希伯来书 2 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

希伯来书 2:1-18

持守真道

1因此,我们必须更加重视所听的道,以免随流漂去。 2既然借天使传下来的话正确无误,凡干犯、违背的人都受到了应有的报应, 3我们若忽略了这么大的救恩,怎能逃避惩罚呢?这救恩首先由主亲口宣讲出来,后来由听见的人向我们证实了。 4同时,上帝按自己的旨意,用神迹、奇事、各样的异能、圣灵的恩赐和他们一同做见证。

救恩的元帅

5上帝并没有把我们所谈论的未来世界交给天使掌管。 6相反,有人在圣经中做见证说:

“人算什么,你竟顾念他?

世人算什么,你竟眷顾他?

7你使他暂时比天使低微一点,

赐他荣耀和尊贵作冠冕,

派他管理你所造的一切,

8使万物降服在他脚下。”

既说叫万物都降服在人的管理之下,就没有一样例外。不过,我们到现在还没有看到万物都降服在人的管理之下, 9只看见耶稣暂时比天使低微一点,好靠着上帝的恩典为全人类亲尝死亡的滋味。祂因为经历死亡的痛苦而得到了尊贵和荣耀作冠冕。

10作为万物的归宿和根源的上帝,叫救恩的元帅耶稣经历苦难而得以纯全,以便带领许多的儿女进入荣耀,这样的安排是恰当的。 11因为使人圣洁的耶稣和那些得以圣洁的人都出自同一位父亲,所以耶稣不以称呼他们弟兄姊妹为耻。 12祂说:

“我要向众弟兄传扬你的名,

在会众中歌颂你。”

13又说:

“我要倚靠祂。”

还说:

“看啊,我和上帝赐给我的儿女都在这里。”

14因为众儿女都是血肉之躯,所以祂也同样取了血肉之躯,为要亲身经历死亡,借此摧毁掌握死亡权势的魔鬼, 15释放那些因怕死而一生做奴隶的人。 16很明显,祂要救助的不是天使,而是亚伯拉罕的后裔。 17所以祂必须在每一方面都与祂的弟兄姊妹相同,以便在事奉上帝的事上成为一位仁慈忠信的大祭司,替众人献上赎罪祭。 18祂经历过受试炼的痛苦,所以能帮助受试炼的人。

Asante Twi Contemporary Bible

Hebrifoɔ 2:1-18

Kristo Kaa Owuo Hwɛeɛ Maa Yɛn Nyinaa

1Yei enti na ɛsɛ sɛ yɛsɔ nokorɛ a yɛate no mu denden sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, biribi rentu yɛn aso. 2Nsɛm a abɔfoɔ no kaeɛ no yɛ nokorɛ enti obiara a wanni so no nyaa asotwe a ɛfata no. 3Na sɛ yɛantie saa nkwagyesɛm yi a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi adwane? Awurade no ankasa na ɔdii ɛkan kaa saa nkwagyeɛ yi ho asɛm na wɔn a wɔtiee no no, ama yɛahunu sɛ ɛyɛ nokorɛ. 4Saa ɛberɛ korɔ no ara mu Onyankopɔn nam ne nsɛnkyerɛnneɛ ne nʼanwanwadwuma so dii ho adanseɛ. Bio, ɔkyɛɛ Honhom Kronkron no sɛdeɛ ɔpɛ.

5Onyankopɔn amma abɔfoɔ anni ewiase a na wayɛ nʼadwene sɛ ɔrebɛbɔ no so; saa ewiase a yɛka ho asɛm no. 6Na mmom, wɔaka no Atwerɛsɛm no mu baabi sɛ:

“Onipa ne hwan a wokae no;

na onipa ba nso ne hwan a wʼani ku ne ho?

7Wobɔɔ no maa ɔyɛɛ akumaa kakra sene abɔfoɔ;

na wode wʼanimuonyam ne anidie abɔ no abotire,

8sɛ ɔnni nneɛma nyinaa so.”

Ɛka sɛ Onyankopɔn bɔɔ onipa sɛ “nneɛma nyinaa sodifoɔ.” Yei kyerɛ sɛ biribiara nni hɔ a wɔamfa anhyɛ nʼase. Nanso, seesei yɛnya nhunuu sɛ onipa di nneɛma nyinaa so. 9Na mmom, yɛhunu Yesu! Mmerɛ tiawa bi, wɔbrɛɛ no ase sene abɔfoɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Onyankopɔn adom enti, ɔbɛwu ama nnipa nyinaa. Owuo a ɔwuiɛ no enti, Onyankopɔn de animuonyam abotire abɔ no.

10Onyankopɔn na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa, na ɔwɔ tumi sɛ ɔyɛ biribiara. Ne saa enti, ɛfiri sɛ ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔde ne mma nyinaa bɛba nʼanimuonyam mu no, ɔmaa Agyenkwa no faa amanehunu mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ne mma no nsa bɛka nkwagyeɛ a ɛyɛ pɛ no. Ɛfiri sɛ, Yesu nko ara ne Onipa a ɔbɛtumi adi wɔn anim akɔ nkwagyeɛ mu. 11Ɔma nnipa yɛ kronkron firi wɔn bɔne mu. Na ɔne wɔn a wayɛ wɔn kronkron no nyinaa wɔ Agya baako. Ɛno enti na Yesu mfɛre sɛ ɔfrɛ wɔn anuanom no. 12Ɔka sɛ,

“Mɛka wo ho asɛm akyerɛ me nuanom,

mɛkamfo wo wɔ wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa anim.”

13Ɔsane ka bio sɛ,

“Mede me ho bɛto Onyankopɔn so.”

Na ɔno nso ka sɛ,

“Mma a Onyankopɔn de wɔn ama me no nie.”

14Esiane sɛ mma no wɔ honam ne mogya enti, Yesu nso baa onipa tebea mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔnam ne wuo no so bɛsɛe ɔbonsam a ɔkura owuo tumi no ahoɔden. 15Na ɔnam so agye wɔn a ɛsiane sɛ wɔsuro owuo enti, wɔn asetena mu nyinaa, wɔayɛ nkoa no. 16Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ ɛnyɛ abɔfoɔ na ɔboa wɔn. Na mmom, sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka no, “Ɔboa Abraham asefoɔ.” 17Yei kyerɛ sɛ, ɛkwan biara so no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ sɛ ne nuanom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛyɛ wɔn nokwafoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ Ɔsɔfopanin wɔ Onyankopɔn anim, na ɛnam so ma wɔde nnipa bɔne akyɛ wɔn. 18Enti afei, ɔbɛtumi aboa wɔn a wɔasɔ wɔn ahwɛ ɛfiri sɛ, ɔno ankasa wɔsɔɔ no hwɛeɛ maa ɔhunuu amane.