審判以色列的首領
1那時,靈將我舉起,帶我到耶和華殿的東門,我見那裡有二十五個人,當中有百姓的首領押朔的兒子雅撒尼亞和比拿雅的兒子毗拉提。 2耶和華對我說:「人子啊,這些人在這城裡專給人出毒計,設惡謀。 3他們說,『建造房屋的時候不是到了嗎?我們的城像鐵鍋一樣堅固,我們像在鍋裡的肉一樣得到保護。』 4人子啊,你要說預言,說預言斥責他們。」
5耶和華的靈降在我身上,並吩咐我說:「耶和華這樣說,『以色列人啊,我知道你們口中在說什麼,心裡在想什麼。 6你們在城中殺人無數,大街小巷遍地屍體。 7所以,主耶和華說,你們在城中殺死的人就是肉,這城就是鍋,但我必把你們從鍋中拉出來。 8你們懼怕刀劍,我必使刀劍臨到你們。這是主耶和華說的。 9我必把你們從城中趕出去,交給外族人。我必懲罰你們, 10使你們死於刀下。我要審判整個以色列,這樣你們就知道我是耶和華。 11這城必不是你們的鍋,你們也必不是其中的肉,我必在全以色列施行審判。 12這樣你們就知道我是耶和華。因為你們沒有遵行我的律例,沒有順從我的典章,卻效法你們四鄰外族的規矩。』」
13我正在說預言的時候,比拿雅的兒子毗拉提就死了。我便俯伏在地大喊:「唉,主耶和華啊,你要滅絕以色列的餘民嗎?」
14耶和華對我說: 15「人子啊,留在耶路撒冷的居民會這樣談論你、你的親人和一切被擄的以色列人,說,『他們遠離了耶和華,這地方已經給了我們。』 16因此,你要說,『主耶和華這樣說,我雖然把以色列人趕到遠方各國,分散在列邦,卻要在他們所去的國家暫作他們的聖所。』
17「你要說,『主耶和華這樣說,我必從各國召集你們,從你們被驅散到的列邦中聚集你們,將以色列再賜給你們。』 18他們回來後,必除掉一切醜惡可憎的事。 19我必賜給他們一顆專一的心,將新靈放在他們裡面,除去他們的石心,賜給他們肉心, 20使他們恪守我的律例,謹遵我的典章。他們將做我的子民,我將做他們的上帝。 21至於那些心裡戀慕醜惡可憎之物的人,我必按他們所行的報應他們。這是主耶和華說的。」
22於是,基路伯天使展開翅膀,輪子跟在他們旁邊,在他們上面有以色列上帝的榮耀。 23耶和華的榮耀從城中升起,停在城東的山上。 24靈將我舉起,在異象中把我帶到迦勒底被擄的人那裡,我所見的異象從我面前上升消失了。 25我把耶和華讓我看到的一切都告訴了那些被擄的人。
Israel Ntuanofoɔ Atemmuo
1Afei, honhom no pagyaa me de me baa Awurade efie ɛpono a ani kyerɛ apueeɛ fam no ano. Na mmarima aduonu enum wɔ hɔ, na mehunuu Asur babarima Yaasania ne Benaia babarima Pelatia a wɔyɛ nnipa no ntuanofoɔ. 2Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, yeinom ne mmarima a wɔrebɔ pɔ bɔne na wɔtu fo bɔne wɔ kuropɔn yi mu. 3Wɔka sɛ, ‘Ɛberɛ a wɔde sisi afie nnuru so anaa? Kuropɔn no ayɛ sɛ dadesɛn, ɛnna yɛayɛ ɛnam a dadesɛn no bɔ yɛn ho ban.’ 4Ɛno enti hyɛ nkɔm tia wɔn. Hyɛ nkɔm onipa ba.”
5Afei, Awurade Honhom baa me so na ɔka kyerɛɛ me sɛ menka nkyerɛ Israelfoɔ sɛ, “Yei ne deɛ Awurade seɛ. Menim deɛ moreka, ɛfiri sɛ menim nsusuiɛ a ɛwɔ mo adwene mu. 6Moakunkum nnipa bebree wɔ kuropɔn yi mu, na mode afunu ahyɛ ne mmɔntene so ma.
