使徒行传 1 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

使徒行传 1:1-26

应许圣灵降临

1提阿非罗啊,在前一封信中,我从耶稣的生平和教导开始, 2一直谈到祂借着圣灵吩咐了自己选立的使徒,然后被接回天上。 3祂受难后用许多确凿的证据证实自己活着,在四十天之内屡次向使徒显现,与他们谈论上帝的国。 4有一次,耶稣和他们在一起吃饭的时候,叮嘱他们:“你们不要离开耶路撒冷,要在那里等候我对你们说过的天父的应许。 5因为从前约翰用水给你们施洗,但再过几天,你们要受圣灵的洗。”

6他们跟耶稣在一起的时候问祂:“主啊,你要在这时候复兴以色列国吗?” 7耶稣回答说:“天父照祂的权柄定下的时间、日期不是你们可以知道的。 8但圣灵降临在你们身上后,你们必得到能力,在耶路撒冷犹太全境和撒玛利亚,直到地极,做我的见证人。”

9耶稣说完这番话,就在他们眼前被提升天,被一朵云彩接去,离开了他们的视线。 10祂上升时,他们都定睛望着天空,忽然有两个身穿白衣的人站在他们身旁, 11说:“加利利人啊!你们为什么站在这里望着天空呢?这位离开你们被接到天上的耶稣,你们看见祂怎样升天,将来祂还要怎样回来。”

选立新使徒

12于是,他们从橄榄山回到耶路撒冷。橄榄山距离耶路撒冷不远,约是安息日允许走的路程1:12 按犹太人的传统,在安息日只能走约一公里远。13他们进城后,来到楼上自己住的房间。当时有彼得约翰雅各安得烈腓力多马巴多罗买马太亚勒腓的儿子雅各、激进党人西门雅各的儿子犹大14他们和耶稣的母亲玛丽亚、耶稣的弟弟们及几个妇女在一起同心合意地恒切祷告。

15那时,约有一百二十人在聚会,彼得站起来说: 16“弟兄们,关于带人抓耶稣的犹大,圣灵借着大卫的口早已预言,这经文必须要应验。 17这人原本是我们中间的一员,与我们同担使徒的职分。”

18犹大用作恶得来的钱买了一块田,他头朝下栽倒在那里,肚破肠流。 19这消息很快传遍了耶路撒冷,当地人称那块田为“亚革大马”,就是“血田”的意思。

20彼得继续说:“诗篇上写道,‘愿他的家园一片荒凉,无人居住’,又说,‘愿别人取代他的职位。’ 21-22所以,我们必须另选一个人代替犹大,与我们一同为主耶稣的复活做见证。他必须是从主耶稣接受约翰的洗礼起一直到主升天,始终与我们在一起的人。”

23被提名的有别号巴撒巴又叫犹士都约瑟马提亚两个人。 24-25大家便祷告说:“主啊!你洞悉人的内心,求你指明这两个人中你要拣选哪一个来担负使徒的职分。犹大丢弃了这职分,去了他该去的地方。” 26然后,他们抽签,抽中了马提亚,就把他列入十一使徒中。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Asomafo 1:1-26

Asafo No Mfiase

1Mʼadamfo pa Teofilo, me nhoma a edi kan a mekyerɛw wo no mu no, mekaa Yesu nnwuma a ɔyɛe ne ne nkyerɛkyerɛ 2kosi bere a Onyankopɔn bɛfaa no kɔɔ ɔsoro no ho asɛm. Ansa na wɔrebɛfa no akɔ ɔsoro no, ɔnam Honhom Kronkron tumi so kyerɛkyerɛɛ nʼasuafo no. 3Ne wusɔre akyi no, ɔtenaa asase so adaduanan, yii ne ho adi mpɛn pii kyerɛɛ nʼasuafo no de kyerɛɛ wɔn se, ampa, ɔte ase. Ɔkaa Onyankopɔn ahenni ho asɛm nso kyerɛɛ wɔn. 4Da bi a ɔne wɔn redidi no ɔhyɛɛ wɔn se, “Mummfi Yerusalem, na montwɛn akyɛde a mʼAgya ahyɛ mo ho bɔ a maka ho asɛm akyerɛ mo no. 5Yohane de, ɔde nsu na ɛbɔɔ asu, nanso mo de ɛrenkyɛ, wɔde Honhom Kronkron no bɛbɔ mo asu.”

