马可福音 4 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

马可福音 4:1-41

撒种的比喻

1耶稣又到湖边讲道,周围聚集了许多人,耶稣只好上到湖边的船上坐下,众人都站在岸上。 2耶稣用比喻教导他们许多事,在教导中祂说: 3“听着!有一个农夫出去撒种。 4撒种的时候,有些种子落在路旁,被飞鸟吃掉了; 5有些落在石头地上,因为泥土不深,种子很快就发芽了, 6然而因为没有根,被太阳一晒就枯萎了; 7有些落在荆棘丛中,荆棘长起来便把嫩苗挤住了,以致不能结实; 8有些落在沃土里,就发芽生长,结出果实,收成多达三十倍、六十倍、一百倍!” 9然后祂说:“有耳可听的,都应当听。”

10当耶稣独自一人的时候,十二使徒和追随祂的人来请教比喻的意思。 11耶稣说:“上帝国的奥秘只让你们知道,对于外人,我只用比喻, 12使他们‘看了又看,却不领悟;听了又听,却不明白,免得他们回心转意,得到赦免。’”

13耶稣又对他们说:“你们不明白这个比喻,又怎能明白其他比喻呢? 14农夫撒的是上帝的道。 15种子落在路旁,是指人听了道,撒旦立刻过来夺去了撒在他们心里的道。 16种子落在石头地上,是指人听了道后,立刻欢喜地接受了, 17但他们心里没有根基,不过是暂时接受,一旦为道遭受患难和迫害,就立刻放弃了。 18种子落在荆棘丛中,是指人虽然听过道, 19但生活的忧虑、钱财的迷惑和其他欲望把道挤住了,以致不能结出果实。 20种子落在沃土里,是指人听了道,领受了,又结出果实,收成多达三十倍、六十倍、甚至一百倍。”

灯的比喻

21耶稣继续说:“人会把灯拿来放在篮子底下或床底下吗?当然不会,他一定会把它放在灯台上。 22隐藏的事是不能掩盖的,终会显露出来。 23有耳可听的,就应当听。” 24耶稣又说:“要好好思想你们所听到的,你们用什么量器量给人,就用什么量器量给你们,甚至要多给你们。 25因为凡有的,还要给他更多;凡没有的,连他仅有的也要夺去!”

种子生长的比喻

26祂又说:“上帝的国就像一个人在地上撒种。 27他天天日出而作,日落而息。种子就在他不知不觉中渐渐发芽长大。 28大地会使种子生长,先发苗后吐穗,最终结出饱满的籽粒。 29庄稼成熟后,他就拿起镰刀来收割,因为收成的时候到了。”

芥菜种的比喻

30耶稣说:“我们拿什么比作上帝的国呢?用什么比喻来解释呢? 31上帝的国就像一粒芥菜种。它是种子中最小的, 32但种在地里,却能长得比各样蔬菜都大,有粗大的枝条,可以让飞鸟在它的树荫中筑巢。”

33耶稣用了许多类似的比喻,按照众人所能领悟的,把上帝的道讲给他们听。 34祂总是用比喻对他们讲论,只有单独和门徒在一起的时候,才把一切解释清楚。

平息风浪

35那天晚上,耶稣对门徒说:“我们渡到对面去吧。” 36他们就离开众人,上了耶稣乘坐的船,一起渡到湖的对岸,还有其他船只跟着去。 37忽然,湖面上狂风大作,波浪撞击船身,船内几乎灌满了水。 38耶稣却还在船尾枕着枕头睡觉。门徒叫醒了祂,说:“老师,我们快淹死了,你怎么不管呢?”

39耶稣起来斥责狂风,对着湖面说:“静下来!停下来!”于是就风平浪静了。 40祂对门徒说:“你们为什么这样害怕呢?你们还是没有信心吗?”

41他们极其害怕,彼此议论说:“祂到底是谁?连风浪都听祂的!”

