罗马书 15 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

罗马书 15:1-33

我为人人

1我们坚强的人要扶助软弱的人,分担他们的重担,不该只顾自己的喜好。 2我们每个人都应该为他人着想,建造他人的生命。 3因为基督并没有专顾自己,正如圣经上说:“辱骂你之人的辱骂都落在我身上。” 4从前写在圣经上的话都是为了教导我们,使我们靠着忍耐和圣经的鼓励而有盼望。 5但愿赐忍耐和鼓励的上帝给你们合一的心去效法基督耶稣的榜样, 6使你们一起同声颂赞上帝——我们主耶稣基督的父。

7所以,你们应该像基督接纳你们一样彼此接纳,使上帝得荣耀。 8你们要知道,基督为了上帝的真理成为犹太15:8 犹太”希腊文是“受割礼之人”。的仆人,好实现上帝对犹太人祖先们的应许, 9使外族人也因祂的怜悯而将荣耀归给上帝。正如圣经上说:

“因此,我要在列邦中赞美你,

歌颂你的名。”

10又说:

“外族人啊,

你们当与主的子民一同欢乐。”

11又说:

“万邦啊,你们当赞美主!

万民啊,你们当颂赞祂!”

12以赛亚先知也说:

“将来耶西的根要兴起,

祂要统治外族,

外族人都要仰望祂。”

13愿使人有盼望的上帝,因为你们信祂,将诸般的喜乐和平安充满你们的心,使你们借着圣灵的能力充满盼望!

福音特使

14弟兄姊妹,我知道你们充满良善,知识全备,能彼此劝导。 15但我仍放胆写信提醒你们几件事,因为我蒙上帝赐恩, 16在外族人中做基督耶稣的仆人和上帝福音的祭司,好叫外族人借着圣灵得以圣洁,可以作上帝喜悦的祭物。 17因此,我在基督耶稣里以事奉上帝为荣。 18-19别的事我不敢提,只有一件是我津津乐道的,就是基督借着我的言语行为,用神迹奇事和圣灵的大能叫外族人顺服,使我把基督的福音从耶路撒冷一路传到了以利哩古。 20我立志只去从未听过基督之名的地方传福音,免得我建造在别人的根基上。 21正如圣经上说:“对祂毫无所闻的,将要看见;未曾听过的,将要明白。”

保罗计划去罗马

22因此,我一直受到拦阻,不能到你们那里。 23但如今福音传遍了这一带,况且我几年来一直盼望去你们那里, 24所以我想去西班牙的途中路过你们那里,稍作停留,享受与你们的相聚之乐,然后由你们资助我上路。 25但现在我要去耶路撒冷服侍当地的圣徒, 26因为马其顿亚该亚的教会欣然捐出了财物给耶路撒冷的穷困圣徒。 27这固然是他们慷慨解囊,但也可以说是他们该还的债。外族人既然分享了犹太圣徒属灵的福分,现在以物质报答他们也是应该的。 28等我办完这件事,将捐款交付他们之后,我就会途经你们那里去西班牙29我知道我去的时候,必会把基督丰盛的祝福带给你们。

30弟兄姊妹,我借着我们主耶稣基督和圣灵所赐的爱心,恳求你们与我一同竭力祷告,为我祈求上帝, 31使我脱离犹太地区不信之人的迫害,叫耶路撒冷的圣徒乐意接受我带去的捐款, 32并使我按照上帝的旨意欢然去与你们相聚,一同重新得力。

33愿赐平安的上帝常与你们同在。阿们!

Akuapem Twi Contemporary Bible

Romafo 15:1-33

1Ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ den wɔ gyidi mu no tumi te wɔn a wɔyɛ mmerɛw no sintɔ ase. Ɛsɛ sɛ yɛsɔ wɔn ani na yɛansɔ yɛn ara ani. 2Yɛn mu biara nkamfo ade pa biara a ne yɔnko yɛ mfa nhyɛ no den. 3Kristo mpo anyɛ nea ɔpɛ, sɛnea Kyerɛwsɛm ka se, “Nnipa a wɔbɔ mo ahohora no bɔ me ahohora nso.” 4Biribiara a wɔakyerɛw wɔ Kyerɛwsɛm no mu no, wɔakyerɛw de kyerɛkyerɛ yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yɛnam boasetɔ, nkuranhyɛ a Kristo Kyerɛwsɛm no de ma yɛn no so benya anidaso.

5Onyankopɔn a yenya boasetɔ ne nkuranhyɛ fi ne nkyɛn no mma mo honhom mu nkabom na mode adi Kristo Yesu akyi, 6sɛnea ɛbɛyɛ a mo nyinaa de koma koro ne ano koro bɛkamfo Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no.

7Munnyigye mo ho mo ho nto mu mfa nkamfo Onyankopɔn sɛnea Kristo agye mo no. 8Efisɛ meka kyerɛɛ mo se Kristo Yesu bɛyɛɛ Yudafo somfo de kyerɛɛ sɛ Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo a ɔbɛma ne bɔ a ɔhyɛɛ agyanom no aba mu, 9na wama amanamanmufo nso akamfo no wɔ ne mmɔborɔhunu ho sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se,

“Eyi nti mɛkamfo wo wɔ amanamanmufo mu;

na mato nnwom akamfo wo din.”

