以西結書 12 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

以西結書 12:1-28

被擄的預兆

1耶和華對我說: 2「人子啊,你住在叛逆的人當中。他們有眼睛卻視而不見,有耳朵卻聽而不聞,因為他們是叛逆的人。 3所以,人子啊,你要準備流亡的行裝,在白天當著他們的面從你住的地方搬到別處。他們雖然叛逆,或許還會明白其中的意思。 4你要在白天當著他們的面把預備流亡的行裝拿出來,你要在晚上當著他們的面像流亡的人一樣出去。 5你要當著他們的面在牆上挖一個洞,帶著行裝鑽出去。 6你要在天黑時當著他們的面背著行裝出發。你要蒙著臉使自己看不見地,因為我要使你成為以色列人被擄的預兆。」

7於是,我遵命而行。白天我把預備流亡的行裝拿出來,晚上用手挖通了牆,當著他們的面背著行裝在夜色中出發。

8第二天早晨,耶和華對我說: 9「人子啊,那些叛逆的以色列人不是問你在做什麽嗎? 10你要對他們說,『主耶和華說,這是關於耶路撒冷的首領和城中以色列人的預兆。』 11你要說,『我就是給你們的預兆,我所做的必發生在你們身上,你們必被擄流亡。』 12他們當中的首領必在黑夜背著行裝出發,在牆上挖洞鑽出去,而且必蒙著臉,看不見地。 13我必撒開網羅捕捉他,把他帶到迦勒底人的巴比倫。他必看不見那地方,卻要死在那裡。 14我要把他周圍的隨從和所有軍隊驅散到四方,並且拔刀追殺他們。 15當我把他們驅趕到各國,分散到列邦時,他們就知道我是耶和華。 16然而,我要使他們當中一些人免遭刀劍、饑荒和瘟疫,使他們可以在各國供述自己一切可憎的事。他們就知道我是耶和華。」

17耶和華對我說: 18「人子啊,你要戰戰兢兢地吃飯,惶惶恐恐地喝水, 19然後對這地方的人說,『關於耶路撒冷以色列的居民,主耶和華這樣說,他們必焦慮不安地吃飯,惶恐不已地喝水,他們的土地必因其中居民的暴行而荒無人煙。 20他們居住的城邑必淪為廢墟,土地必一片荒涼,他們就知道我是耶和華。』」

21耶和華對我說: 22「人子啊,你們以色列有一句俗語,『光陰流逝,異象都落空。』 23主耶和華這樣宣告,我要廢掉這句俗語,使它從以色列人的口中消失。你要對他們說,『日子已近,異象都要應驗。』 24以色列人中必不再有虛假的異象和諂媚的預言。 25我是耶和華,我的話都必實現,決不遲延。你們這叛逆的人啊,我說的話必在你們有生之年應驗!」這是主耶和華說的。

26耶和華對我說: 27「人子啊,你看,以色列人在說,『他見的異象是關乎多年後的事,他說的預言是針對遙遠的未來。』 28因此,你要對他們說,『主耶和華這樣說,我的話必應驗,不再遲延。』這是主耶和華說的。」

Asante Twi Contemporary Bible

Hesekiel 12:1-28

Asutwa Ho Nsɛnkyerɛnneɛ

1Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, 2“Onipa ba, wote nnipa a wɔte atua mu. Wɔwɔ ani nanso wɔnnhunu adeɛ. Wɔwɔ aso nanso wɔnte asɛm, ɛfiri sɛ wɔyɛ nnipa atuatefoɔ.

3“Enti, onipa ba, boaboa wo nneɛma ano ma asutwa, na adekyeɛ mu a wɔrehwɛ no, firi deɛ wowɔ, na kɔ beaeɛ foforɔ. Ɛwom sɛ wɔyɛ atuatefoɔ deɛ, nanso ebia wɔbɛte aseɛ. 4Adekyeɛ mu a wɔrehwɛ no, fa wo nneɛma a woaboa ano ama asutwa no pue. Afei anwummerɛ a wɔrehwɛ no, firi adi sɛdeɛ wɔn atukɔfoɔ yɛ no. 5Ɛberɛ a wɔrehwɛ no, tu ɔfasuo no mu tokuro na yi wo nneɛma no fa mu. 6Fa to wo mmatire so, ɛberɛ a wɔrehwɛ, na afei adeɛ resa a, soa kɔ. Kata wʼanim sɛdeɛ wonhunu asase no, ɛfiri sɛ mayɛ wo nsɛnkyerɛnneɛ ama Israel efie.”