Asante Twi Contemporary Bible

Marko 4:1-41

Ogufoɔ Ho Ɛbɛ

1Ɛberɛ a ɔgu so rekyerɛkyerɛ no, nnipadɔm sane bɛtwaa ne ho hyiaeɛ wɔ mpoano hɔ. Yei enti, ɔkɔtenaa kodoɔ mu, toaa ne nkyerɛkyerɛ no so. 2Na sɛdeɛ ɔyɛ daa no, ɔnam mmɛbuo so kasa kyerɛɛ wɔn. Baako a ɔkaeɛ ne sɛ, 3“Ɛda bi, ogufoɔ bi kɔɔ nʼafuom kɔguu aba. 4Ɔgu so regu aba no, aba no bi guu kwankyɛn, maa nnomaa bɛsosɔɔ ne nyinaa diiɛ. 5Ebi nso kɔguu ɔbotan bi so. Nanso, dɔteɛ a ɛwɔ so no nnɔɔso. 6Ankyɛre na ɛfifiriiɛ, nanso ɛsiane sɛ dɔteɛ a ɛwɔ ɔbotan no so no nnɔɔso no enti, owia bɔɔ so no, ne nyinaa hyeeɛ. 7Aba no bi nso guu nkasɛɛ mu, maa nkasɛɛ no kyekyeree no enti antumi anso aba. 8Aba no bi nso guu asase pa mu, maa ebi nyini soo mmɔho aduasa, ebi aduosia, ɛnna afoforɔ nso mmɔho ɔha!”

9Na Yesu kaa sɛ, “Ma deɛ ɔwɔ aso no ntie!”

10Akyire no a ɛkaa ɔne dumienu no ne asuafoɔ afoforɔ bi no, wɔbisaa no sɛ, “Asɛm a wokaeɛ no, aseɛ ne sɛn?” 11Ɔbuaa wɔn sɛ, “Mo deɛ, wɔada Onyankopɔn Ahennie ho ahintasɛm adi akyerɛ mo. Nanso, afoforɔ deɛ, wɔka no abɛbuo mu na ɛkyerɛ wɔn. 12Esiane saa nti,

“ ‘Wɔhunu na wɔte, nanso wɔrente deɛ wɔte no ase,

na wɔrennane mma Onyankopɔn nkyɛn,

na wɔremfa wɔn bɔne nso nkyɛ wɔn.’

13“Na sɛ moante saa bɛ yi ase a, ɛbɛyɛ dɛn na moate mmɛ ahodoɔ a merebɛbuo no ase? 14Ogufoɔ no gu aba a ɛyɛ asɛm no. 15Aba a ɛguu kwankyɛn no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm, nanso sɛ wɔte asɛm no a, ntɛm so, ɔbonsam ba wɔn nkyɛn, ma wɔn werɛ firi deɛ wɔate no nyinaa. 16Aba a ɛguu ɔbotan so no gyina hɔ ma nnipa a wɔde anigyeɛ tie asɛm no. 17Nanso, wɔte sɛ aba a afifiri foforɔ a ne nhini nkɔ fam. Ahyɛaseɛ no, wɔkɔ so fɛfɛɛfɛ, nanso sɛ ɛba sɛ asɛm no enti, ɔtaa anaa amanehunu bi to wɔn pɛ, na wɔapa aba. 18Aba a ɛguu nkasɛɛ mu no nso gyina hɔ ma nnipa a wɔte asɛmpa no, 19nanso ɛnkyɛre koraa na ewiase yi mu afɛfɛdeɛ ne ahonyadeɛ ne ɔbra yi mu dadwene, nnaadaa ne nneɛma bi ho akɔnnɔ abɛhyɛ wɔn akoma mu. Yei enti, asɛm no ntumi nso aba biara. 20Aba a ɛguu asase pa mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm no, na wɔso aba bebree. Nnipa no bi so mmɔho aduasa. Ebi nso so aduosia, na afoforɔ nso so ɔha.”

