民数记 1 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

民数记 1:1-54

以色列的第一次人口统计

1以色列人离开埃及后第二年的二月一日,耶和华在西奈旷野的会幕中对摩西说: 2“你要按以色列人的宗族和家系统计人口,登记所有男子的姓名。 3你和亚伦要一队一队地统计以色列人中二十岁以上、有作战能力的男子。 4每一支派要有一个人来协助你们。他们都是各宗族的族长, 5名单如下。

吕便支派示丢珥的儿子以利苏6西缅支派苏利沙代的儿子示路蔑7犹大支派亚米拿达的儿子拿顺8以萨迦支派苏押的儿子拿坦业9西布伦支派希伦的儿子以利押10约瑟的后裔——以法莲支派亚米忽的儿子以利沙玛玛拿西支派比大苏的儿子迦玛列11便雅悯支派基多尼的儿子亚比但12支派亚米沙代的儿子亚希以谢13亚设支派俄兰的儿子帕结14迦得支派丢珥的儿子以利雅萨15拿弗他利支派以南的儿子亚希拉。”

16他们都是从会众中选出来的,是各支派的首领,也是以色列的将领。

17摩西亚伦在这些族长的帮助下, 18在二月一日招聚全体会众,按照宗族和家系统计人口,登记所有二十岁以上的男子。 19摩西照耶和华的吩咐在西奈旷野统计人口。

20-21以色列的长子吕便支派中,二十岁以上、有作战能力的男子按宗族、家系和姓名一一被登记下来,共有四万六千五百人。

22-23西缅支派中,二十岁以上、有作战能力的男子按宗族、家系和姓名一一被登记下来,共有五万九千三百人。

24-25迦得支派中,二十岁以上、有作战能力的男子按宗族、家系和姓名一一被登记下来,共有四万五千六百五十人。

26-27犹大支派中,二十岁以上、有作战能力的男子按宗族、家系和姓名一一被登记下来,共有七万四千六百人。

28-29以萨迦支派中,二十岁以上、有作战能力的男子按宗族、家系和姓名一一被登记下来,共有五万四千四百人。

30-31西布伦支派中,二十岁以上、有作战能力的男子按宗族、家系和姓名一一被登记下来,共有五万七千四百人。

32-33约瑟的后裔中,以法莲支派中,二十岁以上、有作战能力的男子按宗族、家系和姓名一一被登记下来,共有四万零五百人。

34-35玛拿西支派中,二十岁以上、有作战能力的男子按宗族、家系和姓名一一被登记下来,共有三万二千二百人。

36-37便雅悯支派中,二十岁以上、有作战能力的男子按宗族、家系和姓名一一被登记下来,共有三万五千四百人。

38-39支派中,二十岁以上、有作战能力的男子按宗族、家系和姓名一一被登记下来,共有六万二千七百人。

40-41亚设支派中,二十岁以上、有作战能力的男子按宗族、家系和姓名一一被登记下来,共有四万一千五百人。

42-43拿弗他利支派中,二十岁以上、有作战能力的男子按宗族、家系和姓名一一被登记下来,共有五万三千四百人。

44以上就是摩西亚伦和各代表自己家族的十二位以色列首领所统计的男子人数。 45这样,以色列人中二十岁以上、有作战能力的男子按宗族、家系和姓名一一被登记下来, 46共有六十万零三千五百五十人。 47其中不包括利未人, 48因为耶和华曾经对摩西说: 49“你不要统计利未支派的人数,不要把他们的人数算在以色列人中。 50你要派利未人负责搬运和照料放约柜的圣幕及其所有器具,他们要在圣幕四围扎营。 51在迁移的时候,利未人要负责拆卸和支搭圣幕;其他人若走近圣幕,必被处死。 52以色列人要按照他们的队伍各自扎营,各归本旗。 53利未人要在放约柜的圣幕四周扎营,防止以色列人触怒耶和华。利未人负责看守圣幕。” 54以色列人就按耶和华对摩西的吩咐行了。

Akuapem Twi Contemporary Bible

4 Mose 1:1-54

Nnipakan

1Awurade kasa kyerɛɛ Mose wɔ Ahyiae Ntamadan a ɛwɔ Sinai nweatam so. Eyi sii wɔ mfe abien a Israelfo fii Misraim no akyi, ɔsram a ɛto so abien no da a edi kan. Ɔkae se: 2“Gyina Israelfo no mmusuakuw ne wɔn mmusua so kan wɔn nyinaa. Kyerɛw ɔbarima biara din. 3Wo ne Aaron na mobɛkan mmarima a wɔadi mfe aduonu no ne nea ɛboro saa a wotumi kɔ ɔsa. 4Ɔbarima a ofi abusuakuw biara mu a ɔyɛ ntuanoni na ɛsɛ sɛ ɔboa mo.

