:「你要在耶和華面前獻上一頭公牛犢作贖罪祭、一隻公綿羊作燔祭,這些祭牲都要毫無殘疾。 3然後,你要告訴以色列人,『你們要取一隻公山羊作贖罪祭、毫無殘疾的一歲牛犢和羊羔各一隻作燔祭、 4公牛和公綿羊各一隻作平安祭,連同調油的素祭一起獻給耶和華,因為今天耶和華要向你們顯現。』」 5於是,以色列人遵照摩西的吩咐,把祭物帶到會幕前。全體會眾都聚集到那裡,站在耶和華面前。 6摩西對他們說:「耶和華吩咐你們這樣做,是為了向你們顯出祂的榮耀。」 7隨後,摩西亞倫說:「你要到壇前來,獻上你的贖罪祭和燔祭,為自己和民眾贖罪。也要按照耶和華的吩咐,為百姓獻上他們的祭物,為他們贖罪。」

8於是,亞倫走到壇前,宰殺為他作贖罪祭的牛犢。 9他兒子們把牛犢的血遞給他,他用手指蘸血抹在壇角上,將剩下的血倒在壇腳旁。 10他照耶和華對摩西的吩咐,在壇上焚燒牛犢的脂肪、腎臟和肝葉, 11把皮和肉帶到營外焚燒。

12亞倫宰了燔祭祭牲,他兒子們把祭牲的血遞給他灑在祭壇四周。 13他們將祭牲切成塊,連頭顱一起交給亞倫獻在壇上焚燒。 14亞倫洗淨祭牲的內臟和腿,放在祭壇的燔祭上焚燒。

15隨後,亞倫為民眾獻祭。他牽來那隻為民眾作贖罪祭的公山羊,宰殺後,像剛才為自己獻贖罪祭一樣為他們獻上贖罪祭。 16他又牽來燔祭祭牲,依照條例獻上燔祭。 17除了早晨的燔祭,亞倫又取來素祭,從中拿了一把獻在壇上焚燒。 18然後,他宰了公牛和公綿羊,為民眾獻平安祭。他兒子們把祭牲的血遞給他,他把血灑在祭壇四周。 19他們把公牛和公綿羊的脂肪,即肥尾巴、遮蓋內臟的脂肪、腎臟和肝葉, 20放在祭牲的胸上,然後亞倫把那些脂肪放在壇上焚燒, 21將胸肉和右腿肉作為搖祭在耶和華面前搖一搖,都遵照摩西的吩咐。

22亞倫獻完贖罪祭、燔祭和平安祭,舉手為民眾祝福後,走下祭壇。 23之後,摩西亞倫走進會幕,又出來為民眾祝福。這時,耶和華的榮耀向所有民眾顯現。 24有火從耶和華那裡降下來,燒盡祭壇上的燔祭和脂肪。民眾看見這景象,都歡呼起來,俯伏在地。

Akuapem Twi Contemporary Bible

3 Mose 9:1-24

Asɔfo No Fi Wɔn Dwumadi Ase

1Ahodwira no akyi da a ɛto so awotwe no, Mose frɛɛ Aaron ne ne mmabarima ne Israel mpanyimfo nyinaa. 2Ɔka kyerɛɛ Aaron se ɔnkɔkyere nantwinini ba mfi anantwi no mu na ɔmfa no mmɔ bɔne afɔre, na ɔnkyere odwennini a ne ho nni dɛm mfa no mmɔ ɔhyew afɔre. Ɔka kyerɛɛ no se ɔmmɔ saa afɔre yi nyinaa wɔ Awurade anim. 3Afei Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Monka nkyerɛ Israelfo na wonyi ɔpapo mfa no mmɔ bɔne afɔre mma wɔn ho, na wɔmfa nantwi a wadi afe ne oguamma a wadi afe a wɔn ho nni dɛm biara mmɔ wɔn ɔhyew afɔre no, 4na wɔmfa nantwinini ne odwennini mmɔ asomdwoe afɔre na wɔmfa asikresiam a wɔde ngo afra mmɔ aduan afɔre mma Awurade, efisɛ nnɛ, Awurade beyi ne ho adi akyerɛ mo.”

