利未記 10 – CCBT & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

利未記 10:1-20

拿答和亞比戶之死

1亞倫的兒子拿答亞比戶各拿自己的香爐,點火加香,在耶和華面前獻上凡火。他們這樣做不合耶和華的吩咐。 2於是,有火從耶和華面前出來吞噬了他們,他們就死在耶和華面前。 3摩西告訴亞倫:「耶和華曾說過,『我要在事奉我的人10·3 事奉我的人」希伯來文是「靠近我的人」。中顯明我的聖潔,在所有子民面前彰顯我的榮耀。』」亞倫默默無言。 4摩西叫來亞倫的叔父烏薛的兒子米沙利以利撒反,對他們說:「過來,把你們弟兄的屍體從聖所前抬到營外去。」 5他們就遵照摩西的吩咐,把仍穿著內袍的屍體抬到營外。 6摩西亞倫和他剩下的兩個兒子以利亞撒以他瑪說:「你們不要蓬頭散髮,也不要撕裂衣服,免得你們死亡,也免得耶和華向全體會眾發怒。不過,你們的所有以色列同胞都可以為耶和華用火燒死的人哀傷。 7你們不可走出會幕門口,否則你們都會死,因為耶和華的膏油在你們身上。」他們就遵照摩西的話去做。

有關祭司的條例

8耶和華對亞倫說: 9「你和你兒子們進會幕前,淡酒烈酒都不可喝,否則你們都會死。你們世世代代都要遵守這永遠的條例。 10你們必須明辨什麼是聖潔的、什麼是世俗的,什麼是潔淨的、什麼是不潔淨的。 11你們必須將我藉摩西賜給以色列人的一切律例教導他們。」

12摩西亞倫及其兩個兒子以利亞撒以他瑪說:「你們要把獻給耶和華的火祭中剩下的素祭做成無酵餅,在壇邊吃,因為這是至聖之物。 13你們要在聖潔之處吃,因為在獻給耶和華的火祭中,這是你們和你們的子孫應得之份。這是耶和華對我的吩咐。 14至於作搖祭的胸肉和作舉祭的腿肉,你們和你們的子孫可以在潔淨的地方吃。因為在以色列人所獻的平安祭中,這是你們應得之份。 15在獻火祭的脂肪時,要把作舉祭的腿肉和作搖祭的胸肉一起帶到耶和華面前,這些永遠是你們和你們的子孫應得之份,正如耶和華的吩咐。」

16摩西到處尋找那隻作贖罪祭的公山羊,卻發現那隻羊已經被焚燒了。他憤怒地對亞倫剩下的兩個兒子以利亞撒以他瑪說: 17「你們為什麼不在聖潔之處吃這贖罪祭?這是至聖之物,耶和華賜給你們是要叫你們為會眾擔罪,在耶和華面前為他們贖罪。 18既然這祭牲的血沒有被帶進聖所,你們本應按照我的吩咐在聖潔之處吃這祭肉。」 19亞倫摩西說:「看啊,他們今天向耶和華獻贖罪祭和燔祭,卻有這樣的災禍發生在我身上。今天我如果吃了這贖罪祭的祭肉,耶和華會悅納嗎?」 20摩西亞倫的回答感到滿意。

Akuapem Twi Contemporary Bible

3 Mose 10:1-20

Nadab Ne Abihu Wu

1Na Aaron mma Nadab ne Abihu de ogya guu wɔn aduhuamyɛfo ade mu. Wɔde aduhuam no petee ogya no so ma wɔnam saa kwan yi so buu Awurade mmara so, efisɛ wɔde ogya a ɛnyɛ nea Awurade ahyɛ baa nʼanim. 2Enti ogya dɛw fii Awurade nkyɛn bɛhyew wɔn. 3Mose ka kyerɛɛ Aaron se, Awurade kae se,

“ ‘Mɛda me ho kronkronyɛ adi akyerɛ

wɔn a wɔba me nkyɛn;

wɔbɛhyɛ me anuonyam wɔ nnipa nyinaa anim no,

na nea ɔrekyerɛ nen.’”

Na asɛm no tɔɔ Aaron mum.