Kanea So Mfasoɔ

21Afei, Yesu bisaa wɔn sɛ, “Moahunu obi a ɔsɔ kanea na ɔde hyɛ mpa ase, anaasɛ ɔde ahina butu so? Dabi! Wɔde kanea si petee mu na ahyerɛn ma ɛho aba mfasoɔ. 22Deɛ ahinta biara no, wɔbɛda no adi, na deɛ wɔakata so biara no, wɔde bɛto dwa. 23Deɛ ɔwɔ aso a ɔbɛtie no, ma ɔntie!

24“Monhwɛ yie wɔ deɛ mote no ho. Deɛ mote no, ɛno ara na wɔde bɛma mo, na aboro so mpo. 25Deɛ ɔwɔ biribi no, wɔbɛma no bi aka ho; deɛ ɔnni ahe bi no, kakraa a ɔwɔ no mpo, wɔbɛgye afiri ne nsam.”

Aba A Ɛrenyini Ho Ɛbɛ

26Ɔkaa bio sɛ, “Sɛdeɛ Onyankopɔn Ahennie no teɛ nie: okuafoɔ bi gu aba wɔ asase bi so. 27Awia ne anadwo, sɛ ɔda o, sɛ ɔnyane o, aba no fefɛ a ɔnnim sɛdeɛ ɛyɛeɛ a ɛnyiniiɛ. 28Asase no ankasa bɔ nʼaduane, dua no na ɛdi kan, afei ɛpɛsɛ na abɔ, ama aba no anyini. 29Sɛ aba no nyini wie a, okuafoɔ no fa ne dadeɛ kɔtwa, ɛfiri sɛ otwa berɛ aduru.”

Onyina Aba Ho Ɛbɛ

30Ɔsane kaa sɛ, “Ɛdeɛn ho na yɛde Ɔsoro Ahennie no bɛto, anaa abɛbusɛm bɛn na yɛde bɛkyerɛkyerɛ mu? 31Ɛte sɛ onyina aba, a ɛyɛ ketewaa wɔ aba a wodua nyinaa mu. 32Na sɛ wodua a ɛnyini yɛ kɛseɛ sene nnua a aka no nyinaa, ɛyiyi mman akɛseɛ ma ewiem nnomaa bɛsisi ne nwunu mu.”

33Mmɛbuo a ɛtete sɛ yeinom na Yesu de kaa asɛm no kyerɛɛ wɔn, sɛdeɛ wɔbɛtumi ate aseɛ. 34Ɔnam mmɛbuo so na ɔkasa kyerɛɛ wɔn a wɔbɛtiee no no nyinaa, na sɛ ɛka ɔne nʼasuafoɔ no nko a, ɔkyerɛ wɔn ne nyinaa ase.

Yesu Brɛ Ahum Ase

35Ɛduruu anwummerɛ no, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Momma yɛntwa nkɔ asuogya nohoa.” 36Ɔkaa saa no, wɔgyaa nnipadɔm no wɔ hɔ, na ɔne wɔn kɔeɛ a akodoɔ foforɔ di wɔn akyi. 37Prɛko pɛ, ahum kɛseɛ bi tuiɛ, maa asorɔkye bu bɛkataa kodoɔ no so, ma ɛyɛɛ sɛ ɛremem. 38Saa ɛberɛ no, na Yesu wɔ kodoɔ no to de ne ti ato sumiiɛ so ada. Asuafoɔ no de ahopopoɔ ne nteateamu kɔnyanee no kaa sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛreyɛ amem yi, ɛmfa wo ho?”

39Ɔsɔre teateaa mframa no ka kyerɛɛ ɛpo no sɛ, “Yɛ dinn!” Mframa no gyaeeɛ, na ɛpo no yɛɛ dinn!

40Yesu bisaa wɔn sɛ, “Adɛn na moyɛ ahufoɔ sei? Adɛn, monnye me nni anaa?”

41Na wɔn ho dwirii wɔn yie, bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Onipa bɛn ni a mframa ne ɛpo mpo tie no yi?”