希伯来书 3 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

希伯来书 3:1-19

耶稣超越摩西

1因此,同蒙天召的圣洁的弟兄姊妹,你们应当仔细思想那位我们公认为特使和大祭司的耶稣。 2祂向委任祂的上帝尽忠,就好像摩西向上帝的全家尽忠一样。 3然而祂却比摩西配得更大的荣耀,因为建造房子的人当然比房子更尊贵。 4所有的房子都有建造者,但建造万物的是上帝。 5摩西以仆人的身份向上帝的全家尽忠,为将来要宣告的事做见证。 6但基督是以儿子的身份忠心治理上帝的家。我们若坚强勇敢,持定引以为荣的盼望,我们就是祂的家了。

不可存刚硬的心

7因此,正如圣灵说:

“你们今天若听见祂的声音,

8不可心里顽固,

像从前在旷野试探祂、悖逆祂一样。

9当时,你们的祖先试我、探我,

观看我的作为达四十年之久。

10所以,我向那世代的人发怒,

说,‘他们总是执迷不悟,

不认识我的道路。’

11我就在愤怒中起誓说,

‘他们绝不可进入我的安息。’”

12弟兄姊妹,要谨慎,免得你们当中有人心存恶念,不肯相信,背弃了永活的上帝。 13趁着还有今日,要天天互相劝勉,免得有人被罪迷惑,心里变得刚硬。 14如果我们将起初的信念坚持到底,便在基督里有份了。

15圣经上说:

“你们今日若听见祂的声音,

不可像从前那样硬着心悖逆祂。”

16听见祂的声音却又悖逆祂的是谁呢?不就是摩西埃及领出来的那些人吗? 17四十年之久惹上帝发怒的是谁呢?不就是那些犯罪作恶并倒毙在旷野的人吗? 18上帝起誓不准谁进入祂的安息呢?不就是那些不肯信从的人吗? 19可见,他们不能进入上帝的安息是因为不信的缘故。

Asante Twi Contemporary Bible

Hebrifoɔ 3:1-19

Akristofoɔ Yɛ Onyankopɔn Efie

1Me nuanom wɔ Kristo mu a Onyankopɔn afrɛ mo, monnwene Yesu a Onyankopɔn somaa no maa ɔbɛyɛɛ Ɔsɔfopanin wɔ gyidie a yɛka ho asɛm no ho. 2Na ɔdii Onyankopɔn a ɔyii no sɛ ɔnyɛ saa adwuma yi no nokorɛ sɛdeɛ Mose nso dii nokorɛ wɔ Onyankopɔn fie no. 3Onipa a ɔsi efie nya animuonyam sene efie no ankasa. 4Saa ara na ɛteɛ; ɛsɛ sɛ Yesu nya animuonyam sene Mose. Efie biara, obi na ɔsiiɛ. Na Onyankopɔn nso na wabɔ nneɛma nyinaa. 5Mose dii Onyankopɔn nokorɛ sɛ ɔsomfoɔ wɔ ne fie na ɔkaa nsɛm a Onyankopɔn bɛka daakye no nyinaa. 6Nanso Kristo deɛ, ɔdi nokorɛ sɛ Ɔba a ɔhwɛ Onyankopɔn fie so. Sɛ yɛma yɛn bo yɛ duru na yɛwɔ gyidie wɔ yɛn anidasoɔ mu a, na yɛyɛ ne fiefoɔ.

7Enti Honhom Kronkron no ka sɛ,

“Sɛ ɛnnɛ mote Onyankopɔn nne a,

8monnyɛ asoɔden

te sɛ deɛ moyɛɛ ɛberɛ a mosɔre tiaa Onyankopɔn no;

sɛdeɛ moyɛɛ da a na mowɔ ɛserɛ so a mosɔɔ no hwɛeɛ no.

9Ɛhɔ no, mo mpanimfoɔ sɔɔ no hwɛeɛ,

nanso wɔhunuu deɛ meyɛɛ no mfeɛ aduanan mu.

10Esiane saa enti, me bo fuu saa nnipa no kaa sɛ,

‘Wɔyɛ nnipa a wɔn akoma amane afiri me ho,

na wɔanhunu mʼakwan.’

11Ɛno enti mekaa ntam wɔ mʼabufuo mu sɛ,

‘Wɔrenhyɛne mʼahomegyeɛ mu da.’ ”

12Me nuanom monhwɛ yie na mo mu bi annya akoma bɔne a ɔrennye Onyankopɔn nni na ɛbɛma watwe ne ho afiri Onyankopɔn teasefoɔ no ho. 13Na mmom, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a bɔne rennaadaa mo mu bi na wɔnyɛ asoɔden enti, da biara mommoaboa mo ho mo ho ɛberɛ a asɛm “Ɛnnɛ” a ɛwɔ Atwerɛsɛm mu no fa yɛn ho no. 14Na sɛ yɛsɔ gyidie a yɛwɔ no mu denden sɛdeɛ yɛde firi ahyɛaseɛ no a, na yɛyɛ Kristo fafafoɔ. 15Atwerɛsɛm no ka sɛ,

“Sɛ ɛnnɛ mote Onyankopɔn nne a,

monnyɛ asoɔden

te sɛ deɛ moyɛɛ ɛberɛ a mosɔre tiaa Onyankopɔn no.”

16Ɛhefoɔ na wɔtee Onyankopɔn nne na wɔsɔre tiaa no no? Nnipa a Mose dii wɔn anim firi Misraim no nyinaa. 17Ɛhefoɔ na Onyankopɔn bo fuu wɔn mfirinhyia aduanan no? Nnipa a wɔyɛɛ bɔne na wɔtete hwe wuwuu wɔ ɛserɛ so no. 18Ɛberɛ a Onyankopɔn kaa ntam sɛ, “Wɔremma me home mu da” no, na ɔreka akyerɛ ɛhefoɔ? Na ɔreka akyerɛ wɔn a wɔyɛɛ asoɔden no. 19Afei, yɛhunu sɛ wɔantumi ankɔ home no mu, ɛfiri sɛ, wɔannye anni.