5“Mmarima a wɔbɛboa mo no din ni:

“Ruben abusuakuw no ntuanoni ne Sedeur babarima Elisur;

6Simeon abusuakuw no ntuanoni ne Surisadai babarima Selumiel;

7Yuda abusuakuw no ntuanoni ne Aminadab babarima Nahson;

8Isakar abusuakuw no ntuanoni ne Suar babarima Netanel;

9Sebulon abusuakuw no ntuanoni ne Helon babarima Eliab;

10Yosef mmabarima no:

Efraim abusuakuw no ntuanoni ne Amihud babarima Elisama;

Manase abusuakuw no ntuanoni ne Pedahsur babarima Gamaliel;

11Benyamin abusuakuw ntuanoni ne Gideoni babarima Abidan;

12Dan abusuakuw ntuanoni ne Amisadai babarima Ahieser;

13Aser abusuakuw ntuanoni ne Okran babarima Pagiel;

14Gad abusuakuw ntuanoni ne Deguel babarima Eliasaf;

15Naftali abusuakuw ntuanoni ne Enan babarima Ahira.”

16Eyinom ne mmarima a woyii wɔn fii nnipa no mu, a wɔyɛ wɔn agyanom mmusua no ntuanofo.

17Mose ne Aaron faa saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi, 18na da a edi kan wɔ ɔsram a ɛto so abien no mu no, wɔfrɛɛ ɔmanfo no nyinaa. Nnipa no nam wɔn mmusuakuw ne wɔn mmusua so kyerɛɛ wɔn anato na wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa no din mmaako mmaako, 19sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no. Enti ɔkan wɔn wɔ Sinai sare so.

20Ruben a ɔyɛ Israel abakan asefo:

Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wotumi kɔ ɔsa no, wɔkyerɛw wɔn din mmaako mmaako sɛnea wɔn mmusua te. 21Nnipa dodow a wofi Ruben abusuakuw no mu no yɛ mpem aduanan asia ne ahannum (46,500).

22Simeon asefo:

Mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no, wɔkyerɛw wɔn din mmaako mmaako sɛnea wɔn mmusua te. 23Nnipa dodow a wofi Simeon abusuakuw no mu no yɛ mpem aduonum akron ne ahaasa (59,300).

24Gad asefo:

Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te. 25Nnipa dodow a wofi Gad abusuakuw no mu no yɛ mpem aduanan anum ahansia ne aduonum (45,650).

26Yuda asefo:

Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te. 27Nnipa dodow a wofi Yuda abusuakuw no mu no yɛ mpem aduɔson anan ne ahansia (74,600).

28Isakar asefo:

Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te. 29Nnipa dodow a wofi Isakar abusuakuw no mu no yɛ mpem aduonum anan ne ahannan (54,400).

30Sebulon asefo:

Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te. 31Nnipa dodow a wofi Sebulon abusuakuw no mu no yɛ mpem aduonum ason ne ahannan (57,400).

32Yosef mmabarima no:

Efraim asefo:

Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te. 33Nnipa dodow a wofi Efraim abusuakuw no mu no yɛ mpem aduanan ne ahannum (40,500).

34Manase asefo:

Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te. 35Nnipa dodow a wofi Manase abusuakuw no mu no yɛ mpem aduasa abien ne ahannu (32,200).

36Benyamin asefo:

Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te. 37Nnipa dodow a wofi Benyamin abusuakuw no mu no yɛ mpem aduasa anum ne ahannan (35,400).

38Dan asefo:

Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te. 39Nnipa dodow a wofi Dan abusuakuw no mu no yɛ mpem aduosia abien ne ahanson (62,700).

40Aser asefo:

Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te. 41Nnipa dodow a wofi Aser abusuakuw no mu no yɛ mpem aduanan baako ne ahannum (41,000).

42Naftali asefo:

Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te. 43Nnipa dodow a wofi Naftali abusuakuw no mu no yɛ mpem aduonum abiɛsa ne ahannan (53,400).

44Eyinom ne mmarima a Mose ne Aaron ne Israel mmusuakuw dumien no ntuanofo kan wɔn. 45Israelfo a na wɔadi mfe aduonu anaa nea ɛboro saa no a wobetumi adɔm Israel asraafodɔm no nso, wogyinaa wɔn mmusua so kan wɔn. 46Na wɔn nyinaa dodow yɛ mpem ahansia ne abiɛsa ne ahannum aduonum (603,550).

47Mmusua a wɔwɔ Lewi abusuakuw no de, wɔankan wɔn anka wɔn a aka no ho. 48Na Awurade aka akyerɛ Mose se, 49“Nkan Lewifo abusuakuw no, na mfa wɔn nka Israelfo a wɔaka no ho. 50Fa Ahyiae Ntamadan no ho dwumadi hyɛ Lewifo no nsa. Wɔnhwɛ nneɛma a wɔde asiesie mu ne nea ɛkeka ho nyinaa so. Wɔn na wɔbɛsoa Ahyiae Ntamadan no ne mu nneɛma, wɔbɛhwɛ so na wɔatenatena ho. 51Bere biara a ɛsɛ sɛ wotu Ahyiae Ntamadan no, Lewifo no na ɛsɛ sɛ wotutu, na baabiara a wɔde besi no, wɔn na wɔbɛyɛ. Onipa foforo biara a ɔbɛbɛn ho no, wobekum no. 52Israel abusuakuw biara benya ne tenabea ne ne frankaa. 53Lewifo no besisi wɔn ntamadan atwa Ahyiae Ntamadan no ho ahyia, sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn abufuwhyew remma Israelfo no so. Lewifo no na wɔbɛhwɛ Ahyiae Ntamadan no so.”

54Israelfo no yɛɛ eyinom nyinaa sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.