雅歌 8 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

雅歌 8:1-14

1如果你是我的同胞兄弟就好了。

这样,在外头遇见你,

我也可以亲吻你,

没有人会取笑我。

2我可以把你带进我母亲的家——她教养了我。

我要给你喝石榴汁酿的醇酒。

3你的左手扶着我的头,

右手紧抱着我。

4耶路撒冷的少女啊,

我恳求你们,

不要叫醒或惊动爱情,

等它自发吧。

耶路撒冷的少女:

5那从旷野上来、靠在良人身旁的是谁呢?

女子:

我在苹果树下唤醒你,

你母亲在那里怀你养你,

为你受生产之苦。

6请把我印在你的心上,

刻在你的手臂上,

因为爱情如死亡一般坚固,

嫉妒像阴间一样残酷,

它燃起的火焰是烧灭一切的烈火。

7爱情,大水不能熄灭,

江河不能淹没。

若有人想倾其家财买爱情,

必遭唾弃。

女子的兄长:

8我们有一个小妹,

她的胸脯还没有发育。

若有人来提亲,

我们该怎么办?

9她若是墙,

我们要在上面建造银塔;

她若是门,

我们要用香柏木板围护她。

女子:

10我是一面墙,

双乳像城楼,

我在他眼中像找到平安的人。

11所罗门巴力·哈们有一个葡萄园,

他把葡萄园租给农夫,

租金是每人一千块银子。

12我的葡萄园,我自己作主。

所罗门啊,你的一千块银子自己留着,

二百块银子给管果园的人。

男子:

13你这住在园中的人啊,

同伴们都在聆听你的声音,

求你让我也听见吧!

女子:

14我的良人啊,

愿你像香草山上的羚羊和小鹿,

快快来到我身边!

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom Mu Dwom 8:1-14

1Sɛ anka woyɛɛ me nuabarima

a wunum me na nufu ano,

na mihuu wo wɔ abɔnten so a,

anka mefew wʼano,

a obiara rentumi mmu me animtiaa.

2Anka medi wʼanim

na mede wo aba me na fi,

ɔno a wakyerɛkyerɛ me.

Anka mɛma wo bobesa a wɔde pɛprɛ afra mu,

me ntunkum mu nsu dɔkɔdɔkɔ no bi.

3Ne nsa benkum da mʼatiko

na ne nsa nifa aka me afam ne bo.

4Yerusalem mmabea, mehyɛ mo sɛ,

morennyan na morenhwanyan ɔdɔ mu

kosi bere a ɛsɛ mu.

Nnamfonom:

5Hena na ofi sare so reba a

otweri ne dɔfo koko mu yi?

Ababaa:

Mekanyan wo wɔ aprɛ dua no ase;

ɛhɔ na wo na nyinsɛnee wo,

ɛhɔ na nea ɔkoo awo no woo wo.

6Fa me to wo koma so sɛ nsɔwanode,

sɛ nsɔwanode wɔ wʼabasa so,

efisɛ ɔdɔ ano yɛ den sɛ owu,

ne ninkutwe tim hɔ sɛ ɔda.

Ɛhyehye sɛ ogyatannaa,

sɛ ogyatannaa a ano yɛ den pa ara.

7Nsu dodow rentumi nnum ɔdɔ;

nsubɔnten rentumi nhohoro nkɔ.

Sɛ obi de ne fi ahonya nyinaa bɛsesa ɔdɔ a

anka wɔremmu no ade a ɛsom bo.

Nnamfonom:

8Yɛwɔ nuabea akumaa bi a,

ne nufu mmobɔɔ ɛ.

Dɛn na yɛbɛyɛ ama yɛn nuabea yi

wɔ da a wobebisa no ase?

9Sɛ ɔyɛ ɔfasu a,

yebesi dwetɛ abantenten abɔ ne ho ban.

Sɛ ɔyɛ ɔpon a,

yɛde sida besiw ne pon ano kwan.

Ababaa:

10Meyɛ ɔfasu,

na me nufu te sɛ abantenten.

Enti nʼani so no mayɛ sɛ obi a

ɔde nea ɛsɔ ani reba.

11Na Salomo wɔ bobeturo wɔ Baal-Hamon;

ɔde ne bobeturo no maa apaafo.

Na ɛsɛ sɛ wɔn mu biara tua no

nnwetɛbona apem.

12Nanso me bobeturo yi yɛ me de.

Me de, meremfa mma;

Salomo de ne de gye nnwetɛbona apem,

na otua nʼapaafo nnwetɛbona ahannu ma wɔhwɛ ne nnuaba no so.

Aberante:

13Wo a wote turo no mu

ne nnamfonom a wɔka wo ho,

ma mente wo nne.

Ababaa:

14Bra ma yɛnkɔ, me dɔfo,

na yɛ wo ho sɛ ɔdabɔ ba

anaasɛ ɔforote ba a

ɔwɔ mmepɔw a nnuhuam ahyɛ so ma so.