7“Ɛno enti, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Kuro no yɛ dadesɛn deɛ, nanso emu ɛnam no yɛ nnipa a mode atirimuɔden akunkum wɔn apete hɔ. Ɛno enti, mɛpam mo afiri mu. 8Mosuro akofena, na ɛno ara na mede bɛba mo so, sei na Awurade seɛ. 9Mɛpam mo afiri kuropɔn no mu na mede mo ahyɛ ananafoɔ nsa, na matwe mo aso. 10Mobɛtotɔ akofena ano, na mɛbu mu atɛn wɔ Israel asase so. Afei, mobɛhunu sɛ mene Awurade no. 11Saa kuropɔn yi remmɔ mo ho ban sɛdeɛ dadesɛn bɔ ɛnam a ɛwɔ mu no ho ban; Mɛbu mo atɛn wɔ Israel asase so. 12Na mobɛhunu sɛ mene Awurade no, ɛfiri sɛ, moanni mʼahyɛdeɛ so, moapo me mmara, na deɛ aman a atwa mo ahyia no yɛ no na mo nso moyɛ.”
13Afei ɛberɛ a megu rehyɛ nkɔm no, Benaia babarima Pelatia wuiɛ. Na mede mʼanim butuu fam suu denden sɛ, “Aa Otumfoɔ Awurade, wobɛtɔre Israel nkaeɛfoɔ yi ase koraa anaa?”
14Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, 15“Onipa ba, wo nua mmarimma, wɔn a wo ne wɔn yɛ mogya baako ne Israel efie nyinaa, nnipa a wɔwɔ Yerusalem kasa fa wɔn ho sɛ, ‘Saa nkurɔfoɔ a wɔkɔɔ nnommum no ne Awurade ntam ɛkwan ware, ɛno enti na wɔde wɔn asase yi ama yɛn sɛ yɛn agyapadeɛ.’ ”
Onyankopɔn Hyɛ Israel Atukɔfoɔ Bɔ
16“Ɛno enti ka sɛ, ‘Sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛwom sɛ mede wɔn kɔɔ akyirikyiri wɔ amanaman mu, hwetee wɔn guu nsase so deɛ, nanso berɛ tiawa bi mu no, meyɛɛ wɔn kronkronbea wɔ nsase a na wɔwɔ soɔ no so.’
17“Enti ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Mɛboaboa mo ano afiri amanaman no ne nsase a mehwetee mo guu soɔ no asane aba, na mede Israel asase bɛsane ama mo.’
18“Wɔbɛsane aba so na wɔayiyi nsɛsodeɛ tantane ne ahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ no nyinaa. 19Mɛma wɔn akoma korɔ na mede honhom foforɔ ahyɛ wɔn mu; mɛyi wɔn akomaden no na mama wɔn akoma a ɛyɛ mmrɛ. 20Afei wɔbɛdi mʼahyɛdeɛ so na wɔahwɛ akora me mmara yie. Wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ, na mayɛ wɔn Onyankopɔn. 21Nanso wɔn a wɔde wɔn akoma ama nsɛsodeɛ tantane ne ahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ no deɛ, mɛma deɛ wɔayɛ no abɔ wɔn tiri so, sei na Otumfoɔ Awurade seɛ.”
22Afei, Kerubim no ne wɔn ntwahonan trɛtrɛɛ wɔn ntaban mu, na Israel Onyankopɔn animuonyam konkɔnn wɔn so. 23Awurade animuonyam pagyaa ne ho firii kuropɔn no mu kɔgyinaa bepɔ a ɛwɔ apueeɛ fam no atifi. 24Honhom no pagyaa me de me baa atukɔfoɔ a wɔwɔ Babilonia no nkyɛn wɔ anisoadehunu a Onyankopɔn Honhom maa me no mu.
Afei anisoadeɛ a mehunuiɛ no firii me so kɔɔ soro. 25Na mekaa biribiara a Awurade yi kyerɛɛ me no kyerɛɛ atukɔfoɔ no.