马可福音 5 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

马可福音 5:1-43

治好被鬼附身的人

1他们来到湖对岸的格拉森地区。 2耶稣刚下船,就遇见一个被污鬼附身的人从坟场迎面而来。 3那人以坟场为家,从来没有人能把他捆住,就算用铁链也锁不住他。 4尽管有人多次用铁链和脚镣锁住他,但他挣断了铁链,砸碎了脚镣。没有人能制服他。 5他昼夜在坟场和山野间大喊大叫,又用石头砍自己。

6他远远看见耶稣,就跑过去跪下来拜祂,喊着说: 7“至高上帝的儿子耶稣啊,我和你有什么关系?看在上帝的份上,求你不要折磨我!” 8原来,耶稣已经对他身上的鬼说:“污鬼,从这人身上出来!”

9耶稣问:“你叫什么名字?”

他说:“我的名字叫‘群’,因为我们是一大群。”

10接着污鬼再三哀求耶稣,不要把它们逐出那个地区。 11当时有一大群猪在附近山坡上觅食。 12污鬼就哀求耶稣说:“让我们到猪群里去,附在它们身上吧!”

13耶稣允许了,污鬼就离开那人,进入猪群。那群猪就一路奔下陡坡,冲进湖里淹死了,约有两千头。

14放猪的人都吓跑了。他们把这消息传遍了城里乡间,于是人人都跑来看个究竟。 15他们到了耶稣那里,看见那一度被群鬼附身的人神智清醒、衣着整齐地坐在那里,都很害怕。 16目睹这件事的人向他们讲述整个经过。 17他们请耶稣离开他们的地方。

18耶稣上了船准备离开的时候,那被鬼附过的人恳求耶稣让他随行。 19耶稣没有答应,只对他说:“回去见你的家人,将主为你所做的事和祂怜悯你的经过告诉他们吧!”

20这人就回到低加坡里一带宣扬耶稣为他所行的奇事,大家都很惊奇。

耶稣医治有信心的人

21耶稣再坐船回到对岸,立刻有一大群人在岸边围着祂。 22人群中有一位会堂的主管名叫雅鲁,他一见到耶稣便俯伏在祂脚前, 23恳求说:“我小女儿快要死了,求你去把手按在她身上,医治她,救她一命。”

24耶稣和他同去,一大群人跟着祂,拥挤着祂。

25有一个妇人患血漏病已经十二年, 26经过许多医生的诊治,受尽痛苦,耗尽钱财,病情仍没有好转,反而更加严重。 27她听见耶稣的事,就夹在人群中挤到耶稣背后摸祂的衣服, 28心想:“只要摸到祂的衣服,我就痊愈了!”

29她的血漏立刻停止了,她感到自己痊愈了。 30耶稣马上知道有能力从自己身上发出,便在人群中转过身来问:“谁摸了我的衣服?”

31门徒对祂说:“你看,这么多人在你周围挤来挤去,你怎么问谁摸你呢?”

32耶稣环视四周,要找出摸祂的人。 33那妇人害怕得发抖,她知道在自己身上发生了什么事,于是上前俯伏在耶稣面前,将实情说了出来。

34耶稣说:“女儿,你的信心救了你。安心地回去吧!你的病好了。”

35耶稣还在说话的时候,有人从雅鲁家中赶来,对雅鲁说:“你的女儿已经死了,何必麻烦老师呢?”

36耶稣听了,便对雅鲁说:“不要怕,只要信。” 37于是,祂带着彼得雅各雅各的弟弟约翰雅鲁家,不准其他人跟着。 38他们到了那里,只见在场的人嚎啕大哭,场面混乱。 39耶稣进去问道:“你们为什么大哭大嚷呢?这孩子并没有死,只是睡着了。”

40这些人听了,都讥笑祂。耶稣让他们全部出去,然后带着孩子的父母和三个门徒进了房间。 41祂拉着孩子的手说:“大利大,古米!”意思是:“小女孩,我吩咐你起来!”