7Enti meyɛɛ sɛdeɛ wɔhyɛɛ me no. Adekyeɛ mu no, mede me nneɛma a maboa ano ama asutwa no pueeɛ. Anwummerɛ no, mede me nsa tuu tokuro wɔ ɔfasuo no mu, na adeɛ resa no, meyii me nneɛma no soaa no me mmatire so a wɔrehwɛ.

8Adekyeɛ no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, 9“Onipa ba, saa Israel efie atuatefoɔ no ammisa wo sɛ, ‘Ɛdeɛn na woreyɛ yi?’

10“Ka kyerɛ wɔn sɛ, sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Saa nkɔmhyɛ yi fa ɔhene babarima a ɔwɔ Yerusalem ne Israel efie a wɔwɔ hɔ nyinaa ho. 11Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Meyɛ nsɛnkyerɛnnedeɛ ma mo.’

“Sɛdeɛ mayɛ no, saa ara na wɔbɛyɛ wɔn. Wɔbɛtwa wɔn asuo akɔ nnommumfa mu.

12“Ɔhene ba a ɔwɔ wɔn mu no de nʼadesoa bɛto ne batiri so ɛberɛ a adeɛ resa, na wafiri hɔ, na wɔbɛtu tokuro wɔ ɔfasuo no mu ama wafa mu. Ɔbɛkata nʼanim sɛdeɛ ɔrenhunu faako a ɔrekorɔ. 13Mɛto mʼatena agu no so na makyere no wɔ mʼafidie mu; mede no bɛkɔ Babilonia Kaldeafoɔ asase so, nanso ɔrenhunu, na ɛhɔ na ɔbɛwu. 14Mɛhwete wɔn a atwa ne ho ahyia nyinaa akɔ mmaa nyinaa; nʼadwumayɛfoɔ ne nʼasraafoɔ nyinaa, na mede akofena ataa wɔn.

15“Ɛberɛ a mabɔ wɔn apete amanaman so, na mahwete wɔn agu nsase so no, wɔbɛhunu sɛ me ne Awurade no. 16Nanso mɛma wɔn mu kakra anya wɔn tiri adidi mu wɔ ɔkɔm, ɔyaredɔm ne akofena ano, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn ani bɛba wɔn akyiwadeɛ ahodoɔ no so wɔ aman a wɔbɛkɔ so no mu. Afei wɔbɛhunu sɛ me ne Awurade no.”

17Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, 18“Onipa ba, sɛ woredidi a, ma wo ho nwoso, na fa ehu nom wo nsuo. 19Ka kyerɛ nnipa a wɔwɔ asase no so sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka fa wɔn a wɔte Yerusalem ne Israel asase so ho: Wɔde ahopereɛ bɛdidi na wɔde abasamutuo anom nsuo, ɛfiri sɛ wɔbɛsɛe asase no so nneɛma nyinaa, ɛsiane wɔn a wɔtete soɔ no akakabensɛm enti. 20Wɔbɛsɛe nkuro a nnipa tete soɔ no nyinaa na asase no bɛda mpan. Afei wobɛhunu sɛ mene Awurade no.’ ”

21Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, 22“Onipa ba, abɛbuo a mowɔ wɔ Israel sɛ, ‘Nna no retwam nanso Israel anisoadehunu biara mma mu’ yi, aseɛ ne sɛn? 23Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Merebɛma abɛbuo yi aso ha ara, na wɔrenka wɔ Israel bio.’ Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nna a anisoadehunu biara bɛba mu no abɛn. 24Na atorɔ anisoadehunu ne nnaadaa abisa wɔ Israelfoɔ mu no to bɛtwa. 25Nanso me Awurade, mɛka deɛ ɛsɛ sɛ meka, na ɛrenkyɛre, ɛbɛba mu. Na mo atuatefoɔ efie, mo berɛ so, mɛma deɛ maka biara aba mu. Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ.’ ”

26Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, 27“Onipa ba, Israel efie reka sɛ, ‘Anisoadeɛ a ɔhunu no bɛba mu mfeɛ bebree akyi, na nneɛma a ɛwɔ daakye akyirikyiri ho nkɔm na ɔhyɛ.’

28“Ɛno enti ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Merentwe me nsɛm nkɔ nkyiri bio. Deɛ meka biara bɛba mu, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ.’ ”