5Enti wɔde saa nneɛma yi nyinaa baa Ahyiae Ntamadan no kwan ano sɛnea Mose hyɛe no. Nnipa no nyinaa begyinagyinaa Awurade anim. 6Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Eyi na Awurade ahyɛ mo sɛ monnyɛ na Awurade anuonyam ada ne ho adi akyerɛ mo.”

7Mose ka kyerɛɛ Aaron se ɔnkɔ afɔremuka no so na ɔnkɔbɔ bɔne ne ɔhyew afɔre no mfa nyɛ mpata mma ne ho ansa na ato nnipa no sɛnea Awurade hyɛe no.

8Enti Aaron foro kɔɔ afɔremuka no so. Okum nantwi ba no de bɔɔ ɔno ara ne bɔne ho afɔre. 9Ne mmabarima no de mogya no brɛɛ no na ɔde ne nsateaa baako bɔɔ mu sraa mmɛn a ɛwɔ afɔremuka no ho no na ohwiee nkae no guu afɔremuka no ase. 10Afei, ɔhyew srade, asaabo, bɔnwoma, bɔnwoma nkotoku a efi bɔne afɔrebɔde no mu sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no. 11Na nam no de, ɔhyew ne ne nwoma wɔ nsraban no akyi.

12Nea edi hɔ ne sɛ, okum ɔhyew afɔre aboa no maa ne mmabarima sɔw mogya no ma ɔde petee afɔremuka no ho nyinaa, 13Wɔde aboa no brɛɛ no asinasin a ne ti ka ho. Ɔhyew aboa no akwaa biara wɔ afɔremuka no so. 14Afei, ɔhoroo aboa no ayamde ne ne nan ho hyew wɔ afɔremuka no so sɛ ɔhyew afɔre.

15Afei, ɔbɔɔ afɔre maa ɔmanfo. Okum abirekyi nanso ɔfaa ɔkwan koro a ɔfaa so bɔɔ bɔne afɔre maa ne ho no so bɔɔ afɔre maa ne ho.

16Saa ɔkwan no so na ɔfa bɔɔ wɔn ɔhyew afɔre de maa Awurade sɛnea Onyankopɔn mmara kyerɛ no. 17Afei, ɔbɔɔ atoko afɔre no, ɔfaa ne nsa mma na ɔhyew wɔ afɔremuka no so de kaa anɔpa ɔhyew afɔrebɔ no ho.

18Okum nantwi ne odwennini no a ɛyɛ nnipa no asomdwoe afɔrebɔde no. Aaron mmabarima no de mogya no brɛɛ no ma ɔde petee afɔremuka no ho nyinaa. 19Oyii nantwi no ne odwennini no srade. Oyii wɔn dua mu srade ne wɔn ayamde srade, ne wɔn asaabo ne wɔn bɔnwoma kotoku no. 20Wɔde srade no guu mmoa no yan so na Aaron hyew wɔ afɔremuka no so. 21Na ohim yan no ne mmoa no mmati nifa no wɔ Awurade anim de kyerɛɛ sɛ afɔre no yɛ ne dea, sɛnea Mose hyɛe no.

22Afei, Aaron trɛw ne nsam wɔ nnipa no so hyiraa wɔn, na osian fii afɔremuka no ho sii fam.

23Mose ne Aaron kɔɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ na wɔsan baa bio no, wohyiraa nnipa no na Awurade anuonyam baa nnipa no nyinaa so. 24Na ogya fi Awurade nkyɛn bɛhyew ɔhyew afɔrebɔde no ne srade a ɛwɔ afɔremuka no so no. Na nnipa no huu eyi no, wɔn nyinaa teɛteɛɛ mu butubutuw fam wɔ Awurade anim.