罗马书 11 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

罗马书 11:1-36

上帝不放弃以色列人

1这样,难道上帝放弃了祂的子民吗?当然没有!因我自己也是以色列人,是亚伯拉罕的后裔,属于便雅悯支派。 2上帝并没有放弃祂预先拣选的子民。你们不知道圣经上有关以利亚先知的记载吗?他在上帝面前控告以色列人,说: 3“主啊!他们残杀你的先知,拆毁你的祭坛,只剩下我一个人,他们还要杀我。” 4上帝怎样回答呢?祂说:“我为自己留下七千人,他们未曾跪拜巴力。”

5现在的情况也是一样,上帝按照拣选的恩典留下了少数人。 6既然说是出于恩典,就不再基于行为,不然恩典就不再是恩典了。 7这该怎么说呢?以色列人努力追求,却一无所得,只有蒙拣选的人得到了,其他的人都变得顽固不化。 8正如圣经上说:

“上帝使他们至今心智昏迷,

眼睛看不见,耳朵听不到。”

9大卫也说:

“愿他们的宴席成为网罗、

陷阱、绊脚石,

给他们带来报应;

10愿他们眼目昏暗,

无法看见,

永远弯腰驼背。”

11那么,以色列人一失足就再也爬不起来了吗?当然不是!恰好相反,因他们的过犯,救恩临到了外族人,使他们心生嫉妒。 12如果他们的过犯给世界带来了富足,他们的失败给外族人带来了富足,那么,他们发愤回头的时候岂不要带来更大的祝福吗?

外族人得救

13我有话要对你们外族人说,因为我是外族人的使徒,我尊重自己的职分, 14希望使我的骨肉同胞心生嫉妒,好使他们当中的一些人得救。 15如果他们被抛弃,人类便有机会与上帝和好,那么,当他们被接纳的时候,又将怎样呢?岂不是要死而复生吗? 16献祭时所献的那部分面团如果圣洁,整团面也圣洁;树根如果圣洁,树枝也圣洁。

17如果橄榄树上有几条枝子被折了下来,你这野橄榄枝被接了上去,得以汲取橄榄树根供应的汁浆,你就不可向折下来的枝子夸口。 18你怎能夸口呢?要知道:不是你托住树根,而是树根托住你。 19你也许会说:“原来的枝子被折下来,是为了把我接上去。” 20不错,他们因为不信被折了下来,而你因为信被接了上去,然而不要自高,要敬畏上帝。 21上帝既然没有留下原来的枝子,也可以不留下你。 22可见,上帝既慈爱又严厉。祂对堕落的人是严厉的,对你却是慈爱的。你要常常活在祂的爱中,不然你也会被砍下来。 23当然,如果以色列人不再顽固不信,必会重新被接上去,因为上帝能把他们重新接上。 24你这从野生的橄榄树上砍下来的枝子,尚且可以违反自然,被接到好橄榄树上,何况原来的枝子被接回到原来的树上呢?

全以色列都要得救

25弟兄姊妹,我不愿意你们对以下这奥秘一无所知,还自以为聪明。这奥秘就是:虽然有些以色列人的心刚硬,但等到外族人得救的数目满了以后, 26以色列都要得救。正如圣经上说:“救主必从锡安出来,祂将除去雅各子孙的罪恶。 27那时我要除去他们的罪,这是我与他们所立的约。”

28就福音而论,他们成为上帝的仇敌是为了使你们得到福音;就上帝的拣选而论,因为他们祖先的缘故,他们仍是上帝所爱的。 29因为上帝绝不会收回祂的恩赐和呼召。 30你们从前不顺服上帝,然而因为他们的不顺服,你们现在反蒙了怜悯。 31同样,他们现在不顺服是为了使你们蒙怜悯,好使他们也蒙怜悯。 32因为上帝把世人都归在不顺服之列,是为了要怜悯世人。

颂赞上帝

33啊,上帝的智慧和知识多么博大精深!

祂的判断多么难测!

祂的踪迹多么难寻!

34谁曾知道主的心意?

谁曾做过祂的谋士?

35谁曾给过祂,

等祂偿还呢?

36因为万物都源于祂,

倚靠祂,归于祂。

愿荣耀归给祂,

直到永远。阿们!

