雅歌 7 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

雅歌 7:1-13

1我的公主啊,你的双脚配上鞋子多么美啊!

你美玉般圆润的腿是巧匠的杰作。

2你的肚脐好像圆杯,

不缺调和的酒。

你的腰好比一堆麦子,

四周围绕着百合花。

3你的胸脯好像一对孪生的小鹿。

4你的脖子如象牙塔,

眼睛好像希实本境内巴特·拉并门旁的水池。

你的鼻子好像眺望大马士革黎巴嫩塔。

5你的头如同迦密山,

你的秀发好像紫黑色的缎子,

君王的心被你的缕缕青丝系住。

6我的爱人,你是多么美丽,

多么讨人喜爱,令人陶醉啊!

7你亭亭玉立如同棕榈树,

胸脯就像树上的果串。

8我要攀上这棵树,

握住树上的果子。

愿你的胸脯像葡萄串,

你的气息如苹果般清香。

9你的亲吻像上好的美酒。

女子:

愿美酒流入我良人的口中,

缓缓注入他陶醉的唇齿间。

10我属于我的良人,

是他所恋慕的。

11我的良人,来吧!

让我们到田间去,

在村庄里住宿吧。

12我们清晨去葡萄园,

看看葡萄树是否已经发芽开花,

石榴树是否正在开花。

我要在那里把我的爱情献给你。

13那里风茄飘香,

门口有各样上好的新陈美果。

我的良人,这都是我为你存留的。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom Mu Dwom 7:1-13

1Wo nan ne mpaboa yɛ fɛ,

Ɔdehye babea!

Wʼanantu a wugyina so te sɛ abohemaa,

odwumfo nsa ano adwuma.

2Wo funuma yɛ kuruwa a enni nsa

a nsa pa wɔ mu bere biara.

Wo sisi yɛ atoko a wɔaboa ano

na sukooko atwa ho ahyia.

3Wo nufu te sɛ atwemma abien,

atwemma nta.

4Wo kɔn te sɛ asonse abantenten.

Wʼaniwa aba te sɛ Hesbon ntade

a ɛwɔ Bat Rabim pon nkyɛn.

Wo hwene te sɛ Lebanon abantenten

a ɛkyerɛ Damasko no.

5Wo ti si so sɛ Karmel Bepɔw.

Wo tinwi te sɛ adehyetam a wɔadi mu adwinni;

wo tinwi atenten no kyere ɔhene dommum.

6Wo ho yɛ fɛ, ɔdɔ,

wo ho yɛ anigye na ɛma ahomeka ara!

7Wo sibea te sɛ abɛ dua,

na wo nufu te sɛ aduaba kasiaw.

8Mekae se, “Mɛforo abɛ dua no;

na maso nʼaba mu.”

Wo nufu nyɛ sɛ bobe kasiaw,

na wo home mu hua nyɛ sɛ aprɛ.

9Na wʼanom hua nyɛ sɛ bobesa papa.

Ababaa:

Ma bobesa no nkɔ me dɔfo hɔ tee,

ɛnsen mfa nʼanofafa ne ne se no so brɛoo.

10Meyɛ me dɔfo de,

na nʼapɛde ne me.

11Bra, me dɔfo; ma yɛnkɔ akuraa,

ma yɛnkɔda akuraa anadwo baako.

12Ma yɛnkɔ bobeturo mu ntɛm

nkɔhwɛ sɛ bobe no agu nhwiren,

sɛ nhwiren no apaapae,

anaasɛ ntunkum no ayɛ frɔmfrɔm.

Ɛhɔ na mede me dɔ bɛma wo.

13Adesaa yi ne hua,

na akɔnnɔduan nyinaa begu yɛn pon ano,

foforo ne dedaw,

a mede asie ama wo, me dɔfo.