申命记 8 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

申命记 8:1-20

不可忘记耶和华

1“你们要谨遵我今日吩咐你们的一切诫命,以便能够存活,生养众多,并且得到耶和华起誓要赐给你们祖先的土地。 2要记住这四十年来你们的上帝耶和华怎样在旷野引领你们,祂磨炼你们、考验你们,好知道你们的心意如何、肯不肯遵守祂的诫命。 3祂让你们忍饥挨饿,然后赐给你们祖祖辈辈从未见过的吗哪吃,为了使你们明白人活着不是单靠食物,乃是靠祂口中的每一句话。 4这四十年来,你们的衣服没有穿破,双脚也没有走肿。 5你们心里要明白,你们的上帝耶和华管教你们,如同父亲管教儿子。

6“所以,你们要遵守你们的上帝耶和华的诫命,行祂的道,敬畏祂, 7因为祂要带你们到一个佳美之地。那里的谷中和山间流淌着条条溪流、股股清泉; 8那里盛产大麦、小麦、葡萄、无花果、石榴、橄榄油和蜂蜜; 9那里食物充足,一无所缺;那里矿产资源丰富,石头就是铁,山中可以采铜。 10你们吃饱喝足后,要赞美你们的上帝耶和华,因为祂赐给你们那佳美之地。

11“你们要谨慎,免得忘记你们的上帝耶和华,不遵守我今天吩咐你们的诫命、典章和律例。 12当你们丰衣足食、居室华美、 13牛羊众多、金银日增的时候, 14切勿心骄气傲,忘记你们的上帝耶和华。祂把你们从受奴役之地——埃及救出来, 15带领你们走过干旱、可怕、毒蛇和蝎子出没的大旷野。祂使坚硬的磐石流出水来给你们喝, 16在旷野中把你们祖先从未见过的吗哪赐给你们吃,为要磨炼你们、考验你们,使你们最终得到益处。 17你们切勿以为是凭自己的双手和能力致富的。 18要记住,是你们的上帝耶和华赐给你们致富的能力,为要坚立祂给你们祖先的誓约,正如今日的情形。

19“我今天警告你们,如果你们忘记你们的上帝耶和华,去追随、供奉、祭拜其他神明,你们必灭亡。 20如果你们不听从你们的上帝耶和华,你们必灭亡,正如祂使列国在你们面前灭亡一样。

Akuapem Twi Contemporary Bible

5 Mose 8:1-20

Mommma Mo Werɛ Mfi Awurade

1Monhwɛ yiye na munni ahyɛde a merema mo nnɛ yi biara so, sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya nkwa na mo ase adɔ dɔɔso na moakɔfa asase a Awurade kaa ntam de hyɛɛ mo agyanom bɔ no atena so. 2Monkae sɛnea Awurade mo Nyankopɔn dii mo anim faa sare so mfe aduanan, nam so brɛɛ mo ase de sɔɔ mo suban hwɛe sɛ mubedi ne mmara so anaasɛ morenni so no. 3Nokware, ɔmaa ɔkɔm dee mo nam so brɛɛ mo ase na ɔmaa mo mana, aduan a na anka mo ne mo agyanom nnii bi da, dii. Ɔyɛɛ saa de kyerɛɛ mo sɛ, ɛnyɛ aduan nko ara na ɛho hia onipa wɔ nʼasetena mu, na mmom, asɛm biara a efi Awurade anom. 4Mfe aduanan yi nyinaa mu, mo ntade antetew na mo anan ammɔ mpumpunnya na anhonhon nso. 5Munhu wɔ mo koma mu sɛ, sɛnea ɔbeatan teɛ ne ba no, saa ara nso na Awurade, mo Nyankopɔn, teɛ mo de siesie mo no.

6Munni Awurade, mo Nyankopɔn, ahyɛde so na monnantew nʼakwan so na momfa nidi mma no. 7Efisɛ mo Awurade de mo rekɔ asase pa so; asase a nsuten, mmura ne nsuti sen wɔ abon ne mmepɔw mu; 8asase a atoko, awi, bobe, borɔdɔma, atoaa, ngodua ne ɛwo wɔ so. 9Ɛyɛ asase a aduan abu wɔ so a wonni biribiara ho hia wɔ so; asase a ɛso abo yɛ adaban na wobetumi atu kɔbere wɔ ne mmepɔw mu.

10Sɛ mudidi mee a, munhyira Awurade, mo Nyankopɔn, wɔ asase pa a ɔde ama mo no nti. 11Na monhwɛ yiye na mo werɛ amfi Awurade, mo Nyankopɔn, sɛ morenni ne mmara ne nʼahyɛde a merehyɛ mo nnɛ yi so. 12Anyɛ saa na sɛ mudidi na momee na musisi mo afi afɛfɛ, na mokɔtenatena mu 13na mo anantwi ne nguan ase dɔ, na munya dwetɛ ne sika pii, na mo agyapade nyinaa dɔɔso 14a, saa bere no na ɛsɛ sɛ mohwɛ yiye. Monnyɛ ahomaso na mommma mo werɛ mmfi Awurade mo Nyankopɔn a oyii mo fii Misraim nkoasom asase so no. 15Ɔno na odii mo anim yii mo fii sare a na ɛso yɛ hu, asase sakoo a osukɔm wɔ so, na awɔ ne nkekantwɛre a wɔn ano wɔ bɔre wɔ so no so. Ɔmaa mo nsu fi ɔbotan mu. 16Ɔmaa mo mana aduan a mo agyanom nnim dii wɔ sare so. Ɔyɛɛ eyi de brɛɛ mo ase, de sɔɔ mo hwɛe na wama awiei no asi mo yiye. 17Ɔyɛɛ saa de kyerɛɛ mo sɛ, ɛnsɛ sɛ modwene sɛ mo ahonya no fi mo ankasa mo ahoɔden mu. 18Daa monkae sɛ Awurade, mo Nyankopɔn, a ɔma mo tumi ma moyɛ adefo no, ɔyɛ saa de di apam a ɔne mo agyanom hyɛe no so.

19Sɛ mo werɛ fi Awurade, mo Nyankopɔn, na mokodi anyame afoforo akyi, som wɔn, kotow wɔn a, sɛe na wɔbɛsɛe mo. 20Sɛnea Awurade asɛe amanaman a na wɔwɔ mo anim no, mo nso sɛ moantie Awurade, mo Nyankopɔn no a, saa ara na wɔbɛsɛe mo.