Yesu Sorokɔ

6Asuafo no nyinaa ne Yesu hyiaa mu no, wobisaa no se, “Awurade, bere yi mu na wode ahenni no bɛba Israel ana?”

7Yesu buaa wɔn se, “Ɛho nhia sɛ mubehu bere a Agya no nam ne tumi so ahyehyɛ ato hɔ no. 8Na sɛ Honhom Kronkron no ba mo so a, mubenya tumi na moayɛ me nnansefo wɔ Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de kosi asase ano.”

9Ɔkasa wiee no asuafo no huu no sɛ ɔnam omununkum mu rekɔ ɔsoro na wɔanhu no bio.

10Wogu so rehwɛ wim no, amono mu hɔ ara mmarima baanu bi a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa begyinaa wɔn nkyɛn, 11kae se, “Mo mmarima a mufi Galilea, adɛn nti na mugyina ha rehwɛ wim? Yesu a wɔafa no afi mo nkyɛn kɔ ɔsoro no, sɛnea osi kɔɔ ɔsoro no, saa ara na ɔbɛsan aba.”

Woyi Matia Sɛ Yuda Nanmusin

12Eyi akyi no, asuafo no fii Ngo Bepɔw no so baa Yerusalem. Efi Ngo Bepɔw no so ba Yerusalem no bɛyɛ kilomita baako ne fa. 13Woduu hɔ no, wɔkɔɔ ɔdan bi a na ɛwɔ aban a na wɔte so mu. Nnipa a na wɔwɔ hɔ no ne:

Petro, Yohane, Yakobo ne Andrea;

Filipo, Toma,

Bartolomeo, Mateo,

Alfeo ba Yakobo, Simon Seloteni ne Yakobo ba Yuda.

14Na saa asuafo yi nyinaa taa ne mmea bi te sɛ Yesu ne na Maria ne Yesu nuabarimanom hyia bɔ mpae.

15Nna kakraa bi akyi no gyidifo no a wɔn dodow bɛyɛ sɛ ɔha aduonu no hyiae na Petro sɔre kasae se: 16Me nuanom, ɛsɛ sɛ nkɔm a Honhom Kronkron no nam Dawid so hyɛ faa Yuda ho sɛ ɛnam ne so na wɔbɛkyere Yesu no ba mu. 17Yɛn a Yesu yii yɛn no, na Yuda nso ka yɛn ho wɔ ɔsom no mu.

18(Sika a Yuda nya fii ade bɔne a ɔyɛe no mu no, wɔde tɔɔ asase wɔ faako a owui hɔ. Ɔtew bɛhwee fam ma ne mu pae maa ne nsono tu guu so. 19Nnipa a na wɔte Yerusalem nyinaa tee saa asɛm no, wɔtoo asase no din wɔ wɔn ankasa kasa mu se Hekeldama a nkyerɛase ne, Mogya Asase.)

20Petro toaa so kae se, “Wɔakyerɛw wɔ Dawid nhoma mu se,

“ ‘Ne fi nyɛ amamfo,

na ɔfoforo nsi nʼanan mu.’

21Enti ɛsɛ sɛ yeyi nnipa a yɛne wɔn nantew bere a na Yesu ne yɛn di akɔneaba no nyinaa, 22fi Yohane asubɔ adwuma no so de kosi bere a wɔfaa Yesu fii yɛn nkyɛn kɔɔ ɔsoro no, efisɛ ɛsɛ sɛ saa nnipa no mu baako bɛka yɛn ho ne yɛn di Yesu wusɔre no ho adanse.”

23Woyii nnipa baanu. Ɔbaako din de Yosef a na wɔfrɛ no Barsaba,1.23 Ase ne “Homeda babarima.” Saa din yi yɛ Yudafo Kristofo adikanfo baanu bi din. Wɔn mu baako ne Yosef. Nea ɔto so abien ne Yuda a na ɔyɛ odiyifo wɔ Yerusalem. Ɔne Sila na wɔsomaa wɔn kɔɔ Antiokia. (15.22,32). na wɔtaa frɛ no Yusto nso. Nea na ɔka ho no nso din de Matia. 24Afei asuafo no bɔɔ mpae se, “Awurade, wunim obiara koma mu. Ɛno nti kyerɛ yɛn nnipa baanu yi mu nea woayi no 25sɛ ommesi Yuda a wanya ne baabi kɔ no anan mu mmɛyɛ asomafodwuma no.” 26Afei asuafo no bɔɔ wɔn so ntonto maa esii Matia. Enti wɔfaa no kaa asomafo dubaako no ho.