42小女孩应声而起,并且可以走动,那时她十二岁。在场的人都惊奇不已。 43耶稣郑重叮嘱他们不要把这事张扬出去,又吩咐他们给女孩东西吃。

Asante Twi Contemporary Bible

Marko 5:1-43

Yesu Sa Ɔbarima Bi A Ɔwɔ Honhommɔne Yadeɛ

1Yesu ne nʼasuafoɔ bɛduruu ɛpo no fa baabi wɔ Gerasefoɔ asase so. 2Ɔresi afiri kodoɔ no mu no, ɔbarima bi a honhommɔne wɔ ne mu de mmirika firi amusieeɛ bɛhyiaa no. 3Na saa ɔbarima yi te amusieeɛ hɔ. 4Ɔyɛ obi a na ne ho yɛ den yie enti, sɛ wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn mpo gu ne nsa a, ɔtumi bubu mu a obiara ntumi nkɔ nʼanim. 5Anadwo ne awia nyinaa na ɔnenam amusieeɛ hɔ mmepɔ no mu a, ɔde aboɔ a ano yɛ nam twitwa ne ho.

6Ɔbarima yi hunuu Yesu wɔ akyirikyiri no, ɔtuu mmirika, bɛbuu no nkotodwe. 7Ɔteateaam sɛ, “Yesu, Ɔsorosoro Onyankopɔn no Ba, ɛdeɛn na wowɔ ne me yɛ? Mesrɛ wo, ɛnyɛ me ayayadeɛ biara!” 8Yesu tiaa honhommɔne a ɛwɔ ɔbarima no mu no sɛ, “Honhommɔne, firi ne mu fi!”

9Yesu bisaa no sɛ, “Wɔfrɛ wo sɛn?”

Ɔbuaa Yesu sɛ, “Me din de ‘Ɛdɔm’ ɛfiri sɛ, yɛdɔɔso.” 10Afei, ɔsrɛɛ Yesu anibereɛ so sɛ ɔmmpam wɔn nkɔ akyirikyiri.

11Saa ɛberɛ no, na mprakokuo bi redidi wɔ bepɔ no nkyɛn baabi a ɛbɛn ɛpo no. 12Enti, ahonhommɔne no srɛɛ Yesu sɛ, “Tu yɛn na yɛnkɔhyɛ mprako no mu.” 13Yesu maa wɔn ho ɛkwan ma wɔkɔhyɛɛ mprako no mu. Mprako no de ahoɔherɛ sianee bepɔ no kɔguu ɛpo no mu ma ɛfaa wɔn.

14Mprakohwɛfoɔ no dwane baa nkuro a ɛbɛn hɔ no mu bɛkaa deɛ wɔahunu no kyerɛɛ wɔn. Wɔn a wɔteeɛ no kɔhwɛɛ deɛ asie no. 15Nnipakuo no duruu baabi a Yesu wɔ no, wɔhunuu ɔbarima a na honhommɔne ahyɛ no ma no sɛ ɔte hɔ dinn a nʼadwenem ate no. Yei maa wɔn ho dwirii wɔn. 16Wɔn a wɔhunuu asɛm a asi no ka kyerɛɛ afoforɔ, 17maa nnipakuo no srɛɛ Yesu sɛ, ɔmfiri wɔn nkyɛn nkɔ, na wɔn ho ntɔ wɔn!

18Enti, ɔsane foro kɔtenaa kodoɔ no mu. Ɔbarima a na honhommɔne wɔ ne mu no srɛɛ Yesu sɛ ɔpɛ sɛ ɔne no kɔ. 19Nanso, Yesu kaa sɛ, “Dabi, na kɔ na kɔka anwanwadeɛ a Onyankopɔn ayɛ ama wo yi ne nʼahummɔborɔ ho asɛm kyerɛ wʼabusuafoɔ.” 20Enti, ɔbarima no firi hɔ kɔɔ Dekapoli, “Nkuro Edu” no a, ɛwɔ saa ɔmantam no mu, kɔkaa anwanwadeɛ a Yesu ayɛ ama no no kyerɛɛ obiara. Wɔtee asɛm no, wɔn ho dwirii wɔn.