4Mose soma ma wɔkɔfrɛɛ Misael ne Elsafan a wɔyɛ Aaron agya nuabarima mma brɛɛ no. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔtwe nnipa a wɔahyew no nyinaa mfi Ahyiae Ntamadan no anim mfa wɔn nkɔ nsraban no akyi.” 5Na wɔkɔsoaa wɔn wɔ wɔn ntade mu sɛnea Mose aka akyerɛ wɔn no.

6Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mmabarima Eleasar ne Itamar se, “Munnsu. Mommma mo tinwi nsensɛn hɔ yuu mmfa nkyerɛ sɛ moretwa agyaadwo. Munnsunsuane mo ntade mu nso. Sɛ moyɛ saa a, Onyankopɔn bekum mo nso na nʼabufuw bɛba Israelfo nyinaa so. Nanso Israelfo a wɔaka no de, esiane ogya a Awurade de bae no nti, wotumi di Nadab ne Abihu wu no ho awerɛhow, tumi su wɔn nso. 7Na mummfi Ahyiae Ntamadan no ano, anyɛ saa a mubewuwu, efisɛ Awurade ngosra wɔ mo so.” Na wodii asɛm a Mose kae no so.

8Afei, Awurade hyɛɛ Aaron se, 9“Sɛ wokɔ Ahyiae Ntamadan no mu a, nnom bobesa anaa nsa a ano yɛ den. Woyɛ saa a, wubewu. Saa mmara yi bɛtena hɔ afebɔɔ ama awo ntoatoaso a ɛbɛba no nyinaa, 10na ama moatumi ahu nsonoe a ɛda kronkron ne nea ɛyɛ teta, nea ɛho tew ne nea ɛho ntew no tam, 11na woatumi akyerɛkyerɛ Israelfo mmara a Awurade nam Mose so de ama mo no nyinaa.”

12Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mmabarima Eleasar ne Itamar se, “Momfa atoko afɔrebɔde nkae wɔ aduan afɔrebɔ a mmɔkaw nni mu a wɔde brɛɛ Awurade no na munni wɔ afɔremuka no ho, efisɛ ɛyɛ kronkron koraa. 13Munni wɔ kronkronbea hɔ. Ɛyɛ wo ne wo mmabarima no dea, na ɛyɛ wo ne wo mmabarima no kyɛfa a efi aduan afɔrebɔ a wɔde brɛɛ Awurade no mu; efisɛ saa na wɔahyɛ sɛ menyɛ. 14Nanso ne yan ne ne srɛ a muhim no Awurade anim no, mutumi we no beae biara a amanne kwan so no ɛhɔ tew. Ɛyɛ wo, wo mmabarima ne wo mmabea kyɛfa wɔ Israelfo Asomdwoe afɔrebɔde no mu. 15Ne srɛ ne ne yan a wohim no, ɛsɛ sɛ wɔde ka srade afɔrebɔde a wɔhyew de ma Awurade no ho. Eyi bɛyɛ wo ne wʼasefo kyɛfa daa, sɛnea Awurade ahyɛ no.”

16Bere a Mose bisaa nea ayɛ abirekyi a wɔde no bɛbɔ bɔne afɔre no ho asɛm no, ohuu sɛ wɔahyew no. Ɛno nti, ne bo fuw Eleasar ne Itamar a na wɔyɛ Aaron mmabarima no, bisae se, 17“Adɛn nti na moanwe bɔne afɔrebɔde no wɔ kronkronbea hɔ? Ɛyɛ afɔrebɔde kronkron! Wɔde maa mo sɛ momfa nyi nnipa no afɔdi na ɛnyɛ mpata mma wɔn wɔ Awurade anim. 18Esiane sɛ wɔamfa ne mogya ankɔ kronkronbea hɔ no nti, anka mubetumi awe wɔ hɔ ara sɛnea mehyɛe no.”

19Aaron buaa Mose se, “Nnɛ wɔbɔɔ wɔn bɔne afɔre ne ɔhyew afɔre maa Awurade. Nanso hwɛ asɛm yi a ato me. Sɛ mewee bɔne afɔre nam yi bi nnɛ a, anka Awurade ani bɛsɔ ana?” 20Na Mose tee saa no, ne bo dwoe.