罗马书 12 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

罗马书 12:1-21

为事奉上帝而活

1所以,弟兄姊妹,我凭上帝的怜悯劝你们献上自己的身体,作圣洁、蒙上帝悦纳的活祭。你们理当这样事奉。 2你们不可追随世界的潮流,要随着思想的不断更新而改变,这样就能明辨上帝的旨意,知道什么是良善、纯全、蒙祂悦纳的。

3我凭上帝赐给我的恩典劝告各位,不要自视过高,要照着上帝赐给各人的信心中肯地看待自己。 4就像我们身体的各部分有不同的功能, 5我们众人在基督里组成一个身体,彼此联结,息息相关。 6我们照所得的恩典各有不同的恩赐。说预言的,要按着信心的程度说预言; 7服侍的,要忠心服侍;教导的,要专一教导; 8劝勉的,要诚心劝勉;施舍的,要慷慨施舍;治理的,要殷勤治理;怜悯的,要甘心怜悯。

相爱相顾

9不可虚情假意地爱人。要疾恶如仇,一心向善。 10要彼此相爱如同手足,互相尊重,彼此谦让。 11要殷勤,不可懒惰,要常常火热地事奉主。 12盼望中要有喜乐,患难中要坚忍,祷告要恒切。 13信徒有缺乏,要慷慨帮助;客人来访,要热诚款待。 14迫害你们的,要为他们祝福;要祝福,不可咒诅。 15要与喜乐的人同乐,与哀哭的人同哭。 16要彼此和睦,不可心高气傲,反要俯就卑微的人,不可自以为聪明。

17不要以恶报恶。要尊重别人,众人都认为好的事,应该竭力去做。 18如果可能,总要尽力与人和睦相处。 19亲爱的弟兄姊妹,不要私自报复,要让上帝来审判,因为圣经上说:

“主说,‘申冤在我,我必报应。’”

20所以,

“你的仇敌若饿了,就给他吃的;

若渴了,就给他喝的;

你这样做是把炭火堆在他头上。”

21你不可被恶所胜,反要以善胜恶。

Asante Twi Contemporary Bible

Romafoɔ 12:1-21

Afɔrebɔ A Ɛte Ase Ma Onyankopɔn

1Ɛno enti, anuanom, ɛsiane Onyankopɔn ahummɔborɔ enti, mehyɛ mo sɛ momfa mo onipadua mmɔ afɔdeɛ a ɛyɛ kronkron na ɛsɔ Onyankopɔn ani. Yei ne nokwasɛm a ɛsɛ sɛ mosɔ mu. 2Monnyɛ mo ho sɛ ewiasefoɔ wɔ mo abrabɔ mu, na mmom, momma Onyankopɔn nsakra mo adwene wɔ mo mu, na moanya adwene foforɔ, na ɛnam so ama moahunu Onyankopɔn apɛdeɛ, deɛ ɛyɛ, deɛ ɛsɔ nʼani ne deɛ ɛwie pɛyɛ.

3Na ɛsiane Onyankopɔn adom a ɔde ama me no enti, meka mekyerɛ mo nyinaa sɛ, monnnwene mo ho mma ɛmmoro sɛdeɛ ɛsɛ sɛ modwene, na mmom, monnwene mo ho ahobrɛaseɛ mu, na mo mu biara nnyina gyidie a Onyankopɔn de ama mo no so. 4Sɛdeɛ yɛn mu biara wɔ onipadua a ɛho akwaa yɛ bebree no, na saa akwaa yi mu biara wɔ dwuma a ɛdi no, 5saa ara na Kristo mu no yɛn a yɛyɛ bebree no yɛ onipadua baako, na akwaa biara yɛ akwaa no nyinaa dea. 6Yɛwɔ akyɛdeɛ ahodoɔ sɛdeɛ wɔde adom yɛn no. Sɛ obi akyɛdeɛ yɛ nkɔmhyɛ a, ma ɔnnyina ne gyidie so mfa nyɛ adwuma. 7Sɛ ɛyɛ ɔsom a, ma ɔnsom; Sɛ ɛyɛ nkyerɛkyerɛ a, ma ɔnkyerɛkyerɛ; 8Sɛ ɛsɛ sɛ yɛhyɛ afoforɔ nkuran a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa; sɛ ɛyɛ mmoa a ɔde boa afoforɔ a, ma ɔmfiri akoma pa mu nyɛ; sɛ ɛyɛ akwankyerɛ a, ma no mfa nsi nyɛ; sɛ ɛyɛ ayamyɛ a, ma ɔmfa anigyeɛ nyɛ.

Onuadɔ

9Ɛsɛ sɛ ɔdɔ yɛ nokorɛ turodoo. Monkyiri amumuyɛ. Mommata deɛ ɛyɛ ho. 10Momfa onuadɔ nnodɔ mo ho. Monni afoforɔ ni nsen mo ho. 11Monkɔ so nyɛ nsi, monyɛ hye wɔ honhom mu, na momfa ahosɛpɛ nsom Awurade. 12Monnya anidasoɔ mu anigyeɛ, amanehunu mu boasetɔ, na momfa gyidie mmɔ mpaeɛ. 13Mone Onyankopɔn nkurɔfoɔ a ahia wɔn no nkyɛ deɛ mo wɔ. Mommɔ ahɔhosom ho mmɔden.

14Monhyira wɔn a wɔtaa mo no; Monhyira wɔn na monnnome wɔn. 15Mo ne anigyefoɔ ani nnye, na mo ne asufoɔ nsu. 16Mo ne afoforɔ ntena asomdwoeɛ mu. Monnyɛ ahantan, na mmom momfa mo ho mmɔ mmɔborɔfoɔ. Mommmu mo ho anyansafoɔ.

17Mommfa bɔne ntua bɔne biara so ka. Monyɛ deɛ ɛbɛma nnipa de anidie ama mo. 18Sɛ ɛbɛtumi a, mo fam deɛ, mo ne obiara ntena asomdwoeɛ mu. 19Monntɔ wereɛ me nnamfonom, na mmom momma Onyankopɔn abufuo ho ɛkwan ɛfiri sɛ, wɔatwerɛ sɛ, “Me na aweretɔ wɔ me, mɛtua ka,” Awurade na ɔseɛ. 20Enti,

“Sɛ ɛkɔm de wo ɔtamfoɔ a, ma no aduane nni;

sɛ osukɔm de no a, ma no nsuo nnom.

Na sɛ woyɛ saa a, woboaboa gyasramma ano gu nʼatifi.”

21Mommma bɔne nni mo so. Mmom, momfa papa nni bɔne so.