21Yesu de kodoɔ no tware baa ɛpo no fa baabi no, nnipakuo bɛtwaa ne ho hyiaa wɔ mpoano hɔ. 22Asafopanin bi a na ɔwɔ hɔ a wɔfrɛ no Yairo no, buu Yesu nkotodwe, 23srɛɛ no sɛ, ɔnsa ne babaa yadeɛ mma no. Ɔfiri ahoyera mu ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Abɔfra no rewu, enti mesrɛ wo sɛ, fa wo nsa bɛka no na ɔnnya nkwa.” 24Yesu ne no kɔeɛ a nnipakuo no di wɔn akyi.

25Na ɔbaa bi a watu mogya mfirinhyia dumienu ka nnipakuo no ho. 26Ɔde ne yadeɛ no akyin ayaresafoɔ bebree so, atua sika bebree ama wayɛ ohiani, nanso na ne ho ntɔ no ara. 27Na wate anwanwadeɛ a Yesu ayɛ no nyinaa, na ɛno enti ɔde ne ho fraa nnipakuo no, firii Yesu akyi sɔɔ nʼatadeɛ ano. 28Ɔdwenee ho kaa sɛ, “Sɛ metumi nya ne ho ɛkwan, de me nsa sɔ nʼatadeɛ mu kɛkɛ a, me ho bɛtɔ me.” 29Ampa ara, ɛsɔ a ɔsɔɔ nʼatadeɛ no mu pɛ, na mogya no twa maa ne ho tɔɔ no!

30Amonom hɔ ara, Yesu tee nka sɛ tumi bi afiri ne mu. Ɔdanee ne ho kyerɛɛ nnipakuo no bisaa sɛ, “Hwan na ɔsɔɔ mʼatadeɛ mu no?”

31Nʼasuafoɔ no buaa sɛ, “Saa nnipakuo a obiara de ne ho twitwiri ne yɔnko yi na worebisa sɛ, ‘Hwan na ɔde ne nsa aka mʼatadeɛ?’ ”

32Nanso, ɔpɛɛ sɛ ɔhunu onipa ko a ɔsɔɔ nʼatadeɛ mu no. 33Ɛberɛ a ɔbaa no hunuu asɛm a asie no, ɔde ahopopoɔ bɛbuu Yesu nkotodwe kaa deɛ ɔyɛeɛ no kyerɛɛ no. 34Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔbabaa, wo gyidie ama wo ho atɔ wo; fa asomdwoeɛ kɔ; wo yadeɛ no agyae.”

Yairo Babaa No Nyane

35Ɔgu so rekasa kyerɛ ɔbaa no no, abɔfoɔ firi Yairo efie bɛbɔɔ amaneɛ sɛ, Yairo babaa no awu, enti ɛho nhia sɛ Yesu bɛba bio.

36Yesu antie deɛ na wɔreka no koraa, na ɔka kyerɛɛ Yairo sɛ, “Nsuro, gye di ara.”

37Afei, Yesu amma obiara anni nʼakyi ankɔ Yairo efie hɔ gye Petro, Yakobo ne Yohane. 38Ɛberɛ a Yesu duruu hɔ no, ɔhunuu sɛ ɛhɔ nyinaa ayɛ manyamanya a nnipa retwa agyaadwoɔ. 39Ɔkɔɔ efie no mu ne wɔn a wɔwɔ hɔ no kɔkasaeɛ. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn ne agyaadwotwa ne gyegyeegye yi? Abɔfra no nwuiɛ; nna na wada!” 40Wɔn a wɔwɔ hɔ no tee asɛm a Yesu kae no, wɔseree no.

Yesu ka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ efie hɔ no sɛ, wɔn nyinaa mfiri adi. Ɔne abɔfra no agya ne ne maame ne nʼasuafoɔ baasa no kɔɔ deɛ abɔfra no da hɔ. 41Ɔsɔɔ abɔfra no nsa kaa sɛ, “Talita, Kumm!” a aseɛ ne sɛ “Abaayewa, mese wo sɛ sɔre!” 42Amonom hɔ ara, abaayewa no sɔreeɛ, na ɔfiri aseɛ nanteeɛ. Na saa abaayewa no adi mfeɛ dumienu. Asɛm a ɛsiiɛ yi maa wɔn ho dwirii wɔn yie. 43Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ wɔnnka asɛm a asie no nkyerɛ obiara, na mmom, wɔmma abɔfra no aduane nni.