Asante Twi Contemporary Bible

Romafoɔ 11:1-36

Israel Nkaeɛfoɔ

1Afei, mebisa sɛ Onyankopɔn ato ne ɔman atwene anaa? Dabi. Mʼankasa meyɛ Israelni na meyɛ Abraham aseni a mefiri Benyamin abusua mu. 2Onyankopɔn ampo ne nkurɔfoɔ a ɔyii wɔn ahyɛaseɛ no. Monim deɛ Atwerɛsɛm no ka fa Elia sɛdeɛ ɔkasa tiaa Israelfoɔ wɔ Onyankopɔn anim sɛ, 3“Awurade, wɔakum wʼadiyifoɔ na wɔadwiri wʼafɔrebukyia, na me nko na maka a wɔpɛ sɛ wɔkum me.” 4Mmuaeɛ bɛn na Onyankopɔn de maa no? Onyankopɔn kaa sɛ, “Mewɔ nnipa mpemnson a wɔnsom ɔbosom Baal.” 5Saa ara nso na ɛte ɛnnɛ. Nnipa kakra bi wɔ hɔ a Onyankopɔn nam ne dom so ayi wɔn. 6Yi a wayi wɔn no gyina nʼadom so na ɛnyɛ wɔn nnwuma so. Na sɛ Onyankopɔn yi a ɔyi nnipa no gyina wɔn nnwuma so a, ɛnneɛ na adom no nyɛ adom turodoo.

7Ɛnneɛ na ɛne ɛdeɛn? Deɛ Israelfoɔ tii akyire hwehwɛeɛ no, wɔn nsa anka, na mmom, kakraa a Onyankopɔn ayi wɔn no deɛ, wɔn nsa kaeɛ. Wɔn a wɔaka no pirim wɔn akoma 8sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ,

“Onyankopɔn maa wɔn honhom a ɛyɛ tebɔɔ,

ani a ɛmma wɔnhunu adeɛ

aso a ɛmma wɔnnte asɛm,

de bɛsi ɛnnɛ.”

9Na Dawid ka sɛ,

“Ma wɔn didipono a ɛsi wɔn anim nyi wɔn sɛ afidie

na wɔnhwehwe ase na wɔntwe wɔn aso!

10Ma wɔn ani so nyɛ wɔn kusuu na wɔanhunu adeɛ;

na wɔn akyi nkuntunu afebɔɔ.”

11Afei, mebisa sɛ, ɛberɛ a Yudafoɔ yɛɛ bɔne no, ɛde wɔn kɔɔ ɔsɛeɛ mu anaa? Dabi! Amanamanmufoɔ nam Yudafoɔ no bɔne a wɔyɛeɛ no so nyaa nkwagyeɛ. Yei maa Yudafoɔ no twee wɔn so ninkunu. 12Yudafoɔ no bɔne a wɔyɛeɛ no de nnepa brɛɛ ewiase na wɔn honhom mu hia a wɔdiiɛ no nso de ahonya brɛɛ amanamanmufoɔ. Na ɛba sɛ Yudafoɔ no mu bebree bɛka wɔn ho a, nhyira mmorosoɔ bɛn na ɛremma?

13Afei, merekasa akyerɛ mo amanamanmufoɔ: Esiane sɛ meyɛ amanamanmufoɔ somafoɔ enti, mehoahoa me ho wɔ adwuma a wɔde ahyɛ me nsa no ho. 14Sɛ ɛbɛtumi a, mɛma wɔn a wɔyɛ me nuanom Yudafoɔ no kɔn adɔ deɛ mo amanamanmufoɔ nsa aka yi bi, na wɔnam so agye wɔn mu bi nkwa. 15Na sɛ wɔn po a wɔpoo wɔn no ama Onyankopɔn ne ewiasefoɔ aka abom a, ɛnneɛ, gye a Onyankopɔn bɛgye wɔn no de ɛdeɛn na ɛbɛba? Ɛde nkwa bɛbrɛ awufoɔ. 16Sɛ wɔde burodo sin ma Onyankopɔn a, ɛnneɛ na ne mu nyinaa yɛ ne dea. Saa ara nso na sɛ dua no nhini yɛ kronkron a, ne mman no nyinaa nso yɛ kronkron.

