诗篇 29 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

诗篇 29:1-11

第 29 篇

上帝威严的声音

大卫的诗。

1上帝的众子啊,

要赞美耶和华,

赞美祂的荣耀和能力,

2要赞美祂荣耀的名,

穿上圣洁的衣服敬拜祂。

3耶和华的声音回荡在海上,

荣耀的上帝打雷,

在洪涛之上打雷。

4耶和华的声音充满能力;

耶和华的声音充满威严。

5耶和华的声音震断香柏树,

耶和华劈碎黎巴嫩的香柏树,

6使黎巴嫩山跳跃如小牛,

西连山跳跃如野牛。

7耶和华的声音携闪电而来,

8震动旷野,

震动加低斯的旷野。

9耶和华的声音击倒橡树29:9 击倒橡树”或译“使母鹿生产”。

使树木凋零。

众人在祂殿中高呼:

“荣耀归于耶和华!”

10耶和华坐在洪涛之上,

耶和华永远坐着为王。

11耶和华赐力量给自己的子民,

赐给他们平安的福乐。

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 29:1-11

Dwom 29

Dawid dwom.

1Momfa mma Awurade no, Ao ɔsoro abɔdeɛ,

momfa animuonyam ne tumi mma Awurade.

2Momfa animuonyam a ɛfata Awurade din mma no;

monsɔre Awurade wɔ nʼanimuonyam kronkron mu.

3Awurade nne wɔ nsuo no so;

animuonyam Onyankopɔn bobom,

Awurade bobom wɔ nsuo akɛseɛ so.

4Awurade nne mu wɔ tumi;

Awurade nne mu wɔ animuonyam.

5Awurade nne bubu ntweneduro;

Awurade nne bubu Lebanon ntweneduro mu nketenkete.

6Ɔma Lebanon hurihuri te sɛ nantwie ba,

na Sirion nso sɛ ɛkoɔ ba.

7Awurade nne pa ma anyinam ogya dɛre

8Awurade nne woso ɛserɛ so;

Awurade woso Kades serɛ.

9Awurade nne kyinkyim adum

na ɛma kwaeɛ yɛ kwaterekwa.

Nʼasɔredan mufoɔ nyinaa team ka sɛ,

“Animuonyam nka Onyankopɔn!”

10Awurade di ɔhene wɔ nsuyire so;

wɔasi Awurade ɔhene afebɔɔ.

11Awurade ma ne nkurɔfoɔ ahoɔden,

na ɔde asomdwoeɛ hyira wɔn.