10Na ɛka bio se,

“Mo amanamanmufo, monkamfo Awurade,

mo ne ne nkurɔfo Yudafo.”

11Bio,

“Amanamanmufo nyinaa nyi Awurade ayɛ;

asase so aman nyinaa monkamfo no.”

12Na Yesaia ka bio se,

“Yisai aseni bɛsɔre,

nea ɔbɛsɔre abedi amanaman no so;

ɔno na wɔn ani bɛda ne so.”

13Anidaso Nyankopɔn no a mugye no di no mfa anigye ne asomdwoe nhyɛ mo ma, sɛnea ɛbɛyɛ a Honhom Kronkron tumi no bɛma mo anidaso mmoroso.

Paulo, Amanamanmufo Sɔfo

14Me nuanom, mʼankasa mete nka sɛ papayɛ ahyɛ mo ma, mowɔ nimdeɛ na mubetumi akyerɛkyerɛ mo ho mo ho. 15Mede akokoduru akyerɛw abobɔ nneɛma bi so, sɛnea meretwe mo adwene akɔ so bio, esiane adom bi a Onyankopɔn de adom me no nti. 16Meyɛ Kristo Yesu somfo a ɛsɛ sɛ meyɛ asɔfodwuma a mepae mu ka Onyankopɔn Asɛmpa no sɛnea ɛbɛyɛ a amanamanmufo bɛyɛ afɔrebɔde a ɛsɔ Onyankopɔn ani a Honhom Kronkron no atew ho.

17Ɛno nti mitumi hoahoa me ho wɔ Kristo Yesu mu wɔ Onyankopɔn som yi mu. 18Nea mɛka ho asɛm ara ne sɛnea Kristo nam nea maka ne nea mayɛ so ama amanamanmufo ayɛ osetie ama Onyankopɔn no. 19Saa nsɛnkyerɛnne ne anwonwade yi yɛ tumi a efi Honhom no mu. Enti efi Yerusalem de kosi Iliriko no, mapae mu aka Kristo Asɛmpa no nyinaa. 20Na me botae ne sɛ, daa mɛka asɛmpa no wɔ mmeaemmeae a wɔntee Kristo ho asɛm da no, na ankɔyɛ sɛ misii dan wɔ obi fapem so. 21Mmom sɛnea wɔakyerɛw no:

“Wɔn a wɔnkaa ne ho asɛm nkyerɛɛ wɔn no behu,

na wɔn a wɔntee no nso bɛte ase.”

22Eyi nti na bere biara a mepɛ sɛ meba mo nkyɛn no, biribi siw me kwan.

Paulo Yɛ Nʼadwene Sɛ Ɔbɛkɔ Roma

23Nanso mprempren a mawie mʼadwuma wɔ saa amantam yi mu, na afei mfe bebree ni a mepɛɛ sɛ anka mɛba abehu mo no nti, 24mayɛ mʼadwene sɛ mɛkɔ Spania. Sɛ merekɔ a, mɛpɛ sɛ mehu mo na moaboa me ama makɔ hɔ bere a me ne mo atena anigye so kakraa bi no. 25Mprempren ara, merekɔ Yerusalem akɔsom Onyankopɔn manfo a wɔwɔ hɔ no. 26Efisɛ asafo a ɛwɔ Makedonia ne Akaia no asi wɔn adwene pi sɛ wɔbɛboa ahiafo a wɔfra Onyankopɔn manfo a wɔwɔ Yerusalem no mu. 27Wɔn ara na wosii wɔn adwene pi saa, nanso nokware ni, ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wɔboa saa ahiafo no. Amanamanmufo no nyaa Yudafo honhom no mu nhyira no bi. Ɛno nti na ɛsɛ sɛ amanamanmufo no de wɔn ahode som Yudafo no. 28Sɛ miwie saa dwumadi yi na mekɔ wɔn nkyɛn na mede sika a wɔapɛ no nyinaa ma wɔn a, mefi hɔ akɔ Spania. Na sɛ merekɔ a mɛba mo hɔ abɛsra mo. 29Sɛ meba mo nkyɛn a, minim sɛ mede Kristo nhyira a ɛboro so no bɛba.

30Anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo ne ɔdɔ a Honhom no de ma me no so hyɛ mo sɛ mo ne me mmɔ mu mmɔ Onyankopɔn mpae dennen mma me. 31Mommɔ mpae, sɛnea ɛbɛyɛ a asɛm bi rento me wɔ Yudea. Mommɔ mpae mma wɔn a wonnye asɛm no nni. Afei nso mommɔ mpae mma me som a mɛsom wɔ Yerusalem no, sɛnea ɛbɛyɛ a ahotefo a wɔwɔ hɔ no begye ato mu. 32Sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ a mede ahosɛpɛw bɛba mo nkyɛn abɛsra mo. 33Asomdwoe Nyankopɔn no ne mo nyinaa ntena. Amen.