17Wɔapempan ngo dua a wɔahyɛda adua no mman no bi agu, na wɔde ngo dua a wɔanhyɛda annua no mman abɛhyɛ nʼanan mu. Mo amanamanmufoɔ no te sɛ ngo dua a wɔanhyɛ da annua, nanso afei deɛ, mo ne Yudafoɔ no nyinaa anya Onyankopɔn adom a wɔde adom wɔn no bi. 18Nanso monhwɛ yie na moanhoahoa mo ho sɛ wɔde mo asi mman a wɔapempan no ananmu. Monkae sɛ moyɛ mman kɛkɛ, na monyɛ nhini. 19Na mobɛka sɛ, “Ɛyɛ, wɔbubuu mman no sɛ wɔmfa me nsi wɔn ananmu.” 20Aane, nanso monkae sɛ wɔpempan saa mman a ɛyɛ Yudafoɔ no, ɛfiri sɛ wɔannye Onyankopɔn anni, na mogye di enti na mowɔ hɔ. Mommma mo ho so, na mmom monsuro deɛ ɛbɛtumi asie. 21Na sɛ Onyankopɔn amfa Yudafoɔ a wɔte sɛ ngo dua pa mman no bɔne ankyɛre wɔn a, mosusu sɛ ɔde mo bɔne bɛkyɛ mo?

22Enti monhwɛ Onyankopɔn ayamyɛ ne ne denyɛ. Ɔyɛ den wɔ wɔn a wɔyɛɛ asoɔden no so, nanso ne yam yɛ ma mo wɔ ɛberɛ a mode mo ho ato nʼayamyɛ so. Na sɛ moamfa mo ho anto no so a, saa ara na wɔbɛpempan mo. 23Na sɛ Yudafoɔ no gye di bio a, Onyankopɔn bɛsane de wɔn ayɛ dua no mman bio. Ɔbɛtumi ayɛ saa. 24Na sɛ Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔde mo a moyɛ wiram ngo dua mman bɛfam dua papa a ɔno ankasa adua ho, deɛ anka ɛmfa kwan mu a, ɛnneɛ ɔbɛpɛ no mmorosoɔ sɛ ɔde Yudafoɔ no bɛfam dua a ɛyɛ wɔn ankasa dea no ho.

Onyankopɔn Ahummɔborɔ Wɔ Hɔ Ma Obiara

25Me nuanom, ahintasɛm bi wɔ hɔ a mepɛ sɛ mote aseɛ, sɛdeɛ monnyɛ ahantan na monhoahoa mo ho. Yudafoɔ no mu bi apirim wɔn akoma, nanso sɛ amanamanmufoɔ no nyinaa dane ba Kristo nkyɛn a, ɛtoɔ bɛtwa. 26Enti Israelfoɔ nyinaa bɛnya nkwagyeɛ. Mokae deɛ adiyifoɔ no kaa wɔ yei ho?

“Agyenkwa no bɛfiri Sion aba,

na ɔbɛyi amumuyɛsɛm nyinaa afiri Yakob asefoɔ mu.

27Na mɛdi apam a me ne wɔn ayɛ no so

na mapepa wɔn bɔne.”

28Yudafoɔ no bebree ayɛ Asɛmpa no atamfoɔ. Na mo, amanamanmufoɔ anya ho mfasoɔ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn de nʼakyɛdeɛ no ama mo. Nanso, Yudafoɔ yɛ ne ɔman a wapa wɔn ara, ɛsiane ɛbɔ a wahyɛ wɔn nananom enti, 29ɛfiri sɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ ne ne frɛ no, wɔnsesa. 30Na mo amanamanmufoɔ deɛ, ɛberɛ a atwam no mu, moyɛɛ asoɔden tiaa Onyankopɔn, nanso Yudafoɔ no poo nʼahummɔborɔ no enti Onyankopɔn hunuu mo mmɔbɔ mmom. 31Saa ara nso na ɛsiane adom a moanya no enti, seesei, Yudafoɔ no nso ayɛ asoɔden atia Onyankopɔn. Nanso nna bi akyire no wɔn nso bɛnya Onyankopɔn adom no. 32Onyankopɔn aka nnipa nyinaa ahyɛ wɔn asoɔden ase sɛdeɛ ɔbɛyɛ adom ama obiara.

Awieeɛ

33Ao Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bunu a emu dɔ!

Hwan na ɔbɛtumi ahunu nʼatemmuo mu pɛɛpɛeɛ,

na wɔahunu deɛ nʼakwan nenam.

34“Hwan na ɔnim Awurade adwene

anaasɛ hwan na ɔyɛ ne fotufoɔ?”

35“Hwan na wama Onyankopɔn biribi kane

a ɛsɛ sɛ Onyankopɔn tua no so ka?”

36Ɛfiri sɛ, adeɛ nyinaa firi ne mu na ɛba, na ɛnam ne so na ɛba, na ɛbɛsane akɔ ne nkyɛn bio.

Ɔno na animuonyam wɔ no daa daa. Amen.